Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 34
  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Enti Amammɔsɛm To Betwa?
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amammɔsɛm—Onyankopɔn hu no sɛn?
  • Nea ɛkɔfaa amammɔsɛm bae
  • Amammɔsɛm bɛba awiei
  • Amumɔyɛsɛm—Ɛbɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
    Nyan!—2001
  • Amumɔyɛsɛm—Henanom Na Ɛka Wɔn?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1987
  • Amumɔyɛsɛm—Dɛn Na Ɛhyɛ Akyi Na Dɛn Ntia?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 34
Adan bi adwiriw agu, na odumgyani bi reboa wɔn a wɔanwu no.

Enti Amammɔsɛm To Betwa?

Sɛ amammɔfo to hyɛ ɔman bi so a, ebia nea wubebisa ne sɛ: ‘Enti Onyankopɔn dwen yɛn ho? Adɛn nti na weinom rekɔ so saa? Enti amammɔsɛma to betwa? Sɛnea ehu ahyɛ me ma yi, mɛyɛ dɛn atena wiase?’ Saa nsɛmmisa yi nyinaa, Bible ma yenya ɛho mmuae a ɛtɔ asom.

Amammɔsɛm—Onyankopɔn hu no sɛn?

Onyankopɔn kyi awudisɛm ne amammɔsɛm. (Dwom 11:5; Mmebusɛm 6:16, 17) Bere bi, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn nanmusini no, n’asuafo no dii awudisɛm bi, na otwiw wɔn anim. (Mateo 26:50-52) Ebinom ka sɛ Onyankopɔn din na wɔde di awudisɛm, nanso Onyankopɔn nsomaa wɔn. Wɔn mpae mpo, ontie.—Yesaia 1:15.

Onyankopɔn dwen wɔn a wohu amane no nyinaa ho, na wɔn a amammɔfo awurukasɛm aka wɔn no, wɔn nyinaa nso, odwen wɔn ho. (Dwom 31:7; 1 Petro 5:7) Bible ma yehu sɛ, Onyankopɔn bɛyɛ biribi de ayi awudisɛm afi hɔ.—Yesaia 60:18.

Nea ɛkɔfaa amammɔsɛm bae

Bible ma yehu nea ɛkɔfaa amammɔsɛm bae. Ɛka sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Wohwɛ nnipa asetenam nyinaa a, wubehu sɛ wɔn a wɔwɔ tumi no de ahunahuna na ɛhyɛ nnipa so, na nhyɛso no nti, ebinom nso di amammɔsɛm ma yehu sɛ wɔn nso wɔ hɔ.—Ɔsɛnkafo 7:7.

Amammɔsɛm bɛba awiei

Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi ehu ne awudisɛm afi asaase so na ɔde asomdwoe aba. (Yesaia 32:18; Mika 4:3, 4) Saa bere no, Onyankopɔn:

  • Beyi nea ɛkɔfaa amammɔsɛm bae no afi hɔ. Onyankopɔn beyi nnipa aban afi hɔ na ɔde n’aban abedi wiase so. Yesu Kristo na obedi Onyankopɔn aban no so. Ɔno de, ɔde trenee bedi obiara asɛm ama no, na wayi nhyɛso ne awudisɛm afi hɔ. (Dwom 72:2, 14) Saa bere no, obiara renni amammɔsɛm bio. Nnipa ‘begye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:10, 11.

  • Bɛyɛ nneɛma bɔne a amammɔsɛm de aba no nyinaa yiye. Nsunsuanso a amammɔsɛm de abɛto nnipa so no, Onyankopɔn beyi afi hɔ. Sɛ ɛyɛ dɛm na obi adi oo, sɛ ehu na abɛhyɛ ne mu oo, ne nyinaa Onyankopɔn beyi afi hɔ. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:3, 4) Awufo mpo, wahyɛ bɔ sɛ obenyan wɔn asan aba nkwa mu ama wɔabɛtena asaase so asomdwoe mu.—Yohane 5:28, 29.

Bible ma yenya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛkeka ne ho. Nanso, ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Adɛn nti na dedaadaw yi Onyankopɔn nyii amammɔsɛm mfii hɔ?’ Sɛ wopɛ sɛ wunya ho mmuae a, hwɛ video a yɛato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

a Sɛ yɛka “amammɔsɛm” a, ɛtaa kyerɛ awudisɛm a wɔde hunahuna temanmufo anaa temanmufo a wodi wɔn awu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ehu bɛhyɛ wɔn mu na wɔasesa aban, nyamesom, anaa biribi wɔ ɔmanfo asetenam. Nanso, biribi wɔ hɔ a, ɛnyɛ obiara na obegye atom sɛ ɛno nso yɛ amammɔsɛm.

Bible boa nkurɔfo ma wotumi gyina mu

Bible kyerɛ sɛ woyɛ nneɛma mmienu yi a, ebetumi aboa wo.

  • Bɔ Onyankopɔn mpae.—Filipifo 4:6, 7.

  • Fa w’ani to anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no so.—Hebrifo 6:19.

Sɛ worepɛ Bible mu nsɛm foforo a ɛbɛboa wo a, hwɛ asɛm a yɛato din “How to Control Worry.”

Yehowa Adansefo a amammɔfo awurukasɛm no bi aka wɔn a wɔatumi agyina mu no, wɔn nuanom agyidifo nso boaa wɔn. Yɛnhwɛ emu mmienu:

  • Wɔde nhwiren agugu sukuu dan bi ho wɔ Beslan, Russia. Wɔde rekae wɔn a wowuwui no.

    Natalya ne ne ba barima Aslan a wadi mfe nkron. Da bi, na wɔwɔ sukuu mu wɔ Beslan wɔ Russia, ɛnna amammɔfo bi a wokurakura atuo bɔ wuraa hɔ. Wɔfaa nnipa bɛboro 1,000 de wɔn kosiei. Awerɛhosɛm ne sɛ, wokum nnipa bebree, na na wɔn mu dodow no ara yɛ nkwadaa. Natalya ne Aslan de, wɔanwu, nanso ɛde ehu bi bɛhyɛɛ wɔn mu. Hwɛ nea ɛboaa wɔn maa ehu no kɔe.

  • Pablo ne Sophie.

    Pablo ne Sophie. Wɔn nso, aban atenten mmienu a ɛbɔ ho wɔ New York a amammɔfo kodwiriw gui no, ekum wɔn ba barima. Hwɛ saa video yi, na wubehu nea ɛboaa wɔn ne ebinom nso maa wogyinaa saa awurukasɛm no mu.

Bible boa nkurɔfo ma wɔsesa

Ntɛnkyea ne nhyɛso a ɛrekɔ so wɔ wiase no, ɛma nnipa bebree adwene tu fra, na wonhu nea wɔnyɛ. Ɛyɛ wɔn sɛ, sɛ wodi awu na wodi amammɔsɛm a, ɛno nko ara na wobetumi de atu ase. Nnipa a wɔte saa betumi asesa wɔn adwene? Aane. Sɛ wopɛ sɛ wohu sɛnea Bible mu nsɛm aboa ebinom ama wɔasesa wɔn adwene a, kenkan asɛm a yɛato din “Is a World Without Terrorism Possible?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena