Dɛn Nti Na Katolekfo Asɔfo Mpanyin No Hyiaam?
Efi Italy “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
“[VATICAN II] Bagua no—So Ɛno na Ɛde Ɔhaw Aba Asɔre no mu No?” Ɛdenam asemmisa yi no so Jesuitfo nhoma La Civilta Cattolica (October 5, 1985) twee adwene sii ‘ɔhaw a emu yɛ den a Katolek Asɔre no rehyia wɔ wiase nyinaa no so.’ Ɛkaa ɔhaw anan ho asɛm titiriw: ɔhaw a ɛfa gyidi, abrabɔ, ɔsom mu nnapɔnnadi, ne asɔre no adwumayɛfo ho. Ɛtoaa so kae sɛ: “Asɔfo pii agyae asɔfodi esiane gyidi ho nsɛnnennen ne ɔhaw a wɔn ankasa hyia nti.”
Esiane ɔhaw yi a wɔahu nti, ɛsɛ sɛ 1985 (asɔfo mpanyin) nhyiam a wɔyɛe wɔ Rome no kyerɛ biribi titiriw ma Katolekfo ɔpepem 627 a wɔwɔ wiase nyinaa no. Ɛyɛ afoforo a wɔahwɛ nsakrae a aba Katolek Asɔre no mu wɔ mfedudu kakra a atwam no mu yiye no nso ahodwiriw. Nanso ɔhaw afoforo bɛn nti na wɔyɛɛ asɔfo mpanyin nhyiam titiriw yi? Nsɛm bɛn na wosusuw ho? Awiei koraa no, asɔfo mpanyin nhyiam no bɛka Katolekfo dɛn?
“Katolekfo Asɔfo Mpanyin Nhyiam: Mpaapaemu a Ɛnnaa Adi Ho Dwuma a Wodi”
Bere a Katolekni sɛnkyerɛwfo ne abakɔsɛm kyerɛwfo Anne Roche rekyerɛw wɔ saa asɛmti no ase wɔ The Toronto Star a wotintim wɔ Canada no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, mfe 20 wɔ Vatican Bagua a Ɛto So Abien no akyi no, “Katolekfo tete nkyerɛkyerɛ ne nteɛso asɛe. Yɛn nyinaa ahu akontaabu a ɛyɛ nwonwa no: Katolekfo a wonnii mfe 30 no mu bɛyɛ ɔha biara mu 5 gye asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛfa nyinsɛn ano a wobesiw ho no tom: wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 10 gye fata a paapa no fata sɛ otumi de gyidi ne abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ ma a ɔrenni mfomso wom no tom.”
Nsonsonoe a ɛwo nsɛm a wɔka ne nea wogye di mu yi ama wɔanya nea Roche frɛ no Katolek Asɔre ahorow abien, “asɔre no ankasa a egye tumi a paapanom wɔ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no tom . . . a mprempren a ɛwɔ akyidifo anokwafo kakraa bi no; ne foforo a ɛka ho no . . . asesɛwfo a wɔwɔ tumi wɔ Katolekfo so wɔ biribiara a wɔyɛ mu wɔ ɔman biara mu de a ɛde ne ho a ɛredɔɔso no mu no.” Sɛ asɛm yi yɛ nokware a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ paapa no hui sɛ ɛyɛ nea ɛho hia sɛ wɔyɛ nhyiam titiriw sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne n’asɔfo mpanyin no besusuw nsɛm ho. Nanso nsɛm ahorow bɛn na ɛma wɔyɛɛ asɔfo mpanyin nhyiam titiriw no?
Ɔsɔfo Panyin Bi Adwenkyerɛ a Eye
1962-65 Vatican Bagua a Ɛto So Abien no maa Katolekfo nyaa anidaso kɛse—nanso wɔ akwan horow so. Ebinom hwɛɛ kwan sɛ wɔde adwempa besusuw nsɛm ahorow bi ho na ɛbaa saa nso. Afoforo nso hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ biako. Nnipa pii a Germani sɔfo panyin Joseph Ratzinger, paapa no Vatican abadiakyiri a ɔne Gyidi Nkyerɛkyerɛ Asafo (Vatican Asoɛe a ɛhwɛ tew a Katolekfo nkyerɛkyerɛ ho tew ho nsɛm so) panyin no ka ho no aba mu abu.
Ɔsɔfo panyin no kae wɔ nsɛm a wobisabisaa no nnansa yi mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma ankɔ yiye amma Katolek Asɔre no wɔ mfe aduonu a atwam no mu. Ɛte sɛ nea nsɛm a esisii wɔ Nhyiam no akyi a efii ase wɔ Paapa XXIII bere so ne afei wɔ Paul VIbere so no ne nea obiara hwɛ kwan no bɔ abira.”
Dɛn na na wɔhwɛ kwan? Ɔtoaa so sɛ: “Nea na Paapanom ne Baguafo no hwɛ kwan ne sɛ biakoyɛ foforo bɛba Katolek asɔre no mu. Mmom nea obi hu ne mpaapaemu—sɛnea Paul VI nsɛm kyerɛ no—ɛte sɛ na wɔnkasa ntia wɔn ankasa ho bio na mmom wodi wɔn ho dɔm. Na obi rehwɛ anigye foforo a wobenya kwan nanso ɛtaa dan abasamtu mmom. Bere a obi hwɛ nkɔso kwan no, nneɛma a ɛkɔ so sɛe na ohu mmom.”—Rapporto Sulla Fede, a Vittorio Messorio kyerɛwee a wɔato din wɔ Engiresi kasa mu sɛ The Ratzinger Report.
Enti wɔ January 25, 1985 mu no, Paapa Paul II maa Katolekfo ho dwiriw wɔn denam asɔfo mpanyin nhyiam titiriw bi a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ fi November 24 kosi December 8 wɔ afe koro no ara mu no so no. Ɔtoo nsa frɛɛ asɔfo mpanyin 165 a wɔn mu 102 yɛ asɔfo mpanyin bagua a ɛwɔ ɔman biara mu wɔ wiase nyinaa no atitrafo ne bɛhwɛadefo bi a wɔamfa wɔn ho anhyɛ abatow no mu nso. Te sɛ mmofra a wɔrehwɛ anigyede bi kwan no, nsɛm ho amanneɛbɔfo nso kɔɔ nhyiam no ase.
Nsɛm a Ɛde Mpaapaemu Ba
Ebinom susuwii sɛ nhyiam no de ntawntawdi bɛba. Sɛnea Franse-Canadani ɔkyerɛwfo Daniéle Blain kae no: “Sum ase akameakamedi a akɔ so mfe pii wɔ ‘wɔn a wokura tete adwene’ ne ‘wɔn a wokura nnɛɛmmafo adwene’ ntam wɔ Asɔre no mu abɛyɛ ɔko ankasa.” (L’Actualite, November 1985) Na wɔn a wɔwɔ afã ne asɔfo mpanyin a wokura nnɛɛmmafo adwene a wɔpɛ sɛ wokura nsakrae ne nneɛma pa a wɔanya fi Vatican II bere so no mu no. Ɔfã foforo no nso ne asɔfo mpanyin a wokura tete adwene a wɔpɛ sɛ wɔsan de nnyinasosɛm a na wodi akyi ansa na wɔreyɛ Vatican II nhyiam no mu binom si hɔ no.
Wɔ ntawntawdi yi mu no, na wɔn a wokura nnɛɛmmafo adwene no suro “ɔtemmufo” no—Paapa John Paul II—sen obiara. Dɛn ntia? Efisɛ ɔtaa ka pefee sɛ ɔpɛ sɛ wɔsan dan kɔ Katolekfo tete nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe so. Ɔkyerɛwfo Marco Tosati kae wɔ Stampa Sera a wotintim da biara wɔ Turin no mu sɛ: “Ebetumi ayɛ den ama asɔfo mpanyin no sɛ . . . wobegye nkyerɛkyerɛ biara a ɛne ‘ntease’ a John Paul II kɔ so nya da biara bɔ abira no atom.”
Ná Katolekfo pii hwɛ kwan sɛ wobesusuw nsɛm te sɛ awo ano a wobesiw, ɔsom mu sigyadi, ne mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo no ho kɛse. Ɛwom, sɛ wosusuw ho mpo a, wɔansusuw hoahe biara. Asɔfo mpanyin no mu binom kaa ɔhaw a wohyia wɔ baabiara a ɛne Katolekfo a wɔagyae aware a wɔmma wɔnkɔ Awurade Adidi no ho asɛm. Ɔsɔfo bi a ɔwɔ New Jersey, U.S.A. no, ka kyerɛɛ The Toronto Star sɛ, “sɛ wamma wɔn a wɔagyae aware a wɔasan aware bio no amma adidi a, ɛkame ayɛ sɛ ɛrenka obiara wɔ n’asɔre no mu.” Nanso asɔfo mpanyin no amfa ano aduru amma na wɔanka ho asɛm mpo wɔ nhyiam no ho amanneɛbɔ a etwa to no mu.
Na ɛte sɛ ɛyɛ asɛm a ɛho hia titiriw ne biakoyɛ—sɛ́ wobedi ntawntawdi a aba paapa no adwumayɛbea ne asɔfo mpanyin bi a wɔwɔ aman bi so ntam no ho dwuma. Sɛnea Daniéle Blain kyerɛwee no: “Wosusuw biakoyɛ a ɛbɛsan aba wɔn ntam no ho kɛse sen bere biara.” (L’Actualite) Nea na ɛka biakoyɛ no ho ne ahofadi nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Asɔre no de ne ho hyɛ ko a nnipa a wɔhyɛ wɔn so no reko apere amammui ne asetra mu ahofadi no mu no. Ama Katolekfo asɔfo mu apaapae nnansa yi na ɔsɔfo panyin Dario Castrillión a ofi Colombia no kasa tiae.
Sɛnea ɛdaa adi no, nhyiam no amma ntawntawdi a emu yɛ den biara amma, na anyɛ yiye koraa no, paapa no kwatii baguam adeyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔrehyɛ asɔfo mpanyin no. Peter Nicholas a ɔyɛ The Times a wotintim wɔ London no sɛnkyerɛwfo no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Paapa no baa nhyiam no nyinaa nanso wankasa kosii da a etwa to no.” Sɛ wɔtow aba a, opue fi asa no so. Ɛwom sɛ wɔtow aba no wɔ kokoam de, nanso wampɛ sɛ wobenya adwene sɛ ɔpɛ sɛ wɔsesa wɔn adwene.”
Enti nsɛm ho amanneɛbɔfo no nsa sii fam—ɔsom mu ntawntawdi a emu yɛ den biara amma. Ɛwom sɛ wɔn adwene anhyia wɔ nneɛma ahorow bi ho de, nanso wokwatii akyinnyegye denneennen. Ebia asɛmti a na ɛwɔ Italiafo Katolekfo adwumayɛfo nsɛmma nhoma Azione Sociale no mu no kaa nhyiam no ho asɛm tiawa se, “Wɔyɛ Biako nanso Wɔn Adwene Nhyia.” Bere a The New York Times rekyerɛ sɛ wɔatumi adi ntawntawdi a emu yɛ den bi ho dwuma no, ɛkae sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, nea ɛdaa adi titiriw wɔ Nhyiam no ho amanneɛbɔ a etwa to no mu ne nneɛma a wotumi kwatii ne nea wodii ho dwuma no.”
Ɛkã Katolekfo wɔ Ɔkwan Bɛn So?
Ɛda adi sɛ nhyiam no ho amanneɛbɔ a wɔde kɔmaa asɔremma anokwafo no kyerɛw anyɛ mmerɛw.’ Boayikuw a na emufo yɛ asɔfo mpanyin baanum kyerɛw amanneɛbɔ no mprenu nanso wɔannye antom efisɛ na ɛnyɛ nea ɛma wonya anidaso kɛse. Awiei koraa no, wogyee nea ɛto so abiɛsa a ɛma wonya anidaso kɛse toom. Na dɛn na ɛwom ma Katolekfo nyinaa?
Wɔkaa asɛntitiriw biako bi ho asɛm wɔ asɛmti a ɛne “Onyankopɔn Asɛm” no ase. Ɛka sɛ: “Esiane obu a asɔre no de tie Onyankopɔn asɛm nti, ɛyɛ n’adwuma sɛ ɛde gyidi bɛka ho asɛm akyerɛ ([fa toto] Dei Verbum, 1 [ho]) . Enti nsɛmpa no a wɔbɛka akyerɛ no ka asɔre no, ne titiriw no, asɔfo mpanyin no nnwuma atitiriw no ho na ɛyɛ nea ɛho hia kɛse nnɛ ([fa toto] Lumen Gentium, 25 [ho] .” Nanso wɔ Asɔfo Mpanyin Nhyiam no ho Amanneɛbɔ no mu no, wɔfaa Onyankopɔn Asɛm a ɛne Bible no a ɛwɔ hɔ ma nnipa pii no mu asɛm kae mpɛn ason pɛ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, anyɛ yiye koraa no, wɔtwee adwene sii asɔre no nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ ma nnipa kakraa bi no so mpɛn 44 sɛnea atifi hɔ asɛm a yɛafa aka no kyerɛkyerɛ mu no! Sɛ wɔntaa mfa Bible no nni dwuma a, ɛbɛyɛ dɛn na nhoma yi mu nsɛm atumi adu Katolekfo koma pafo a wɔpɛ sɛ wohu wɔn Kristofo adwuma ankasa no nyinaa koma mu?
Krataa no ka nso sɛ: “Ɛnyɛ asɔfo mpanyin nkutoo na asɛnka yɛ adwuma titiriw ma wɔn, na mmom asɔfo ne Kristofo nyinaa nso.” Ɛkyerɛkyerɛ mu bio nso sɛ: “Wɔyɛ asɛnka adwuma denam adansefo so. Ɛnyɛ asɛm nkutoona adansefo no de di adanse na mmom n’asetra nso.”
Yɛsrɛ Katolekfo koma pafo nyinaa sɛ wonsusuw asɛm yi ho. Henanom na wɔyɛ Onyankopɔn ne Kristo adansefo ankasa nnɛ? Henanom na wɔde wɔn nsɛm ne wɔn abrabɔ reyɛ asɛnka adwuma no wɔ wɔn asetra nyinaa mu nnɛ? Henanom na wɔreka Asɛmpa no anaasɛ Onyankopɔn Ahenni nniso a ɛnam Kristo so ho asɛmpa no kyerɛ nnɛ a wɔn nkwa ne ahofadi a wɔwɔ mpo a wɔde bɔ afɔre no mfa ho?
Henanom na wɔba wo fie daa sɛ wɔrebɛka asɛm yi akyerɛ wo? Wo sɔfo? Anaasɛ Yehowa Adansefo? (Fa toto Yesaia 43:10, 12 ne Asomafo no Nnwuma 1:8 ho.)
Bere a ɔsom, amammui ne asetra mu nsɛm a ɛde mpaapaemu ne atuatew ba ama Katolek Asɔre no mu apaapae no, ɛsɛ sɛ nokware Kristosom yɛ nea edi Bible no akwankyerɛ ahorow akyi: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” “Na, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”—Yohane 13:35; 1 Korintofo 1:10.
Ɛda adi sɛ biakoyɛ nni Katolek Asɔre no asɔfo mpanyin a “wokura nnɛɛmmafo adwene” ne “wɔn a wokura tete adwene” no ntam. Hia a na ɛho hia sɛ wɔyɛ asɔfo mpanyin nhyiam no si saa mpaapaemu no so dua.
[Kratafa 12 mfoni]
Nhyiam no rekɔ so wɔ St. Peter’s Basilica, Rome