Nsuyiri ne Ɔpɛ—So Efi Onyankopɔn?
“ƐMA m’ani so biri me na mete nka sɛ me yam ayɛ nwini.” Ná ɔbea a ofi Afrika no rekyerɛkyerɛ sɛnea ɔkɔm te no mu akyerɛ Nyan! amanneɛbɔfo. Ɔfoforo nso a ɔwɔ South Africa baabi a ɔpɛ asi wɔ hɔ no ka sɛ: “Yɛn ahoɔden nyinaa sã kosi sɛ afei de yentumi nserew, yentumi nsu, yenhu ade, na yentumi nhome nso.”
Wobu akontaa sɛ tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɛte sɛɛ kaa nnipa ɔpepem 35 wɔ Afrika nkutoo. Wɔyɛ nnipa a ɔpɛ a ano yɛ den a asi a ebetumi de ɔhaw kɛse aba asasepɔn no so no aka wɔn.
Amanehunu yi nyɛ nea wonhu. Woyii mmea ne mmofra a ɔkɔm de wɔn—a mpɛn pii wɔaka nnompe nko—kyerɛe na wɔbɔɔ ho dawuru na ɛmaa nnipa pii pɛe sɛ wɔbɛboa. Nanso wɔ wɔn a ɛkaa wɔn no pii fam no, mmoa ahorow a ɛte sɛɛ yɛ nea esua, nea amma ntɛm. Nnuan ne nneɛma ahorow a wɔde kɔma wɔn no rentumi mma wɔn a wɔawuwu no nsan mma nkwa mu, na saa ara na ɛrentumi mma akuafo a wɔn nneɛma asɛe no sikasɛm nyɛ yiye.
Nanso bere a ebinom de anofafa a apaapae bɔ mpae sɛ osu ntɔ no, afoforo pii hu asiane foforo a ebinom ka sɛ ɛsɛe ade kɛse mu amane—nsuyiri. Historical Catastrophes: Famines nhoma no kae sɛ: “Nnɔbae a ɛnyɛ yiye no pii . . . fi nsu a ɛtɔ dodo no.”
Sɛ nhwɛso no, Chinafo Yellow Asubɔnten no de ahoɔden sen kɔbɔ po mu. Wɔato afasu a ɛbɔ akuafo a wɔte tataw so nsase no so ho ban. Nanso sɛ nsu no yiri a, ebubu afasu no na ɛma tataw no so nyinaa dan po. Wɔ mfehaha no mu Chinafo bɛyɛ ɔpepem du awuwu wɔ nsu yi a eyiri no mu, na eyi ama Yellow Asubɔnten no abɛyɛ nea ɛma nnipa hu amane kɛse sen biribi foforo a ɛte saa a esi wɔ asase so!
Nsuyiri ne ɔpɛ kɔ so ara haw onipa a kuadwuma ho nimdeɛ a wɔanya no mfa ho. Ná sɛ ɛyɛ nea ebi aka wo tẽẽ anaasɛ dabi no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛfa wo ho. Efisɛ nsuyiri ne ɔpɛ ma aduan ho yɛ den, na ɛma ne bo kɔ soro kɛse. Ɛyɛ nea onipa ntumi nyɛ ɔhaw ahorow yi ho hwee araa ma nea wotaa ka ne sɛ efi Onyankopɔn. Nanso eyi a wɔka no yɛ nokware dɛn?
Efi Hena?
Earthscan a “ɛyɛ wiase nsɛm a ɛkɔ so ne wim tebea ho nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea” no daa amanneɛbɔ bi a ne ti ne Asiane Ahorow—So Efi Onyankopɔn anaasɛ Efi Onipa? no adi. Ɛde akontaabu ahorow mae a ɛkyerɛ sɛ nsuyiri a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ wiase nyinaa no kɔɔ soro afe biara fi 15.1 wɔ 1960 mfe no mu koduu 22.2 wɔ 1970 mfe no mu. Ɔpɛ a esii no kɔɔ soro afe biara fi 5.2 koduu 9.7 wɔ bere koro no ara mu. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ hu no ne sɛ, nnipa a wowuwui wɔ asiane ahorow yi mu no dodow bu bɔɔ bo mpɛn asia!
Earthscan amanneɛbɔ no se: “Asiane ahorow no yɛ nea onipa na ɔma ɛba kɛse. Asiane binom (nsuyiri, ɔpɛ, aduankɔm) yɛ nea wim tebea ne nneɛma afoforo a wɔnhwɛ no yiye na ɛde ba kɛse, na ɛnyɛ osu a ɛtɔ kɛse anaasɛ osu a ɛntaa nto nti. . . . Asiane ahorow yi yɛ asetra ne amammui mu nsɛm a mpɛn piiwobetumi asiw ano. Wɔ Wiase a Ɛto So Abiɛsa no mu no, tebea a ɛwɔ hɔ a ɛhyɛ ahiafo no ma wɔsɛe wɔn asase a wɔte so no ma asiane no dodow rekɔ soro.”
Susuw onipa nneyɛe ne tebea a ɔka sɛ efi Onyankopɔn no ho. Anadwo biako wɔ May 1943 mu no, nsu bɛyɛ tɔn ɔpepem 330 bu faa abon ahorow mu wɔ Germany atɔe fam. Efi Onyankopɔn? Ɛyɛ atopae a Britania wim akohyɛn mufo tow de bubuu Mõhen ne Eder nsu mu ban no wɔ Wiase Ko II mu no na ɛma ɛbae. Nsu no faa nnipa bɛyɛ 1,294 kɔe a wɔn mu pii nyɛ asraafo.
Mfe anum pɛ ansa na eyi resi no, asiane bi sii a na ebinom gye di sɛ ɛsɛee ade kɛse sen atomik ɔtopae a wɔtowee wɔ Hiroshima ne Nagasaki no! New Scientist nsɛmma nhoma no reka amanneɛbɔ a efi SIPRI no ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Ɛyɛ Yellow Asubɔnten no afasu a ɛwɔ Huayuankow no a wobubuu no no na esiw Japan asraafo a wɔbɛfa China aba wɔ 1938 mu no ano, nanso eyi maa Chinafo ankasa mpem ɔhaha pii wuwui.” ɔpepem pii nso afie sɛee.
Saa ara na Afrika atesɛm krataa biako kae sɛ: “Ɛnyɛ [ɔpɛ] no amanehunu no nyinaa na efi wim tebea no. . . . Akodi ahorow a ɛrekɔ so fi Afrika apuei fam kosi Atlantik mpoano a etwam kosi Mozambique no ama akuafo aguan afi wɔn mfuw mu.” Sɛ nhwɛso no, ɔpɛ a asi wɔ Ethiopia no yɛ nea ɔko a akɔ so wɔ hɔ mfe pii no ka ho na emu ayɛ den.
Onyankopɔn anaasɛ Adifudepɛ?
Ɛdenam nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ so no, ɛnnɛ akuafo tumi funtum asase kɛse—a mmeae a mfiase no animdefo kae sɛ ɛnsɛ sɛ wofuntum no mpo ka ho. National Geographic ka faa Amerika Kusuu Fam Tataw Kɛse no ho sɛ: “Nkurɔfo afuntum nsase nhama mpempem pii de adua awi . . . na eyi tumi ma ɔpɛ a esi bere a osu ntɔ mu yɛ den kɛse te sɛ nea esii wɔ United States wo 1930 mfe no mu no.
Wɔafuntum nsase a wɔde mmoa kɔ adidi wɔ so no mpo dedaw. Anantwi hwɛfo bi a eyi kaa no kae sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma ɛba. Efi adifudepɛ. Onyankopɔn nni funtum dade.” Mohandas Gandhi kae no yiye bere a ɔkae eyi no: “Nneɛma a ɛdɔɔso a ɛbɛma obi anya nea ohia wɔ hɔ nanso ɛnyɛ nea ɛbɛso obiara adifudepɛde a ɔhwehwɛ.”
Nanso ebinom bɛka sɛ ɛyɛ mmoayɛnfo no na wɔyɛ adifudepɛfo. Ebinom yɛn mmoa pii a ɛma wɔsɛe asase no. Na bere a ebia wɔbɛyɛ saa mfe pii no, sɛ ɔpɛ si a, nsase a ɛte sɛɛ no betumi adan anhweatam koraa. Susuw nea esii wɔ Sahara anhweatam no ahye so no ho.
Afeha yi mfiase mu hɔ no, wotutuu abura mpempem pii wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nsu pii. Afrikafo a wɔyɛn mmoa ani gyei, efisɛ eyi ma wonyaa kwan nyaa mmoa pii kaa nea wɔwɔ no ho. Nanso na nsase a wɔde wɔn mmoa no bɛkɔ adidi wɔ hɔ no nyɛ nea ɛso!
Nhoma a wɔfrɛ no Our Hungry Earth—The World Food Crisis no ka sɛ: “Na ɔyare aka Sahara no dedaw bere a ɔpɛ no fii ase wɔ 1968 mu no. Bere a sare no fii ase sɛ ɛrewu no, mmoayɛnfo no bubuu nnua ahorow guu fam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn anantwi no betumi awe ne nwura no. Ɔpɛ no kɔɔ so ara na sare no ne akuafo mfuw no fii ase dan anhweatam.” Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no kyerɛ no, Sahara no “mu atrɛw aba n’anafo fam akwansin 250,000 wɔ mfe 50 a atwam no mu.” Eyi yɛ asase a ɛso sen Spain ne Portugal a wɔaka abom!
Afei nso wɔn a wobubu nnua gu fam a wobu wɔn ani gu nea ebetumi afi mu aba no so nso wɔ hɔ. Ɔbenfo a ɔyɛ akwankyerɛfo wɔ South Africa Sukuupɔn bi mu no se, “Wɔ wiase nyinaa no, wɔ bere a ebegye wo ma wode akenkan nsɛm yi awiei mu no, na kwae nhama abiɛsa asa. . . . Pii wɔ nnua a wobubu gu yi mu sen nea wonya wɔ mu no. Kwae nsase a wɔsɛe no tumi ka osu a ɛtɔ na ɛma nsubɔnten ahorow no yow na ɛma nsu ho yɛ na wɔ ɔpɛ bere mu.”
Wotumi hu eyi ho nhwɛso wɔ Himalayas. Nhoma a wɔfrɛ no Our Hungry Earth—The World Food Crisis no ka sɛ: “Kwae nsase a ɛwɔ bepɔw no ase no resa ntɛmntɛm. Esiane eyi nti, nsuyiri rekɔ so kɛse wɔ South Asia. Nsu a eyirii wɔ Pakistan wɔ 1973 mu sɛee awi pii a wɔde asie. Na wɔ 1974 mu no, nsu a eyirii wɔ Bangladesh ne India no sɛee afumduan pii a ne dodow reyɛ ayɛ te sɛ ɔpɛ bere mu de.”
Asotwe a Efi Onyankopɔn Hɔ?
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Earthscan amanneɛbɔ a yɛadi kan aka ho asɛm no de baa awiei sɛ amanehunu a efi nsuyiri ne ɔpɛ mu ba no fi onipa—na ɛnyɛ Onyankopɔn. Ampa, ɛnyɛ onipa na odi wim tebea no so, nanso ebinom wɔ hɔ a wosusuw sɛ onipa sosɔ a ɔsosɔw wim tebea denam nuklea akode a wɔsɔ hwɛ so no ama wim tebea mu asakra. Nanso sɛnea Earthscan amanneɛbɔ no kae no:
“Nkurɔfo resesa wɔn tebea na ama ayɛ mmerɛw sɛ asiane ahorow bi betumi asisi wɔ hɔ, na wɔreyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛbɛma ɔhaw ahorow yi anya wɔn ho kwan so. Nnipa a wɔwɔ wiaseAman a Ɛto So Abiɛsa no mu a wɔredɔɔso no yɛ nea wɔhyɛ wɔn ma wɔsɛe wɔn nsase ne kwae ahorow no na ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ nsuyiri ne ɔpɛ nyinaa besi wɔ hɔ.”
Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So ɛrentumi mma sɛ ebia Onyankopɔn de asiane ahorow yi di dwuma de twe onipa aso wɔ nsase a ɔsɛe no no ho? So Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn de nneɛma a ɛte sɛɛ dii dwuma wɔ bere a atwam no mu?’ Kae sɛ odii kan de kɔkɔbɔ mae wɔ Noa Nsuyiri a Onyankopɔn de bae no ho. Onyankopɔn hwɛe sɛ ɔbɛkora ɔtreneeni Noa ne n’abusua so. (Genesis 6:13, 14, 17) Nanso eyi nte saa wɔ asiane ahorow a esisi nnɛ no ho, efisɛ ɛtɔ bere bi a Onyankopɔn asomfo anokwafo mpo hu amane na wowuwu wɔ eyi mu.
Nanso eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn nhu sɛe a onipa resɛe asase no. Bible no kyerɛ sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no ɔnam n’Ahenni no so de ho asotwe bɛma. Bible no ka nea ɛbɛba yi ho asɛm sɛ: “Na ahene no [nnɛyi nniso horow no] nna mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [ne soro nniso] a wɔrensɛe no da . . . Na ebebubu ahenni horow no nyinaa ma asa, na ɛno de ebegyina daa.”—Daniel 2:44.
Nokware Kristofo de mfehaha pii atwɛn Onyankopɔn Ahenni no. Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Agya, . . . w’ahenni mmra.” (Luka 11:2) So biribi wɔ hɔ a wubetumi agyina so agye adi sɛ ɔsoro nniso betumi asiw nsuyiri ne ɔpɛ a ɛsɛe ade no ano? Yiw! Ade biako ne sɛ mmɔden a nyansahufo abɔ sɛ wobedi wim tebea so no ankosi baabiara. Nanso Ɔbɔadeɛ no wɔ tumi a ɔde bedi wim tebea so. Ɔhyɛɛ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no bɔ sɛ: “Mɛma osu atɔ ama mo ne bere mu, na asase no ama ne nnɔbae, na mfuw mu nnua asow aba.”—Leviticus 26:4.
Yesu Kristo a wɔanyan no a Onyankopɔn apaw no sɛ ne nniso no Hene no nso akyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a edi wim tebea so! Bible no ka asɛm bi a esii a “ahum kɛse tui” ho asɛm. Wonyan Yesu a na wada no na “ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: mua w’ano, yɛ komm!” Dɛn na ɛbae? “Mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.” Eyi kaa Yesu asuafo a na ehu aka wɔn no ma wɔkae sɛ: “Onipa bɛn ara ni na mframa ne po po tie no yi?”—Marko 4:36-41.
Wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no, saa ara na asase wim tebea betie Yesu na ayɛ nea ɛkari pɛ. Na asase no so nnua ne kwae ne ade no nso ɛ? Amimfo biara nni hɔ a wɔbɛsɛe asase no kwae ahorow no anaasɛ wɔbɛsɛe ne mframa no. Bible no se: “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9, NW) Wɔ saa nniso no ase no, akyinnye biara nni ho sɛ adesamma besua ɔkwan a wɔbɛfa so asi adan na wɔasiesie asase no a ɛremma ɛnsɛe. (Yesaia 65:21) Enti wɔbɛma asase no ayɛ beae a ɛyɛ fɛ—paradise ankasa!—Luka 23: 43.
[Box on page 29]
Nea Ɛbɛba No Mu Nsɛm
So Onyankopɔn na Ɔma Asiane Ahorow Ba?
So Hell Yɛ Hyew?
Adaemone Dii M’asetra So
Paradise—Biribi a Wɔde Adwene Ara Kwa na Ebu?
[Kratafa 28 mfoni]
Dɛn nti na anhweatam to sɛ eyi a ɛwɔ Afrika no mu retrɛw ntɛmntɛm?
[Asɛm Fibea]
FAO photo