Yi A Woyi Nea Wɔnte Ase Wɔ Adwenemyare Ho No Fi Hɔ
Irene ka sɛ, “Adwenemyare ho a misusuwii no maa ehu kaa me. Na ɛnyɛ nea mede nsɛmfua te sɛ ‘adwenemyare’ anaasɛ ‘adwenemhaw’ di dwuma. Adwenemyare kyerɛ biribi. Ɛkyerɛ sɛ ‘woabɔ dam’ anaasɛ ‘wɔde wo bɛkɔ akɔto’ adwenemyarefo ayaresabea. Me nnamfo binom mpo susuwii sɛ adaemone abɛtra me mu!”
ADAMMƆ. Asɛmfua yi ma ehu ka yɛn. Nanso ɛnyɛ obiara a ɔwɔ adwenemyare na ɔyɛ ɔbɔdamfo a ɔyɛ basabasa. Saa ara nso na ɛnyɛ obiara a ɔyɛ ade sɛnea ɛmfata na ɔwɔ adwenemyare.
Adwenemyare biara wɔ sɛnkyerɛnnede ahorow pɔtee bi. Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ bere bi a ɛma onipa no te anigye nka kɛse na wɔ bere foforo mu nso no ɛma odi awerɛhow kɛse.a Foforo nso ne sɛ, ɛma nipa no di awerɛhow kɛse bere nyinaa. Saa ara nso na ɛma ehu kɛse ka no.
Nanso wɔ asɛm yi ne nea edidiso no mu no, yɛbɛtwe adwene asi ɔyare a ɛma yehu sɛnea adwenemyare te ankasa no so.
Adwenemyare Mu Nea Emu Yɛ Den
Bere a Irene wɔ ayaresabea no, na ɔntaa nhu nea nnipa ko a ohu wɔn no yɛ—na ɔyɛ nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo atuu sɛ wɔyɛ n’abusuafo a wowuwui akyɛ. Na osusuw sɛ otumi te hua ahorow a nnipa afoforo nte. Ogye dii sɛ na ayaresabea no adwumayɛfo pɛ sɛ wokum no! Ogye tom sɛ, “Na ɛsɛ sɛ wɔkyekyere me bɔ mpa mu da koro.”
Wohui sɛ ɛyɛ ɔyare bɛn? Na ɛyɛ adwenemyare a emu yɛ den a anyɛ yiye koraa no ɛyɛ nnipa ɔha biara mu biako. Wohu nnipa afoforo a ɔyare no ayɛ wɔn bɛboro mpɛm ɔha wɔ United States nkutoo afe biara.b
Ɔyare no sɛe obi nipasu. Sɛ nhwɛso no, susuw aberante bi a wɔfrɛ no Jerry a nnuruyɛfo a wɔhwɛ no no kaa ne ho asɛm sɛ ‘wɔnam no so sua ɔyare no ho ade’ no ho. Ɛtɔ bere bi a onhu hwee na wɔ bere foforo mu nso ɔyɛ basabasa. Ehu (“Nkurɔfo afrɛ me aba hɔ sɛ wɔde anyinam ahoɔden rebekum me”) ne atosɛm (“Saa mfonini no ti yɛ no yaw”) da adi wɔ ne kasa mu. Na te a ɔte nka sɛ ɛnne ahorow kasa kyerɛ no no ma ehu ka no. Na n’adwene resɛe.
Ɔyare no ma nneɛma ahorow a ɛyɛ hu da adi: anisoadehu ahorow, wɔte nka sɛ ɛnne ahorow kasa kyerɛ wɔn, wɔn adwene tu fra, ehu kɛse ka wɔn na wohyia nkate mu ɔhaw ahorow. Dɛn na ɛma ɛba? Mfe du a atwam ni no, na nnuruyɛfo kasa tia awofo sɛ wɔn na wɔma wɔn mma bɔ dam. Mprempren nnipa binom te nka sɛ mmofra mmom na wɔma wɔn awofonom bɔ dam. Sɛ abofra bi wɔ adwenemyare a emu yɛ den a, ɛma n’awofo yɛ basaa.
Enti mprempren nnuruyɛfo pii ka sɛ wɔadi mfomso sɛ wɔde asodi no too awofo so. Ɛwom, Bible no hyɛ awofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn mma abufuw. (Kolosefo 3:21) Nanso sɛ wɔhyɛ wɔn abufuw mpo a, ɛte sɛ nea ɛno nkutoo nyɛ nea ebetumi ama wɔn mma anya adwenemyare. Nneɛma a awofo nni so tumi ka ho.
Awosu Mu Ade
Na Nick ne Hebert (ɛnyɛ wɔn din ankasa nen) yɛ ntafo. Esiane sɛ wɔantra faako bere a wɔwoo wɔn no nti, awofo a wɔwɔ ɔdɔ na wɔtetee Nick, na Hebert nanabea bi a ɔyɛ anibiannaso na ɔtetee no. Wɔn nyinaa yɛɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ adwenemyare wɔ wɔn mmofraase na Nick de ogya hyew nneɛma na na owiawia ade. Ná Hebert nso de ogya hyew nneɛma—na na ɔyɛ akraman nso ayayade. Wɔn nyinaa nyaa adwenemyare na wɔde wɔn koguu adwenemyarefo ayaresabea.
So ɛyɛ nsɛm a esisii wɔ bere koro mu ara kwa? Anaasɛ so awosu ma obi nya adwenemyare? Wonim ntafo 14 a ɛsono baabi a wɔtetee wɔn mu biara a wɔn mu biako nyaa adwenemyare. Mmofra no mu baakron nso nyaa ɔyare no. Ɛda adi sɛ awosu ka ho na ɛma nkurɔfo nya adwenemyare. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, sɛ adwenemyarefo baanu ware a, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ɔyare no bɛyɛ wɔn mma nso no yɛ ɔha biara mu 46. Sɛnea Schizophrenia: The Epignetic Puzzle nhoma no kyerɛ no: “Sɛ awosu mu ade titiriw bi na ɛma nkurɔfo nya ɔyare no a, ɛnde ɛsɛ sɛ mmofra mu ɔha biara mu 75 nya ɔyare no.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ awosu nkutoo na ɛma ɔyare no yɛ nkurɔfo. Mind, Mood, and Medicine nhoma no akyerɛwfo kyerɛ sɛ: “Wonim yiye sɛ adwenemhaw—betumi aka sɛnea nipadua no yɛ adwuma no kɛse wɔ akwan ahorow bi so. Ɛdefa adwenemyare ho no, ɛyɛ nea wɔtaa hu sɛ adwenemhaw titiriw na ɛma ɔyare no yɛ obi.” Na ɛhe na awosu ho asɛm no bam? Nnuruyɛfo Wender ne Klein toa so sɛ: “Adwene a yɛanya ne sɛ awosu betumi ama obi anya adwenemyare bi.” Enti bere a ɛnyɛ nea wobetumi anya adwenemyare ankasa afi awo mu no, ɛyɛ nea ɛremma ɛnyɛ den sɛ ɔyare no bɛyɛ obi.
Amemene No Mu Nneɛma a Ɛtɔ Kyima
Schizophrenia Bulletin kyerɛ ade foforo wɔ ɔyare no ho: “Adanse a wɔde ama kyerɛ sɛ ɛtaa yɛ nea nnipa a wɔwɔ adwenemyare no amemene no mu nneɛma atɔ kyima.”
Oduruyɛfo Arnold Scheibel ka sɛ “ɛkame ayɛ sɛ” hon ntini ahorow a ɛwɔ nnipa a wonnyaa adwenemyare no amemene no fã a wɔfrɛ no hippocamus no mu no sesa so “te sɛ asraafo nketewa.” Nanso nnipa a wɔwɔ adwenemyare no mu binom “hon ntini ahorow no akyinkyim” wɔ wɔn amemene no mu. Ogye di sɛ eyi na ɛma nnipa a wɔwɔ adwenemyare afoforo no nya amemene kotoku a ɛsõ no. Nea ɛyɛ nwonwa kɛse wɔ ne nyinaa mu ne hu a wɔahu sɛ nnipa a wɔwɔ adwenemyare no amemene dwumadi ho akã no! (Hwɛ asɛm a edi so no.)
Nanso ɛde besi nnɛ no, wonhuu amemene no ho biribi a ɛho akã a ɛte saa ara wɔ nnipa a wɔwɔ adwenemyare no nyinaa fam. Enti nnuruyɛfo gye di sɛ adwenemyare betumi ayɛ nea “egu ahorow pii a nneɛma ahorow pii na ɛde ba.” (Schizophrenia: Is There an Answer?) Ɔyare no aboawa a ɔyɛ ade brɛoo, nneɛma ahorow bi a adwene no nnya ne aduan a obi nipadua mpɛ—eyinom yɛ nneɛma ahorow a ɛma obi nya adwenemyare no mu kakraa bi pɛ.
Ɛwom sɛ nnuruyɛfo ntumi nhu nea ɛde ɔyare no ba ankasa de, nanso Oduruyɛfo E. Fuller Torrey ka sɛ: “Mprempren yenim sɛ ɛyɛ adwenemyare. Ɛyɛ ɔyare a wogye di sɛ ɛwɔ hɔ ankasa te sɛ asikyireyare ne akisikuru ara pɛ.”
Enti wɔatumi ahu ɔyare ko a adwenemyare yɛ. Hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi asa no abɛyɛ nea ntease wom.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nnipa a wɔwɔ adwenemyare no dɔɔso wɔ Sweden, Norway, Ireland atɔe fam, Yugoslavia kusuu fam, ne aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu pii mu.
b Hwɛ April 8, 1982 Nyan! mu, “Wubetumi Ako Atia Adwenemhaw!”
[Kratafa 5 mfoni]
Nneɛma ahorow bi ka ho no adwenemyare fi ase
Awosu?
Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia?
Amemene no mu nneɛma a ɛtɔ kyima?
Hon no mu nneɛma a ɛtɔ kyima?
Aduan?