Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • sj kr. 22-25
  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Wɔ Sukuu Afe Yi?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Siesie Wo Ho Honhom Mu Ma Sukuu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow Nso Ɛ?
    Nyan!—1987
  • So Menkɔka Sukuu Agumadi No Ho?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Sukuu ne Yehowa Adansefo
sj kr. 22-25

Sukuu Akyi Dwumadi Ahorow

Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea pii wɔ asetra mu sen adesua ne adwuma ara kwa. Apɔw mu teɛteɛ ne ahomegye kakra wɔ bere a wɔwɔ sukuu mu no ma wonya ɔhome ne ahodwo a wohia. Nanso ebia woahyɛ no nsow sɛ Adansefo mmofra pii mfa wɔn ho nhyɛ sukuu akyi dwumadi ahorow a sukuu ahorow no hyehyɛ sɛ wɔnyɛ no mu. Nkyerɛkyerɛmu tiawa bi betumi aboa wo ma woate nea yesusuw wɔ asɛm yi ho no ase.

Adansefo mmusua redi dwumadi nhyehyɛe ahorow a ɛfa wɔn som ho akyi dedaw. Na wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmfa ahomegye nka wɔn abusua nhyehyɛe yi ho. Sɛ awofo yɛ wɔn mma ahomegye ne anigyede ahorow ho nhyehyɛe na wɔhwɛ so na wɔtaa ka wɔn ho wɔ ne yɛ mu a, ɛma wonya ɛsohwɛ a wohia no.

Ɛtɔ mmere bi a Adansefo mmusua kakraa bi tumi ka bom kogye wɔn ani akwan horow so. Wotu akwan mpɛn ahorow afe biara nso kɔ nhyiam horow a wɔfrɛ no ɔmansin nhyiam ne ɔmantam nhyiam ase. Saa akwantu ahorow yi ma wonya hokwan kɔsrasra tete nneɛma korabea, abakɔsɛm mu mmeae ne mmeae ahorow a ɛkyerɛ amammerɛ ho nsɛm. Wɔ nhyiam horow yi ase no, Adansefo nkumaa hyia wɔn mfɛfo mmofra afoforo pii a wofi ɔman no mu mmeae ahorow a wokura botae koro no ara a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom wɔn Nyankopɔn, Yehowa no, na wonya wɔn fekubɔ mu anigye.

Yehu sɛ ɛho hia sɛ yɛn mmofra no nya ayɔnkofa pa a ɛte saa, titiriw esiane adesamma abusua a ɛwɔ hɔ nnɛ no abrabɔ gyinapɛn ahorow a sɛe ara na ɛkɔ so sɛe no nti. Yehowa Adansefo bu Bible kɔkɔbɔ no aniberesɛm sɛ: “Fekubɔ bɔne sɛe ɔbra a mfaso wɔ so.” Na sɛnea yɛahyɛ no nsow dedaw no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Kristo asɛm a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no akyi, sɛ: “Mumfi wiase.” (1 Korintofo 15:33, NW; Yohane 15:19) Nnyinasosɛm ahorow yi na ɛkyerɛ adwene a Adansefo mmusua wɔ wɔ sukuu adesua akyi dwumadi ahorow ho a nea edidi so yi nso ka ho no kwan:

Agodi Ahorow: Nipadua mu ɔyɛn, sɛnea yenya fi agoru ahorow mu no, ye ma yɛn. Nanso Bible no rekyerɛ adwene a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ yenya wɔ asɛm no ho no, ese: “Bɔ onyamesom pa ho mmɔden; na ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu.” (1 Timoteo 4:7, 8) Nea ɛne saa afotu yi hyia no, Yehowa Adansefo ani sɔ apɔw mu ateɛteɛ ho adesua a wɔde ma wɔ sukuu mu no.

Nanso, wɔ bere koro no ara mu no, Adansefo awofo te nka sɛ sukuu ahorow no taa si agoru so dua ma ɛboro so. Enti wɔ wɔn mma ntetee mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nea wobetumi ayɛ wɔ agoru mu no so duasi akari pɛ. Wɔn ani da so sɛ wɔn mmofra no bɛpɛ sɛ wɔyɛ nnwuma ahorow a ɛnyɛ sɛ agumadifo, na mmom sɛ Onyankopɔn asomfo. Enti Adansefo awofo hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔmfa sukuu adesua akyi bere no nni honhom mu nneɛma akyi titiriw mmom sen sɛ wobedi kan wɔ agodi bi mu.

Yegye di sɛ sɛ Adansefo mmofra de wɔn ho hyɛ agodi ahorow a wɔahyehyɛ mu a, ɛbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ fekubɔ ahorow a enye mu. Yɛte nka nso sɛ akansi honhom a ɛwɔ nnɛyi agodi ahorow mu—‘nkonimdi nyɛ ade nyinaa, ɛno NKUTOO ne ade no’ adwene no—nya nkurɔfo so nkɛntɛnso bɔne. Enti sɛ Adansefo mmofra te nka sɛ wohia ahomegye a, wɔn awofo hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo benya ahomegye a ɛte saa, yiw, “wɔne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no.”—2 Timoteo 2:22.

Osebɔ Odikanfo ne Akwaaba ma Hemmaa: Wɔ agodi ahorow ase no, ɛyɛ osebɔ adikanfo asɛyɛde sɛ wɔpagya dwom ma wɔabɔ ose ama sukuu bi. Wɔhyɛ nkurɔfo no nkuran nso ma wɔde wɔn ho hyɛ akatakyie som mu na wodi anim na wɔto sukuu no dwom. Yehowa Adansefo bu no sɛ ɛmfata sɛ wɔyɛ eyi. Saa ara nso na yɛte nka sɛ sɛ́ Ɔdansefo abofra bi bɛyɛ akwaaba ma hemmaa anaasɛ ahoɔfɛ hemmaa no bɛyɛ nea ɛto Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛ sɛ ɛmfata sɛ wɔhyɛ adesamma anuonyam saa no.—Romafo 1:25; Asomafo no Nnwuma 12:21-23.

Sukuu Asaw Ahorow: Sɛnea ɛte wɔ agodi ahorow ho no, asaw nso betumi ayɛ nea eye a ɛma apɔwmuden. Ɛda adi sɛ Yesu Kristo penee so esiane sɛ ɔbɔɔ asaw din sɛ na ɛka afahyɛ bi a ɛfata ho wɔ ne bɛ a na ɛfa ɔba hohwini no ho no mu no nti. (Luka 15:25) Nanso, ebia wɔahyɛ no nsow sɛ Adansefo mmofra ntaa nkɔ asaw ahorow a sukuu yɛ ho nhyehyɛ te sɛ nea wɔyɛ ma sukuufo nkumaa ne sukuufo mpanyimfo no ase. Dɛn ntia?

Eyi fi tebea a enye a ɛtaa ba wɔ sukuu asaw ahorow ase no nti titiriw. Nea ɛkɔ so kɛse wɔ hɔ ne tawanom, asanom bebree, nnubɔne a wɔde di dwuma ne mmarima ne mmea ntam ɔbrasɛe a enye koraa. Enti ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔkɔ asaw ahorow a ɛtete saa ase no de ne ho kɔfra fekubɔ a enye yi mu a ontumi nkwati. Enti, nea ɛne afotu a ese wɔne “wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom” no na ɛmmom nyɛ ade no hyia no, ɛyɛ Yehowa Adansefo su sɛ wɔtwe wɔn ho koraa fi sukuu asaw ahorow ho.

Ɔbarima ne Ɔbea Nantew: Nnansa yi, mmarima ne mmea nantew abɛyɛ ahomegye ade a abu so wɔ mmeae ahorow pii. Mmofra a wɔadi fi mfe du kosi dunum mpo taa ne wɔn ho wɔn ho nantew. Ebia wubehu wɔn sɛ wɔasuso wɔn nsam, fefew wɔn ano, anaasɛ wɔyeyɛ nneɛma a ɛkɔ akyiri sen saa mpo wɔ sukuu mu. Adansefo awofo nnye nni sɛ ɛfata sɛ wɔn mma a wonyinnyinii sɛ wɔbɛware no tew wɔn ho na wɔne mmarimaa anaa mmeawa kɔhyɛ baabi de wɔn ho hyɛ abrabɔ a ɛtaa fi ɔbarima ne ɔbea nantew mu ba no mu.

Sukuu Kuw Ahorow: Asuafo a wɔn ani gye adekoro ho no bɛpɛ sɛ wɔka nea wɔn ani gye ho yi kyerɛ afoforo sɛ sukuu kuw ahorow mufo. Nanso mpɛn pii no saa fekuw ahorow yi bɛyɛ nea wɔde di fekubɔ ho dwuma titiriw. Na wɔahyɛ no nsow sɛ dwumadi ahorow a ɛtete saa a wɔne asuafo kuw bi nya mu kyɛfa no taa de obi kɔ ɔbrasɛe mu. Esiane eyi a ebetumi aba no nti, yɛte nka sɛ ɛho hia sɛ wosusuw asɛm no ho yiye ansa na wɔakɔdɔm sukuu kuw bi.

Nsemmisa a ɛho hia a ɛsɛ sɛ Adansefo mmofra ne wɔn awofo susuw ho no ne eyinom: So kuw no dwumadi yɛ bere a wɔde kɔ sukuu no nkutoo anaa? Wɔba sukuu no hwɛ ase pɛtee anaa? So kuw no muni a wɔbɛyɛ bɛhwehwɛ sɛ wɔde bere a wɔapɔn sukuu no yɛ biribi a anka wobetumi adi ho dwuma wɔ abusua no mu anaasɛ asafo dwumadi ahorow mu? Awiei no, awofo a wɔyɛ Adansefo no na asɛyɛde no da wɔn so sɛ wɔkyerɛ kuw ahorow anaasɛ sukuu nhyehyɛe ahorow a, sɛ ebi wɔ hɔ saa a, wɔbɛma wɔn mma no kwan ma wɔakɔdɔm.

Sukuu Agoru Ahorow: Yehowa Adansefo nni adeyɛ no ankasa ho asɛm biara. Bible drama ahorow yɛ yɛn ɔmantam nhyiam dwumadi nhyehyɛe no fã. Nanso Adansefo awofo besusuw nneɛma ahorow bi ho ansa na wɔakyerɛ sɛ wɔbɛma wɔn mma kwan ma wɔde wɔn ho ahyɛ sukuu agoru bi mu anaa dabi. Sɛ nhwɛso no, so nea wɔbɛyɛ wɔ agoru no mu no yɛ nea ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia? Adansefo mmofra remfa wɔn ho nhyɛ agoru a ebu ani gu abrabɔ gyinapɛn ahorow a Bible kyerɛ sɛ enye no so no mu. Afei nso bere a ebegye ma wɔde asua ade no yɛ nso wɔ hɔ, na ebetumi aba nso sɛ fekubɔ ahorow a ɛwɔ hɔ no nye. Enti ansa na awofo besi gyinae sɛ ebia Adansefo mmofra de wɔn ho bɛhyɛ agoru bi mu no, wobesusuw nneɛma yi ho yiye.

Mogya ne Nneɛma Afoforo a Wɔde Ma: Wɔ bere ne bere mu no wɔka kyerɛ asuafo a wɔwɔ sukuu ahorow pii mu sɛ wɔmfa nneɛma bi mma na wɔmfa nni biribi ho dwuma. Ɛtɔ bere bi a nea wobisa ne mogya a wɔbɛtwe agu obi foforo mu. Nanso yɛn ntease a yɛwɔ wɔ Bible ahyɛde sɛ “munyi mo ho mfi . . . mogya ho” no ne sɛ ɛnsɛ sɛ wodi anaasɛ wɔde di dwuma ɔkwan foforo biara so. Enti, ahonim nti, yɛmma mogya na yennye nso.—Genesis 9:4-6; Leviticus 17:10-14: Asomafo no Nnwuma 15:19, 20, 28, 29.

Esiane nneɛma bi a yɛadi kan asusuw ho wɔ nhomawa yi mu no nti, sɛ wobisa sika ma wɔde adi amansɛm dwumadi bi ho dwuma anaasɛ wɔde ayɛ anyamesom nnapɔnna anaasɛ afahyɛ bi ho ade a, Yehowa Adansefo remma bi. Na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ Lotto, akrade agoru anaasɛ kyakyatow ahorow a ɛtete saa biara mu. Nanso, mmeae afoforo wɔ hɔ a obi ankasa besi gyinae sɛ obetumi ama ntoboa anaasɛ ɔremma sɛnea tebea horow no te. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔyɔnko sukuuni bi apira anaasɛ ɔyare na wogye tow ma wɔde atɔ nhwiren anaa akyɛde foforo bi ama no a, wɔn ani gye sɛ wobenya adekyɛ a ɛte saa mu kyɛfa bere a wɔwɔ nea wɔde bɛyɛ saa no.—Asomafo no Nnwuma 20:35.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

“Fekubɔ bɔne sɛe ɔbra a mfaso wɔ so.”—1 Korintofo 15:33, NW

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena