Adwenemyare—Ɔyare A Wɔnte Ase
Irene nnim nea ɛmaa nneɛma totoe no. Ɔka sɛ, “Na madi mfe 30 na na meyɛ ɛna a ɔyɛ adwuma a ɔwɔ mmofra baanu a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn. Ɛyɛ ampa sɛ na mihyia ɔhaw ahorow bi. Nanso na ɛnyɛ biribi soronko biara” kosii sɛ ne yare no ho sɛnkyerɛnne ahorow a edi kan daa adi.
“Da koro bi mekɔɔ ɔhɔho bi nkyɛn na mekae sɛ ɔyɛ me nuabea a wawu. Na migye di ampa sɛ ɔsɛ me nuabea no na ɔkasa te sɛ ɔno. Ɛno na efii m’adwenemyare na ase.
“Wɔ ɛno akyi no, na mifi aguadidan bi mu rekɔ fie na mifii ase sui. Na minim sɛ me kunu agyaw me hɔ kɔ na ɔde mmofra no nso kɔ! Nanso miduu fie no na wɔda so ara wɔ hɔ. Me kunu tumi hui sɛ biribi atoto na ɔde me kɔɔ me nuabea biako fie. Nanso na migye di sɛ me nuabea no pɛ sɛ okum me. Me kunu sii gyinae sɛ ɔde me bɛkɔ ayaresabea.”
Enti ayaresabea a Irene kɔdae, n’adwenemyare no ho nhwehwɛmu ne aduru a wɔbɛyɛ no—hwehwɛ a wɔhwehwɛɛ ɔyare a ɛyɛ nwonwa a ama n’asetra ayɛ basaa no ano aduru fii ase.
ADWENEMYARE ma nnipa hu amane kɛse. U. S. National Institute of Mental Health kyerɛ sɛ Amerikafo a wɔanyinyin mu baanum biara mu bɛyɛ biako wɔ adwenemyare. “Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO 1975a) no bɔ amanneɛ sɛ nnipa a wɔwɔ adwenemyare a wɔnyɛ wɔn aduru bɛyɛ ɔpepem 40 wɔ wiase no afã horow a afei na ɛrenya nkɔso; ebia nnipa ɔpepem 200 wɔ adwenemyare ahorow a emu nyɛ den kɛse.”—Third World Challenge to Psychiatry.
Nanso wɔn dodow no ara kwa remma wunhu sɛnea adwenemyare yɛ yaw no. Ɔbarima bi a ɔwɔ adwenemyare maame bisa sɛ, “So wubetumi ahu sɛnea wo ne wo babarima a wɔ n’asetra fã kɛse mu no ɔde ne ho maa nnipa afoforo a onim sɛ ɔnte sɛ kan no bio no bɛtra oduruyɛfo bi dwumadibea te no?” Bio nso, adwenemyare taa yɛ animguase ho sɛnkyerɛnne ne ɔyare a wɔde kasa a ɛkyerɛ animtiaabu (adammɔ) ka ho asɛm. Wɔn a wɔwɔ adwenemyare no nnamfo ne wɔn abusuafo taa te wɔn ase kakra sen sɛnea ɛte wɔ mfinimfini mmere no mu—bere a na wobu nnipa a wɔwɔ adwenemyare no sɛ ‘Ɔbonsam abɛtra wɔn mu’ no.
Nanso afei nkurɔfo afi ase rete adwenemyare ase. Ano aduru a wɔanya nnansa yi ama wɔanya ɔyare no ho ntease foforo. Ano aduru foforo a wɔwɔ mprempren no ma nnipa a kan wɔwɔ adwenemyare—te sɛ Irene—tumi bɔ wɔn bra sɛ afoforo ara pɛ a abasow nso wom. Nsɛm a edidi so no bɛtwe adwene asi nkuranhyɛsɛm a esisii yi ne anidaso a ɛyɛ anigye a Irene wɔ sɛ ɛrenkyɛ biara wɔbɛsa no yare koraa no so.