Kronkron A Mogya Yɛ—Asɛm A Wogyee Ho Akyinnye Wɔ Tete Bere No Mu
WONIM Yehowa Adansefo yiye esiane pene a wɔmpene so sɛ wobegye mogya nti. Dɛn nti na wosi gyinae a ɛte saa? Efisɛ Bible da no adi pefee sɛ mogya gyina hɔ ma abɔde no nkwa, anaasɛ ne kra ma enti ɛyɛ kronkron. Bere a wɔmaa Noa kwan sɛ onni mmoa nam wɔ Nsuyiri no akyi no, wɔbɔɔ no kɔkɔ denneennen sɛ: “Nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni.” (Genesis 9:4) Wɔsan sii mmara yi so dua wɔ Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no mu. (Leviticus 17:10) Akyiri yi honhom kronkron ne asomafo no hyɛɛ Kristofo nso sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu.’—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Yehowa Adansefo yɛ akuw kakraa bi a wɔda so ara di ɔsoro mmara a ɛkasa tia mogya a wobedi so no mu biako. So ntease nni nea wɔyɛ yi mu? Afei nso, ɛte sɛ nea nnɛ wɔn nkutoo na wɔreka sɛ mmara yi fa mogya a wɔde ma nso ho. So wɔn nkutoo ne Bible asuafo a wɔayɛ saa pɛn?
Mogya a Wodi—Onyankopɔn Adwene ne Onipa De
Momma yenni kan nsusuw asemmisa a edi kan no ho: Nokwasɛm no ne sɛ obu a Onyankopɔn asomfo wɔ ma kronkron a mogya yɛ no ama wɔada nsow wɔ amanaman no ho fi bere tenten. Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, nkurɔfo adi mogya sɛ aduan, wɔde adi dwuma sɛ awuduru mpo, wɔde akanyan akɔmfowa, wɔde aka atirisopamfo abom na wɔde asɔw apam ahorow ano. Nea ɛne eyi bɔ abira no, adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ asɛm no ho yɛ nea nhomanimfo Joseph Benson kaa ho asɛm yiye: “Ɛsɛ sɛ yehu sɛ mmara a ɛfa mogya a wobedi ho a wɔde maa Noa ne n’asefo nyinaa a wɔsan sii so dua kyerɛɛ Israelfo wɔ ɔkwan a anibere wom kɛse so wɔ Mose mmara no ase yi nyɛ nea wɔagu no, na mmom wɔasan asi so dua wɔ Apam Foforo no mu wɔ Asomafo no Nnwuma xv.; na wɔnam saa yɛ so kyerɛe sɛ ɛyɛ mmara a ɛbɛtra hɔ daa.”a
Wɔ mfehaha pii a atwam no mu no, nnipa pii abɔ mmɔden sɛ wobedi ɔsoro mmara yi so. Sɛ nhwɛso no, bere a nyamesom ho atamfo totoo Kristofo ano wɔ 177 Y.B. mu sɛ wodi mmofra nam no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Biblis kasa tiae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na nnipa yi bedi mmofra nam bere a wɔmma wonni mmoa a wonni nyansa mpo mogya no?”b Tertullian (ɔtraa ase bɛyɛ 160-230 Y.B.) sii so dua sɛ ne bere so Kristofo ampene so sɛ wobedi mogya. Minucius Felix a ɔyɛ mmaranimfo a ɔtraa ase kosii bɛyɛ 250 Y.B. mu no kae sɛ: “Yɛtwe yɛn ho fi nnipa mogya ho kɛse ma sɛ yɛrebedidi a, yenni mmoa mogya a wɔde ayɛ aduan.”c
Mfeha bi akyi no, wɔhyɛɛ mmara a edi so yi wɔ Trullan nhyiam a wɔyɛe wɔ 692 Y.B. mu wɔ Constantinople no ase: “Wɔabara mmoa mogya a wobedi wɔ Kyerɛw Kronkron mu. Yebegye ɔsɔfo a odi mogya dibea afi ne nsam de atwe n’aso na yebetu asɔre no muni a ɔyɛɛ saa no afi asɔre no mu.”d
Afei bɛyɛ mfe 200 akyi no, Regino a na ɔyɛ ɔkokorani wɔ Prum a ɛwɔ ɔman a mprempren wɔfrɛ no Germany mu no, daa no adi sɛ na wɔda so ara di Bible mu mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wodi mogya no so wɔ ne bere so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Asomafo no krataa a wɔkyerɛw fii Yerusalem no ka sɛ ɛho hia sɛ wodi saa nneɛma yi so. (Asomafo no Nnwuma 15) Afei nso [ɛnsɛ sɛ Kristofo di] biribi a aboa bi akyere no, efisɛ wɔamma ne mogya ansen angu; ne mogya, kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wodi mogya ka ho. . . .
“Ɛsɛ sɛ wosusuw eyi ho nso wɔ bere koro no ara mu: sɛ́ wobu aboa a wɔamma ne mogya ansen angu, ne mogya sɛ abosonsom ne aguamammɔ ara pɛ. Enti ɛsɛ sɛ moka kyerɛ obiara sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom sɛ obedi mogya efisɛ wɔka ho asɛm ka abosom ne aguamammɔ ho. Sɛ obi bu Awurade ne asomafo mmara yi so a, momma onnyae adidi a asɔre no ma no kɔ kosi sɛ ɔbɛkyerɛ ahonu a ɛfata.”e
Na nkurɔfo pii kɔ so ara bu mogya sɛ ade kronkron wɔ afeha a ɛto so 12 no mu. Sɛ nhwɛso no, ɔsɔfo Joseph Priestly (1733-1804) kyerɛwee sɛ: “Otho a ɔyɛ ɔsɔfo panyin wɔ Bamberg no boae kɛse ma wɔsakraa Pomerafo wɔ 1125 Y.B. mu. . . . Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na nea ɛka ahyɛde ahorow a wɔde maa nnipa yi wɔ wɔn som foforo no ho ne sɛ wɔbaraa wɔn sɛ wonnni mogya, anaasɛ mmoa a wɔammma wɔn mogya ansen angu; na ɛte sɛ nea wobu nnuan a ɛte saa no sɛ mmara mma ne di ho kwan wɔ saa bere yi mu, Europa ne mmeae ahorow nyinaa a Kristofo te no.”f
Ɔsɔfo Etienne de Courcelles (1586-1659) a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 17 no mu nso gye dii saa ara sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo di mogya. Ɔkyerɛkyerɛɛ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 mu sɛɛ se:
“Na ɛnyɛ sɛ asomafo no pɛ sɛ wɔde nneɛma a Onyankopɔn mpɛ ho mmara a Amanaman mufo no mmara bara no bɛma wɔ ha, na mmom wɔde mae wɔ nneɛma a na aba so kɛse wɔ saa bere no mu a Amanaman mufo a wɔasakra nkyɛe no remmu no sɛ ɛyɛ bɔne ma wɔn gye sɛ wɔde ho afotu ma wɔn ansa no ho nkutoo. Ɛwom sɛ wosusuwii sɛ wonim sɛ ɛsɛ sɛ wokwati abosonsom biara de, nanso wɔante ase ntɛm sɛ ɛsɛ sɛ wokwati nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom; saa ara na ɛwom sɛ wobebu no sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wobehwie nnipa mogya agu de, nanso na ɛnyɛ nea wɔtee nka saa ara wɔ mmoa [mogya] a wobedi no ho. Na asomafo no nam wɔn mmara no so pɛ sɛ nnipa yi nya nneɛma a wonnim yi ho nimdeɛ; wɔnam saa yɛ so yii wɔn fii twetiatwa ne mmara afoforo ase de, nanso wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so di saa nneɛma a ahɔho a wɔte Israelfo mu no adi so dedaw fi teteete, te sɛ nea wɔde maa Noa ne ne mmabarima no so.”g
Wɔ afeha a ɛto so 18 no mu no, Sir Isaac Newton a ɔyɛ nyansahufo ne Bible suani a wagye din no daa anigye a ɔwɔ wɔ kronkron a mogya yɛ no ho adi: “Na mmara [a ɛfa yɛn ho a yɛbɛtwe afi mogya ho] yi yɛ nea wɔde mae bere tenten ansa na wɔrewo Mose na wɔde maa Noa ne ne mmabarima bere tenten ansa na wɔrewo Abraham: enti bere a Asomafo no ne mpanyimfo a wɔyɛ Bagua a na ɛwɔ Yerusalem no mufo kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ Amanaman mufo no sɛ wontwa twetia na wonni Mose mmara no so no, wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wodi wɔn ho a ɛsɛ sɛ woyi fi mogya ne nneɛma a wɔakum a wɔmma wɔn mogya ansen angu ho mmara yi so sɛ Onyankopɔn mmara a edi ka na ɛnyɛ Abraham mma nkutoo na ɔde maa wɔn na mmom amanaman nyinaa nso.”h
Ɛnnɛ mpo nnipa binom da so ara gye mogya a wobedi a wɔabara no tom. Sɛ nhwɛso no, Encyclopedia of Bible Difficulties a wotintimii wɔ 1982 mu no ka sɛ: “Ɛyɛ nea ɛkyerɛ pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara kyerɛ obu ma kronkron a mogya yɛ no efisɛ Onyankopɔn de ama sɛ Yesu Kristo mogya a ɔde yɛɛ mpatade no ho sɛnkyerɛnne. Enti ɛnsɛ sɛ gyidini biara a ɔpɛ sɛ odi nea Kyerɛwnsɛm ka no so di.”
Enti nkurɔfo pii akyerɛ sɛ—ɛsɛ sɛ gyidifo di mogya a wɔabara no so—na nnipa binom da so ara yɛ saa. Yehowa Adansefo ne wɔn yɛ adwene. Ampa, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “Kristofo” pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nni mmara a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu yi so no nkyerɛ sɛ nyansa nni nea Adansefo no yɛ no mu. Mmom no, ɛyɛ biribi foforo a ɛkyerɛ faako a Kristoman awae afi nokware Kristosom ho akodu.
Na mogya a wɔde ma nkurɔfo nso ɛ? Ɛte sɛ nea Yudafo a wodi nnyinasosɛm a ɛwɔ Mose nhoma no mu no so no mpo nkasa ntia adeyɛ yi. Sɛ nhwɛso no, Jewish Medical Ethics nhoma no ka sɛ: “Wɔma mogya a wɔde ma nkurɔfo no ho kwan bere nyinaa, sɛ ɛyɛ nea wɔde ma gye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde besie bere tiaa bi wɔ mogyakorabea anaasɛ nea wɔde ma gye akatua mpo a.” Ɛnde so Yehowa Adansefo nkutoo na wɔte nka sɛ mmara a ɛkyerɛ sɛ wonyi wɔn ho mfi mogya ho no fa mogya a wɔde ma nkurɔfo nso ho?
Mogya a Wɔde Di Dwuma wɔ Aduruyɛ Mu
Nea edi kan no, ɔkwan bɛn so na Kristofo a wodii kan no bebu mogya a wɔde di dwuma wɔ aduruyɛ mu no? Mfehaha pii ansa na asomafo no reba no, oduruyɛfo bi kyerɛw krataa kɔmaa Ɔhene Esarhaddon wɔ sa a na ɔresa ɔhene no babarima yare no ho. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Shamash-shumu-ukin ho retɔ no kɛse; me wura, ɔhene, betumi ama n’ani agye. Ɛdefi da a ɛto so 22 no so no, mama (no) , mogya anom, ɔbɛkɔ so anom no nnansa. Mɛma (no mogya) nna 3 bio de asa ɔyare bi a ɛwɔ ne mu no.”i So Yudani nokwafo biara a ɔtraa ase wɔ saa bere no mu no anaasɛ Kristoni biara a ɔtraa ase akyiri yi bɛpene ayaresa a ɛte sɛɛ so?
Oduruyɛfo Aretaeus a ofi Cappadocia a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien no mu no ka sɛnea wɔde mogya dii dwuma wɔ ne bere so de saa abiribiriw no ho asɛm: “Mahu nkurɔfo a wokurakura nkuruwa wɔ obi a wokum no nkyɛe no pirakuru ase a wɔrenom mogya no!”j Ɔbenfo a wɔfrɛ no Pliny a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu nso bɔ amanneɛ sɛ wɔde mogya saa abiribiriw. Nokwarem no, wɔkɔɔ so de mogya saa yare de besii Yɛn Mmere yi mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo Reay Tannahill ma ho nhwɛso bi: “Sɛ nhwɛso no, na Louis XI a ofi Franse no reyɛ awu wɔ 1483 mu. ‘Na ne yare no mu yɛ den da biara na nnuru no antumi ammoa no, ɛwom sɛ ɔyɛ obi a ɔda nsow de; efisɛ na ɔwɔ anidaso kɛse sɛ mmofra mogya a ɔnom no bɛma ne ho atɔ no.”k
Yiw, wofii ase de mogya saa yare akyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo pii gye dii sɛ etumi sa yare—ɛwom sɛ Aretaeus adwenem yɛɛ no naa wɔ ho de. Nanso mmara a ɛkyerɛ sɛ ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho’ a ɛwɔ kyerɛwnsɛm no mu no fa mogya a yɛde bɛyɛ biribiara no ho. Nanso ebia wobɛka sɛ “ayaresa” yi fa mogya a wɔnom no ho. Na mogya a wɔde fa ntini mu de sa yare no nso ɛ?
Mogya a Wɔde Ma ne Asomafo no Mmara No
Wɔkyerɛ sɛ wodii kan de mogya maa obi wɔ 1492 mu na Paapa Innocent VIII na wɔde maa no. Ne bere so kyerɛwtohɔ bi ni: “Wɔ saa bere no mu no, na ahohiahia ne owu nyɛ nea aba awiei wɔ [Rome] kurow no mu; efisɛ nea edi kan koraa no, mmofra baasa a wɔn mu biara anya mfe du a Yudani oduruyɛfo bi (ɔhyɛɛ bɔ sɛ paapa bɛsan anya ahoɔden bio) twee mogya fii wɔn ntini mu no wuwui ntɛm ara. Efisɛ na Yudani no aka akyerɛ wɔn ampa sɛ, sɛ wobetumi anya onipa mogya a ɛyɛ mmofra de dodow bi ama no nkutoo a, ɔbɛpɛ sɛ ɔsa paapa no yare; enti ɔhyɛe sɛ wɔntwe mogya no mfi mmofra baasa a bere a wɔatwe awie no ɔmaa wɔn mu biara sika kɔkɔɔ dodow bi no mu; ɛno akyi bere tiaa bi no, wowuwui. Yudani no guanee na paapa no nso ho antɔ no.”l
Ɛde rekɔ afeha a ɛto so 17 awiei mu hɔ no, wɔsan sɔɔ mogya a wɔde ma hwɛe. Italiani duruyɛfo Bartolomeo Santinelli adwenem yɛɛ no naa wɔ mfaso a ɛbɛba so wɔ aduruyɛ mu no ho. Nanso biribi foforo nso nti ɔsɔre tiaa wɔn. Nea ɔkyerɛwee ni:
“Momma ɛntra aduruyɛ ahye kakraa bi na ama ɔkenkanfo a ɔpɛ biribi ahu no koma atɔ ne yam kɛse, na esiane sɛ aduruyɛ mu adanse ahorow adi adanse sɛ mogya a wɔde ma nyɛ nea ɛfata nti, momma kyerɛw kronkron no mu adanse ahorow nsan nsi so dua bio, efisɛ ɛnam saa yɛ so bɛma nhomanimfo nyinaa a ɛnyɛ nnuruyɛfo nko ahu sɛ ɛyɛ akyide. . . . Ɛyɛ ampa sɛ mogya a wɔabara no bɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ onipa di ma enti ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛmfa yɛn asɛm no ho kɛse biara de, nanso saa mmara no atirimpɔw ne mogya a wɔde ma nnɛ no bɔ abira ma enti ɛbɛda adi sɛ obiara a ɔde [mogya ma] no sɔre tia Onyankopɔn a oyi mmɔborohunu adi kyerɛ no.”a
Yiw, wɔ Santinelli fam no, na mogya a wɔde ma afoforo no yɛ nea etia Onyankopɔn mmara. Na nhomanimfo Thomas Bartholin a ofi Denmark no nso yɛ obi a okura adwene koro no ara. Ɔkyerɛw wɔ 1673 mu sɛ: “Oprehyɛn a wɔnam mogya a wɔde ma so yɛ no adɔɔso pii dodo wɔ nnansa yi mfe no mu efisɛ ɛnyɛ nnuru a ɛyɛ nsunsu a ɛma nkurɔfo nya ahoɔden nko na wɔde afa ntini no mu akɔ ɔyarefo bi koma ho na mmom wɔde mmoa mogya a emu yɛ hyew anaasɛ obi [mogya] ama onipa foforo nso . . . Ampa nhomanimfo a wɔfrɛ no Elsholt (wɔ ti 7 wɔ New Clyster mu) srɛ sɛ ɔka de ayi ne ho ano sɛ ɛsɛ sɛ wɔte ase ampa sɛ Asomafo no mmara a ɛfa mogya ho no fa mogya a wodi fa wɔn anom ho na ɛnyɛ nea ɛfa mogya a wɔde fa ntini mu ma obi no ho koraa, nanso eyi mu biara di atirimpɔw biako ho dwuma, kyerɛ sɛ wɔnam eyi so bɛma nipadua bi a ɛyare anya ahoɔden anaasɛ asan [anya akwahosan bio].”b
Ɛnde ɛda adi pefee sɛ asɛm a ɛne sɛ ebia ɛsɛ sɛ wodi mogya sɛ aduan anaasɛ wɔde ma obi foforo no nyɛ asɛnnennen a asɔre wɔ nnɛ bere yi mu nkutoo koraa. Ɛyɛ asɛm a wogyee ho akyinnye wɔ tete bere no mu. Saa mogya a wodii kan de mae no antumi ansa nkurɔfo yare nanso nea ɛhaw nhomanimfo binom titiriw ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔtoo Onyankopɔn mmara no.
Mogya a wɔde ma wɔ nnɛ bere yi mu no atumi ama ayarefo pii anya ahoɔden. Nanso esiane sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ te sɛ Bible asuafo koma pafo a wodii kan no nti, wɔrentumi nnye biribi a wɔde di dwuma wɔ aduruyɛ mu wɔ akwan horow a Onyankopɔn abara no so ntom. Nanso ɛmfa ho sɛ wɔrente Adansefo no gyinabea no ase no, wɔasi wɔn bo sɛ wobedi asomafo no mmara a ese “Munyi mo ho mfi mogya . . . ho” no so.—Asomafo no Nnwuma 15:29; 5:29.
[Ase hɔ nsɛm]
a The Holy Bible, Containing the Old and New Testaments a Joseph Benson yɛe, New York, 1839 Po 1, kratafa 43.
b The Ecclesiastical History a Eusebius yɛe, V. i. 26, Loeb Classical Library, Cambridge ne London, 1980, kratafa 419.
c Hwɛ Octavius a Minucius Felix yɛe, ti 30 nso, Loeb Classical Library, Cambridge ne London, 1977, kratafa 409.
d A History of the Councils of the Church, From the Original Documents a Charles Joseph Hefele yɛe, Edinburgh, 1896, kratafa 232.
e Libri duo de ecclesiasticis disciplinis et religione Christiana (Nhoma Abien a Ɛfa Asɔre Nkyerɛkyerɛ Ahorow ne Kristofo Nyamesom Ho) a Regino yɛe; hwɛ Migne Patrologia, Latina, Po 132, Paris, 1853 afã 354, 355.
f The Theological and Miscellaneous Works a Joseph Priestley yɛe, Po IX (1818), kratafa 366.
g Diatriba de esu sanguinis inter Christianos (Ɔkasa a Ɛfa Mogya a Wodi Wɔ Kristofo Mu Ho) a Étienne de Courcelles yɛe; hwɛ Opera theologica (Nyamesom Mu Nnwuma), Amsterdam, 1675, kratafa 971.
h The Chronology of Antient Kingdoms Amended a Sir Isaac Newton yɛe, Dublin, 1728, kratafa 184.
i Letters From Assyrian Scholars to the Kings Esarhaddon and Assurbanipal, Ɔfã 1: Simo Parpola na ɔkyerɛw mu Asuasɛm no, Neukirchen-Vluyn, 1970, kratafa 201.
j The Extant Works of Aretoeus, the Cappadocian a Francis Adams na ɔsaa mu na ɔkyerɛɛ ase, London, 1856, kratafa 471.
k Flesh and Blood, A History of the Cannibal Complex a Reay Tannahill kyerɛwee, New York (1975), nkratafa 63, 64.
l Diario della Città di Roma di Stefano lnfessura (Kurow Rome ho Kyerɛwtohɔ) a Creste Tommasini ne ne samufo no, Rome, 1890, nkratafa 275, 276.
a Confusio transfusionis, sive confutatio operationis transfundentis sanguinem de individuo ad individuum a Bartolomeo Santinelli kyerɛwee, Rome, 1668, nkratafa 130, 131.
b De sanguine vetito disquisitio medica a Thomas Bartholin kyerɛwee, Frankfurt, 1673, kratafa 11.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]
Obu a Onyankopɔn asomfo wɔ ma kronkron a mogya yɛ no ama wɔada nsow wɔ amanaman no ho fi bere tenten
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
“Na yɛtwe yɛn ho fi onipa mogya ho kɛse ma enti sɛ yebedidi a, yenni mmoa mogya a wɔde ayɛ aduan.”—Minucius Felix
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
“Yebegye ɔsɔfo a odi mogya dibea afi ne nsam de atwe n’aso na yebetu asɔre no muni a ɔyɛ saa no afi asɔre no mu”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
“Ɛsɛ sɛ moka kyerɛ obiara sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom sɛ wobedi mogya efisɛ wɔka ho asɛm ka abosom ne aguamammɔ ho”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]
Mogya a wodi fa anom ne nea wɔde fa ntini mu no kura atirimpɔw biako, kyerɛ sɛ ɛdenam eyi so no, wɔbɛma nipadua bi a ɛyare anya ahoɔden anaasɛ anya akwahosan bio.’—Afeha a ɛto so 17 no mu nhomanimfo
[Kratafa 26 mfoni]
Ɔkraman mogya a wɔde rema obi wɔ 1693 mu mfonini
[Kratafa 29 mfoni]
Ɔyarefo a wɔde oguammaa mogya rema no, 1874