Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 10/8 kr. 17-18
  • Ɛnyɛ Nhoma A Wosiw N’akenkan Ho Kwan Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnyɛ Nhoma A Wosiw N’akenkan Ho Kwan Bio
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Anaasɛ Atetesɛm?—Asɛnnennen Ma Katolekfo Koma Pafo
    Nyan!—1986
  • Paapa Ho Akwantu Ahorow—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
    Nyan!—1984
  • Katolekfo A Wosusuw Wɔn Asɔre Ho Da Wɔn Adwene Adi
    Nyan!—1981
  • Dɛn Nti Na Katolekfo Asɔfo Mpanyin No Hyiaam?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 10/8 kr. 17-18

Ɛnyɛ Nhoma A Wosiw N’akenkan Ho Kwan Bio

SU A Katolek Asɔre no kura wɔ Bible no ho asakra kɛse wɔ Katolekfo aman bi mu wɔ mfedudu kakra a atwam no mu. Katolekfo a wɔanyinyin betumi akae bere a na wobu Bible akenkan animtiaa sɛ ɛnyɛ nea wɔkasa tia mpo a. Wɔ aman a Katolekfo dɔɔso wom no mu pii mu no, nnipa a wɔba fam no bu Bible no sɛ Protestantfo nhoma a ɛsɛ sɛ wokwati.

Ɛdefa tebea a na ɛwɔ France wɔ mfeha a ɛto so 18 ne 19 no mu no ho no, Georges Auzou a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Sacred Scripture a ɛwɔ Great Seminary wɔ Rouen, France no, kyerɛwee wɔ ne nhoma a asɔre no gye tom a wɔfrɛ no La Parole de Dieu (Onyankopɔn Asɛm) no mu sɛ: “Na wɔnhyɛ Bible akenkan ho nkuran. . . . Nokwarem no, wɔ asɔfo ne nhomanimfo binom akyi no, na Katolekfo nkenkan Nhoma kronkron no bio. Ná ayera wɔ [Katolekfo] nhoma tɔnbea. Na wɔda so ara kura adwene sɛ Bible nyɛ nhoma pa . . . Wɔhyɛɛ da barae wɔ mmea asɔfo atrae ne Kristofo [Katolekfo] sukuu ahorow mu.”

Afei nneɛma fii ase sakrae. Mignot, Katolekfo sɔfo panyin a ɔwɔ France ne Toulon a ɛwɔ France no, kyerɛwee wɔ nnianim asɛm a ɛwɔ ne Vigoroux’s Dictionnaire de la Bible (1891-1912) no mu sɛ: “Yɛrehu sɛ wɔresan asua Bible bio wɔ France ampa. Mfe aduonu a atwam ni no, na . . . wɔn a wɔyɛ asɔremma ankasa no mu kakraa bi na wɔn ani gye [Bible mu nsemmisa] ho. . . . Na wɔkɔ so bu Bible akenkan ne ne sua sɛ ɛho nhia. Wɔansusuw nneɛma a ɛte sɛɛ ho da na sɛ ebia asɔre no muni mmɔdenbɔfo bi fa Yesaia anaasɛ Mmebusɛm no mu asɛm bi ka a, nkurɔfo de ahodwiriw hwɛ no na wonya adwene se gyama ɔne Protestantfo bɔ wɔ kokoam!”

Wɔ bere a na Protestantfo Bible akuw dwumadi renya nkɔso no, Paapa Leo XIII tintimii Bible adesua ho nkrataa wɔ 1893 mu, Paapa Benedict XV yɛɛ saa wɔ 1920 mu na Paapa Puis XII nso tintimii bi wɔ 1948 mu. Nanso na nkrataa yi a paapanom tintimii no wɔ asɔfo so tumi kɛse sen Katolekfo a wɔaka no.

Wɔyɛɛ nsakrae ankasa wɔ Vatican Bagua nhyiam a Ɛto So Abien (1962-65) no ase Bagua no kae sɛ: “Bagua kronkron no hyɛ Kristofo anokwafo nyinaa, ne titiriw wɔn a wɔbɔ mmɔden kɛse no sɛ wonsua ade denam Kyerɛw kronkron a ɛne ‘Yesu Kristo ho nimdeɛ a ɛkyɛn so,’ a wɔbɛkenkan no mpɛn pii no so. (Fil 3, 8) [Jerome kae sɛ] ‘Efisɛ Kyerɛwnsɛm no a obi nnim no kyerɛ sɛ onnim Kristo’.”

Enti wɔ 1966 mu no, nhoma a wɔfrɛ no A Guide to Catholic Reading akyerɛwfo tumi kyerɛwee sɛ: “Afei bɛyɛ mfehaha pii ni no, Katolekni mmɔdenbɔfo no atumi agye adi sɛ Bible no yɛ nhoma a wofi soro ma wɔkyerɛwee na ɛne atetesɛm ne Katolekfo nkyerɛkyerɛ nyinaa fibea. Nanso wɔsan de afotu ama no nso sɛ ɔnhwɛ yiye kɛse wɔ Bible akenkan ho na wɔhyɛ no nkuran sɛ sɛ ebetumi a, ɔnkenkan wɔ asɔfo anaasɛ asɔre no akwankyerɛ ase. . . . Nea ɛyɛ anigye no, tebea no asakra kɛse na nnɛ wɔhyɛ Katolekfo nyinaa nkuran, wotu wɔn fo na wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkenkan Nhoma a ɛsen Nhoma nyinaa no.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Nsɛm ahorow yi a yɛafa aka a ne nyinaa fi nhoma ahorow a asɔre no gye tom no mu no kyerɛ sɛ Bible nyɛ nhoma a wosiw Katolekfo kwan wɔ n’akenkan ho. Nanso, sɛnea asɛm a yɛafa aka a etwa to no ka no, ɛsɛ sɛ Katolekfo susuw wɔn asɔre no atetesɛm nso ho. Eyi ayɛ ɔhaw foforo ama Katolekfo koma pafo pii ne asɔre no ankasa mpo, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi so no mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena