Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • sp kr. 30-31
  • Paradise Asase No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paradise Asase No
  • Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔhyɛ Asetra Pa Ho Bɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Onyankopɔn Nnamfo Bɛtena Paradise
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Mmere Pa—Ɛwɔ Yɛn Anim Pɛɛ!
    Nyan!—1995
  • Nokware Som So Betumi Aba Wo Mfaso Daa!
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
sp kr. 30-31

Paradise Asase No

Nnipa a wofi aman ne mmusua ahorow mu abom redidi wɔ Paradise

Yehowa besiesie nneɛma bɔne a Satan ayɛ no nyinaa. Yehowa de Yesu asi asase nyinaa so Hene. Ɔbɛma asase no adan paradise wɔ ne nniso ase.—Daniel 7:13, 14; Luka 23:43.

Yehowa hyɛ nneɛma yi ho bɔ:

  • ADUAN BEBREE: “Asase bɛma ne nnɔbae; Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, behyira yɛn.” “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 67:6; 72:16.

  • WƆRENNI AKO BIO: “Mommra mmɛhwɛ Yehowa nnwuma, sɛnea wayɛ anwonwadwuma pii asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:8, 9.

  • NNIPA ABƆNEFO RENTRA HƆ: “Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio; na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ.”—Dwom 37:9, 10.

  • Paradise Asetena

    ƆYARE, AWERƐHOW ANAA OWU RENTRA HƆ: “Saa bere no anifuraefo ani bebue na asotifo aso ate asɛm. Ɛbere no mu na apakye behuruw sɛ ɔforote na mum tɛkrɛma de anigye abɔ ose.”—Yesaia 35:5, 6.

    “Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa nte sɛ Satan ne adaemone no nti, onni atoro da. Ɛsɛ sɛ biribiara a ɔhyɛ ho bɔ no bam. (Luka 1:36, 37) Yehowa dɔ wo na ɔpɛ sɛ wotra Paradise a ɔbɛyɛ no mu. Enti kohu Yehowa Adansefo na sua Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛyɛ nwonwa no ho ade pii. Sɛ wode nokware no di dwuma wɔ w’asetra mu a, wobɛde wo ho afi atosɛm, gyidi hunu ne nim a wonnim de nkoasom mu. Ɛrenkyɛ wobɛde wo ho afi bɔne ne owu nkoasom mu. Sɛnea Yesu kae no: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:32.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena