Tete Wo Ba No Sɛ Wɔ Ɔkwan Pa So—Na Yɛ Saa Fi Mmofraase!
“Akyinnye biara nni ho sɛ mmofraase ne bere pa a ɛsen biara. Ɛsɛ sɛ wɔde ntetee di ho dwuma wɔ ɔkwan biara a wobetumi asusuw ho na wɔanya so. Wɔrentumi nhyɛ saa bere yi a wɔsɛe no no ananmu da. Sɛ́ anka yɛbebu yɛn ani agu saa mfitiase mfe no so, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛde ahwɛyiye ankasa bɛyɛ ho adwuma.”—Dr. Alexis Carrel.
ƐHO hia sɛ wosiesie adwene ne koma no nyinaa. Ebia nneɛma a ɛyɛ nwonwa a adwene no tumi yɛ no bɛma nnipa ho adwiriw wɔn, nanso Onyankopɔn hwɛ komam. Tirim nimdeɛ tumi ma obi homan; ɛyɛ komam ɔdɔ na ɛma nkɔso. Adwene a enim de hia ɔdɔ koma, “efisɛ nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.” Efi saa sɛnkyerɛnne kwan so koma yi mu na nnepa ne nnebɔne fi ba. (Mateo 12:34, 35; 15:19; 1 Samuel 16:7; 1 Korintofo 8:1) Enti bere a ɛho hia sɛ wokanyan mmofra adwene no, ɛho hia kɛse mpo sɛ wode ɔdɔ hyɛ wɔn komam.
Wonya nea wɔde befi eyi ase no fi bere a wɔawo wɔn. Wɔfrɛ no ɔbagyigye. Ɛna no fa ne ba no, ɔwosow no, ɔbobɔ no, na ɔkasa kyerɛ no de gyigye no agoru. Abofra no nso hwɛ ne na anim dinn. Obagyigye nen, ɛkanyan ɛna no nkate ahorow, na abofra no te nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ. Abenfo binom gye di sɛ “bere titiriw bi wɔ simma kakraa ne nnɔnhwerew kakraa a edi abotafowa no awo akyi a ɛma abotafowa ne ɔwofo abusuabɔ mu yɛ den.”
Ɛyɛ nhyɛase pa, nanso ɛyɛ nhyɛase ara kwa. Abotafowa no ntumi nyɛ hwee, na ne na no titiriw na odi n’ahiade nyinaa ho dwuma ma no—nipadua ne nkate mu nyinaa. Sɛ abofra no annya aduan a ɔkɔm kum no; obetumi adi kɔm wɔ nkate mu nso. Nsa so a wɔfa no to, koko so a wɔde no bɔ, awosow awosow, agorudi, ɔdɔ—ne nyinaa kanyan amemene no onyin. Wɔde saa nkanyan yi atoto aduannuru a amemene no nya ho. Sɛ enni ho a amemene no di kɔm na ɛtɔ ape ne nkwa nna nyinaa. Na esiane saa ani a wobu gu ne so yi nso nti, obetumi abɛyɛ otirimuɔdenfo, abofra bɔne, ne onuɔdenfo. Ɛna no adwuma no yɛ ade titiriw ma abofra no ne nnipa afoforo—ɛho hia sen wiase adwuma biara!
Agya no Afã
Ɛnsɛ sɛ woyi agya no fi mu. Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ awoe hɔ a, agya-ne-abotafowa ntam abusuabɔ no fi ase. Bere a adapɛn ne asram no twam no, n’afã no mu nkɛntɛnso no mu trɛw ntɛmntɛm, sɛnea Dr. T. Berry Brazelton a ɔyɛ ɔbenfo wɔ mmofra onyin mu no kyerɛ no.
Ose: “Abofra biara hia ɛna ne agya, na agya biara betumi ama nsonsonoe aba. Wɔ abofraa fam no, agya a ɔyɛ n’adwuma na ɔde ne ho hyehyɛ no a obenya no nte sɛ ɛna ɔhwɛ a onya no ara kwa.” Ɔfaa amanneɛbɔ bi a ɛkyerɛ nsonsonoe ahorow a ɛda akwan a ɛnanom ne agyanom fa so hwɛ mmofra mu no kae. “Ɛte sɛ nea na ɛnanom no dwo na wɔyɛ brɛoo wɔ wɔn mma no ho. ‘Wɔ ɔkwan foforo so no, ná agyanom no ne wɔn mma no di agoru pii, wonunu wɔn, na wɔde wɔn nsa bobɔ wɔn pii sen ɛnanom no.” Nanso agyanom ma mmofra nea ɛsen agorudi ara kwa. Ose: “Baabi a agya no yɛ n’adwuma no, abofra no nyin bɛyɛ obi a ɔbɔ mmɔden wɔ sukuu, obenya afoforo a wɔne wɔn kasa serew ho adwempa na otumi ne mmofra afoforo bɔ yiye. Ɔwɔ n’ankasa mu ahotoso na onya nkuranhyɛ pa sɛ obesua ade. Abofra no bedi mfe asia anaa ason no, na n’adwene mu tumi a obetumi de asua ade no akɔ soro.”
Yehowa Nyankopɔn de nkyerɛnkyerɛ abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛda agya ne ɔba ntam no ho ahyɛde ma: “Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Mpanyin ne mmofra ntam a ɛtetew mfiase biara nni ha!
Mmofraase a Wofi De Ntetee Ma
Mmotafowa onyin no wɔ afã ahorow wɔ mfe no nyinaa mu fi awo mu kosi mfe asia: ntini ahorow adwumayɛ, ɔkasasua, nkate mu su ahorow, nneɛma a wotumi kae, nneɛma ho a wosusuw, ahonim, ne afoforo. Bere a abotafowa amemene no renyin ntɛmntɛm na afã horow yi mu biara ba no, ɛno ne bere pa a ɛsɛ sɛ wɔde tumi ahorow yi mu ntetee ma.
Ɛno ne bere a abotafowa no amemene no twetwe tumi anaa su ahorow yi te sɛ sapɔw a ɛnonom nsu no. Sɛ wɔdɔ no a, osua ɔdɔ. Sɛ wɔkasa kyerɛ no na wɔkenkan kyerɛ no a, osua kasa ne akenkan nyinaa. Sɛ wɔde adetrenee kyerɛ no a, osua nnyinasosɛm pa. Sɛ adesua mmere horow yi twam a wɔamfa anni dwuma a, ɛbɛyɛ den akyiri yi sɛ wobenya saa su ne tumi ahorow yi.
Bible no hu eyi, enti etu awofo fo sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Keil-Delitzsch nkyerɛkyerɛmu no ka no sɛɛ se: “Ma abofra nkyerɛkyerɛ a ɛne Ne kwan hyia.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kyerɛ” no kyerɛ “fi ase” nso na wɔ ha no ɛkyerɛ abotafowa nkyerɛkyerɛ a wofi ase. Fa ma abofra no sɛnea ne kwan te, sɛnea ɛne ne kwan hyia, sɛnea ɛne ne onyin ɔfã a wadu mu no hyia. Ɛno ne bere pa a obetumi agye, na ɛda adi sɛ nea osua wɔ saa nsiesie mfe no mu no bɛka no hɔ.
Eyi ne adwene a wɔn a wosua ɔdesani onyin ho ade no mu pii nso anya: “Yɛnyɛɛ ade kyenkyenee biara wɔ mmofra onyin ho nhwehwɛmu no mu sɛ yɛde bɛsakra mfitiase nipasu akwan, anaa mfitiase asetra mu su ahorow wɔ baabiara.” Wogye tom sɛ ebetumi aba saa, nanso “sɛnea ɛtaa ba no, wɔrentumi nnya ano aduru biara.” Nanso, ɛdenam Onyankopɔn nokware no tumi a etumi de nsakrae ba so no, wɔn a ɛsono wɔn pii tumi ba.—Efesofo 4:22, 24; Kolosefo 3:9, 10.
Ɔkasa yɛ ntetee a wɔde ma wɔ bere pa mu no ho nhwɛso pa. Wofi awo mu asiesie mmofra sɛ wobetumi asua kasa, nanso sɛ nea ɛte sɛɛ a wɔde ahyɛ wɔn adwene mu yi betumi ayɛ adwuma pɛpɛɛpɛ a, ɛsɛ sɛ wɔma abofra no nya kasa nnyigyei ahorow wɔ ne nyin no fã a ɛfata mu. Sɛ mpanyimfo taa kasa kyerɛ abofra no a, kasa mu onyin no bɛyɛ kɛse asram 6 ne 12 mfinimfini hɔ. Asram 12 ne 18 mfinimfini, bere a abofra no hu sɛ nsɛmfua kyerɛ biribi no, saa onyin yi kɔ so ntɛmntɛm.
Ɔresua nsɛmfua ansa na watumi de akasa. Wɔ asetra afe a ɛto so abien no mu no, saa nsɛm a ɔte, anaa ɔnka bi, no dodow fi nsɛmfua kakraa bi mu kodu ɔhaha pii. Ɔsomafo Paulo kaee Timoteo sɛ “wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no.” (2 Timoteo 3:15) Asɛmfua “mmofraase” no nkyerɛase ankasa ne “nea onnim kasa.” Ɛda adi yiye sɛ wɔkenkanee Kyerɛw Kronkron no kyerɛɛ Timoteo bere a na ɔda so ara yɛ abofraa, ne sɛ na onim Bible mu nsɛmfua pii ansa na ɔretumi de akasa.
Asɛm no ne sɛ, mmere atitiriw bi wɔ abofra no onyin mu a obetumi de asua nneɛma bi wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so, mpo ɔkyere gu ne tirim. Nanso, sɛ saa mmere no twam a wannya nkanyan a ohia no a, saa tumi ahorow no rennyin wɔ ɔkwan pa so. Sɛ nhwɛso no, sɛ mmofra ante ɔkasa biara koraa kosi akyiri yi mfe bi mu a, wobesua no wɔ ɔkwan a ɛnkɔ ntɛm koraa ne nea ɛyɛ ɔbrɛ so, na mpɛn pii no wontumi nsua no yiye.
Kenkan Kyerɛ Wo Ba Fi Mmotafowa Bere Mu
Bere bɛn na wufi ase? Fi mfiase. Kenkan ade kyerɛ wo ba a wɔawo no foforo no. ‘Nanso ɔrente ase!’ Bere bɛn na wufii ase kasa kyerɛɛ no? ‘Ɛdɛn, ntɛm ara.’ So na ɔte nea woreka no ase? ‘Ɛɛ, dabi, nanso . . . ’ Ɛnde dɛn nti na wonkenkan ade nkyerɛ no?
Bere a abofra no da wo srɛ so, ɔda wo nsa so, wode no fam wo bo no, ɔte nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ, wɔdɔ no. Kenkan a wobɛkenkan akyerɛ no no yɛ osuahu a anigye wom. Ɛka biribi kyerɛ no. Ɔfa no sɛ akenkan ne anigye nkate na ɛnam. Mmofra yɛ asuasua na awofo yɛ nhwɛso ahorow. Ɔpɛ sɛ osuasua. Ɔpɛ sɛ ɔkenkan. Odi agoru te sɛ nea ɔrekenkan. Akyiri yi ohu anigye pii a ɛwɔ akenkan mu no.
Mfaso kɛse foforo nso fi eyi mu ba—ɔremmɛyɛ obi a television hwɛ anya ne so nkɛntɛnso. Ɔrentra ase a n’ani ayɛ hyɛnn a ɔhwɛ sekan a wode wowɔ, atuo a wɔde kunkum, awudi, mmonnaato, aguamammɔ, ne awaresɛe. Obetumi ato TV no mu; obetumi abue nhoma mu akenkan. Ɛyɛ adenya kɛse ampa wo ɛnnɛ bere yi a nnipa pii nnim akenkan na TV anya pii so nkɛntɛnso no mu!
Egye Bere Ansa na Wɔadɔ Abofra
Nokwarem no, egye bere ansa na woatumi akenkan akyerɛ mmofra. Na egye bere ansa na woatumi ne wo ba adi agoru, moagoru mpempenaa ne anto-akyiri, na wode ahu sɛ ɔhwehwɛ nneɛma mu, ofi ase yɛ nneɛma, ɔhwehwɛ nneɛma afoforo mu, ɔbɔ ne tirim yɛ nneɛma no. Ɔwofoyɛ gye bere. Na eye sɛ wubefi ase bere a wo mma no yɛ mmotafowa no. Mpɛn pii no saa bere no na mpanyimfo ne mmofra ntam abusuabɔ kwan a esiw no fi ase; wɔtaa twɛn kosi sɛ wonyin bɛn mfe 20. Robert J. Keeshan a odi mmofra dwumadi a wɔfrɛ no Captain Kangaroo ho dwuma wɔ radio so no ka sɛnea ebetumi aba no kyerɛ yɛn sɛ:
“Abofra kumaa twɛn a ne kokurobeti hyɛ n’anom, okura n’ade a ɔde di agoru, na ne ho pere no sɛ n’awofo mu biako bɛba fie. Ɔpɛ sɛ ɔka ne suahu nketewaa no bi kyerɛ wɔn. Ɔpɛ sɛ ɔne wɔn kyɛ ɛda no mu anigyede a wahyia no bi. Bere no du na ɔwofo no ba. Bere a adwuma nhyɛso ama ɔwofo no abrɛ yiye no, ɔtaa ka kyerɛ abofra no sɛ, ‘Dabi me ba. Ɛnyɛ seesei. Minni adagyew, kɔhwɛ television.’ Nsɛm a wɔtaa ka wɔ Amerikafo pii afi mu ne ‘Minni adagyew, kɔhwɛ television.’ Sɛ ɛnyɛ saa bere yi a, ɛnde bere bɛn? ‘Akyiri yi.’ Nanso akyiri yi ntaa mma . . .
“Mfe pii twam na abofra no nyin. Yɛma no nneɛma a ɔde bedi agoru ne ntade pii. Yɛma no ntade a wɔahyɛ da apam ne mfiri a wɔde bɔ nnwom nanso yɛmfa nea ohia yiye ankasa a ɛne yɛn bere no mma no. Wadi mfe dunnan, n’ani nyinaa ayɛ hyɛnn, asɛm wɔ n’ano. ‘Me dɔfo, ɛyɛ asɛm bɛn? Ka kyerɛ me, ka kyerɛ me.’ Aka akyi dodow. Ɔdɔ atwa yɛn ho kɔ. . . .
“Bere a yɛka kyerɛ abofra sɛ, ‘Ɛnyɛ saa bere yi, akyiri yi.’ Bere a yɛka sɛ, ‘Kɔhwɛ TV.’ Bere a yɛka sɛ, ‘Mmisa nsɛm pii saa.’ Bere a yɛmmfa ade biako a yɛn mma nkumaa no hia fi yɛn ho a ɛne yɛn bere no mma wɔn. Bere a yennya ɔdɔ mma abofra no. Ɛnyɛ sɛ ebia yennwen wɔn ho. Nea ɛwom ara ne sɛ yenni adagyew koraa sɛ yebenya ɔdɔ ama abofra bi.”
Ampa, wo ba a wobɛdɔ no no gye bere. Ɛnyɛ bere a wode bɛma no aduan na wode ahyɛ no atade nko, na mmom bere a wode ɔdɔ bɛhyɛ ne komam nso. Ɛnyɛ ɔdɔ a wɔkari hwɛ, wosusuw hwɛ, na wɔkyekyɛ no nkakrankakra na mmom nea ebu so. “Ɔdɔ a wɔnnto ano,” sɛnea Burton L. White a ɔkyerɛw nhoma a wɔfrɛ no The First Three Years of Life no frɛ no no. Ɔkae sɛ: “Nyansa nni mu koraa sɛ awofo a wɔyɛ adwuma bɛdan mmofra ntetee adwuma no ama obi foforo, titiriw no wɔde bɛto nteteebea ahorow so. Mprempren yi, esiane saa asɛm yi nti, nnipa pii akasa atia me, nanso nea ɛhaw me ne nea eye ma mmofra no.” Obu eyi sɛ “nea eye ma mmofra no,” nanso ogye tom sɛ saa adwempa yi rentumi nyɛ yiye bere nyinaa wɔ sikasɛm fam wɔ baabi a ɛsɛ sɛ ɔwofo biako anaasɛ wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma no.
Nteɛso—Asɛnkɛse!
Woabu Bible no nso animtiaa saa ara esiane afotu a ɛde ma fa nteɛso ho no nti. “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛm so.” (Mmebusɛm 13:24) Ɛdefa eyi ho no New International Version Study Bible asehɔ asɛm se: “abaa. Ɛda adi sɛ ɛyɛ akasabebu a wɔde ka nteɛso biara ho asɛm.” Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛkyerɛ “abaa” ase sɛ “ahempoma, tumidi ho sɛnkyerɛnne.”
Ebia ɔwofo nniso no bɛhwehwɛ sɛ wotwa abofra to, nanso mpɛn pii no ɛho nhia. Sɛnea 2 Timoteo 2:24, 25 kyerɛ no, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘dwo ma nnipa nyinaa . . . de odwo kasa kyerɛ.’ Wɔkyerɛɛ “kasa kyerɛ” a ɛwɔ ha no ase fii Hela asɛmfua a egyina hɔ ma nteɛso no mu. Ɛsɛ sɛ wosusuw mmofra nkate ho wɔ nteɛso a wɔde ma mu: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.
Adwene ho abenfo a wɔko ma ahofadi adwene no se sɛ wutwa abofra to a ɛkyerɛ sɛ wotan no. Ɛnyɛ nokware. Ahofadi a wɔma wɔn no na ɛyɛ ɔtan. Ɛde mmofrabɔnesɛm ne awudisɛm pii ahyɛ asase so nyinaa ma na ɛde yaw pii abrɛ awofo ɔpepem pii. Ɛte sɛnea Mmebusɛm 29:15 ka no, sɛ: “Abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” Wɔ asɛmti “Awofo a wɔyɛ katee ne wɔn a wɔma ahofadi di asi” ase no, Dr. Joyce Brothers se:
“Nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra 2,000 a wogyina mangoo anum ne asia mu—a wɔn mu pii yɛ nea awofo a wɔyɛ katee na wɔtetee wɔn a afoforo nso wɔn a wɔma ahofadi hokwan na wɔtetee wɔn—no de nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw mae. Mmofra a wɔde kateeyɛ ateɛ wɔn so no daa wɔn ho a wobu kɛse adi na na wɔn na wɔbɔ mmɔden yiye wɔ asetra mu nsɛm nɛ nhomasua mu.” So na wɔn bo afuw wɔn awofo a wɔyɛ katee no anaa? Dabi, “wogye dii sɛ awofo nniso wɔ hɔ ma mmofra no ankasa yiyedi—na ɛyɛ awofo ɔdɔ a wɔda no adi.”
Ɔkasa a Eye Kyɛn Biara
Ɛne wo. Wo nhwɛso. Wone nea wo ba no bɛyɛ no ho nhwɛso. Otie nea woyɛ no kɛse sen nea woka. Ɔte wo nsɛm, nanso osuasua wo nneyɛe. Wo ba no yɛ agyinamoa a osuasua atow. Enti dɛn na wopɛ sɛ ɔyɛ? Obi a ɔwɔ ɔdɔ, ayamye, ɔdemafo, ɔdesuafo pa, ɔdenimfo, odwumayɛfo, Yesu osuani, Yehowa ɔsomfo? Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ saa ara.
Enti, tete wo ba no fi mmofraase, bere a n’amemene no nyin ntɛmntɛm na ɛtwetwe nsɛm ne nkate ma adwene no ne koma no. Nanso sɛ saa nsiesiei mfe a ɛho hia no atwam na womfaa nyamesom pa su no nhyɛɛ wo ba no mu a, ɛnde dɛn? Mpa abaw. Nsakrae betumi aba ara na ɛyɛ saa ma ɔpepem pii, mmofra ne mpanyin nyinaa, denam Onyankopɔn tumi so. Onyankopɔn Asɛm se, “munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.”—Kolosefo 3:9, 10.
[Kratafa 8 mfoni]
Wɔne agya wɔ hɔ: Akenkan bere, agodi bere
[Kratafa 10 mfoni]
Aguare bere betumi ayɛ anigye