Akwan Horow Wɔ Hɔ A Wɔfa So Siw Akorɔnfo Kwan
OKUNAFO Clara too nsa frɛɛ awarefo nkumaa baanu no sɛ wɔmmɛnom tii kakra. Bere nyinaa sɛ wɔde no ba fie wɔ wɔn anwumere nhyiam no akyi a, ɔkɔ ne dan mu tẽe. Nanso anwummere yi esiane tebea horow bi nti, ɔtoo nsa frɛɛ ne nnamfonom yi sɛ wɔmmɛka ne ho. Ná biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ bere a wɔbɛnee ofie ketewaa a ɛho fitaa no.
Clara wuraa asa no so hɔ na ɔsɔɔ akanea no. Wɔ awarefo baanu no fam no, na biribiara da so ara yɛ pɛpɛɛpɛ, nanso Clara yam hyee no. Ná ne television no nni hɔ! Bere a ɔkɔhwɛɛ ɔdan a edi hɔ no mu no, ohui sɛ akorɔnfo aba ne dan a ɔda mu no mu abɛpansam ne nneɛma mu. Ehu ne abufuw hyɛɛ wɔn nyinaa ma. So na ɔkorɔnfo no da so ara wɔ hɔ? Dabi.
Wɔ Clara fam no, na asɛm a asi no haw adwene kɛse. Ná ɔreyɛ adi mfirihyia 80 na ɔkae nneɛma ahorow pii wɔ bere tenten a ɔde atra fie hɔ no mu. Afei ɔtee nka sɛ wɔahaw no; ahotɔ nka a na ɔte no afi hɔ. Wantumi anna ofie hɔ saa anadwo no na awiei koraa no ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ otu.
Wowiaa ɔbea foforo nso a ofi Mfinimfini Apuei fam ngude ahorow a ɛsom bo wɔ ne fi. Nneɛma a wowiae no yɛ nea na ɛsom bo ma no titiriw, efisɛ n’agya a na ɔyɛ odwumfo no na ɔyɛ maa no. Mprempren ɔde ne ngude no nkae a aka no asie baabi a ɛyɛ den sɛ wo nsa bɛka wɔ adaka bi mu—osuro sɛ ɔde besiesie ne ho, ontumi nhu ne fɛ a ɛyɛ no wɔ fie bio.
Wɔka sɛ onipa fie yɛ n’abankɛse. Na, sɛnea ɛte no, abankɛse no wɔ ntua ase. Nnipa abɔnefo asi wɔn bo sɛ wɔbɛma nneɛma a ɛsom bo ma wo no ayɛ wɔn de.
Sɛnea FBI Kwankyerɛfo William H. Webster kyerɛ no, wɔ 1970 mfe no mu no, “nsɛmmɔnedi a wɔbɔɔ ho amanneɛ kyerɛɛ nnipa a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma” wɔ United States no “nyaa nkɔanim ɔha biara mu 50.” Korɔnbɔ kɔ so ara nya nkɔanim, na ɛte sɛnea akwan horow a wɔfa so siw nsɛmmɔnedi ano no ntumi nyɛ ho hwee. Enti ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban na yɛantɔ wɔn afiri mu?
Ebia abusuabɔ pa a yɛne yɛn afipamfo benya yɛ akwan horow a etu mpɔn a yɛbɛfa so abɔ yɛn ho ban no mu biako. Ahobammɔ a ɛsom bo kɛse ne afipamfo a wonim yɛn ne yɛn mmusua horow no na yɛn ahobammɔ ho hia wɔn. Carol Bellamy a ɔyɛ New York Kurom Bagua no titrani no se: “Ɛnyɛ ɔkwan a wɔfa so siw nsɛmmɔnedi ano ne sɛ wɔbɛma polisifo abegyina obiara pon ano. Ɛyɛ nya a wobenya onipa a wada ne ho so na onim nea ɛrekɔ so wɔ ofie ne ɔdan biara mu.”
Ɛwom, wɔ yɛn nnɛ nhyehyɛe yi mu no, mmusua horow atetew wɔn ho afi mmusua afoforo afie ho, na ɛtɔ bere bi a afipamfo dwene wɔn nkutoo ho kɛse sen sɛ wɔbɛdwene ɔman no ahobammɔ ho. Nea afi eyi mu aba ne sɛ, afipamfo yɛ komm mmom sen sɛ wɔbɛyɛ biribi bere a wohu sɛ nneɛma bi a enye rekɔ so no. Akorɔnfo dɔn ne mfiri ahorow a ɛtete saa betumi aboa, ɛwom sɛ ebia ɛrentumi nyɛ te sɛ nea afipamfo anaa nnipa afoforo a wɔte saa bɛyɛ no de.
Nsakrae biako a ebia ɛho behia sɛ abusua bi yɛ yɛ nea ɛfa wɔn su wɔ beae pɔtee bi a wɔbɛpɛ sɛ wɔtra, baabi a ebia ɛhɔ yɛ fɛ nanso atew ne ho ho. Wobewiaa abusua bi a na wɔte baabi a atew ne ho pasapasa, bere a na wɔapue anwummere bi no. Wɔsan bewiaa wɔn bio, na awiei koraa no agya no kɔtɔɔ ɔkraman bi a ne bo yɛ den sɛ ɔde no rebɛwɛn fie hɔ. Nea ɛyɛ awerɛhow no, akorɔnfo no san bae bio, na eyi de wowiaa ɔkraman no na wɔkaa no animtiaabu mu sɛ gye sɛ otua biribi ansa na wɔde ɔkraman no ama no!
Nanso, sɛnea ɔkorɔnfo bi a ne ho akokwaw yiye gye toom no, “akraman, titiriw akɛse no, . . . ne ofie ahobammɔ a ɛsen biara a obi betumi anya.” Ɔkae sɛ nnipa a wɔde korɔnbɔ ayɛ wɔn adwuma no pii renkɔ ofie a ɔkraman rewɛn no mu. Ɛwom, sɛ ɔkraman a ɔrewɛn no tow hyɛ onipa pa bi a ɔreba hɔ so a, ebia ne wura no benya asɛm a emu yɛ den wɔ mmara mu.
Sɛ wowɔ nneɛma ahorow pii a, ebia wobɛpɛ sɛ wohyehyɛ nneɛma a ɛsom bo te sɛ television, mfiri a wɔde bɔ nwom, ne nneɛma a ɛtete saa no agyirae denam biribi a wode kyerɛw a entumi mpopa so, na ebia woakyerɛw wo afirika ho adansedi krataa no nɔma no agu saa nneɛma yi ho. Mpɛn pii wo nsa betumi aka nnade a ɛte sɛɛ a wɔde hyɛ agyirae yi bi wɔ aguadidan ahorow mu. Nanso, sɛ́ nea ɛbɛma eyi adi mu no, wubetumi de saa agyiraehyɛde yi abɔ ɔpon bi anim. (Ebia wo nsa betumi aka agyiraehyɛde ahorow yi bi wɔ polisifo adwumayɛbea.) Nea enti a ɛte saa ne sɛ ebia eyi remma obi a ɔyɛ ɔkorɔnfo no mma hɔ, efisɛ ɔbɛbrɛ ansa na wanya obi atɔ nneɛma a wɔahyɛ no nsow a wawia no.
Bio nso, ebinom atotɔ mfiri ahorow a edu bere bi a ɛma akanea sosɔ na radio nso yɛ adwuma na ama wɔahu sɛ obi wɔ fie hɔ. Nanso, ɛha nso, ahwɛ yiye ho hia. Nea ɔde korɔnbɔ ayɛ n’adwuma a yedii kan kaa ne ho asɛm no kae sɛ: “Ɔkwan a ɛsen biara a wubetumi ama akorɔnfo afa so aba wo fi ne sɛ wubegyaw kanea asi so wɔ ɔkwan no ano a foforo nni baabiara. Wɔ ɔkorɔnfo fam no eyi kyerɛ sɛ wugyaw kanea no sii so bere a na worepue no sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu kwan bere a woresan aba no. . . . abrannaa so kanea a wubegyaw asi so a kanea foforo biara nni ofie hɔ nso kyerɛ ade koro no ara.” Nanso, ɔkyerɛe sɛ, sɛ wugyaw akanea ahorow pii sisi so a ɛma akorɔnfo no suro. Nea eye a wubetumi agyaw asi so ne kanea a ɛwɔ abrannaa so, nea ɛwɔ aguaree, ne pia mu kanea a ɛwɔ ɔfã baabi. Television a ɛrebɔ wɔ asa so anaa beae a wusua ade yɛ nea ebia ɛbɛma wɔasuro. Na, mmom, sɛ worekɔ akwamma a, hwɛ sɛ wobɛbɔ wɔn a wɔde amanade anaa atesɛm nkrataa ba no amanneɛ.
Mfirikafo ne Akwantufo Monhwɛ Yiye!
Mfirikafo nso ho akã. Lɔre yɛ biribi a akorɔnfo de wɔn ani asi so kɛse, efi afiri mũ no nyinaa a wowia so kosi ɛho nneɛma ne petrol a ɛwom a wowia so. Wɔ tebea horow yi mu no akorɔnfo no taa yɛ eyi anadwo anaa wɔ borɔn a nnipa ayɛ so manyamanya no so. Hena na onim sɛ ebia ɔbarima a ɔwɔ kar no ho no yɛ ne wura, obi a osiesie afiri anaa ɔkorɔnfo?
Bere a kar ahorow bi wɔ hɔ a ɛwɔ nneɛma a wɔde abɔ ho afi beae a wɔyɛe no a ɛmma akorɔnfo ntumi nwia no, sɛ ebi nni obi de ho a obetumi apɛ bi. Ade foforo nso a ɛwɔ hɔ a ɛmma akorɔnfo ntumi nwia ne nneɛma ahorow a wɔde tow ɔpon no mu a akorɔnfo ntumi mmue, faako a wɔde petrol gu no a wɔtow mu ne afoforo pii a ɛkeka ho.
Wo ankasa kar a wunni a wode tu kwan daa anaasɛ bere a worekɔ akwamma no betumi ayɛ nea asiane wom na ɛtɔ bere bi a ebetumi ama akorɔnfo ani aba wo so. Ɛwom, ebia adwuma remma entumi nyɛ yiye sɛ yɛbɛpaw beae bi a yɛbɛfa ne bere a yɛde bɛyɛ adwuma. Nanso, eye sɛ wubehu nea adwumawura bi a ɔwɔ New York Kurom yɛe no. Otwaa bere a wɔde yɛ adwuma wɔ hɔ anadwo no so, efisɛ na ontumi mmɔ n’adwumayɛfo 700 no ho ban mfi akorɔnfo ho bere a wɔnantew bere tenten bi kɔfa lɔre no.
New York Kurom Akwantu Dwumadibea no de dawurubɔ ahorow ama wɔ akwan horow a wɔbɛfa so atwe wɔn ho afi akorɔnfo ho no ho. Eyi ne afoforo a ɛkeka ho tu fo sɛ enye sɛ wode nneɛma ahorow begugu wo kɔn mu a wohu, titiriw sika kɔnmuade, na wɔhyɛ nyansa sɛ fa wo pɔs no hyɛ wo kotoku a ɛwɔ anim no mu, na wo bag no (ebetumi a nea ɛwɔ nsa a ɛyɛ den a wɔde sɛn abati) nso, so ne nsa no mu fra bag no fã. Ɛsɛ sɛ yɛnantew sɛ nnipa a wɔn ani abere a wɔwɔ biribi rekɔyɛ bere a yɛkɔ adwuma no.
Sɛ́ kɔkɔbɔ no, Los Angeles polisini bi kae sɛ: “Ahɔho a wɔba ha nsrahwɛ no binom nso de nneɛma gugu wɔn kɔn mu a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, ‘Mesrɛ wo bewia me,’ bere a wɔde mfiri ahorow a wɔde twa mfonini gugu wɔn kɔn mu” bere a wɔresrasra mmeae a nsɛmmɔnedifo wɔ hɔ kɛse no.
Sɛ wuhyia ɔkorɔnfo a kae sɛ mprempren de wato n’afiri mu na wo nneyɛe na ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ obi a ɔwɔ nkwa mu bere a akorɔnfo no kɔ no. Komm a wobɛyɛ ho hia, na ɛnsɛ sɛ woma nkate anaa nneɛma no ho adwennwene ka wo ma woyɛ ade sɛnea ɛnsɛ anaa nea ɛbɛma woayɛ basaa kɛse. Wɔ bere a ɛte sɛɛ mu no, nea ehia titiriw ne wo nkwa ankasa.
Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma Kristofo sɛ wobehu sɛ “wi yi ase su resakra,” ne sɛ ‘amumɔyɛ bɛdɔɔso’ na ‘nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.’ (1 Korintofo 7:31, NW; Mateo 24:12; 2 Timoteo 3:13) Nimdeɛ a ɛte sɛɛ hyɛ anidahɔ ne adwene a emu da hɔ ho nkuran a ɛfa ahobammɔ ho. Na yebetumi ate ahobammɔ kakra nka wɔ wiase a ɔhaw ahorow ahyɛ mu ma yi mu sɛ yedi kɔkɔbɔ ahorow a eye a ebetumi ama akorɔnfo asuro no akyi a. Ampa akwan horow wɔ hɔ a wɔfa so siw akorɔnfo kwan.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Wobetumi abrɛ nsɛmmɔnedi ase denam onipa a wada ne ho so na onim nea ɛrekɔ so a wobenya wɔ ofie ne ɔdan biara mu no so
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
“Nkraman, titiriw akɛse no, . . . ne ofie ahobammɔ a eye sen biara a obi betumi anya”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
“Ɔkwan a ɛsen biara a wubetumi ama akorɔnfo afa so aba wo fi ne sɛ wubegyaw kanea asi so wɔ ɔkwan no ano a ebi nni beae foforo biara”
[Kratafa 17 mfoni]
Wɔka sɛ onipa fi yɛ n’abankɛse. Saa abankɛse no wɔ ntua ase