Creation Nhoma No Kɔ Sukuu
Madi mfe 12 na migyina mangoo 7 wɔ Hazel Park Junior High School a ɛwɔ St. Paul wɔ Minnesota no. Bere a me kyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ nyansahu ho ade no kae sɛ ade a edi hɔ a yebesua no fa mmoa ne faako a wofi bae ho no, ɔkae sɛ yebesusuw adannandi ho. Misusuwii sɛ ɛyɛ hokwan fɛfɛ a manya sɛ mede yɛn nhoma, Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? no bɛkɔ sukuu.
Bere a me kyerɛkyerɛfo no hui no, mfonini ahorow no twee n’adwene. Obisae sɛ obetumi de akɔ fie na wakɔhwehwɛ mu anaa. Ɛbae sɛ wɔmaa yɛn kwan nnawɔtwe abien. Bere a ɔsan baa sukuu no, obisae sɛ ɔkwan bi wɔ hɔ a ɔbɛfa so anya saa nhoma yi bi atɔ anaa. Mekae sɛ yiw. Ne bo yɛ $2.50 pɛ.
Ɔkae sɛ esiane mmara bi a ɛbara nyamesom a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔ sukuu mu no nti, saa nhoma yi bɛboa no. Afei de na obetumi aka adebɔ ho asɛm wɔ n’adekyerɛ mu bere a ɛnyɛ nea ɔrekyerɛkyerɛ nyamesom no. Mpɛn pii no ɔde nhoma no kyerɛ wɔ sukuu dan no mu na ɔde mfonini ahorow a ɛfata no si nea ɔrekyerɛ no so dua. Bere a ɔde nhoma no akyerɛ mpɛn pii wɔ saa kwan yi so akyi no, ɔka kyerɛɛ adesuafo no sɛ bere biara a wɔpɛ no, wobetumi abɛhwehwɛ nhoma no mu. Afei nso ɔde Bible biako bae sɛnea ɛbɛyɛ a adesuafo no betumi akenkan adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Genesis no.
Bere a aka kakraa ma nea yɛresua no asa no, mehwɛɛ nnipa dodow a wɔakyerɛw wɔn din sɛ wɔahwehwɛ Creation nhoma foforo no mu no. Me ho dwirii me yiye sɛ wɔn a me ne wɔn kɔ sukuu no mu pii susuw sɛ ebia yefi adannandi mu anaasɛ wɔbɔɔ yɛn no ho no. Me kyerɛkyerɛfo no kae sɛ wakenkan yɛn nhoma ahorow no bi pɛn, nanso ɔpɛ saa nhoma yi kɛse.—A.P., United States.