Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 12/8 kr. 24-26
  • Ɔpɛ a Ɛsɛee Ade wɔ Afrika Kesee Fam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔpɛ a Ɛsɛee Ade wɔ Afrika Kesee Fam
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛnnennen Afoforo
  • Dɛn ne Ano Aduru?
  • Dɛn na Wɔreyɛ?
  • Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?
    Nyan!—1987
  • Nsuyiri ne Ɔpɛ—So Efi Onyankopɔn?
    Nyan!—1986
  • Bere a Ɔpɛ Sii
    Nyan!—1999
  • Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 12/8 kr. 24-26

Ɔpɛ a Ɛsɛee Ade wɔ Afrika Kesee Fam

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ AFRICA HƆ

NNIPA pii kae sɛ ɛyɛ ɔpɛ a emu yɛ den sen biara a asi pɛn wɔ afeha yi mu. Ebinom mpo kae sɛ ɛyɛ nea emu yɛ den sen biara a asi pɛn wɔ Afrika kesee fam abakɔsɛm mu. Ɔpɛ a esii wɔ Afrika kesee fam a edii mfe abien yi kɔfaa amanehunu bae. South Africa kwasafo mmoa kuw bi a wɔfrɛ no Ɔkɔm ho Dwumadi no titrani kae sɛ: “Ɛyɛ hu, ɛyɛ hu koraa sen sɛnea yɛhwɛɛ kwan no. Akwan a yɛatu akɔhwehwɛ mmeaemmeae no ama yɛakohu ahohia, nnipa amanehunu ne ohia kɛse a yemmuu ho akontaa da.”

Okuani bi a ɔwɔ akuraa bi ase fi abasamtu mu kae sɛ: “Wuntumi nnua hwee. Asase no awu.” Wɔ mmeae bi no, nkuraasefo a ɔkɔm de wɔn dii atɛkyɛ anaa wɔwee nnua ntini. Asoɛe ahorow a ɛde aduan kɔboae no antumi annya nea ɛbɛsõ obiara so. Sɛnea The Guardian Weekly kyerɛ no, “Afrika kesee fam ahwere ne nnɔbae pii sen nea Ethiopia ne Sudan hweree wɔ 1985 ɔpɛ a na emu yɛ den mu no.”

Ɔpɛ no maa ɛkaa kakraa bi sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 18 wuwui. Wɔ Angola no, ɔhaw no mu yɛɛ den sen biara wɔ ɔman no abakɔsɛm mu. Wɔabu akontaa sɛ anantwi mmiako mmiako ɔpepem biako wuwui, na wɔhweree wɔn nnɔbae no bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 60 wɔ afe biako mu. Wɔantumi ankɔ wɔn a wɔwɔ ahokyere mu sen biara no nkyɛn ankɔboa wɔn. Eduu August 1992 no, na Zambia ahwere ne nnɔbae abiɛsa mu abupɛn abien, na wobehui sɛ ɛho behia sɛ wɔkra aburow tɔn ɔpepem biako. Ná nnipa bɛyɛ ɔpepem 1.7 redi kɔm.

Wɔ Zimbabwe a kan no na wɔfrɛ hɔ Afrika kesee fam nnɔbae asase no, na ehia sɛ wɔde aduan kɔboa nnipa ɔpepem anan—aka kakra ma adu ɛhɔ nnipa no fã. Wɔ beae bi no, sukuu kyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Nsu kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ, na aduan ho yɛ nã yiye. Sare biako mpo nsi asase no so.”

Wɔ nkuraa bi ase no, nkurɔfo foforoo nnua kɔtetew nhaban noa dii. Ɛho behiae sɛ aban no tew aduan a ɔsram biara ɛde boa onipa biara no so fi kilogram 15 ba kilogram 5. Ɔtare kɛse a nnipa na ayɛ a ɛne Kariba no yow sen bere biara, na nsu ho yɛɛ nã wɔ Bulawayo.

Ɛho behiae sɛ wokunkum mmoa a wɔyɛn wɔn wɔ wuram ɔpepem pii wɔ Zimbabwe efisɛ na wonnya nsu a ɛdɔɔso mma wɔn. Atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnomaa a wɔawuwu fi nnua a ɛso akisaw so abegu fam, nkyekyere, awɔ, nkura, ne nkoekoemmoa ase atɔre.”

Mozambique ka aman a ɔpɛ no kaa wɔn kɛse koraa no ho. Aduan a ɔman no nyae ɔha biara mu nkyem 80 fi nea amanaman de bɛboae, na akontaabu biako kyerɛe sɛ na nnipa ɔpepem 3.2 redi kɔm. Aguanfo pii baa Malawi, South Africa, Swaziland, ne Zimbabwe. Nanso esiane sɛ ɔpɛ no ano abrɛ ase nnansa yi nti, aguanfo pii asan kɔ.

Wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu ntaa nhu sɛnea ɔpɛ ka nkuraasefo asetra. Aban panyin bi a ɔhwɛ ma wɔde aduan kɔboa kae sɛ: “Ɛte sɛ nea nnipa a wɔte nkurow akɛse a aduan ne nsu ho nyɛɛ den pii wɔ hɔ mu no fã kɛse adwene nkɔ nneɛma a ɔpɛ no asɛe no no so.”

Ɛwom sɛ nsu a ɛtɔe no de ahotɔ baa mmeae pii de, nanso Mozambique, Swaziland, ne South Africa afã horow bi da so ara hia osutɔ pii. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛkɔ so ate ɔhaw a ɔpɛ yi de aba no nka mfe pii a ɛbɛba no mu.

Afei ɛda adi sɛ ade biako a ɛde ɔpɛ ba ne osu a ɛntɔ. Nanso nsɛnnennen afoforo ma ɔhaw a ɛde ba no yɛ kɛse a ehia sɛ yesusuw ho.

Nsɛnnennen Afoforo

Amammui mu basabasayɛ ma ɔhaw a ɔpɛ de ba no mu yɛ den kɛse wɔ Afrika. Aman a wohyia basabasayɛ a ɛte saa na aduankɔm a emu yɛ den sen biara no ka wɔn. Ɛho nhwɛso ne Angola, Ethiopia, Mozambique, ne Somalia. Akodi ama kuayɛ ayɛ basaa, na ama akuafo pii aguan agyaw wɔn mfuw hɔ a obiara nhwɛ so.

Ade biako a wɔkyerɛ sɛ ɛde ɔpɛ ba kɛse a wogye ho akyinnye ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a onipa sɛe no, nea ebinom ka sɛ ama wim ayɛ hyew wɔ asase nyinaa so no. Ade foforo ne nnipa a wɔredɔɔso. Afe biara nnipa a wɔwɔ Afrika no dodow kɔ anim ɔha biara mu 3, nkɔanim a ɛkyɛn so wɔ wiase no biako. Nea ɛbɛyɛ na akuafo atumi anya aduan ama afoforo pii no, wodua ade wɔ asase a enye mma kuayɛ so, na wɔmma asase nna hɔ mpan na ayɛ yiye.

Afei nso, wɔresɛe akwae, titiriw sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya asase adua so ade. Sɛnea nsɛmma nhoma African Insight kyerɛ no, mfe 20 a atwam no, na Ethiopia asase ɔha biara mu nkyem 20 yɛ kwae; mprempren ɔha biara mu nkyem 2 pɛ na ɛte saa. Wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen a ɛde asase no to asiane mu nyinaa mu no, animdefo bi ka sɛ kwae a ɛresa ne nea ɛyɛ hu sen biara. Ɛka wim tebea na ehi asase, na afei nso ɛma nsase pii bɛdan anhweatam.

Afrika nniso bi ama aduan ne ayɛmmoa bo ayɛ mmerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a nkurow akɛse mufo a wɔtɔ no bɛpɛ wɔn asɛm. Eyi bu akuafo, a wontumi nyɛ mfuw nnya mu mfaso no abam. Zimbabwe aban no yɛɛ ho biribi denam aburow bo a ɛtoo mu ɔha biara mu nkyem 64 na ahyɛ akuafo nkuran ma wɔadua pii no so.

Dɛn ne Ano Aduru?

Animdefo de nyansahyɛ pii ma. Nanso ɛtɔ da bi a wɔhyɛ Afrika aman nkuran ma wɔfa akwan a Atɔe Famfo nam so yɛ wɔn kua a ɛmfata mma Afrika tebea no so.

Wohia ano aduru a mfaso wɔ so ntɛm. Afrikani bi a ɔwɔ dibea kɛse wɔ Amanaman Nkabom Sikasɛm Asoɛe ma Afrika mu kae sɛ: “Sɛ yɛde sikasɛm ho akontaabu a yɛahu de besi nnɛ no nyinaa reka asɛm a, wɔ afe 2000 mu no, ɛnyɛ sɛ Afrika bɛhyɛ tokuru a ɛwɔ mu seesei no mu. Ɛbɛkɔ amena donkudonku a emu tumm ase tɔnn.”

Ɛda adi sɛ ade a ɛho hia ne amammui mu asomdwoe, ɛne basabasayɛ ne akodi a ɛbɛba awiei. Biako a aman a wɔbɔ hye bɛyɛ nso ho hia.

Sɛnea Amanaman Nkabom Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde kyerɛ no, Afrika wɔ nea ebetumi de ama nnipa a wɔn dodow yɛ wɔn a wɔwɔ hɔ mprempren no mmɔho abiɛsa aduan. Nanso mfe pii ni no, kɔ ara na aduan a wodua rekɔ fam, na sɛnea mprempren nnipa redɔɔso wɔ hɔ no, ebetumi ayɛ mmɔho abien wɔ mfe 30 mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ nnuan a aman afoforo de boa no amma nnipa pii anni kɔm. Nanso, mmoa a ɛte saa a wɔde ma daa no nyɛ ano aduru, na ɛmmoa, efisɛ ɛmma ɛhɔ akuafo no nyɛ mfuw. Ebia saafo no ntumi ntɔn nea wodua no mfa nnye bo a eye, na nkurɔfo ani taa gye nnuan a wɔkra ho na wɔmpɛ nea efi wɔn man mu bio.

Dɛn na Wɔreyɛ?

Sɛnea nnipa pii a wofi komam pɛ sɛ wɔboa Afrikafo abɔ wɔn ho mmɔden denneennen no fata nkamfo. Wɔ mmeae bi no, mmɔden a ɛte saa no asow aba. Wɔ Zimbabwe no, amanaman ntam nhwehwɛmufo kuw bi de nhyehyɛe bi asi hɔ sɛ wobedua nnua a enyin yiye ntɛmntɛm kakra wɔ mmeae a nsu nni. Adwene no ne sɛ wobedua saa nnua yi bebree na wɔde adi nnyina ho asɛnnennen no so, efisɛ nkurɔfo no ɔha biara mu 80 de nnyina na ɛsɔ gya noa aduan.

Wɔ Charinge akuraa a ɛwɔ Masvingo, Zimbabwe, a ɔpɛ asi wɔ hɔ mu no, wɔahyɛ akuafo nkuran sɛ wɔmfa abo ngu asase no so na amma emu nsu antwe na ama wɔn atosode ne nnuaba ayɛ yiye. Ne saa nti, wonhia nsu pii, na nnɔbae no anyin yiye paa. Akuafo no mpo tumi tɔn aduan maa afoforo a wohia.

Wɔ South Africa no, afiridwuma kɛse bi yɛɛ nsakrae wɔ afiri a wɔde nya petro fi gyabiriw mu no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de ahwɛyiye adi nsu a wɔde yɛ adwuma no fã kɛse ho dwuma ma ɛho asan atew. Ɛwom sɛ mfiridwuma mu nsu ho a wɔtew gye sika kɛse de, nanso South Africa abɔ ne tirim sɛ awiei koraa no, ɛbɛtew nsu a ɛde di dwuma wɔ mfiridwuma mu no ɔha biara mu 70 ho.

Wɔ Luanshya, Zambia no, wɔde soya adua baa hɔ sɛ aduan foforo a ɛma ahoɔden. Nnipa yiyedi ho dwumayɛni bi kae sɛ: “March ne June a aduan titiriw a ɛhɔfo di ho yɛ nã no na ɔkɔm kunkum nnipa no fã kɛse. Nanso April mu na wotwa soya, na wɔde sie a ɛkyɛ sen nnuan atitiriw te sɛ aburow ne sorghum.”

Ɛmfa ho fata a ebia mmɔden a ɛtete saa a wɔbɔ sɛ wobedi ɔhaw ahorow a ɔpɛ ne aduankɔm de ba so fata no, onipa ntumi nyii ɔpɛ mfii Afrika, wɔ ne mfiridwuma ne nkɔanim nyinaa akyi. Onipa biako pɛ na ɔte nea ɛkyerɛ no nyinaa ase, na ɔhyɛɛ ano aduru ho nkɔm bere tenten a atwam ni. Wɔ Yehowa Nyankopɔn Ahenni nniso a ɛnam Ɔhene a wapaw no Yesu Kristo so bɛba ase no, odiyifo Yesaia nsɛm yi bɛbam ankasa wɔ asase no nyinaa so: “Nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman trabea a wobutuwii no, wura befifi aka demmire ne nkyɛkyerɛ ho.”—Yesaia 35:6, 7.

[Kratafa 25 mfonini]

Nkuraasefo ne ayɛmmoa peree nsu kakra a na aka wɔ nsuka ahorow mu ho

[Mfonini ho Asɛm]

The Star, Johannesburg, S.A.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena