Bere A Wofi Ase Nya Su Horow—Mubetwa Nea Mugu Mprempren No Akyiri Yi
AKOKOAA amemene te sɛ sapɔw ahorow a ɛnonom nneɛma a atwa ho ahyia no. Mfe abien mu na wɔresua kasa a ɛyɛ den denam te a wɔte ara kwa so. Sɛ akokoaa no tie kasa abien a, osua abien no nyinaa. Ɛnyɛ kasa nko, na mmom nnwonto, adwinni, apɔw mu teɛteɛ, abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow ne ahonim, gyidi ne ɔdɔ ne ɔsom ho akɔnnɔ nso—eyi nyinaa fi adeyɛ ho tumi a wɔadi kan de ahyɛ akokoaa amemene mu no. Wɔtwɛn tebea a wɔwom no mu nneɛma a ɛbɛma wɔanyin no kɛkɛ. Afei nso, bere nhyehyɛe pa wɔ hɔ ma saa nneɛma a ɛba amemene no mu yi na ɛde nnepa a ɛsen biara aba, na bere a eye ne bere a wofi ase nya su horow no.
Dwumadi no fi ase wɔ bere a wɔawo abofra no. Wɔfrɛ eyi sɛ biakoyɛ. Ɛnã no de ɔdɔ gyen n’ani hwɛ akokoaa no anim, ɔkasa brɛoo kyerɛ no, ɔde no fam ne bo. Bere a akokoaa no gyen n’ani hwɛ ne na na ɔte nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ no, ɛkanyan ɛna no nkate. Sɛ ofi ase ma abofra no nufu mfiase yi a, eye ma wɔn baanu nyinaa kɛse. Bere a akokoaa no num no, ɛma ɛna no kɔ so nya nufusu. Abofra no honam a ɛka ɛna no ho ma biribi a wɔfrɛ no Engiresi kasa mu sɛ hormones ba nipadua no mu, na ɛma mogya a etu no wɔ awo akyi no so tew. Biribi a ɛko tia nyarewa wɔ ɛna no nufusu no mu a ɛbɔ akokoaa no ho ban fi nyarewa ho. Biakoyɛ ba. Ɛyɛ abusuabɔ a ɔdɔ wom mfiase. Nanso ɛyɛ mfiase ara kwa.
Ɛnkyɛ na nnipa baanu yi adan nnipa baasa bere a agya no abɛka ho no, sɛnea ɛsɛ sɛ ɔka wɔn ho ɔkwan biara so no. Ɔbenfo T. Berry Brazelton ka sɛ, “Abofra biara hia. . .agya, na agya biara betumi ama nneɛma asesa. . . . Ná ɛnanom no taa yɛ wɔn mma bɔkɔɔ ne brɛbrɛ. Nanso, ná agyanom ne nkokoaa no di agoru kɛse, wonunu wɔn nkokoaa no bobɔ wɔn sen wɔn nanom.” Nkokoaa no teɛteɛm anigye so wɔ adeyɛ yi ho, wɔ aperepere agoru yi ho, na wɔpɛ sɛ wɔtoa so. Ɛyɛ biakoyɛ a wofii ase wɔ awo mu no ntoaso, na Ɔbenfo Magid a ɔka ho na wɔkyerɛw nhoma High Risk: Children Without a Conscience no ka sɛ, ‘ɛyɛ awofo ne ɔba ntam ɔdɔ a mpɛn pii no wonya anaa wɔhwere wɔ akokoaa no asetra mu asram duwɔtwe a edi kan no mu.’ Ose, sɛ wɔannya eyi a, mmofra a ɛte saa no nyin bɛyɛ nkurɔfo a wontumi ne afoforo mmɔ na wonni dɔ.
Ɛna ne Agya Nya Biakoyɛ no Mu Kyɛfa
Enti, hwɛ sɛnea ehia sɛ ɛna ne agya no de biakoyɛ hyɛ abofra ne awofo ntam abusuabɔ a ɔdɔ wom yi mu den wɔ bere a ɔrenya su horow no mu ansa na wafi mmotafowa sukuu ase! Ɛsɛ sɛ awofo baanu no nyinaa de abofra no fam wɔn bo na wofifew n’ano mpɛn pii. Yiw, agyanom nso nyɛ saa! June 1992 Men’s Health ka sɛ: “Mfe 36 nhwehwɛmu bi a wotintimii wɔ Journal of Personality and Social Psychology mu no ka sɛ, “abofra no a awofo no de no fam wɔn bo na wɔkyerɛ ne ho anigye no tumi ma wɔka sie sɛ ebesi no yiye wɔ nnamfofa mu, aware mu ne asetra mu adwumayɛ mu.” Bere a wɔde totoo ho no, mmofra a wɔwɔ awofo a wɔdɔ wɔn no mu ɔha biara mu nkyem aduɔson bɔɔ wɔn ho mmɔden wɔ asetra mu, na mmofra a awofo ne wɔnmmɔ no mu ɔha biara mu nkyem 30 pɛ na wɔyɛɛ saa; na wohui sɛ fam a agya no de wɔn fam ne bo ho hia te sɛ ɛna no de ara pɛ.”
Afei nso, munso no mu bere a ɔte agua a wɔwosow no mu no. Monkenkan ade nkyerɛ no bere a ɔda mo srɛ so a ɔte ahobammɔ nka no. Mo ne no nkasa na muntie no, monkyerɛ no nea eye ne nea enye, na mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ nhwɛso pa, na mo ankasa momfa nnyinasosɛm ahorow yi nni dwuma. Na ne nyinaa mu monkae mfe a abofra no adi no. Ɛsɛ sɛ moma ɛyɛ mmerɛw, moma ɛyɛ anigye, moma ɛyɛ agorudi.
Mo ba no wɔ awosu bi a ɛne sɛ ɔpɛ sɛ ohu nneɛma mu, ɔpɛ sɛ osua nneɛma a atwa ne ho ahyia no ho ade. Sɛnea ɛbɛyɛ na wadi ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obehu nneɛma mu no, abofra no taa bisabisa mo nsɛm pii. Dɛn na wɔde yɛ mframa? Dɛn nti na wim yɛ bruu? Dɛn nti na sɛ owia kɔtɔ a, ewim yɛ kɔkɔɔ? Ɛsɛ sɛ mubua. Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa. Nsemmisa yi yɛ nsato a ɛkyerɛ sɛ munya mo ba no adwene so nkɛntɛnso, na momfa biribi nhyem, ebia mode Onyankopɔn ne n’abɔde ho anisɔ bɛhyɛ mu. So ɔtɛfrɛw a ɔnam ahaban so na ɛyɛ no fɛ? Anaa nhwiren ketewa bi mu adwini? Anaa ɔrehwɛ ananse a ɔrenwene ne ntontan? Anaa ɔretutu fam kɛkɛ? Na ɛnsɛ sɛ mubu mo ani gu nsɛm ntiantiaa, te sɛ nea Yesu de mmebu yɛe no, a mode bɛkyerɛkyerɛ no so. Ɛma adesua yɛ anigye.
Wɔ tebea pii mu no, ehia sɛ awofo baanu no nyinaa yɛ adwuma na wɔanya nea ebetumi ahwɛ wɔn. So wobetumi abɔ mmɔden soronko bi ma wɔne wɔn mma abom ayɛ ade anwummere ne dapɛn awiei? So ebetumi ayɛ yiye sɛ ɛna no de nna no mu bere fã bɛyɛ adwuma na ama wanya bere pii ama ne mma? Ɛnnɛ awofo a wonni ahokafo bebree na wɔwɔ hɔ, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnwuma de hwɛ wɔn ho ne wɔn mma. So wobetumi abɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn anwummere ne dapɛn awiei mu nnɔnhwerew dodow a ɛsɛ atra wɔn mma ho? Wɔ tebea pii mu no, ehia sɛ ɛnanom gyaw wɔn mma hɔ kɔ baabi. Sɛ nea enti a ogyaw ne hɔ teɛ mpo a, abofra ketewa no nte ase na obetumi ate nka sɛ waguan agyaw no. Ɛnde ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden soronko bi sɛ mobɛtɔ bere ama mo ba.
Afei, “bere pa” a yɛte ho asɛm no yɛ dɛn? Ebia awofo a wonni adagyew de simma 15 anaa 20bɛtra wɔn ba nkyɛn da biara, ebia dɔnhwerew biako wɔ dapɛn no awiei, na wɔafrɛ eyi bere pa. So eyi dɔɔso na wɔde adi abofra no ahiade ho dwuma? Anaasɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma ɔwofo no ahonim mu adwo no? Anaasɛ ɛremma ɛna a ɔyɛ adwuma na ama n’ankasa anya akomatɔyam bere a obu n’ani gu ne ba ahiade so no annwennwenne? Nanso woka sɛ, ‘Nokwasɛm ne sɛ minni adagyew koraa ma minni saa bere no.’ Eyi nye koraa na ɛyɛ awerɛhow yiye ma wo ne wo ba no nyinaa efisɛ ɔkwantiaa biara nni hɔ a wubetumi afa so. Hwehwɛ bere wɔ bere a ɔrefi ase anya su horow no mu, anyɛ saa a, siesie wo ho sɛ wubenya mmofra a wɔne wo remmɔ bere a wɔadi boro mfe dumiɛnsa no.
Ɛnyɛ sɛe a abofra a wogyaw no baabi a wɔhwɛ mmofra no betumi asɛe nko ne asɛm no, na mmom nea awofo no hwere bere a wontumi nnya abofra no ho anigye bere a ɔrenyin no nso. Abofra no nte nea enti a wogyaw no nko no ase; obetumi ate nka sɛ wɔabu ani agu no so, wɔapow no, wɔnnɔ no. Bere a obedi mfe dumiɛnsa ne akyi no, na ɔde ne ho abɔ n’atipɛnfo ho de asi awofo a wonni adagyew koraa no ananmu. Abofra no betumi afi ase afa asetra akwan abien so mpo, ɔde biako sɔ n’awofo ani na ɔde nea ɛka ho no sɔ ne ho ani. Nsɛmfua, nkyerɛkyerɛmu, kyɛwpa—eyi mu biara ntumi nka mo mmom. Ɔdɔ ho asɛm a ɔwofo ka no nyɛ nokwasɛm mma abofra a wobuu ani guu ne so wɔ bere a na ohia n’awofo mmoa kɛse mu no. Afei ɔdɔ ho asɛm a wɔka yɛ atorodi ma no, ɛte sɛ nea nsɛm no nkyerɛ hwee. Te sɛ gyidi no, ɔdɔ a wose wɔwɔ a nnwuma nka ho awu.—Yakobo 2:26.
Nea Yɛadua a Yɛretwa no Mprempren Yi Ara
Wɔ me na ɛsɛ sɛ midi kan awo ntoatoaso yi mu no, pɛsɛmenkominya renya nkɔanim, na ɛda adi titiriw wɔ yɛn mma a yegyaw wɔn no mu. Yɛwo wɔn, na afei yɛde wɔn kogu baabi a wɔhwɛ mmofra. Ebia baabi a wɔhwɛ mmofra no mu bi ye ma mmofra, nanso pii nte saa, titiriw enye mma mmofra nketewa. Wɔyɛ ebinom ho nhwehwɛmu mpo wɔ mmofra a wɔto wɔn mmonnaa ho. Nhwehwɛmufo biako kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ daakye yebehyia nsɛnnennen a ɛbɛma nnɛyi ɔhaw ahorow no ayɛ te sɛ tii apontow [kyerɛ sɛ agoru bi kɛkɛ.]” Ɛnnɛ “tii apontow” yɛ hu dedaw, sɛnea akontaabu horow a Ɔbenfo David Elkind daa no adi wɔ 1992 mu kyerɛ no:
“Mmofra a wɔyɛ kɛse mmoroso dodow anya nkɔanim ɔha biara mu nkyem 50 wɔ mfe aduonu a atwam no mu. Yɛhwere mmofra bɛyɛ ɔpedu afe biara wɔ akwanhyia a efi nnubɔnenom mu ba mu, a wɔn a wopirapira ne wɔn a wodi dɛm nka ho. Mmofra a wonnya nnii mfe aduonu baanan biara mu biako bow nsa adapɛn abien biara, na yɛwɔ mmofra asadweam a wonnii mfe aduonu a wɔn dodow yɛ ɔpepem abien.
“Amerika mmeawa a wonnii mfe aduonu ɔpepem biako nyinsɛn afe biara, na ɛyɛ England, Atɔe Fam man a edi hɔ no mu de mmɔho abien. Mmofra a wonnii mfe aduonu a wokum wɔn ho no dodow abu abɔ ho abiɛsa wɔ mfe 20 a etwaam yi mu, na mmofra a wonnii mfe aduonu mpemnum kosi mpemnsia kum wɔn ho afe biara. Wobu akontaa sɛ mmeawa a wonnii mfe aduonu baanan biara mu biako da anyɛ yiye koraa no sɛnkyerɛnne biako adi sɛ wohyia adidi mu ɔhaw, na nea abu so sen biara ne nnuan a wɔde kame wɔn ho. Wɔn a wɔadi fi mfe 14 kosi 19 ne nnipakuw a wɔto so abien a wodi awu sen biara.”
Nea ɛka awudi ho akontaabu a ɛyɛ hu yi ho ne nkokoaa ɔpepem 50 ne akyi a wokunkum wɔn bere a wɔda so wɔ yafunu mu no, na nnɛ wontumi nkyerɛkyerɛ “tii apontow” no mu. Bere a wohu sɛ mmusua resɛe no, Psychology Today kae sɛ: “Asetra a ɛsakra ntɛmntɛm no yɛ asiane kɛse ma mmofra ne mmerante ne mmabaa a wohia asomdwoe ne ahobammɔ na wɔanyin yiye no.” Ɔkyerɛwfo biako kasa tiaa me na ɛsɛ sɛ midi kan pɛsɛmenkominya su no sɛ: “Nanso obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ awarefo sɛ, Hwɛ, ɛsɛ sɛ mokɔ so ware. Sɛ mowɔ mma a, monkɔ so nware!”
Abofra a wɔbɛdɔ no no gye bere. Mfe bi a atwam no, Robert Keeshan a na ɔkasa wɔ radio so kyerɛ mmofra sɛ Captain Kangaroo no, de nea ebefi mo bere a mode kame mo mma mu aba no ho kɔkɔbɔ mae. Ɔkae sɛ:
“Abofra ketewaa a ne kokurobeti hyɛ n’anom, na okura abaduaba de ahopere twɛn sɛ n’awofo mu biako bɛba fie. Ɔpɛ sɛ ɔka anhwea adaka ketewaa bi ho osuahu kyerɛ no. N’ani agye sɛ ɔne ɔwofo no bɛkyɛ asɛm dɛdɛ bi a ɔtee saa da no. Bere no du, ɔwofo no ba fie. Adwumam ahokyere ama ɔwofo no abrɛ nti, ɔka kyerɛ abofra no mpɛn pii sɛ, Ɛnyɛ seesei, me dɔfo. Minni adagyew, kɔhwɛ television.’ Nsɛm a wɔtaa ka no Amerikafo afie mu sen biara, ‘Minni adagyew, kɔhwɛ television.’ Sɛ ɛnyɛ seesei yi ara a, ɛnde ɛyɛ bere bɛn? ‘Akyiri yi.’ Nanso akyiri yi mma da. . .
“Mfe twam na abofra no nyin. Yɛma no abaduaba horow ne ntade. Yɛma no ntama a wɔadi mu adwini ne kasɛt afiri nanso yɛmfa nea ohia biara no, yɛn bere mma no. Wadi mfe dunnan, n’aniwa ayɛ haa, ebia wanom nnubɔne. ‘Dɛn asɛm, me dɔfo? Ka kyerɛ me, ka kyerɛ me.’ Aka akyi dodo. Aka akyi dodo. Ɔdɔ bere no atwam. . . .
“Bere a yɛka kyerɛ abofra sɛ, ‘Ɛnyɛ mprempren, akyiri yi.’ Bere a yɛka sɛ ‘Kɔhwɛ TV.’ Bere a yɛka sɛ, ‘Mmisabisa nsɛm pii saa.’ Bere a yɛmfa ade biako a yɛn mma hia afi yɛn nkyɛn, bere, mma wɔn. Bere a yɛankyerɛ abofra ho dɔ no. Ɛnkyerɛ sɛ yennwen wɔn ho. Yenni adagyew koraa a yɛde bɛdɔ abofra no.”
Bere Pii Ho Hia
Ɛnyɛ adwene no ne nea wɔfrɛ no “bere pa” a wɔkyekyem de ma wɔ bere ne bere mu; na mmom “bere a ɛdɔɔso” a woyi wɔn yam nya ma wɔn, sɛnea Bible no da no adi wɔ Deuteronomium 6:6, 7 no: “Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo sɔre mu.” Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ mode Onyankopɔn asɛm mu nokware gyinapɛn ahorow a ɛwɔ mo koma mu no dua mo mma komam. Sɛ mode tra ase a, mo ba besuasua mo.
So mokae abebusɛm a wɔfa kae wɔ asɛm a edi eyi anim no mu nkyekyem a ɛto so abien no muno? Ɛno ni bio: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Bere nkutoo a eyi tumi yɛ yiye ne bere a wode ntetee so mfaso ahyɛ ne mu, na woama ayɛ ne nsusuwii, ne komam nkate, nea ɛwɔ ne komam tɔnn no fã. Eyi tumi yɛ yiye bere nkutoo a awofo nso de gyinapɛn ahorow yi di dwuma na ɛnyɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ abofra no kɛkɛ.
Ɔfa ntetee yi sɛ n’asetra kwan. Abɛyɛ ɔno ankasa gyinapɛn a ɛyɛ n’asetra fa. Sɛ mprempren obu so a, ɛnyɛ nea n’awofo akyerɛkyerɛ no na ɔrebu so na mmom nea ɔno ankasa abɛyɛ no. Ná onni ɔno ankasa ho nokware. Na n’ankasa ho akyi na ɔrepa. (2 Timoteo 2:13) Ɛwɔ ne komam tɔnn sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ eyi atia ne ho. Enti, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ ‘ɔbɛdan n’akyi akyerɛ saa kwan yi’ a wɔde adua ne mu no. Enti ɛsɛ sɛ moma mo mma sua abrabɔ pa fi mo nkyɛn. Momfa ayamye a moda no adi no so nkyerɛkyerɛ ayamye, nkyerɛ wɔn odwo denam odwo so, nkyerɛ wɔn nokwaredi denam nokwaredi ho nhwɛso pa a moyɛ so.
Yehowa Nhyehyɛe
Abusua asetra no yɛ Yehowa nhyehyɛe ma onipa fi mfiase no. (Genesis 1:26-28; 2:18-24) Wɔ onipa asetra mu mfirihyia mpem asia akyi no, wɔda so ara gye tom sɛ ɛne nea eye sen biara ma mpanyin ne mmofra nyinaa, sɛnea nhoma Secrets of Strong Families de nsɛm yi si so dua no:
“Ebia biribi a ɛwɔ yɛn mu tɔnn hu abusua asetra no sɛ anibuei nnyinaso. Ebia yefi nkate mu nim sɛ ɛnyɛ asetra mu ade titiriw ne sika, asetra mu adwuma, edin, ofie fɛfɛ, asase, anaa honam fam nneɛma—ɛyɛ nnipa a yɛne wɔn te a wɔdɔ yɛn na wodwen yɛn ho no. Nnipa a yɛne wɔn te a wɔhwɛ yɛn a yebetumi anya mmoa afi wɔn hɔ no ne nea ehia ankasa. Baabiara nni hɔ a yebetumi anya ɔdɔ, mmoa, ne ɔhwɛ a yɛn nyinaa hwehwɛ no sen abusua no mu.”
Enti, ehia sɛ moyɛ nsi na mode ntetee pa ma mprempren wɔ bere a abofra no fi ase nya su horow no mu na ama nea mubetwa daakye no ayɛ abusua asetra a anigye wom ama mo ne mo mma.—Fa toto Mmebusɛm 3:1-7 ho.
[Adaka wɔ kratafa 10]
Ɔwofo Bɛn Na Mɛyɛ
Abofra kumaa no de anigye teɛm sɛ. “minyaa ‘A’ abien wɔ sɔhwɛ no mu.” N’agya bisaa pen sɛ, “Dɛn nti na woammɔ mmɔden ansen saa?” Abeawa no fi mukaase abobow ano ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Mama mahohoro nneɛma no mu awie.” Ne maame kaa no brɛoo sɛ; “So wokɔtow nwura no gui?” Abarimaa tenten no kae sɛ, “Madɔw sare no awie, na mede afiri a wɔde dɔw no akosi ne sibea.” N’agya kaa ne mmati bisaa no sɛ, “So wutwitwaa nhwiren no so?”
Ɛte sɛ nea mmofra a wɔwɔ ofie a ɛtoa so mu no wɔ anigye ne abotɔyam. Asɛnkoro yi ara na ɛkɔɔ so wɔ hɔ, na sɛnea ɛkɔɔ so wɔ hɔ ni:
Abarimaa no de anigye teɛm sɛ, minyaa ‘A abien wɔ sɔhwɛ no mu.” N’agya kaa no ahohoahoa so sɛ, “Woabɔ mmɔden yiye; M’ani agye sɛ wobɔɔ mmɔden kɛse saa.” Abeawa no fi mukaase abobow ano kasa kyerɛɛ ne maame sɛ, “Mama mahohoro nneɛma ho mu awie.” Ne maame serew kaa no brɛoo sɛ, Ɔdɔ a mewɔ ma wo no kɔ so yɛ kasa da biara da. Abarimaa tenten no kae sɛ “Madɔw sare no awie na mede afiri a wɔde dɔw no akosi ne sibea.” N’agya de anigye buae sɛ “Woama mede wo hoahoa me ho.”
Mmofra fata nkamfo kakra wɔ nnwuma a wɔyɛ da biara da no ho. Sɛ wɔbɛtra ase anigye mu a, pii gyina mo so.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Agya ka ɛna ho wɔ biakoyɛ no mu
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Bere a adwene no nyin no, abarimaa a ɔretu mmirika a watrɛw n’abasam yɛ wimhyɛn a atu nam wim, adaka kɛse dan ofie a wodi mu agoru, ɔprae dua dan ɔpɔnkɔ a n’ani abere retu mmirika, agua yɛ kar a wɔde si mmirika kane no kafo agua