Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 10/8 kr. 18-21
  • Bible Anaasɛ Atetesɛm?—Asɛnnennen Ma Katolekfo Koma Pafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Anaasɛ Atetesɛm?—Asɛnnennen Ma Katolekfo Koma Pafo
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔma Ho kwan Nanso Ɛho Nhia
  • Wogye Atetesɛm Di Sen Bible No
  • Asɛnnennen ma Katolekfo a Wɔkenkan Bible No
  • Asɛnnennen ma Katolek Asɔre
  • Fa Atetesɛm Toto Bible No Ho
  • Ɛnyɛ Nhoma A Wosiw N’akenkan Ho Kwan Bio
    Nyan!—1986
  • “Ka Me Nko A, Anka Wɔn Nyinaa Yɛ Adiyifo!
    Nyan!—1986
  • Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?
    Nyan!—1996
  • So Wubetumi Agye Bible No Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 10/8 kr. 18-21

Bible Anaasɛ Atetesɛm?​—Asɛnnennen Ma Katolekfo Koma Pafo

BIBLE no adɔɔso wɔ Katolekfo aman ahorow mu nnansa yi. Sɛ nhwɛso no, wɔatintim Kyerɛw Kronkron no nkyerɛase pii wɔ Castilia kasa mu wɔ mfe bɛboro 50 a atwam no mu sen mfe 500 a atwam no mu wɔ Spain. Saa ara na France Katolekfo nso wɔ Bible a wɔakyerɛ ase fi kasa a wodii kan de kyerɛwee no mu a asɔre no gye tom ahorow pii nnɛ. Katolekfo nhomanimfo a wɔka Engiresi kasa nso ayɛ Bible nkyerɛase afoforo bi.

Enti Katolekni biara a ɔpɛ sɛ ɔkenkan Bible no nnɛ no betumi ayɛ saa. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkenkan nkyerɛase a asɔre no gye tom a wɔde nkyerɛkyerɛmu ama wom. Dɛn nti na Katolek Asɔre no yɛ saa nhyehyɛe yi? Efisɛ ɛka ɔsoro adiyi fibea foforo bi​—atetesɛm​—ho asɛm na saa nkyerɛkyerɛmu no ho hia na ama wɔaka n’abien nyinaa abom ayɛ no biako. Afei ade abien yi​—mu nea ɛwɔ he na asɔre no bu no sɛ ɛho hia​—Bible anaasɛ atetesɛm?

Wɔma Ho kwan Nanso Ɛho Nhia

Nhoma a wɔfrɛ no A Catholic Commentary on Holy Scripture bisa sɛ: “So Bible Akenkan Ho Hia Ma Nkwagye?” Ɛrema mmuae no, ɛka sɛ: “Ahyɛde biara nni wiase no mu a wofi soro anaa asomafo no de mae a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnipa anokwafo nyinaa​—ɔbarima, ɔbea ne abofra biara kenkan Bible no.”

Enti bere a afei Katolek Asɔre no ma n’asɔremma kwan sɛ wɔnkenkan Kyerɛw Kronkron no na wɔde wɔn bɔne firi wɔn mpo “sɛ akenkan no kɔ so bɛyɛ dɔnhwerew fã” no, emmu Bĩble akenkan a ɛte saa no sɛ ɛho hia.a Bere a France Katolekfo Dictionnaire de la Bible no rekyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu no, ɛka sɛ: “Atetesɛm so na wɔnam titiriw de gyidi no ho nkyerɛkyerɛ nyinaa brɛ adesamma. Dwuma a wɔde Apam Foforo Kyerɛwnsɛm di no bae akyiri yi. Gyidi ho asɛm no nyinaa nnim na dwuma a wɔde bedi no ho nhia.”

Wogye Atetesɛm Di Sen Bible No

Enti ɛho nhia sɛ Katolekfo kenkan Bible. Sɛ wɔkenkan mpo a ɛsɛ sɛ wogye atetesɛm di sen ɛno. Katolek Asɔre no kyerɛ sɛ Kristofo a wodii kan no de wɔn ho too atetesɛm a nnipa ka kyerɛe no so ansa na wɔn nsa reka Asɛm a wɔakyerɛw no, enti ɛsɛ sɛ wogyina atetesɛm a asɔre no akora so no so de nya Kyerɛwsɛm no mu ntease.

Ɛresi adwene a wɔanya yi so dua no, nhoma bi a wɔakyerɛw na atumi aboa Katolekfo a wɔka Franse kasa no ma wɔakenkan Bible no ka sɛ: “Wɔde ɔsoro adiyi, nea wɔaka ho asɛm kɛse wɔ Kyerɛwnsɛm no mu mpo ahyɛ nnipa anokwafo bi nsa, Asɔre a ɛte ase no; eyi ma asemmisa a ɛho hia a ɛfa abusuabɔ a Bible, Atetesɛm,ne Asɔre no wɔ ho no asɔre. . . . Bere a wɔde [Kyerɛwnsɛm mu] ntease foforo yi ama no, ɛka Atetesɛm ademude no bom biako na ɛma edi mũ. . . . Enti kyerɛwnsɛm mũ no nyinaa gyina Atetesɛm so.”​—Invitiation Biblique, nkratafa 963, 971. Ɔkyerɛwfo no na ɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Ahotoso bɛn na Katolekni koma pafo bi benya wɔ Bible no mu bere a ɔkenkan wɔ nhoma bi a Katolekni kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Sacred Scripture kyerɛwee no mu sɛ: “Atetesɛm ho hia kɛse sen Kyerɛwnsɛm, ho asɛm wom, ɛne no wɔ abusuabɔ na eye kyɛn no” no?b Anaasɛ adwene bɛn na obenya sɛ ɔfa A Catholic Dictionary na ɔkenkan sɛ: “Asɔre no . . . gye tom sɛ Kyerɛwsɛm nyinaa yɛ Onyankopɔn asɛm nanso bere koro no ara mu no ɛka sɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔnkyerɛwee bi wɔ hɔ a eye sen Kyerɛwnsɛm” no a?

Asɛnnennen ma Katolekfo a Wɔkenkan Bible No

Bɛyɛ mfehaha pii ni no, Katolekfo mmɔdenbɔfo agye asɔre no nkyerɛkyerɛ atom a wonnye ho kyim biara efisɛ asɔremma no nni biribiara a wobegyina so de ahu nokware a asɔre no nkyerɛkyerɛ yɛ no. Katolekfo pii suaa wɔn gyidi ho asɛm guu wɔn tirim denam asɔre no gyidi ho nhoma a wosuae no so. Sɛ wobisa wɔn sɔfo sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ ahorow te sɛ Baasakoro, anaa Bɔne a Enni Maria ho a asete yɛ den no mu a, mmuae a wɔtaa nya ne sɛ: “Ɛyɛ ahintasɛm kronkron.

Nanso Vatican Bagua a Ɛto So Abien no yɛɛ nsakrae ahorow. Wɔyɛɛ nsakrae wɔ Katolek Asɔre no mu na ebuee kwan maa Katolekfo yɛɛ wɔn ankasa ho mu nhwehwɛmu kɛse. Vatican II maa kwan sɛ wontintim Bible “nkyerɛase ahorow a ɛfata a ɛteɛ” afoforo na wɔhyɛɛ Katolekfo asɔfo mpanyin sɛ “wɔmfa akwankyerɛ a ɛfata mma nnipa anokwafo a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no wɔ nhoma kronkron ahorow a wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan pa so no ho.” Enti mprempren Katolekfo nyinaa betumi atɔ Bible, wɔakenkan na wɔde nea wɔkenkan no atoto nea wɔkyerɛkyerɛ wɔn no ho.

Nanso wohyiaa ɔhaw ahorow ansa na wotumi yɛɛ nsakrae kɛse yi. Katolekfo pii rehu wɔ wɔn asetra mu nea edi kan sɛ wɔn asɔre no nkyerɛkyerɛ no mu pii nni Bible mu. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no bi ne Maria a wɔsom no, “akronkronfo” mpae a wɔbɔ, awufo a wɔsom wɔn, bɔne fafiri, ahodwiragya ne limbo.

A Catholic Dictionary gye tom wɔ nea etwa to no ho sɛ: “Na wɔmpɛ sɛ wobegye gyidi a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnyɛɛ bɔne biara no ayayade wɔ hell no atom na eyi maa asɔfo gyee nkyerɛkyerɛ ahorow toom sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de anoyi ama wɔ ho.” Limbo yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no mu biako.c

Nanso Bible ka sɛ awufo adeda wɔ adamoa mu a wɔretwɛn owusɔre (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 5:28, 29) Esiane sɛ ɔkra a entumi nwu da biara nni hɔ nti, wɔnyɛ obiara ayayade wɔ hell.Enti na ɛho hia sɛ wonya limbo nkyerɛkyerɛ no na ama woadi ɔsom mu ɔhaw bi ho dwuma! Eyi yɛ nsɛnnennen a Katolekfo a wɔkenkan Bible no mu pii hyia mprempren no ho nhwɛso biako pɛ. Nea ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ wogye di, nnipa atetesɛm anaa Bible no?

Asɛnnennen ma Katolek Asɔre

Nanso ɔhaw no yɛ kɛse sen saa. Ɔsɔfo bi betumi akwati asɛnnennen a Katolekfo hyia a yɛaka ho asɛm wɔ atifi ha no na waka sɛ: ‘Ɛnyɛ ɔhaw biara. Atetesɛm ama adiyisɛm a ɛwɔ Bible no mu no adi mũ. Gye asɔre no atetesɛm no tom.’ Nanso ɛnyɛ mmerɛw saa.

Jesuitfo ɔbenfo Paul Henry a ɔwɔ Katolekfo Sukuu a ɛwɔ Paris no mu kyerɛwee sɛ: “Kyerɛwsɛm ma wonya Asɔre no mu asetra, ɔsom, abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ ho gyinapɛn. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔakyerɛkyerɛ biribiara a Onyankopɔn ada no adi anaa ɔpɛ no mu fefeefe wɔ Kyerɛwsɛm mu efisɛ biribi a Asɔre no yɛ anaa ɛkyerɛkyerɛ a mfomso nni ho nni hɔ a ebetumi ne Kyerɛwsɛm abɔ abira.”

Enye koraa sɛ wɔbɛka sɛ atetesɛm ma Kyerɛw Kronkron no di mũ. Eyi ankasa ne nea Katolekfo betumi akenkan wɔ wɔn Bible mu wɔ 1 Korintofo 4:6 no bɔ abira. Nanso nkyerɛkyerɛ ahorow te sɛ​—hell-gya, ahodwiragya, ne limbo​—a ɛnyɛ Bible mu nko na enni na mmom nso ɛne ‘Kyerɛwsɛm bɔ abira’ pefee a Katolek Asɔre no kyerɛkyerɛ no ma ehyia nsɛnnennen.​—Hesekiel 18:4, 20; Romafo 6:23.

Fa Atetesɛm Toto Bible No Ho

Wɔ Vatican Bagua a Ɛto So Abien nhyiam no ase no, Katolek Asɔre no ka kyerɛ “Kristofo anokwafo no nyinaa” wɔ baguam sɛ wɔntaa nkenkan “Kyerɛw Kronkron no.” Afei nso, A Catholic Dictionary ka sɛ: “Ɛteɛ sɛ Katolekfo de ahotoso kɛse begye adi sɛ wɔn Asɔre no rentumi mfa nkyerɛkyerɛ biara a ɛne Kyerɛwsɛm no bɔ abira mma.” Yɛto nsa frɛ katolekfo koma pafo sɛ wonnye wɔn Asɔre no nkuranhyɛsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔnkenkan Bible no na ama wɔn ankasa atumi ahu sɛ ebia katolekfo nkyerɛkyerɛ bi ne kyerɛwsɛm no bɔ abira.

Sɛ wɔpɛ sɛ wogye nsa a wɔto frɛ wɔn wɔ katolekfo wiase Nyinaa Bible Asɛnkafo kuw no Nhyiam Kɛse a Ɛto so Abiɛsa no ase​—sɛ ɛsɛ sɛ katolekfo bɛyɛ Bible akyerɛkyerɛfo no so a, ɛnde eyi ho hia kɛse. Yebesusuw ɔfrɛ yi ne nea ɛkyerɛ no ho wɔ asɛm a edi so yi mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Enchiridion Indulgentiarum, 1968, nea ɛto so 50.

b La Parole de Dieu, kratafa 26

c Wɔkyerɛ limbo ase sɛ “beae bi a ɛne hell bɔ hye, baabi a mmofra a wɔammɔ wɔn asu ne atreneefo a wɔtraa ase ansa na wɔwoo Yesu tra wɔ wɔn wu akyi”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

So “Onyankopɔn asɛm a wɔnkyerɛwee a ɛsen Kyerɛwnsɛm bi” wɔ hɔ?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

So ɛyɛ nokware sɛ “biribiara a Asɔre no yɛ anaasɛ ɛkyerɛkyerɛ a mfomso nni ho nni hɔ a ebetumi ne Kyerɛwsɛm abɔ abira”?

[Kratafa 20 mfoni]

Vatican Bagua a Ɛto So Abien no yɛɛ nsakrae ahorow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena