Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 5/8 kr. 12-14
  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow Nso Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow Nso Ɛ?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sukuu Akyi Dwumadi ne Wo Sukuu Adesua mu Mmɔdenbɔ
  • Honhom mu Asiane Ahorow
  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • ‘Ma Ensi Wo Yiye’​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • So Menkɔka Sukuu Agumadi No Ho?
    Nyan!—1992
  • Mmofra—So Mode Mo No Hyem?
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 5/8 kr. 12-14

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow Nso Ɛ?

“BƆƆLBƆ yɛ anigye. Na yesuasua ne bɔ da biara fi nnɔnabiɛsa kosi nnɔnsia. Bere a na mebɔ bɔɔl no, na m’ani gye ankasa.” Cathy a ɔyɛ ntoaso sukuuni a ɔwɔ New York no ani gyei bere a ɔkaa ne sukuu akyi dwumadi ahorow ho asɛm no.

Nea enti a mmofra de wɔn ho hyɛ sukuu akyi fekubɔ mu no yɛ nea ɛsonsonoe. Ebinom pɛ sɛ wɔde agoru a wodi gye akatua yɛ wɔn adwuma. Afoforo nso pɛ sɛ wonya nnamfo anaasɛ wosua biribi foforo a wɔbɛyɛ de agye wɔn ahome ara kwa. Abarimaa bi a ɔwɔ Baltimore ka sɛ: “Ná meyɛ kuw biara a ɛwɔ hɔ no muni. Ɛmaa m’ani gyei sɛ mɛyɛ nneɛma a mepɛ no ho adwuma. Na meyɛ kar kuw bi muni efisɛ na m’ani gye ho sɛ mɛyɛ kar ho adwuma. M’ani gye computer ho enti mekɔdɔm ɛho kuw no. M’ani gye radio ho nneɛma ho enti mekɔdɔm ɛho kuw no.”

Yiw, mmofra pii hu sɛ sukuu akyi dwumadi ahorow ma wɔte nka sɛ wɔatumi ayɛ biribi. Wɔhyɛ mmofra a wɔpɛ sɛ wɔkɔ sukuu du akyiri no nkuran titiriw sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho no mu. Los Angeles Times bɔ amanneɛ sɛ: “Kɔlege ne sukuupɔn ahorow bi susuw nea obi tumi yɛ wɔ dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho mu ne nneɛma ahorow a ɛkyerɛ sɛ wayɛ saa no ho bere a wɔrepaw sukuufo afoforo no.”

Sɛ wubu eyi ne nneɛma afoforo nti a wɔdɔm sukuu mu akuw ne agumadikuw ahorow no sɛ ɛteɛ a, ebia wubebisa sɛ, ‘So ɛnsɛ sɛ mede me ho hyem?

Sukuu Akyi Dwumadi ne Wo Sukuu Adesua mu Mmɔdenbɔ

High School and Beyond Tabulation nhoma no da no adi sɛ ntoaso sukuufo mu akannifo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 88.47 de wɔn ho hyɛɛ dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho bi mu. Nanso biribiara nni hɔ a wɔmfa gyinapɛn mmata ho.

Sɛ nhwɛso no, Los Angeles asoɛe a ɛhwɛ nhomasua ho nsɛm so no gyee ahyɛde bi toom a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ sukuu akyi dwumadi ahorow mu no bɔ mmɔden kodu baabi na ɛsɛ sɛ wɔpaase wɔ wɔn sɔhwɛ nyinaa mu. Dɛn na efii mu bae? Akyiri yi wɔamma sukuufo no mu ɔha biara mu aduonum amfa wɔn ho anhyem. Texas asoɛe a ɛhwɛ mmara ho nsɛm so no nso hyɛɛ mmara a ɛkyerɛ sɛ “Sɛ Woampaase a, Wɔremma Wunni Agoru” saa ara. Nokwarem no, kurow no mu asoɛe ahorow a ɛhwɛ sukuu ho nsɛm so no mu dodow bi reyere ho a wɔde hyɛ dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho no mu ho gyinapɛn no mu denneennen.

Wɔka sɛ ɛsɛ sɛ nhomasua di biribiara anim kan. Dɛn nti na wɔyɛ saa? U.S. aban panyin bi​—a anka n’ankasa yɛ ɔkyerɛkyerɛfo​—ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Ebia sukuufo sɛe bere kɛse wɔ dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho no ho sen sukuu adesua na ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu.”

Yiw, sɛ edu dwumadi afoforo a wɔde akasukuu adesua ho no so a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubekari pɛ. Cathy a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ankɔdɔm bɔɔlbɔ kuw no afe yi. Bere a wobisaa no nea enti a wanyɛ saa no, obuae sɛ: “Bere a yɛakosua ne bɔ akyi no, mebrɛ araa ma mintumi nyɛ biribi foforo biara. Ɛkãã me sukuu adesua. Enti mankɔdɔm kuw no afe yi.”

Wode susuw ho: Bere bɛn na wopɔn sukuu? Afei fa bere a wobɛsɛe de ayɛ sukuu adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wo fie no ka ho. Afei fa dɔnhwerew biako a wɔde didi anwummere nso ka ho. So wubetumi ayɛ sukuu adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie no na wode wo ho ahyɛ sukuu akyi dwumadi ahorow mu na woakɔ so ara anya bere a ɛdɔɔso de ada na woagye w’ahome ankasa?

The Family Handbook of Adolesence ka sɛ: “Ebia osuahu afoforo ne nneɛma a wutumi yɛ bɛyɛ nea ɛnka wo ho a wutu si hɔ de suasua nea ɛbɛma woadi nkonim [wɔ sukuu mu agoru mu] no ho.” Bere a wɔresusuw eyi ho no, ɛbɛyɛ papa sɛ wubebisa wo ho sɛ: Bere a makosua sɛnea wodi agoru no akyi no, so ɛbɛyɛ nea mɛbrɛ dodo a merentumi nyɛ biribi foforo biara? Ɔkwan bɛn so na dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho ho nhyehyɛe no bɛsɛe bere a me ne m’abusua de bɔ fekuw ne nea mede yɛ nneɛma afoforo no? M’awofo te nka dɛn? Onyansafo a ɔne Ɔhene Salomo kamfo kyerɛe sɛ: “Wuhu ɛwo a, di nea ɛsõ wo, na anyi wo, na woamfe angu.” (Mmebusɛm 25:16) Sɛneadi a wubedi pii no bɛma wo bo afono wo no, saa ara na anigyede biara a wode wo ho behyem pii dodo no betumi anya wo so tumi wo ɔkwammɔne so.

Honhom mu Asiane Ahorow

Ebia worenhu sɛ dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho a wode wo ho hyem no dɔɔso dodo kosi sɛ ebesiw nkɔso a worenya no kwan. Na sɛ ɛba saa a, ɛbɛka nneɛma pii a ɛnyɛ Wo sukuu adesua mu mmɔdenbɔ nko! Bere a Kristoni bi resusuw ne mmofraaberem ho no, ɔkae sɛ: “Misusuwii sɛ na metumi aka adwuma abiɛsa abom ayɛ: sukuu adesua, mmirikatu, ne honhom mu dwumadi ahorow. Nanso bere biara a ɛsɛ sɛ mepaw nneɛma abiɛsa yi mu biako no, mede honhom mu nneɛma bɔ afɔre.”

Abofra Themon a na ɔyɛ sukuu agumadikuw abien muni no gye tom sɛ: “Ná mintumi nkɔ nhyiam wɔ [Ahenni] Asa so [na makogye honhom mu afotu] efisɛ na yetu kwan Benada, Yawda, ne Memeneda, na na ɛnyɛ nea yɛsan ba kosi sɛ ahemadakye nnɔnabien bɛbɔ ansa.”

Mmerante baanu yi nyinaa anu wɔn ho sɛ wobuu hia a honhom mu afotu ho hia no animtiaa. Ɛwom sɛ “nipadua mu ɔyɛn ho wɔ mfaso ma ade kakraa bi” de, nanso ɛho hia sɛ yɛbɛkae sɛ “Onyankopɔn som pa ahofama ho wɔ mfaso ma ade nyinaa.” (1 Timoteo 4:8, NW) Tra a wobɛma atra w’adwenem sɛ bo a apɔw-mu-teɛteɛ som no sua ne sɛ, mfaso kɛse wɔ Onyankopɔn som pa ahofama so no bɛboa wo ma woasi gyinae ahorow a ɛkari pɛ, sɛ edu sukuu akyi dwumadi ahorow so a. Nnyinasosɛm no fa nhomasua akuw ahorow nso ho. Onyankopɔn som pa ahofama so mfaso ye kɛse sen biribiara.

Honhom mu asiane a ɛwom no nyɛ nea ɛfa nneɛma a ɛsɛe bere pii wɔ dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho no ho nkutoo. Susuw abrabɔ mu asiane a ɛwom no nso ho. So wo ne nnamfo pa a wɔbɛma wɔabu bra pa na ɛbɛbɔ fekuw? Asɛm bɛn na mobɛbɔ ho nkɔmmɔ? So nkɛntɛnso a wo mfɛfo agorudifo anaa kuw no mufo wɔ betumi anya wo so tumi wɔ ɔkwammɔne so?

Nkyene a wode gu nkwan kutu ma mu a ɛrente mu no, sɛ wode gu nkwan asanka biako mu a, ebetwam. Saa ara na ɛte wɔ nkɛntɛnso a sukuufo a wobu bra bɔne wɔ no ho. Ɛwom sɛ ebia worenhu wɔn nkɛntɛnso no bere a wo ne wɔn wɔ sukuu anaa sukuu dan biako mu no de, nanso wɔn nkɛntɛnso no bɛyɛ nea emu yɛ den bere a wo ne wɔn wɔ mmirikatu kuw anaa kuw bi a nnipa a wo ne wɔn bɔ no nnɔɔso na wo ne wɔn di sɛ w’atipɛnfo no mu no.

Susuw Samuel a na ɔwɔ tete Israel no ho. Onyaa hokwan sɛ ɔbɛsom wɔ ntamadan no mu. Ná wɔn a wɔsom wɔ ntamadan no mu nso ne ɔsɔfo panyin Eli mmabarima a na wɔagye dimmɔne no. Ná anka Samuel betumi ne wɔn ayɛ biako na ɔde bere a onya wɔ ne som adwuma akyi no adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Nanso bere a Bible no aka Eli mmabarima no ne wɔn asomfo abrabɔ bɔne no ho asɛm akyi no, ɛka sɛ, “Na Samuel resom wɔ Yehowa anim.” Ɛda adi sɛ wamfa ne ho anhyɛ nea Eli mmabarima no yɛe wɔ bere a wɔapɔn adwuma akyi no mu. Eyi maa Samuel “kɔɔ so nyinii, na na oye Yehowa ne nnipa anim.”​—1 Samuel 2:12-18, 21, 26.

Te sɛ Samuel no, wubetumi de wo bere adi dwuma yiye. Na bere a wode bedi dwuma de aboa afoforo wɔ honhom mu nso ɛ? Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa Adansefo mmofra bi a wɔwɔ Japan no fi ase sɛ wɔde ɔsom adwuma no bɛyɛ wɔn asetra mu adwuma bere a wɔda so ara wɔ sukuu no. Wɔtɔ bere ansa na wɔakɔ sukuu ne wɔ sukuu akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa afoforo ma wɔahu Ɔbɔadeɛ no. (Kolosefo 4:5) Yegye di sɛ worempɛ sɛ wobɛhwere anigye ne nhyira a efi sukuu akyi dwumadi a ɛte sɛɛ mu ba no.

[Kratafa 13 mfoni]

Ebia kari a wobɛkari pɛ wɔ sukuu akyi dwumadi ahorow ne adwuma a wɔde ama wo sɛ bɛyɛ wɔ fie mu no renyɛ mmerɛw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena