Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Fi Adwenemhaw Mu Kɔ Anigye Mu
YEHOWA yɛ anigye Nyankopɔn. (1 Timoteo 1:11) Ɔpɛ sɛ wɔn a wɔsom no no nso ani gye. Enti, sɛ Yehowa asomfo mu bi nya adwenemhaw a, ɔbɛboa no ma watumi agyina yaw no ano na ebia wasan anya anigye honhom bio mpo. Osuahu a edi hɔ a efi Uruguay no yɛ eyi ho nhwɛso.
Ná onuawa bi retwɛn agye x-ray mfonini bi a okotwae wɔ Montevideo ayaresabea bi mu ho amanneɛbɔ Ná awuraa bi a ɔte ne nkyɛn no koma atu wɔ nea ebia oduruyɛfo a ɔhwɛɛ no no bɛka akyerɛ no ho. Onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ efi bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo no, onsuro hwee. Nanso awuraa no kae sɛ n’ani nnye Adansefo no ho efisɛ gyinapɛn a wɔhwehwɛ fi nkurɔfo nkyɛn no korɔn dodo.
Afei onuawa no kaa sɛnea Bible mu nokware ho nimdeɛ aboa no ho asɛm kyerɛɛ no. Na wahwere ne babea a wadi mfe 18 wɔ owu mu na onyaa adwenemhaw a emu yɛ den mfe awotwe. Adwene ho aduruyɛfo ne nnuru a ne bo yɛ den a ɔfae nyinaa antumi amma wanni saa adwenemhaw yi so. Ose wɔde no kɔtoo ayaresabea mpɛn pii, nanso ne ho antɔ no. Ná asomfo na wɔyɛ ne fie nnwuma, efisɛ na ɔno ankasa ntumi nyɛ biribiara. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho, efisɛ na onni asetra mu anigye biara bio. Na ɛte sɛ nea biribiara ntumi mmoa no.
Ɔka kyerɛɛ awuraa no sɛ, afei da koro Yehowa Adansefo kɔsraa no na wɔmaa no nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu. Ɛno ma onyaa Onyankopɔn Asɛm ho anigye na ofii ase kenkan Bible no nyinaa. Biribi fii ase sakrae wɔ ne mu. Ofii ase sɛ ɔbɛsɔre anɔpa na wahwɛ ne fifo. Awiei koraa no, osii gyinaa sɛ n’ankasa bɛyɛ fie hɔ nnwuma, na otumi yɛɛ saa. Ná ɛte sɛ nea ɔnyaree da mpo! Eyi maa n’ani gyei kɛse.
Wansan ankɔ adwene ho oduruyɛfo no nkyɛn bio. Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ hyɛɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛtra asa no mu den, na ɛdaa adi sɛ na eyi ne aduru a eye sen biara. Ɔhwehwɛɛ Yehowa Adansefo akyi kwan, na wofii ase na no suaa ade daa. Ofii ase kɔɔ nhyiam horow nso, na ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Mprempren de, n’ani gye wɔ Yehowa som mu, a adwenemhaw biara nhaw no.
Awuraa a ɔretwɛn wɔ ayaresabea hɔ no yɛɛ aso tiei. Afei ɔka kyerɛɛ onuawa no sɛ: “Mihyia Yehowa Adansefo bere ne bere mu; nanso ɛba sɛ daakye bi mebɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako ankasa a, ebefi nea woaka akyerɛ ma seesei ara no nti. Tie a mitiee wo no te sɛ nea merehu hann wɔ baabi a ɛhɔ yɛ sum.”
Wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii rehu sɛ mfaso nni so sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bedi asetra mu ɔhaw ahorow ho dwuma, na wɔredan aba Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Anigye bɛn ara na wonya sɛɛ yi sɛ wosua Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no ho ade, baabi a obiara ani begye, na adwenemhaw bɛyɛ ade a atwam no!—Mmebusɛm 16:20.