Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 8/8 kr. 17-19
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mede Aseda Ma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mede Aseda Ma?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo a Wonnyi Wɔn Ayɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda W’awofo Ase?
  • Ɛsɛ sɛ Woda Afoforo Nso Ase
  • Da Onyankopɔn Ase
  • “Monkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ”
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nya Anisɔ Su
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛkyerɛ Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 8/8 kr. 17-19

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mede Aseda Ma?

AGODIFO a na wɔwɔ Walt Disney agoru a wɔfrɛ no Pinocchio no mu no biako too dwom yi sɛ: “Wiase no de me ka wɔ asetra mu.” Na ɛte sɛ nea eyi ne su a mmofra pii a wɔte ase nnɛ no afa. Wɔnte nka sɛ wɔde obi aseda ho ka titiriw biara​—sɛ́ ɛyɛ awofo, ɔman no, anaasɛ mpo Onyankopɔn.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra bi a wɔwɔ Franse a wɔadi fi mfe 16 kosi 22 ho no kyerɛe sɛ wɔn mu pii de ahofadi a wobenya de abɔ wɔn bra sɛnea wɔpɛ no di “obu pii a wobenya ama abusuafo, ɔman no anaa ɔsom” no kan. Wote nka dɛn wɔ nneɛma ahorow a ɛtete sɛɛ ho?

Ebia ntetee a woanya ne daakye hokwan ahorow a wowɔ no remma wonte nka sɛ ɛsɛ sɛ woda nea wowɔ wɔ asetra mu no ho ase. Ebia woka mmofra ɔpepem pii a ɔwofo biako na ɔtetee wɔn anaasɛ ebia wɔne wɔn awofo antra no ho. Ebia na akyerɛkyerɛfo a wonni wo ho anigye na wɔkyerɛɛ wo ade wɔ sukuu. Ebia bere a wufii sukuu no woanya adwuma anyɛ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ nnɛ wiase a atirimmɔden wom yi mu no, mmofra pii te nka sɛ wɔn ho nhia, wɔnnɔ wɔn, wɔnkyerɛkyerɛ wɔn, na wonnya adwuma nyɛ. Ebia wɔ ntease pa mu no wobebisa sɛ: Dɛn na ɛsɛ sɛ mede aseda ma wɔ ho?

Awofo a Wonnyi Wɔn Ayɛ

Awofo a wonnyi wɔn ayɛ no nyɛ ade foforo. Wɔ afeha 17 no mu no, Shakespeare maa Ɔhene Lear kae sɛ: “Sɛ wowɔ ɔba a onni ayɛ a, ɛyɛ yaw sen sɛ ɔwɔ aka wo!”

Sɛ yɛbɛka no nokware mu a, bere a nnɛ mmofra pii “nni ayɛ” no, mpɛn pii no, mfomso no fi wɔn awofo. Tete onyansafo bi kyerɛwee sɛ: “Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri yi ɔbɛyɛ obi a onni ayɛ.”​—Mmebusɛm 29:11, NW.

Eyi yɛ nokware wɔ mmofra pii a wɔakokɔ wɔn no ho. Wɔanyinyin abɛyɛ mpanyimfo a wɔte nka sɛ ‘wiase no de wɔn ka wɔ asetra mu’ nanso wɔn de wɔnne obiara ka wɔ hwee ho.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda W’awofo Ase?

Nea ɛyɛ anigye no, ɛnyɛ awofo nyinaa na wɔkokɔ wɔn mma, na ɛnyɛ mmofra nyinaa na wonyin bɛyɛ wɔn a “wonni ayɛ.” Sɛ w’awofo baanu no nyinaa na wɔtetee wo a, ɛnde ɛsɛ sɛ woda wɔn ase. Nokwarem no, awofo biara nni hɔ a wɔyɛ pɛ. Nanso ɛno nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wugyina so yɛ bonniayɛ wɔ nea wɔayɛ ama wo no ho. Wɔrentumi mmu nea wɔayɛ ama wo fi bere a wɔwoo wo no ho akontaa. Ebia wobɛka sɛ ɛnyɛ wo na wokaa sɛ wɔnwo wo. Ɛyɛ nokware, nanso wote ase, na ɛsɛ sɛ obi de mfe pii hwɛ wo so. Mmofra ɔpepem pii awofonom to wɔn kyene na wonnya obi mma ɔnhwɛ wɔn. W’awofo fi ɔdɔ mu hwɛɛ wo so na wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa de tetee wo. So ɛnsɛ sɛ wuyi wɔn ayɛ?

Sɛ wɔn a wɔtetee wo no nyɛ w’awofo ankasa mpo a, ɛsɛ sɛ wuyi wɔn ayɛ, titiriw no, esiane sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔde wo baa asetra mu no nti. Ebia na wotuaa sika a ɛsõ mpo ansa na wonyaa hokwan sɛ wɔbɛtete wo. Anaasɛ sɛnea egyina faako a wote so no, ebia na ɔman no tuaa wɔn ka wɔ wo ntetee no ho. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wuyi wɔn ayɛ, efisɛ worentumi mfa sika ntɔ ɔdɔ ne ɔhwɛ a wunyae no.

Anaasɛ ebia na w’awofo no mu biako pɛ na ɔtetee wo. Ɔbea bi a mprempren ɔwɔ Italy ka sɛnea na ne su te wɔ ne maame a ɔno nkutoo na ɔyɛn no wɔ ne mmofraase no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea mmofra susuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔn awofo yɛ nnipa a wɔyɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ saa na na ɛte wɔ me fam bere a na meyɛ abofra no. Akyiri yi ara na mihui sɛ obu a ɛfata a memfa mma no no nye. Ɛboaa me yiye sɛ mibisaa me ho sɛ: So mama yɛ onipa bɔnefo? no. Dabi, metee ase yiye sɛ ɔyɛ onipa pa ankasa. Ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa sɛnea ne ntease te. Nanso ɔnyɛ pɛ, sɛnea me nso menyɛ pɛ no. Enti minuu me ho wɔ sɛnea meyɛɛ m’ade a mansusuw nneɛma ho ansa na merete saa asɛm no ase no ho.”

Ɛsɛ sɛ Woda Afoforo Nso Ase

Mmofra baahe na wɔ wɔn asetra mu bere bi a ɛho hia mu no, wɔanya mmoa ne akwankyerɛ afi obi a ɔnne wɔn ka wɔ ɔkwan biara so nkyɛn? Ebia na ɔyɛ abusua no adamfo, ɔkyerɛkyerɛfo, anaasɛ ɔbarima anaa ɔbea bi a ɔwɔ Kristofo asafo no mu.

Sɛnea tete bɛ bi ka no: “Asɛm a wɔka wɔ ne bere mu, eye dɛn ara!” (Mmebusɛm 15:23) Afotu pa a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu no tumi siw ɔhaw a ɛbɛba ano. (1 Samuel 25:33) Bible no kyerɛ sɛ mmea anyansafo a wɔwɔ osuahu betumi de akwankyerɛ pa a mfaso wɔ so ama mmabaa. (Tito 2:3-5) Ne titiriw no, mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu betumi aboa mmofra ma wɔatwe wɔn ho afi nneɛma a ɛbɛma wɔahwe ase ho na wɔadi asetra mu botae ahorow a eye akyi. (Hwɛ 2 Timoteo 2:20-22.) Yiw, asɛm biako pɛ bi a wɔka betumi ama abofra bi asakra n’asetra. So wokae sɛnea wunyaa afotu a ɛba wɔ ne bere mu bi a ɛte saa no mu mfaso? Sɛ saa a, so wokae sɛ ɛsɛ sɛ woda ho ase?

Lydie a ɔyɛ Kristoni ɔbea bi a ɔwɔ Franse no kae sɛnea ɔfaa amanehunu bi mu bere a na wadi mfe 16. Bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo a wabɔ asu akyi no, ɔde ne ho hyɛɛ ne sukuu adesua mu araa ma anigye a ɔwɔ wɔ Kristofo nnwuma ne nhyiamkɔ ho no ano dwudwoe. Da koro bi ɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔrempɛ sɛ obenya Adansefo no nhyiam ne asɛnkakɔ no mu kyɛfa bio. N’awofo fi ayamye mu ne no kasae. Asafo mpanyimfo baasa pɛe sɛ wɔne no kasa. Ɔhwɛɛ kwan sɛ wɔde ‘Kyerɛwnsɛm begu ne so de akyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ asɛnka.’ Mmom no, wotiee ne haw ahorow no, wɔdaa ntease adi na wofi onuadɔ mu boaa no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Anwonwasɛm! Wɔn ayamye su no maa me ho dwiriw me. Meda wɔn ase sɛ wɔn mmoa a efi ɔdɔ mu no nti, m’ani san baa me ho so bio.” Mprempren Lydie resom sɛ bere nyinaa Kristoni somfo.

Da Onyankopɔn Ase

Akyinnye biara nni ho sɛ bonniayɛ a ɛsen biara a mmofra yi adi nnansa yi ne aseda a wɔmmfa mma Onyankopɔn no. Wɔn mu dodow no ara de honam fam nneɛma di Onyankopɔn kan.

Nea ɛyɛ anigye no, mmofra a wɔwɔ wiase nyinaa no pii ahu ka a wɔde Onyankopɔn no. Abofra a wɔfrɛ no Michel ne ne maame na ɛte wɔ Fransefo supɔw a wɔfrɛ no Corsica no kurow bi a atew ne ho no mu. Bere a Nyan! kyerɛwfo bi kae sɛ ɔnkyerɛw nneɛma ahorow a ɛma osusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔda Onyankopɔn ase no, ɔkyerɛw nneɛma ahorow 24. Ɔde nkwa a ɛyɛ akyɛde ne nneɛma ahorow a ɛma ɛkɔ so na ɛma wonya mu anigye no na efii ase. Afei, bere a wasusuw ho akɔ akyiri no, ɔbobɔɔ honhom mu nneɛma ahorow a onya mu anigye no din​—ne maame a ɔyɛ gyidifo ne honhom mu anuanom a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetwa kwan tenten abɛboa wɔn baanu nyinaa no.

Te sɛ Michel no, mmofra ɔpepem pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔda “Onyankopɔn teasefo” a “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa” no ase. (Asomafo no Nnwuma 14:15-17; 17:24-28) Wɔ eyinom fam no, wɔn mfɛfo no mu pii a wɔyɛ bonniayɛfo no yɛ adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛte mprempren nneɛma yi “nna a edi akyiri” mu no mu biako. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo.”​—2 Timoteo 3:1, 2.

Yehowa Adansefo mpem ɔhaha pii wɔ daakye pa a ɛda wɔn anim wɔ trenee “asase foforo” a abɛn no so. (2 Petro 3:9, 13) Ansa na ɛbɛba no, wɔn mu pii rekyerɛ wɔn anisɔ denam sɛnea wɔde bere dodow biara a wobetumi ka saa anidaso a ɛyɛ nwonwa yi ho asɛm kyerɛ afoforo no so. Na sɛ wɔn honam fam abusuafo nni gyidi koro no ara bi mpo a, wonya anigye wɔ wɔn honhom mu anuanom abusua a ɛwɔ wiase nyinaa no mu.​—Marko 10:29, 30.

Enti sɛ ebia wuresusuw w’awofo, w’akyerɛkyerɛfo, nnamfo a wɔwɔ osuahu a wɔama wo afotu bi, anaa nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa, “anidaso Nyankopɔn” no ho a, susuw nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ ‘woyɛ obi a ɔwɔ ayɛ’ no ho.​—Romafo 15:13; Kolosefo 3:15.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

“Ɛboaa me yiye sɛ mibisaa me ho sɛ: So mama yɛ onipa bɔnefo? no. Dabi, metee ase yiye sɛ ɔyɛ onipa pa ankasa”

[Kratafa 18 mfoni]

Mmofra nso betumi akyerɛ anisɔ wɔ akwan nketewa so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena