Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/87 kr. 3-6
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1985 “Mudi Mu Kurafo” Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 11/87 kr. 3-6

1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam

1 Hwɛ sɛnea 1987 nhyiam asɛmti no kyerɛkyerɛ Yehowa Adansefo nkate mu yiye! “Yehowa mu Ahotoso” yɛ nea ɛsen asɛmti ara kwa ma yɛn; ɛda yɛn gyidi ahorow a emu dɔ sen biara adi. Nnipa pii a wɔwɔ wiase de wɔn ho to nnipa nyansa ne nea wɔatumi ayɛ so; wonya wɔn ankasa ne tumi a wɔwɔ sɛ wobetumi atra ase mu awerɛhyem wɔ ɔkwan a nyansa nni mu so. (Dw. 49:6, 7, 10; Mmeb. 18:11) Nea ɛne eyi bɔ abira no, yɛwɔ Yehowa, amansan nyinaa Opumpuni no mu ahotoso sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ a ɛfa adesamma asoɔmmerɛwfo ho no abam. Yegye di sɛ ɔde nea yehia nyinaa bɛma yɛn na wabɔ yɛn ho ban afi ɔhaw biara mu bere a Satan nneɛma nhyehyɛe no ba n’awiei no. So wurennye ntom sɛ “Yehowa mu Ahotoso” yɛ asɛmti a ɛfata ma yɛn 1987 ɔmantam nhyiam horow no? Yebetumi akyerɛ sɛ yɛn anisɔ honhom mu nsiesiei a wɔde ma yɛn no denam nnansa nhyiam no nyinaa a yɛbɛkɔ no so.

2 Ɛde besi saa bere yi no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea woreyɛ awie wo nhyehyɛe a ɛfa akwantu ne dabere ho no. Esiane sɛ 1987 nhyiam no bɛyɛ nnansa na mmom ɛnyɛ nnanan sɛnea na ɛte wɔ mfe a atwam no mu nti, wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama da mũ no nyinaa. Nea ɛkã dwumadi no ho ne ɔkasa, ɔyɛkyerɛ, ne drama ahorow. Wɔrenyɛ asɛnka nhyehyɛe biara nhyiam bere no mu afe yi.

3 Esiane sɛ nhyiam no yɛ nnansa nti, ɛda adi sɛ ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ obiara bɛkɔ. Sɛ ɛho hia a, so wo ne w’adwumawura akasa sɛnea wubenya bere de akɔ nnansa no nyinaa? Dwumadi no nyinaa, efi nnwom a wɔde bebue ano Fida anɔpa bere a abɔ 10:20 de kosi mpaebɔ a wɔde wie Kwasida bɛyɛ anwummere 4:00 no, bɛyɛ nea honhom mu akwankyerɛ ne nkuranhyɛ a eye na ɛhyɛ gyidi den a yɛrentumi mma ɛmpa yɛn nti so ahyɛ no ma.

4 DWUMADI NHYEHYƐE NO: Ɛda biara benya ne Kyerɛwnsɛm mu asɛmti a ɛfa nhyiam no asɛmti no ho—“Yehowa mu Ahotoso.” Wɔde nsɛm a ɛfa akwampae adwuma, hokwan biara a wobenya de atrɛw asɛmpa no mu, mmofra ne nokware ahobrɛase ma Yehowa ho bɛma. Wobesi hia a adesua mu nsiyɛ ne yere a yɛbɛyere yɛn ho wɔ asɛnka adwuma no mu hia no so dua. Afei nso, wɔde afotu a ɛyɛ ne bere mu de bɛma mpanyimfo.

5 ASUBƆ: Wɔbɛma asubɔ kasa no Memeneda anɔpa 11:30 wɔ nhyiam ahorow no nyinaa ase. Ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran sɛ wubetie asubɔ kasa no na woahu asubɔfo no sɛ wɔreyɛ baguam mpaemuka sɛ afei de wɔn nso wɔwɔ Yehowa mu ahotoso koraa. Ɛwom sɛ wɔasiesie ɔkasa no ama wɔn a wɔrekɔbɔ wɔn asu de ayɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no de, nanso yɛn nyinaa betumi anya mu mfaso denam tie a yebetie yɛn ankasa ne Yehowa ntam abusuabɔ no ho a ɛmfa ho sɛ bere tenten bɛn na yɛde atra nokware no mu no so.

6 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ Wɔbɛbɔ asu wɔ ɔmantam nhyiam horow no ase no bɔ ɔhwɛfo guamtrani no amanneɛ ntɛm ansa na nhyiam no adu hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii de ati nsemmisa ahorow a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma, nhoma no mu no mu. June 1, 1985 Watchtower, kratafa 30, de saa afotu yi mae wɔ ntade a ɛfata ma wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no ho: “Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ woyi anidahɔ adi wɔ ntade ko a wɔbɛhyɛ de abɔ asu no ho. Eyi ho hia nnɛ bere a ɛte sɛ nea wɔn a wɔpam ntade no pɛ sɛ wɔtwetwe nna ho akɔnnɔ na wɔma nkurɔfo ho da hɔ koraa no. Ade biako a ɛsɛ sɛ wosusuw ho ne sɛ ntade bi a ɛte sɛ nea eye bere a awo no nte saa bere a afɔw no. Obiara a wɔrebɔ no asu rempɛ sɛ ɔbɛtwetwe adwene anaasɛ ɔbɛto hintidua wɔ adeyɛ a anibere wom te sɛ asubɔ ase.” (Fil. 1:10) Eyi bɛyɛ nea ɛfa anuanom mmarima ne mmea nyinaa ho.

7 Ɛsɛ sɛ asubɔfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase wɔ beae a wɔde ama wɔn no ansa na dwumadi no afi ase Memeneda anɔpa. Sɛ wowie asubɔ kasa no a, wɔbɛma wasɔre agyina hɔ bere a wɔto dwom a wɔde wie no. Sɛ wɔto nea ɛto so abiɛsa no wie a, nnipa a wɔde ahyɛ wɔn nsa no bɛkyerɛ asubɔfo no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu no anaasɛ kar a ɛde wɔn bɛkɔ no mu.

8 YEHOWA AKYERƐKYERƐ WƆN: Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yes. 54:13, NW) Wɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Yehowa sɛnkyerɛnne kwan so yere, ne soro ahyehyɛde no. Wɔkyerɛkyerɛ ne “mma” no ma wonya Yehowa mu ahotoso. Ɔmantam nhyiam no yɛ ɔkwan biako a Yehowa nam so kyerɛkyerɛ yɛn nnɛ. So wubu no saa? Ebia wobɛka ntɛm ara sɛ, ‘Yiw, ɛte saa.’ Nanso bere a wowɔ nhyiam no ase no, so woyɛ nea wubetumi nyinaa de nya dwumadi no nyinaa mu mfaso? Ɛda adi sɛ wɔ ebinom fam no eyi nte saa bere nyinaa. Sɛ ankorankoro ne mmusua no, dɛn na yebetumi ayɛ de ahwɛ sɛ yebenya mfaso kɛse afi nhyiam dwumadi no mu?

9 Ebia ebegye mmɔdenbɔ kɛse ne sika pii wɔ yɛn fam na yɛatumi akɔ nhyiam no. Nea ɛka ho no, Asafo ti no ne anuanom a wɔwɔ nhyiam kurom hɔ no de nnɔnhwerew pii ayɛ adwumaden na ama yɛanya nneɛma a eye sen biara a yɛde bɛyɛ nhyiam no. Fa nnɔnhwerew pii a Asafo ti no ne akasafo no de asiesie wɔn ho ama dwumadi no ka ho, na ɛda adi sɛ yɛwɔ pii a ɛsɛ sɛ yɛda ase wɔ ho. So anisɔ a wowɔ no bɛka wo ma woahwehwɛ mfaso pii afi nhyiam no nyinaa mu?

10 Ɛho hia sɛ yenya ɔhome a ɛfata anadwo biara. Yɛpɛ sɛ yedu nhyiam no ase a yɛn ani da hɔ na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebenya dwumadi no mu simma biara mu mfaso. Sɛ woba bere a woabrɛ a, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobɛtra ase atie, na tumi a wubetumi anya mfaso pii afi dwumadi no mu no so bɛtew kɛse. Enti, sɛ yɛba nhyiam no ase bere a yɛahome yiye da biara a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya honhom fam apontow no mu anigye kɛse.

11 Sɛ yɛkaakae yɛn ho nea enti a yɛrekɔ nhyiam no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nea ɛbɛkɔ so no so—sɛ ‘yebetie na yɛn adenim adɔɔso.’ (Mmeb. 1:5) Sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yesaia 55:1 no, Yehowa too nsa frɛɛ wɔn a ɔne wɔn ayɛ apam no sɛ wommegye nsiesiei a ɛma nkwa a ɔde rema kwa no no bi. Nanso sɛ ná wobenya eyi mu mfaso a, na ɛsɛ sɛ “wotie.” Ɔde saa afotu yi kaa ho sɛ: “Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nya nkwa.” (Yes. 55:2, 3) So yɛn nso yebetumi agye honhom fam aduan a ɛma nkwa a Yehowa de ma wɔ ayamye mu no wɔ nnɛyi honhom fam paradise bere a yɛn ani kõm dodow sɛ yɛbɛfa biribi afi nea akasafo no reka no mu no? Ɛda adi sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn anisɔ denam nea yebetumi nyinaa a yɛbɛyɛ de asiesie yɛn ho wɔ adwenem ne ɔhonam mu sɛnea ɛbɛyɛ a dwumadi no fã biara rempa yɛn ti so no so.

12 Ɔmantam nhyiam horow ade biako a ɛyɛ anigye a ɛsom bo ma yɛn ne yɛn nuanom fekubɔ no. Yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia nnamfo a yehuu wɔn akyɛ, yebenya nnamfo afoforo, na yɛaka osuahu ahorow akyerɛ yɛn ho yɛn ho. Ebinom anya no nyɛe sɛ wɔne wɔn mmusua ne nnamfo bɛyɛ nsrahwɛ ahorow wɔ ɛda no mu dwumadi no akyi. Saa fekubɔ yi betumi ayɛ anigye ne nea ɛkanyan obi wɔ honhom mu. Nanso yɛsrɛ wo hwɛ sɛ nsrahwɛ a ɛtete saa no renkodu ɔdasum a ɛremma wunnya ɔhome a ehia no.

13 Wɔhyɛ nyansa sɛ yensusuw nneɛma ahorow a yɛde kɔ nhyiam no ho. Anuanom bi de nneɛma akɛse akɛse a nsu, nnuan ne ade wom a wontumi mfa nhyɛ nkongua no ase ba. Wɔde eyinom sisi ɔkwan a ɛda nkongua no ntam no mu anaasɛ akongua a obiara nte so so. Ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma a ɛte saa no ho efisɛ nea efi mu ba ne sɛ ɛmma ebinom nnya baabi ntra na esiw ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so no nso.

14 NNEƐMA A WƆBƐKYERƐKYERƐW: Wɔ wo Bible ne nnwom nhoma akyi no, kae sɛ wode nhoma ketewaa bi a wobɛkyerɛkyerɛw nneɛma agu mu ne pɛn anaa pɛnsere bɛba. Ebia ɛnyɛ yɛn su sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛw nneɛma wɔ dapɛn dapɛn asafo nhyiam ahorow no ase efisɛ wɔfa ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow no pii fi nhoma ahorow a obiara nsa betumi aka bi wɔ asafo no mu no mu. Nsɛm a yɛbɛkyerɛkyerɛw wɔ ɔmantam nhyiam ase no yɛ ade foforo koraa. Bere a ɔkasa ahorow no mu bi bepue wɔ nhoma ahorow mu no, afoforo rempue wom. Sɛ wobetintim ɔkasa ahorow no akyiri yi mpo a, mfaso kɛse da so ara wɔ hɔ sɛ wɔbɛkyerɛw nneɛma wɔ ɔkwan a ɛyɛ tiaa ne nea edi mũ so.

15 Nneɛma a wobɛkyerɛkyerɛw no bɛboa ma wode w’adwene asi nea ɛrekɔ so no so. Bere a wukura wo pɛn ne wo nhoma no wɔ wo nsam no, hyɛ ɔkasafo no nsɛntitiriw ne kyerɛw nsɛm atitiriw anaasɛ asɛm foforo bi a wɔaka nsow. Afei kyerɛw eyinom ho nsɛm tiaa. Mpɛn pii ɔkasamu biako anaa abien bɛyɛ nea eye ma asɛntitiriw biako bi. Sɛ wudi saa nyansahyɛ yi akyi a, akyinnye biara nni ho sɛ w’adwene a wode si ade so no benya nkɔanim. Ɛremma w’adwene nkyinkyin anaasɛ biribi a ɛrekɔ so wɔ nhyiam no akyi ntwetwe w’adwene. Ebesiesie wo ama nhyiam no mu ntĩmu a wɔbɛyɛ wɔ w’asafo no mu dapɛn a edi hɔ no nso.

16 So wode mmofra nkumaa anaa wɔn a wonnya nnii mfe 20 bɛkɔ? Ɛnde dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe mma wɔnnkyerɛkyerɛw nneɛma sɛnea wɔn ahoɔden ne mfe te? Ma abusua no nhu sɛ woreyɛ nhyehyɛe sɛ, sɛ mosan kɔ faako a moda no anaasɛ moretu kwan asan akɔ fie a, mobɛsan atĩ nsɛntitiriw a akasafo no kaa ho asɛm no binom mu. Wobetumi ahyɛ mmofra nkumaa nkuran ma wɔakyerɛw kyerɛw nsɛm ahorow a wɔbɛkenkan no nyinaa anaasɛ wɔahyɛ mpɛn dodow a wɔte sɛ ɔkasafo bi dan adwene kɔ nsɛntitiriw bi anaasɛ ne kasa no asɛmti no so no nsow. Ɛdenam eyi so no, wobenya nnepa pii afi ɔkasa ahorow no mu. Eye sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛyɛ aso wɔ Kristofo nhyiam horow ase. Ɛbɛyɛ nea woreboa wɔn ma wɔato fapem a ɛyɛ den ama daakye.—1 Tim. 6:19.

17 ABRABƆ A ƆKASA NNI HO: Afe biara wɔ yɛn ɔmantam nhyiam horow no akyi no, yɛn nsa taa ka nsɛm a eye a wɔka fa sɛnea nneɛma kɔɔ pɛpɛɛpɛ ne abrabɔ pa a woyii adi no ho. Bɛhwɛadefo taa ka mpanyin ne mmofra nyinaa ahotew ho asɛm, ɛnkanka asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ anuanom ntam bere a wɔwɔ nhyiam no ase no. Afe 1986 ka ho. Nanso dɛn nti na yɛreka eyi ho asɛm? Efisɛ ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ yebehu sɛ bere a yɛyɛ nhwɛso pa no, afoforo hu na wɔkyerɛ ho anisɔ. (1 Kor. 4:9) Nea ehia kyɛn so no, ɛde nkamfo brɛ Yehowa. Yɛpɛ sɛ yedi Yehowa nĩ wɔ asɛm ne nneyɛe mu, na esiane sɛ ebia nkurɔfo de yɛn abrabɔ na ebehu ahyehyɛde no anaasɛ Onyankopɔn a yɛsom no no nti, yɛpɛ sɛ yɛn ani da yɛn ho so wɔ nea yɛyɛ ho bere nyinaa

18 Ahɔhodan bi so panyin kyerɛwee sɛ: “Ná mo nhyiamfo no nyinaa yam ye na wɔapɔw nso, na yɛn nyinaa ani gyei sɛ wɔbɛsoɛɛ yɛn.” Aban panyin bi a ɔte bɛn agodibea bi a na Yehowa Adansefo reyɛ nhyiam wɔ hɔ no kae sɛ: “Sɛ́ ofipamfo no, metumi aka sɛ m’ani gye mo kuw no, ɔkwan a mofa so siesie agodibea no ho. Migye mo abrabɔ pa no di.” Polisifo panyin bi kae sɛ: “Mo saa nkurɔfo yi yɛ biako na mowɔ anigye ampa. Sɛ moba ha a, yenhyia asomdwoe ne nneɛma a wɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ ho asɛnnennen biara. Obiara yɛ dinn na wɔbɔ bra pa. Sɛnea mode mo kar sisi hɔ no ye na sɛ asɛnnennen bi ba a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛne mo bɛka ho asɛm.” Sikakorabea panyin bi kae sɛ: “Obiara yii su pa adi. Sɛ wo ne [Yehowa Adansefo] wɔ hɔ a, biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛhaw wo. Wɔyɛ ɔsoro asomdwoe pɛfo ampa. Saa su yi nni nnipa kuw foforo biara mu.”

19 Nanso, mmeae afoforo bi wɔ hɔ a ɛda so ara hia sɛ yɛhwɛ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘ahyerɛn koraa sɛ akanea,’ titiriw bere a yɛafi nhyiam no ase na yɛwɔ baabi te sɛ adidibea ne ahɔhodan mu anaasɛ mmeae afoforo a yɛkɔ dwudwo yɛn ho no. (Fil. 2:15) Nanso, nea edi kan no, dɛn na yɛreyɛ wɔ ɔkwan a wogyaw to hɔ a ɛho nhia ho asɛm no mu?

20 Wɔahyɛ nkɔso bi nsow wɔ eyi mu, na yɛkamfo mo wɔ eyi ho. Nanso, yɛsrɛ wo ma ɛntra w’adwene mu sɛ WƆN A WOBETUMI AGYAW KWAN ATO HƆ AMA WƆN NKUTOO NE W’ABUSUA MUFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WƆ WO KAR MU. Ɛyɛ awosu mu ade sɛ yɛbɛtra abɛn wɔn a yɛne wɔn bae, na wɔhwɛ kwan sɛ mmusua mufo bɛtra faako. Nanso yɛsrɛ wo nnyaw akwan nto hɔ mma afoforo. Mpɛn pii yɛn nnamfo ankasa hwehwɛ wɔn nkongua na obiara ntra nea wugyaw too hɔ no so. Yehowa mu ahotoso, ne nhyiam no ho anisɔ a yɛwɔ no bɛda adi denam saa akwankyerɛ yi a yebedi akyi no so.

21 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwɛso pa BERE NYINAA. Yɛn nsa aka nkrataa ahorow a ɛbɔ amanneɛ sɛ anuanom binom fi nhyiam no ase ansa na dwumadi no aba awiei. Wɔ mmeae binom nso, ahotew ho asɛnnennen, titiriw wɔ tiafi no so da so ara wɔ hɔ. Wɔaka nso sɛ bere a anuanom binom a wɔakɔ nhyiam no asan aba mmeae a wɔdeda no, wɔyɛ nneɛma ahorow a ɛda wiase a ɛhwehwɛ anigyede no honhom adi. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔ nsɛm no bi mu no, na ɛyɛ den mpo sɛ wobehu wɔn sɛ wɔyɛ yɛn mfɛfo Adansefo. Eyi si hia a ɛho hia sɛ yekura abrabɔ ne ahosiesie a asɛm nni ho mu no so dua.—1 Pet. 2:12.

22 Wɔ nhyiam dwumadi no akyi no, pii ani gye sɛ wɔbɛbom adidi na wɔabɔ fekuw. Sɛ yɛde bere no di dwuma nyansa mu a, eyi betumi ayɛ nea ɛkanyan obi wɔ honhom mu na ɛma yetumi tĩ nhyiam nsɛntitiriw no mu. Eyi a yɛhwɛ no remma wonnya yɛn ho asɛm biara nka esiane sɛ yɛma yɛn abrabɔ ‘fata asɛmpa no nko’ nti.—Fil. 1:27.

23 Nkaebɔ a efi ayamye mu a etwa to no fa nsrahwɛ ne kasa bere a dwumadi no rekɔ so no ho. Sɛ dwumadi no afi ase na watra ase nanso wuhu onua bi a wuhuu no akyɛ sɛ ɔretwam a, dɛn na wobɛyɛ? So wobɛsɔre agyina, ahim wo nsa, na wɔateɛm afrɛ onua no, anaasɛ wobɛtra ase komm na woabɔ mmɔden ahwehwɛ no akyiri yi? Dɛn na wubesusuw wɔ onuabarima anaasɛ onuabea bi a ɔteɛm frɛ obi a ɔrehyɛn Ahenni Asa so bere a nhyiam no afi ase no akyi anaasɛ ɔkɔsra obi wɔ asa no akyi bere a nhyiam no rekɔ so no ho? Sɛ ɛsɛ sɛ wosɔre fi w’akongua so na wokɔ tiafi so anaasɛ wode wo mma kɔ hɔ a, nea ɔdɔ wom ne sɛ wobɛsan abɛtra ase ntɛm ara a worenkyinkyin nhyiam no ase a wunni atirimpɔw biara. Wɔabɔ yɛn nkae sɛ ɛnsɛ sɛ nhyiam ase a yɛwɔ no yɛ soronko biara wɔ yɛn Ahenni Asa so de ho.

24 ADUAN: Sɛnea wɔabɔ amanneɛ dedaw wɔ krataa a na ɛhyɛ June 1987 Yɛn Ahenni Som mu no mu no, wɔayɛ nsakrae kakra bi wɔ aduanma nhyehyɛe no mu. Eyi bɛma yɛn nuanom pii a na anka wɔnoa nnuan no anya mfaso afi honhom fam aduan a wɔde bɛma no mu. Nanso, yɛn ani sɔ wɔn a wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho bɛma sɛnea wohia no kɛse.

25 Wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no nyinaa behu sɛ aduan a ɛwɔ hɔ no yɛ nea eye na ɛma ahoɔden, na ɛbɛma wɔanya nsakrae pa nnansa. Wɔde ahwɛyiye kɛse na atɔ nnuan a eye. Boa a wobɛboa aduanma nhyehyɛe no bɛboa ma wɔatua nhyiam no ho ka no bi, ɛwom sɛ sɛnea wɔdaa no adi wɔ krataa a na ɛhyɛ June 1987 Yɛn Ahenni Som mu no mu no, ɛsɛ sɛ sika a wɔde yɛ nhyiam no mu fã kɛse no ara fi mo ntoboa a efi ayamye mu a mode gu ntoboa adaka no mu wɔ nhyiam no ase anaasɛ nea mode bɛbrɛ Asafo ti no tee ansa na nhyiam no adu mpo no de.

26 ADWUMA A WOTU WƆN HO MA YƐ: Wohu ɔkwantiaa a wɔfa so yɛ ade no so duasi no titiriw wɔ nnɔnhwerew pii a wɔde yɛ ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe no mu. Wɔn a wɔakyɛ wɔ nokware no mu no bɛkae sɛ ansa na wɔbɛyɛ nhyiam akɛse ne akyi no, wohia nnipa pii a wobetu wɔn ho ama na wɔde wɔn bere mu nnɔnhwerew pii ayɛ adwuma wɔ nhyiam ase dwumadibea ahorow no mu. Ná yɛn ani sɔ saa adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛ no kɛse, nanso nea efii mu bae ne sɛ ɛmaa dwumadi no mu fã kɛse no ara paa wɔn a wɔatu wɔn ho ama no mu pii ti so.

27 Bere a wɔn a wobetu wɔn ho ama ne nnɔnhwerew kakraa bi na wobehia mprempren no, wɔn a wotu wɔn ho ma no mmoa da so ara hia na ama ɔmantam nhyiam no atumi akɔ so fɛfɛɛfɛ. So wubetumi anya mu kyɛfa? Ɛnsɛ sɛ obiara te nka sɛ ne ho a ɔde bɛma no bɛma dwumadi no mu pii apa ne ti so sɛnea ɛtoo ebinom wɔ mfe a atwam no mu no.

28 Sɛ wudu nhyiam no ase a, kɔkyerɛw wo din wɔ WƆN A WOTU WƆN HO MA DWUMADIBEA hɔ. Sɛ nhyiam bere no fã bi kɛkɛ na wubetumi de ayɛ adwuma mpo a, yɛn ani bɛsɔ w’adwumayɛ no. Wɔhwehwɛ sɛ mmofra a wonnii mfe 16 ne wɔn awofo anaa ɔhwɛfo bom yɛ adwuma

29 NEA ETWA TO: Nhyiam bere no abɛn. Yɛwɔ anidaso sɛ yebehu mo nyinaa wɔ hɔ. Bethel abusua no mufo de ahopere hwɛ kwan sɛ wɔbɛka mo ho wɔ Ghana nhyiam ahorow no nyinaa ase. Yehowa ahyehyɛ ne nkurɔfo a ne din da wɔn so no wɔ teokrase akwan so, na onim nea yehia wɔ saa nna a edi akyiri yi mu. Sɛnea Yehowa boaboaa ne nkurɔfo ano wɔ tete Israel de honhom mu nkyerɛkyerɛ maa wɔn no, saa ara na ɔyɛ ma n’Adansefo anokwafo no nnɛ. Ɛdenam saa kwan yi so no, Yehowa hyɛ yɛn den sɛnea yɛde nokwaredi begyina akosi ase. Ɛno na afei ɔde asetra wɔ ne nhyehyɛe foforo no mu behyira yɛn. (Yes. 40:29; 41:10; 1 Yoh. 5:14) Yɛwɔ eyi mu awerɛhyem mpɛn dodow a yɛkɔ so nya “Yehowa mu ahotoso” no.

[Kratafa 6 adaka]

Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ

Yɛsrɛ mo, mommoa Adammisa ho dwumadibea no denam ɔdan a wɔde bɛma mo no mu a mobɛtra no so. Eyi remma nkyereso ne ɔhaw mma wɔ mmeae afoforo a ebia wosusuw sɛ ɛhɔ ye no. Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛ wo wo dabere ntɛm. Kyerɛ nea woakɔsoɛ no no ahɔhoyɛ no ho anisɔ na kae sɛ wobɛma w’abrabɔ ayɛ adansedi. (1 Pet. 2:12; 1 Kor. 4:9b; Kol. 3:15) Ma wo dabere hɔ ntew fɛfɛɛfɛ. Sɛnea yɛadi kan aka no, Asafo ti no ani sɔ nneɛma ho a nhyiamfo a woyi ntoboa de boa nhyiam no wɔ wɔn dabere ho, ɛwom mpo sɛ ebia wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ nea wontua ho sika biara de susuw no.

AKWANTU: Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ lɔre a ɛde wɔn bɛkɔ nhyiam no na ɛde wɔn aba ho nhyehyɛe a edi mũ wɔ saa bere yi mu. Monhwɛ sɛ bɔs ahorow a mobɛfa no wɔ ahoɔden ne sɛ afirikafo no yɛ wɔn a wotumi de ho to wɔn so. Eyinom na ɛsɛ sɛ mudi kan susuw ho, na ɛnyɛ ne bo a ɛyɛ mmerɛw no. Ankorankoro pii de wɔn ankasa mfiri bɛkɔ. Sɛ ɔkwan wom a, ɛbɛyɛ nea ɛkyerɛ Kristofo ayamye sɛ wobɛfa obi wɔ asafo no mu, ebia ɔkwampaefo anaasɛ ɔdawurubɔfo bi a ahia no aka wo ho. Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔ ebia adawurubɔfo a ahia wɔn ankasa akyi no, anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ wɔn a afoforo fa wɔn tra wɔn kar mu no tua biribi kakra na wɔde ate wɔn pɛtrol ka so esiane sɛ yenim sɛ pɛtrol ne kar a wosiesie bo yɛ den wɔ ɔman yi mu nti. Ɛyɛ yɛn Kristofo su ahorow no bi sɛ yebefi yɛn pɛ mu ayɛ saa.

BOLGATANGA NHYIAM: Sɛ wode wo din ama sɛ wobɛkɔ Bolgatanga nhyiam no a, yɛwɔ anidaso sɛ ɛde besi saa bere yi no woayɛ dabere ho nhyehyɛe dedaw, ebia denam Adammisa ho dwumadibea no so anaa w’ankasa nhyehyɛe so. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ anuanom mpempem pii aka sɛ wobenya akwantu no mu kyɛfa. Sɛnea yɛyɛe wɔ Tamale akwantu no mu wɔ afe a etwaam no mu no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wɔn a wɔbɛkɔ Bolgatanga no nyinaa nkuran sɛ anyɛ yiye koraa no wonyi dɔnhwerew biako nsi hɔ da biara mfa nkɔ asɛnka bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Wonnni adanse kɛse wɔ ɔmantifi te sɛnea wɔyɛ wɔ ase ha no. Enti bere a wowɔ hɔ no, di adanse! Ɛbɛma anigye a wubenya afi akwantu no mu no ayɛ kɛse na ɛde nhyira pii a efi Yehowa hɔ bɛbrɛ wo.

Wɔde amanneɛbɔ pɔtee bi a ɛfa Bolgatanga nhyiam no ho bɛmana asafo ahorow no nyinaa wɔ nkrataa atitiriw bi mu. Hwɛ sɛ wobɛkɔ nhyiam horow no daa wɔ Ahenni Asa so sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte akwantu nhyehyɛe no ho asɛm yiye.

DWUMADI NHYEHYƐE MMERE: Ɛyɛ ade a efi nyansa mu na ɛkyerɛ anisɔ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase bere a dwumadi no fi ase no. Ɛno bɛyɛ anɔpa 10:20 Fida ne 9:30 nna a aka no wɔ nhyiam no nyinaa ase. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛtra ase akosi sɛ dwumadi no bɛba awiei. Nnwom ne mpaebɔ a wɔde wie no bɛba so Fida anwummere 5:35, Memeneda anwummere 5:00, ne Kwasida anwummere 4:00. Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ eyi yɛ nsakrae kakra bi wɔ dwumadi nhyehyɛe a wɔde mae wɔ krataa a na ɛhyɛ June 1987 Yɛn Ahenni Som mu no mu.

AKWAMPAEFO ADANSEDI KRATASIN: Ɛho hia sɛ daa akwampaefo, akwampaefo atitiriw, ahwɛfo akwantufo ne Bethel abusua mufo de wɔn Watchtower Identification and Assignment kratasin (S-202) no ba nhyiam no. Wɔn a ebedu bere a wobɛkɔ ɔmantam nhyiam no na wɔanya asram asia no benya tekit a ɛyɛ ¢1,000.00 bere a wɔde wɔn adansedi kratasin no akyerɛ wɔ nhyiam biako pɛ nkutoo ase no. Wɔmmma akwampaefo kwan sɛ wɔbɛtɔn nhyiam tekit ahorow yi. Ɛsɛ sɛ wɔsan de tekit dodow biara a wɔamfa antɔ aduan no kɔ dwumadibea a ɛhwɛ sika ho nsɛm so no wɔ nhyiam no awiei. Ɛsɛ sɛ akwampaefo hwɛ wɔn adansedi kratasin no yiye te sɛ sika. Sɛ ɛyera a morentumi nnya bi wɔ nhyiam no ase. Akwampaefo nsa betumi aka nhoma foforo biara a wobeyi adi no bi kwa na wɔatɔ nhoma wɔ akwampaefo bo so wɔ faako a wɔtɔn nhoma no bere a wɔde wɔn adansedi kratasin akyerɛ no.

ADE A WƆDE BƆ KOKO SO: Wɔde eyi ma yɛn sɛ nea yɛnam so bɔ nhyiam no dawuru na afei nso ɛboa ma yehu yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔaba no. Esiane eyi nti, yɛsrɛ mo mommɔ mo ade a wɔde bɔ koko so a wɔahyɛ da ayɛ no wɔ mo nhyiam no ase ne afei bere a moreba ne bere a morekɔ fie no. Ɛnyɛ sɛ eyi yɛ ɔkwan a wɔfa so hu yɛn nko, na mmom mpɛn pii ɛbɛyɛ adansedi fɛfɛ bere a yɛretu kwan no. Ɛsɛ sɛ mo nsa ka eyi denam mo asafo no so, efisɛ morennya bi wɔ nhyiam no ase.

KƆKƆBƆ: Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode wo kar besi no, ɛsɛ sɛ wototo n’apon mu bere nyinaa, na nnyaw biribi wom a wohu. Sɛ ebetumi a, fa wo nneɛma hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ wɔ mu no. Afei nso monhwɛ yiye wɔ akorɔnfo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii ahyiam no ho. Nea ɛka eyi ho ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mugyaw biribi a ɛsom bo to nkongua so wɔ apata no ase a obi nhwɛ so. Yɛsrɛ wo hwɛ yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena