Ɔkorɔnfo A Ɔyɛ Nyiyim
Akorɔnfo betumi awia obiara. Wɔntaa nyɛ nyiyim ma enti obiara betumi ahu mpofirim sɛ ne sika kotoku, kar, radio, ne baesekre anaasɛ biribi foforo a ɛsom bo a ɔwɔ no ayera. Ɛda adi sɛ eyi te saa wɔ Yehowa Adansefo nso fam. Nanso ɛtɔ bere bi a, ɔkorɔnfo a n’ahonim yɛ adwuma kɔ nkurɔfo afie mu sɛnea osuahu a efi Santo Domingo, Dominican Republic a edi so no kyerɛkyerɛ mu no.
“Da koro bi wɔ twabere mu no, sɛnea me yere taa yɛ no, ɔsɔree anɔpahema sɛ ɔrekobue ɔpon a ɛwɔ yɛn dan no akyi no, na ohui sɛ obi abu ɔdan a ɛwɔ afikyiri no pon aniwa. Ɛwom sɛ na yɛwɔ nneɛma bi a ɛsom bo wɔ hɔ de, nanso na biribiara nni hɔ a ayera. Nanso nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa no, na obi agyaw krataa a edi so no ato hɔ: ‘Saa ofi a ɛyɛ fɛ yi wuranom, momfa mfiri me sɛ mabu ɔpon no aniwa. Meyɛ ɔkorɔnfo na mebae sɛ merebewia nneɛma a ɛwɔ ha nyinaa nanso mihui sɛ Yehowa Kristofo Adansefo na ɛte ha na esiane eyi nti manyɛ saa. Miwia afoforo a wɔaka no, nanso mewɔ obu ma mo.’”
Ɛyɛɛ dɛn na ɔkorɔnfo no hui sɛ eyinom yɛ Yehowa Adansefo? Efisɛ na wɔn Bible nhoma ne nsɛmma nhoma (Ɔwɛn-Aban ne Nyan!) wɔ ɔdan a ɛwɔ afikyiri no mu. Ɛwom sɛ owiaa wɔn afipamfo saa anadwo no de, nanso wanwia Adansefo no.
‘Ebere ne akwanhyia’ to Yehowa Adansefo te sɛ obiara. Nanso, wɔ mmere horow pii mu no, eye sɛ wobehu wo sɛ Yehowa Adansefo mu biako.—Ɔsɛnkafo 9:11.