Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 9/8 kr. 24
  • Krataa A Efi Abofra A Woanwo No Maame Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa A Efi Abofra A Woanwo No Maame Nkyɛn
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Obi Yi Nyinsɛn Gu a, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nyinsɛnyigu
    Nyan!—2017
  • So Wobɛpɛ Sɛ Wuyi Nyinsɛn Gu?
    Nyan!—1982
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 9/8 kr. 24

Krataa A Efi Abofra A Woanwo No Maame Nkyɛn

MADI mfe 37, maware na mewɔ mmofra a wɔn ho yɛ fɛ baasa. Wɔ mfe dunsia a atwam no mu no, wɔde me too ɔpon a ɛwɔ mukaase bi so bere a na wɔrekum obi a obiara renhu no da no.

Saa onipa no traa ase asram abiɛsa ne fã pɛ. Misusuw sɛ adamfo biako pɛ a saa onipa no nyae ne Yehowa Nyankopɔn. (Dwom 139:13-16) Na ɛte sɛ nea obi foforo biara mpɛ no.

Saa bere no wɔ mfe 16 a atwam no mu no, na meyɛ sukuuni a ɔde ne bere fã yɛ adwuma na na m’ankasa na mehwɛ me ho wɔ kurow kɛse bi mu wɔ atɔe fam mpoano. Na mewɔ anidaso sɛ “mɛyɛ onipa titiriw” wɔ “nnipa a wɔagye din kɛse” nyinaa no mu.

Na mayɛ me daakye ho nhyehyɛe kɛse. Na ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ mewo ba. Abofra no papa kae sɛ yenyi nyinsɛn no ngu na yɛn mu biara ansusuw biribi foforo a yebetumi ayɛ de asi ananmu no ho. Mansusuw nea na yɛresɛe no ankasa no ho​—ɔkra a ɔte ase nkwa. Mansusuw nea Onyankopɔn susuw wɔ ho no ho pɛnkoro mpo.​—Exodus 21:22, 23; Romafo 14:12.

Ɛwom, saa bere no na “mmara mma” nyinsɛn a woyi gu no “ho kwan.” Abofra no papa tee oduruyɛfo bi a na oyi nyinsɛn gu wɔ sum ase no ho asɛm.

Enti na mewɔ me mpena no dan mu a merema ɔbarima yi ayi “ɔhaw” a aba m’asetra mu afi hɔ no. Mannye nokwasɛm a tebea no yɛ no antom na enti anhaw me. Nanso mihyiaa ɔhaw wɔ honam fam. Minyaa yafunu yare a ɛmaa atiridii bɔɔ me nnansa. Bere a mekɔɔ ayaresabea ankasa akyi no, me hɔ tɔɔ me koraa.

Anaasɛ saa na misusuwii. Hena na onim nea ɛmaa me koma yɛɛ den kɛse sɛ minni saa nsɛmmɔne kɛse yi?

Menkaa saa asɛm a esii wɔ m’asetra mu no nkyerɛɛ me kunu. (Esii mfe pii ansa na yehyiae.) Minnim sɛ mfaso bɛba so sɛ mɛka akyerɛ no. Bere a na meresua nokware no, (bɛboro mfe du a atwam ni no) mesrɛɛ Yehowa fafiri wɔ bɔne a mayɛ nyinaa a me ba a manwo no a mikum no no ka ho no ho. Migye di sɛ Ɔnam ne mmɔborohunu a ɛnam Yesu afɔrebɔ no so no so de me bɔne ahorow afiri me. Esiane sɛ masiesie m’asetra denam nea masua wɔ N’asɛm Bible no mu a mede di dwuma no so nti, menhyɛ da nyɛ bɔne bio. Ɛnyɛ nea me werɛ befi da.​—1 Yohane 1:7.

Sɛ mikum me ba bere a wadi asram kakraa bi, mfe 6, mfe 20 a, anka anyɛ yiye koraa no, ɔwɔ anidaso sɛ obenya owusɔre wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu. (Luka 23:43; Adiyisɛm 20:12, 13) Nanso manwo abofra yi. Mikum saa abofra no na mesɛee hokwan biara a na ɔwɔ sɛ ɔde bɛtra ase bio no nso.

Eyi a mekae no kɔ so haw me pii bere a merenyin no. Na mempɛ sɛ mesusuw ho wɔ mfe yi nyinaa mu. Sɛ mekae a, miyi m’adwene fi so. Mede m’adwene si “asɛm foforo” so ntɛm ara. Mintumi nyɛ saa bio. Midi yaw ankasa wɔ afobu nka a mekɔ so te yi ho.

Abofra no annya hokwan a ɛbɛma obi ayi ɔdɔ adi akyerɛ no. Ebia abofra foforo bi wɔ hɔ a obenya hokwan a ɛte saa.

Ɛno nti na merekyerɛw saa asɛm a ahyɛ me mu mfe pii yi nyinaa no. Sɛ ɛba sɛ obi a wanya adwene sɛ obeyi nyinsɛn agu kenkan krataa yi a, ebia ɔbɛsesa n’adwene na wama abofra no akɔ so atra ase. Ma saa abofra no nnya hokwan a ɔde bɛtra ase sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi ɔdɔ adi akyerɛ no. Nnipa mpempem pii wɔ hɔ a wɔbɛpɛ sɛ wogye obi ba de yɛ wɔn de. Wɔ ɛno akyi sɛ akyiri yi wo koma ne w’ahonim haw wo a, worennye ntom sɛ woakum w’ankasa ba. Ebia worente afobu nka mprempren; nanso wobɛte nka da bi. Na ɛrennyae da!​—Yesaia 1:18; 55:6, 7.

Mede ahonu kɛse kyia mo,

Abofra a Wɔanwo no Maame

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena