Ayaresa A Ɛtra Hɔ Daa
EBIA nnuruyɛ mu nyansahu, ne ne nnɛyi nkɔanim ahorow no bedi ɔko no mu nkonim—nanso ɛda so ara di nkogu wɔ ɔsa no mu. Ɛkame ayɛ sɛ bere biara a yɛbɛte nka sɛ yɛanya nimdeɛ ne osuahu bi no, mmerɛwyɛ fi ase bubu yɛn, na ɛnkyɛ na owu aba. Nanso Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɛrenkɔ so saa daa. Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ ‘ɔbɛmene owu akosi daa, na wapopa ani nyinaa so nusu.’—Yesaia 25:8.
So ɛno yɛ den sɛ yebegye adi? Wususuw sɛ mfe 80 asetra yɛ bere tenten? Nnua bi wɔ hɔ a etumi tra ase mfe mpem mpem pii—dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wutumi yɛ saa? Onyankopɔn ama apataa bi tumi a sɛ ne basa bu a otumi fifi foforo koraa. So ɔrentumi mma wunya nipadua a ɛwɔ akwahosan a ɛyɛ pɛ na edi mũ?
Bɛyɛ mfe 2,000 ni a Yesu Kristo yɛɛ anwonwade akɛse pii wɔ asase so. Ɛnyɛ kwata nko na ɔsae na mmom “ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.” Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no se ɔsaa “mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum . . . yare. Ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san wɔn, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade.” Ná enhia sɛ Yesu de nkwaa afoforo si nea ɔyare aka no no ananmu—ɔsaa nkwaa anaa nipadua no fã a ɔyare aka no no ankasa yare. Na ɔsaa yare no prɛko pɛ, a ɛtɔ da mpo a na ɔwɔ akyiri baabi.a
Ɛnyɛ tumi nko na na Yesu wɔ sɛ ɔsa yare na mmom na ɔwɔ ɔpɛ nso. Bere bi ɔkwatani bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” Yesu de ayamhyehye buae sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi.” Onyan awufo mpo—anyɛ yiye koraa no wɔ nhwɛso biako mu no na ɔhonam no afi ase reporɔw.—Marko 1:40-42; Yohane 11:38-44.
Saa nhwɛso ahorow a ɛyɛ nwonwa yi kyerɛ dɛn? Sɛ Yesu a mprempren wɔde no asi agua so sɛ ɔsoro hene no, ɛnyɛ tumi nko na ɔwɔ sɛ ɔde ayaresa ankasa a ɛtra hɔ daa bɛba na mmom ɔwɔ ɔpɛ nso. Ɔbɛyɛ sɛnea Bible hyɛ bɔ no.
Saa nhoma, Bible, no kyerɛkyerɛ nsakrae bi a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛba adesamma nsɛm mu nnansa yi ara—Onyankopɔn ankasa a ɔde ne ho begye adesamma nsɛm mu na wɔasan de paradise asase bi a mframa ne nneɛma a wɔsɛe no, ɔyare, nsɛmmɔnedi, nitan, ne ɔko nni so asi ho. Ɛka ayaresa ankasa a ɛtra ho daa, honhom fam ne ɔhonam fam de nyinaa ho asɛm. Na Bible nkɔmhyɛ da no adi sɛ nnipa bi wɔ hɔ a na wɔte ase bere a Wiase Ko I bae no na wɔbɛkɔ so atra ase bere a saa wiase nyinaa nsakrae yi ba no.—Mateo 24:3, 14, 34.
Nokware Akwahosan
Bible no ti ahorow a edi akyiri no ka trenee nniso bi a efi “soro Onyankopɔn nkyɛn resian”—aba adesamma mu wɔ asase so ha ho asɛm. Afei Onyankopɔn “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:2-4) Wɔ ɔhonam, fam ne honhom fam nso no, “afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” “Na ɔmanfo no mu biara renka sɛ: “Magurow!”—Yesaia 35:5, 6; 33:24.
Enti, ɛnyɛ bere tiaa mu aduruyɛ mu mmoa anaa ayaresa bi kɛkɛ, na mmom nokware akwahosan a obiara benya ne bɔhyɛ a wɔde ama wɔn a wɔbɛtra asase so so wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase no. Ɛda adi sɛ ɛno yɛ botae pa a ɛsɛ sɛ wopere du ho!
[Ase hɔ nsɛm]
a Wubetumi akenkan saa nsɛm a esisii no ho amanneɛbɔ a wotumi de ho to so no wɔ Bible no afã horow a edidi so yi: Mateo 4:23; 15:21-31; Marko 5:25-34; 7:31-37; Luka 7:1-10; 13:11-13; Yohane 9:1-32.