Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 1/8 kr. 26
  • “Meyɛ Mogya Tɔw Nko No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Meyɛ Mogya Tɔw Nko No”
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyinsɛn A Woyi Gu: Nea Wɔn A Wowɔ Ho Nimdeɛ Ka
    Nyan!—1981
  • Awotwaa No—Yɛn Fie Nwonwaso a Edi Kan
    Nyan!—1992
  • Adesua Fi Ase Wɔ Awotwaa Mu
    Nyan!—1992
  • Nkwa​—Akyɛde A Efi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 1/8 kr. 26

“Meyɛ Mogya Tɔw Nko No”

Dodow a onipa sua sɛnea yafunum aba nyin ho ade no, dodow no ara na ohu adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ efi mfiase no, ɛyɛ biribi a ɛwɔ nkwa a ɛrenyin nkakrankakra a ɔwɔ nkate, ɔte asɛm, ohu ade, ɔkeka ne ho na ɔyɛ nneɛma afoforo nso. Nneɛma pii a onipa ahu a ɛkyerɛ sɛ yafunum aba yɛ biribi a ɛsen nkwa mmoawa ara kwa no ma ne ho kɔ so dwiriw no. Anne Beirne da nea wonim mprempren adi wɔ Chatelaine a ɛyɛ Canadafo mmea nsɛmma nhoma bi no mu. Ahokeka: Ɛwom sɛ ebia abofra no maame rente de, nanso ofi ase keka ne ho bere a wanya adapɛn awotwe pɛ no​—na ɛyɛ nea ne koma rebɔ dedaw! “Bere a abofra a ɔrenyin sɛnea ɛsɛ no benya adapɛn 28 no, anyɛ yiye koraa no, na ɔkeka ne ho mpɛn du wɔ nnɔnhwerew 12 biara mu.” Nkate: Ɔte yaw nka bere a wanya adapɛn 16 no. Asɛm a otumi te: Sɛ onya adapɛn 24 a, otumi te sɛ ne maame koma rebɔ na ɔkeka ne ho bere a ɔte nnyigyei a ano yɛ den, nnwom ne nne ahorow no. “Obetumi ahuruw wɔ ɔkwan pɔtee bi so bere nyinaa bere a ɔte ne maame nne no.” Nea ohu: Bere a obenya adapɛn 16 no, na otumi dannan n’aniwa; na bere a obenya adapɛn 24 no, . . . otumi hu hann.”

Efi bere a nkwa foforo no fi ase no, Yehowa nso hu eyi nyinaa​—obi a ɔrenyin nkakrankakra a ɛyɛ nwonwa no. Nnipa a wɔkyerɛ obu ankasa ma nkwa ne ne Fibea no remmu wɔn ani ngu nokwasɛm yi so na wɔrennyɛ wɔn ade te sɛ nea nyinsɛn a woyi gu nyɛ hwee sɛ nkwa mmoawa a woyi wɔn gu ara kwa. Odwontofo no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Meyɛ mogya tɔw nko no, w’ani huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no.”​—Dwom 139:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena