Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 2/8 kr. 3-7
  • Efi Mmofraase Kosi Adamoa Mu, Nea Yehia Titiriw Ne Ɔdɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Mmofraase Kosi Adamoa Mu, Nea Yehia Titiriw Ne Ɔdɔ
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔ Wo Ba Fam No . . . Woyɛ Akyɛde A Ɛsen Biara!
    Nyan!—1980
  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”
    Nyan!—1983
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • “Ɔdɔ Ne Emu Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 2/8 kr. 3-7

Efi Mmofraase Kosi Adamoa Mu, Nea Yehia Titiriw Ne Ɔdɔ

Ɔdɔ ne ade a yehia titiriw. Sɛ wɔanyi adi ankyerɛ nkokoaa a, ɛma wowuwu. Sɛ wonnyi adi nkyerɛ nkwakoraa ne mmerewa a, ɛma wɔfonfɔn. Nyarewa yɛ nnipa a wonyi adi nkyerɛ wɔn no. Wɔkyerɛw nhoma ahorow fa ho. Nnipa akuwakuw hyiam sɛnea ɛbɛyɛ a wobesuso wɔn ho wɔn ho mu na wɔayeyɛ wɔn ho wɔn ho mu na wɔayeyɛ wɔn ho wɔn ho atuu de ahwehwɛ ɔdɔ. Sini ne agoru ahorow asɛe no. Nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu no ka sɛ “ɛyɛ ɔdɔ adi a woyi kyerɛ” na wɔda no adi sɛ wonni ho nimdeɛ biara. Wiase a ɔporɔw ne basabasa wom pow ɔdɔ biako pɛ a ebetumi agye no nkwa no sɛ ɛnyɛ ɔdɔ pa. Nanso saa ɔdɔ a egye nkwa no ne ade a yehia titiriw.

WƆ ADWUMA ho nhyiam bi a ɛfa nnipa ntam abusuabɔ ho ase no, ɔkasafo no kaa ayaresabea bi a nyisaa na wɔwɔ hɔ ho asɛm. Mmofra a na wɔdeda mpa ahorow pii a ɛtoatoa so no so no yareyaree na wɔn mu binom wuwui​—gyee abofra a ɔda mpa a etwa to no so no nko. Onyaa ahoɔden. Ɛyɛɛ oduruyɛfo no nwonwa. Wɔmaa wɔn nyinaa aduan, woguaree wɔn, na wɔamma awɔw anne wɔ​—wɔhwɛɛ wɔn nyinaa pɛpɛɛpɛ. Bere a asram pii twaam na wode nkokoaa afoforo baa hɔ no, asɛm koro no ara na esii. Abofra a ɔda mpa a etwa to no so no nkutoo na onyaa ahoɔden kɛse.

Awiei koraa no, oduruyɛfo no kohintaw baabi sɛ ɔbɛhwɛ nea ɛkɔ so. Ɔdasum no, ɔbea a osiesie hɔ no baa hɔ na obetwiw fam hɔ nyinaa. Bere a owiei no, ɔsɔre gyinaa hɔ, ɔteɛteɛɛ n’apɔw mu na ɔde ne nsa twitwiw n’akyi. Afei ɔkɔɔ mpa a etwa to no ho, ɔmaa abofra no so, ɔde no kyinkyin ɔdan no mu, ogyigyee no wɔ ne nsa so na ɔkasa kyerɛɛ no. Ɔsan de no too ne mpa no so na ɔkɔe. Oduruyɛfo no san kɔhwɛɛ da a edi hɔ no ne ne nnansa so. Anadwo biara asɛm koro no ara na esi. Na abofra a ɔda mpa a etwa to no so no nkutoo na ɔma no so, ogyigye no, ɔkasa kyerɛ no, na oyi ɔdɔ adi kyerɛ no bere nyinaa. Wɔ mmofra a wɔde wɔn baa hɔ no nyinaa mu no, na nea ɔda mpa a etwa to no so no nkutoo na onya ahoɔden kɛse bere nyinaa bere a afoforo no yareyare na wɔn mu binom wuwu no.

Psychology Today kae sɛ, “bere a abofra adwene renyin no, nneɛma ahorow bi a onnya​—te sɛ ka a wɔmfa wɔn ho nka no, gyigye a wonnyigye no​—ma ehon nkwaadɔm no afã horow a etumi ma oyi ɔdɔ adi kyerɛ no ho kã.” Akokoaa no sua ɔdɔ fi ɛna a ɔwɔ ɔdɔ nkyɛn. Wɔ simma kakraa bi ntam wɔ akokoaa awo akyi no, abusuabɔ bi ba bɛda ɔne ne na ntam. Wɔ ɛno akyi no, nkitaho a ɔdɔ wom a wɔne wɔn ho wɔn ho di no ma wɔn ntam abusuabɔ no nyin sɛnea Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no kyerɛ wɔ kratafa 101 no:a

“Ɛna kotow ne ba a ɔda mpa so nkyɛn, de ne nsa to no so na ɔwosow no kakra de ne ti kɔ ne nkyɛn ka biribi te sɛ, ‘Hwɛ m’anim! Hwɛ m’anim!’ Ɛwom sɛ abofra no nte asɛm no ase (na ɛnkyerɛ biribi titiriw de) . Nanso abofra no de anigye keka ne ho, efisɛ ohu sɛ onii a ɔne no redi agoru no reka akyerɛ no pefee sɛ. ‘Medɔ wo!’ Ɛma n’ani gye na onya awerɛhyem; Nkokoaa ne mmofra nkumaa a woyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ani sɔ, na bere a wosuasua saa ɔdɔ no, wɔn nso woyi adi kyerɛ, de wɔn nsa nketewa no toto wɔn nanom kɔn mu, na wɔde anigye few wɔn ano. Anigye a eyi ma wɔn nanom fi nkate mu yi adi kyerɛ no ma wɔn nso ani gye. Wofi ase hu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔma mu wɔ anigye kɛse sen ogye no, ne sɛ ɔdɔ a woyi adi kyerɛ no ma afoforo nso dɔ wɔn.​—Asomafo no Nnwuma 20:35; Luka 6:38.

Wɔ mfe pii a atwam no mu no, nhwehwɛmu ahorow pii ada ɔdɔ a nkokoaa hia no adi. Scientific American nsɛmma nhoma no tintim amanneɛbɔ yi: “Rene Spitz a ɔwɔ New York Adwenemyare sukuu bi mu ne ne yɔnko dwumayeni Katherine Wolf, hwehwɛɛ nkokoaa a wɔn awofo aguan agyaw wɔn a wɔhwɛ wɔn wɔ United States ne Canada apuei fam ho kyerɛwtohɔ ahorow mu. Wohui sɛ nkokoaa no ahaw na wodi awerɛhow nso. Na wɔatotɔ ape na na wontumi nyɛ akɛse anaasɛ wɔn so tew mpo. Wontumi nna yiye na na wɔn ani so biri wɔn bere nyinaa. Spitz ne Wolf bɔɔ amanneɛ sɛ ‘wɔ aduan pa a wɔde ma wɔn ne hwɛ a wɔhwɛɛ wɔn yare yiye nyinaa akyi no,’ nkokoaa 91 no mu 34 wuwui.”

Adwenemyare ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Florida kae sɛ: “Abofra a wɔntaa mfa no mmɔ wɔn bo anaasɛ wonnyigye no betumi anyin abɛyɛ obi a ɔtwe ne ho fi afoforo ho. . . . Ka a ɔwofo ne ne ba de wɔn ho bɛka wɔn ho ho yɛ nea ɛho hia kɛse wɔ mmofra ntetee mu ma wɔ nsɛm bi mu no, ɛmaa mmofra a wɔamfa wɔn amfam wɔn koko so anaasɛ wɔannyigye wɔn wɔ wɔn mfe a edi kan no mu no wuwui.”

Amanneɛbɔ bi a ɛfa nneɛma ahorow a ɔbenfo James Prescott a ɔwɔ ɔman no Asoɛe a ɛhwɛ akwahosan ho nsɛm so hui no ho ka sɛ: “Efi bere a wɔwoo Amerikafo pii no mu no, wɔamma wɔannya biribi a ɛremma wɔmmɛyɛ nsɛmmɔnedifo, nnipa a wobenya adwenemyare anaasɛ mpanyimfo a wɔyɛ basabasa. Saa ade no ne ka a wɔde wɔn ho bɛka wɔn ho na wɔakyerɛ wɔn ho anigye​—‘nkate mu anigye’ bi a nnipa hia kɛse te sɛ nea wohia aduan ara pɛ no.” Psychology Today pene so. Ɛkae wɔ hia a ɛho hia sɛ wɔde wɔn ho ka akokoaa ho na wogyigye no no ho sɛ: “Esiane sɛ eyi ka amemene no afã horow a edi basabasayɛ ho dwuma no nti, . . . ɛbɛyɛ den ama akokoaa a wɔmfa wɔn ho nka no na wɔnkyerɛ ne ho anigye no sɛ obetumi adi ne bo a ebefuw no so bere a wanyin ayɛ ɔpanyin no.”

Journal of Lifetime Living kae bere bi sɛ: “Awiei koraa no, bere a na adwene ne nneyɛe ho abenfo rebɔ mmɔden kɛse sɛ wobenya adwenemyare ano aduru no, wɔkae sɛ nea ɛde ɔyare yi ba titiriw ne ɔdɔ a wonnyi adi nkyerɛ. Adwenemyare ho abenfo a wɔhwɛ mmofra a wogye ma a ɛsɛ sɛ wɔma mmofra aduan wɔ bere ano anaasɛ dabi, ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwe wɔn anaasɛ dabi ho kyim no ahu sɛ emu biara ho nhia ahe biara bere tenten a woyi ɔdɔ adi kyerɛ abofra no. Asetra mu nsɛm ho abenfo ahu sɛ ɔdɔ yɛ asoɔden ano aduru, nsɛmmɔnedi ho nsɛm ho abenfo ahu sɛ ɛyɛ nsɛmmɔnedi ano aduru na amammuisɛm ho abenfo nso ahu sɛ ɛyɛ ɔko ano aduru.”

Wɔatumi ahu ano aduru de, nanso ɛda adi sɛ wɔmfa nnii dwuma. Ɔbenfo Claude A. Frazier bɔɔ kɔkɔ sɛ, sɛ yɛn abusua a ɛwɔ mfiridwuma ho nimdeɛ yi annya ɔdɔ a, “ɛnde sɛnea yebetumi ahu mprempren no, nea ebefi mu aba ne nkurow pii a nnipa a wɔtan wɔn ho wɔn ho ayɛ mu ma, mmusua a ntawntawdi a emu yɛ den ama emu apaapae, mmofra a wɔhwehwɛ ahotɔ denam nnubɔne ne owu so ne wiase a ayɛ krado sɛ ebedi ne ho dɔm wɔ bere biara mu.”

Frazier kae nso sɛ: “Sɛ́ oduruyɛfo no, mihu sɛ ayarefo a mihu wɔn da biara no mu fã kɛse ara yɛ wɔn a anyɛ yiye koraa no, nyarewa a ayɛ wɔn no fã bi fi saa su yi a wonnyi adi nkyerɛ wɔn no. . . . Nyarewa a wɔtaa ka ho asɛm no bi ne atipae, obi akyi a ɛyɛ no yaw, yafunu mu akisikuru ne komayare. Nanso nnuruyɛfo binom de nyarewa a ɛyɛ hu te sɛ akisikuru ka nyarewa ahorow yi ho.”

Sɛnea nnipa ntam abusuabɔ a wosusuw afoforo ho wom ne ɔdɔ ma yenya akwahosan pa no, saa ara nso na ayɔnkofa a yɛne afoforo nni no betumi apira yɛn. Nhyɛso ahorow a nnɛyi asetra, afie a emu apaapae, awofo a wonni ahokafo mmusua, mmofra a wobu ani gu wɔn nkate so, honam fam ade dodowpɛ, abrabɔ pa ne nnyinasosɛm ahorow a eye a enni hɔ de ba​—nyinaa ka ahotɔ a enni hɔ ne ankonamyɛ a ɛsɛe yɛn akwahosan no ho. James J. Lynch ka ho asɛm kɛse wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no The Broken Heart​—The Medical Consequence of Loneliness no mu. Ɔka sɛ, “Awiei koraa no, ɔdɔ ne ayɔnkofa a yehia a yentumi nte ase no ho amane a yɛrehu no betumi aka yɛn koma ne yɛn ntini ahorow. . . . Nea enti a yehia nnipa ntam abusuabɔ a ɔdɔ wom no da adi wɔ yɛn komam na di a yentumi nni ho dwuma no yɛ nea ɛde yɛn rekɔ asiane mu.”

Lynch ka sɛ: “Amerikafo a wɔanyinyin a komayare kunkum wɔn no yɛ nwonwa​—Amerikafo a komayare kunkum wɔn a nnipa a wonni aware mu ahokafo a wɔn a wɔagyae aware, akunafo, anaasɛ ahokwafo ka ho no dɔɔso sen wɔn a wɔaware no mmɔho abien kosi anum.” Nyansahu mu nhwehwɛmu ahorow a wɔyɛe nnansa yi da no adi sɛ ankonamyɛ betumi asɛe nipadua no mu tumi a ɛko tia ɔyare no na ama ayɛ mmerɛw sɛ ɔyare bɛyɛ nipadua no ntɛm. Ankonamyɛ betumi asɛe w’akwahosan. Adam mpo tee nka sɛ aka no biribi wɔ paradise turo bi mu. Onyankopɔn hui sɛ enye sɛ ɔbarima nkutoo bɛtra na enti ɔde Hawa brɛɛ no.​—Genesis 2:18, 20-23.

Sɛ wɔde yɛn nkutoo kɔtra sum mu wɔ baabi a nnyigyei biara nni hɔ a, yɛn adwene bɛyɛ basaa. Ɛho hia sɛ yenya biribi ma adwene no na ama akɔ so ayɛ adwuma. Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛne afoforo benya ayɔnkofa nti, yehia biribi fi afoforo nkyɛn. Ɛho hia sɛ yɛne afoforo nya ayɔnkofa, sɛ ɛnyɛ nea yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ mpo a. Ɛho hia sɛ yɛkyekye yɛn ho yɛn ho werɛ. Awerɛkyekyesɛm a yɛbɛka ye nanso ɔkasa a tema biara nnim no rentumi mma obi nni ankonamyɛ so. Yebetumi ne afoforo adi nkitaho a emu yɛ den sen sɛnea nsɛm a yɛka betumi ayɛ.

Ɔbea bi a ɔhwɛ ne kunu anim tẽẽ bere a ne kunu no ayɛ basaa na ɔnam eyi so ma onya ahotɔ no asɛm kyerɛ saa. Anaasɛ ɔbarima bi a wadi mfe 75 a ɔda ayaresabea a na onim sɛ obewu a ɔsrɛɛ ade biako pɛ​—sɛ ne yere a wadi mfe 48 no ntra ne nkyɛn no asɛm da no adi. Ne yere no penee so na esiane sɛ ɔde ne nsa fofaa ne ho brɛoo nti, ɛma onyaa asomdwoe a ɛsen nea nsɛm a wɔka betumi ama wanya no. Anaasɛ nea ɛsen saa mpo no, ɔyarehwɛfo bi a esiane sɛ ɔsoo ɔbarima bi a ade atɔ no so a afiri bi ma otumi home nsa mu brɛoo nti, ɛmaa ɔbarima no koma a ɛrebɔ ntɛmntɛm ne ahoɔhare a mogya no de nam ne ntini mu ano brɛɛ ase, na ɛma yetumi hu tumi a nnipa nsa a wɔde so biribi mu wɔ no nso wɔ ha.

Yesu faa asɛm fii Mose Mmara no mu kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Marko 12:31; Leviticus 19:18) Eyi nkyerɛ sɛ yɛbɛdɛfɛdɛfɛ yɛn ho anaasɛ yɛbɛyɛ ahopɛfo. Mmom no yebegye yɛn mfomso atom, akyerɛ ahonu, asrɛ bɔne fafiri na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ​—ɛma yɛkyerɛ obu ma yɛn ho na Onyankopɔn de yɛn bɔne firi yɛn. “Ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma,” ofi mmɔborohunu mu de yɛn bɔne firi yɛn na eyi yɛ nea eyi afobu nka a yɛbɛte a anka ɛbɛma yɛde ho asodi ato afoforo so na asɛe yɛne wɔn ntam abusuabɔ no fi hɔ. (Dwom 103:14; 1 Yohane 1:9) Enti wɔ saa kwan yi so no, yebetumi apene sɛnea yɛte no so, yɛadɔ yɛn ho na afei yɛadɔ afoforo te sɛ nea yɛdɔ yɛn ho no. Dɔ wo ho a ɛnyɛ nea wobɛhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ wutumi yɛ biribiara pɛpɛɛpɛ; dɔ afoforo a ɛnyɛ nea wobɛhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ wotumi yɛ biribiara pɛpɛɛpɛ.

Wɔde nea saa ɔdɔ yi yɛ ne nea entumi nyɛ ho nkyerɛkyerɛmu a eye ma, sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.”​—1 Korintofo 13:4-8.

So wopɛ sɛ woyi ɔdɔ adi kyerɛ wo wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa sɛɛ so? Ɛnde gu ɔdɔ na ama woatwa ɔdɔ. Yi ɔdɔ adi kyerɛ afoforo bere nyinaa. Ma ɔdɔ no nyin nkosi sɛ ɛbɛhyɛ wo ma. Afei fa ɔdɔ nnwuma kyerɛ sɛ ɛte ase. Yesu kae sɛ, “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” (Luka 6:38) Ɛdenam nneɛma a wode ma afoforo so no, wohyɛ wɔn nso nkuran sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ademafo na ɛma mo nyinaa nya anigye. Sɛnea Yesu nso kae no: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Adema mu nea ɛso sen biara ne sɛ wode wo ho bɛma afoforo​—wo bere, w’ani a wobɛma aku wɔn ho, mmɔborohunu adi a wubeyi akyerɛ, ne afoforo a wobɛte wɔn ase. “Wo ne afoforo nni te sɛ nea wobɛpɛ sɛ wɔne wo di no ara pɛ.” (Mateo 7:12, The New English Bible) Wo ne wɔn nni nkitaho. Wo ne wɔn mmom nnya anigye na wo ne wɔn mmom nni awerɛhow nso. Nea ɛsen ne nyinaa no, fa wo ho ma Onyankopɔn.​—Dwom 40:7, 8; Hebrifo 10:8, 9.

Bible no ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Nnipa pii kasa tia eyi sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ a, dɛn nti na ɔma nsɛmmɔnedi ho kwan?’ N’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma nsɛmmɔnedi nyinaa agyae nanso ɔtwentwɛn ne nan ase efisɛ ɔwɔ ɔdɔ ma yɛn. “[Yehowa] nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Ɛdenam ne mmɔborohunu so no, mprempren ɔma nsɛmmɔnedi ho kwan sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔanya adwensakra no begyae nsɛmmɔnedi na wɔatra ase. (Hesekiel 33:14-16) Nanso wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛma nsɛmmɔnedi aba awiei denam wɔn a wɔkɔ so di nsɛmmɔne a ɔbɛsɛe wɔn no so. Ɔbɛma ɔko aba awiei denam nnipa a wɔma ɔko ba a ɔbɛsɛe wɔn no so, ɔbɛma nsɛmmɔnedi agyae denam nsɛmmɔnedifo a ɔbɛsɛe wɔn no so, ɔbɛma wɔagyae mframa, nsu ne asase a wɔsɛe no no denam wɔn a wɔyɛ saa a ɔbɛsɛe wɔn no so na ɔbɛma ɔbrasɛe, mmonnaato ne aguamammɔ aba awiei denam wɔn a wɔkɔ so de wɔn ho hyem a ɔbɛsɛe wɔn no so. Nsɛmmɔnedi ahorow nyinaa bɛba awiei bere a Onyankopɔn sɛe nsɛmmɔnedifo nyinaa no. Ɛdenam saa yɛ so no, oyi ɔdɔ adi kyerɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔtra ase wɔ asomdwoe ne trenee mu no. (Dwom 37:10, 11; Mmebusɛm 2:21, 22) Sɛnea turohwɛfo biara nim no, ɛsɛ sɛ wɔdɔw wura ansa na nhwiren no atumi anyin.

Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ nti, ɔbɔɔ asase na ɔde onipa traa so na ɔyɛɛ nneɛma a ɛwɔ so maa yɛn nyinaa, nnipa pa ne abɔnefo nyinaa: “Ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:45) Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ nti, ɔbɛma ɔyare ne owu aba awiei. Wama adesamma nyinaa anya ɔkwan a wɔbɛfa so anya nkwagye dedaw: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ nti, ‘oyi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no Kristo wu maa yɛn.’ (Romafo 5:8) Nnipa pii kasa tia Onyankopɔn wɔ nsɛmmɔnedi a wama ho kwan no ho ɛwom mpo sɛ wɔn ani gye ne di ho de nanso wɔn a wɔn ani sɔ ɔdɔ a oyi kyerɛ no nyɛ wɔn ade saa: “Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.”​—1 Yohane 4:19.

Wɔ saa wiase yi mu no, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko ho ayɛ na, nanso ɔdɔ a Onyankopɔn yi adi kyerɛ nnipa no ho nyɛɛ na. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no ne ade a yehia titiriw.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no na etintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

‘“Wɔnam ɔdɔ a wogu no so twa ɔdɔ”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Nea ɛde adwenemyare ba titiriw ne ɔdɔ adi a wonnyi nkyerɛ”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ɛho hia sɛ enya biribi ma adwene no na ama akɔ so ayɛ adwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena