Wiase No Fi 1914
Ɔfã 6: 1946—1959 Yiyedi a Ɛdaadaa Wɔ Asomdwoe a Na Enni Hɔ Mu
NHOMA kyerɛwfo ne sɛnkyerɛwfo a onyaa akyɛde a wɔfrɛ no Sebastian Haffner kyerɛ sɛ: “Sɛ́ yɛpɛ anaasɛ yɛmpɛ no, ɛnnɛ wiase yi yɛ Hitler aba a ɔsowee. Sɛ Hitler nnim a anka wɔankyekyɛ Germany ne Europa mu; sɛ Hitler nnim a anka Amerikafo ne Rusiafo biara nni Berlin; sɛ Hitler nnim a anka Israel biara nni hɔ; sɛ Hitler nnim a anka asase pere biara nni hɔ, anyɛ hwee no anka ɛnyɛ wɔ ɔhare so saa, anka Asiafo, Arabfo ne Afrikafo Abibifo ahofadi ne Europa so a ɛtewee biara nni hɔ.”
Nokwarem no, wiase akannifo afoforo a na wɔwɔ hɔ saa bere no nso yɛɛ nneɛma ahorow a na enye. Sɛ nhwɛso no, Canadafo nsɛmma nhoma Maclean’s se “nnɛyi abakɔsɛm akyerɛwfo pii kyerɛ sɛ mprempren Europa nkyekyem a ɛwɔ Apuei-Atɔe no fi Akɛsefo Baasa no gyinaesi ahorow wɔ Tehran [Nhyiam a wɔyɛe wɔ 1943 awiei hɔ] no.” Nanso ɛkɔ so ka sɛ “Yalta [Nhyiam a wɔyɛe wɔ February 1945 mu no] bɛyɛɛ nea abakɔsɛm akyerɛwfo nim no sen biara . . . sɛ nhyiam a Stalin dii ne mfɛfo a wofi Atɔe no so na owiaa ahemman . . . Wɔ adapɛn bi mu no na Stalin asraafo atumi aso Europa Apuei a wokura mu no mu den na wɔatrɛw mu. . . . Ná ɔko hyehyew no reba awiei, nanso ná Ɔko Nwininwini no afi ase.”
Ɔko Nwininwini? Yiw. Eyi ne asɛm a Bernard Baruch a na ɔyɛ U.S. ɔmampanyin ɔfotufo no de kyerɛkyerɛɛ nea na ɛrekɔ so wɔ United States ne Soviet Union ntam no mu wɔ 1947 mu. Ná ɛyɛ Ɔko Nwininwini a wɔkoo no amammui, sikasɛm, ne nsɛnkeka mu.
Wɔ ɔko no awiei no Nnamfo no kyekyɛɛ Germany mu yɛɛ no trabea ahorow anan. Fransefo, Britaniafo, ne Amerikafo faa ɔman no kusuu fam ne atɔe traa hɔ, na Sovietfo nso wɔ apuei fam. Wɔ saa kwan yi so na aman ahyehyɛde ahorow abien bae, biako yɛ demokrase, na ɔfoforo no yɛ komunism. Efi saa bere no, wɔto wɔn ho wɔn ho anihãã wɔ dade mmɔhɔɔ a aniwa ntumi nhu akyi.
Wɔkyekyɛɛ Berlin nso mu yɛɛ no afã ahorow anan. Esiane sɛ na Germany kurow kɛse yi tim faako a Sovietfo no te kɛse nti, na ɛsɛ sɛ nneɛma biara a wɔde rekɔma Britaniafo, Fransefo, ne Amerikafo no di kan fa Sovietfo afã hɔ ansa. Eyi de nsɛnnennen bae, na wɔ 1948 mfinimfini mu hɔ no, Sovietfo no siw asase so akwan biara a efi Berlin kɔ Atɔe no ano. Atɔe tumi horow no yɛɛ ho ade denam wɔn nnuan ne ngo a wohia no a wɔde faa wimhyɛn no so. Kosi sɛ Berlin akwansiw no ne nneɛma a wɔde wimhyɛn fa no baa awiei wɔ asram 11 akyi no, ɛmaa Ɔko Nwininwini no mu yɛɛ den.
Ɔbenfo Alfred Grosser a ɔwɔ Paris Sukuupɔn mu no kyerɛw sɛ: “Bɛyɛ anadwo biako mu no, Berlin sakraa ne su fii Prussia asraadisɛm ne Hitler katabaako nniso ho sɛnkyerɛnne no mu bɛyɛɛ ahofadi ho sɛnkyerɛnne.” Ɛnnɛ, Berlin da so ara yɛ sɛnkyerɛnne a wonim yiye, na amansɛmdifo a wofi Apuei ne Atɔe nyinaa taa de di dwuma sɛ nea wogyina so huw Ɔko Nwininwini no mu.
Nnannum ansa na Wiase Ko II reba awiei no, Soviet Union tuu Japan so sa na ɛkɔtoaa Korea kesee fam hɔ baabi a Japanfo akɔtra hɔ no. Bere a Japan waee no, Nnamfo no penee so sɛ Japan asraafo a wɔwɔ kyerɛpɛn a ɛto so 38 no kesee fam no mfa wɔn ho mma Sovietfo na wɔn a wɔwɔ saa kyerɛpɛn yi kusuu fam no mfa wɔn ho mma Amerikafo. Wɔ 1950 mu no saa nkyekyem a ɛmfata yi de ɔko bae. Ansa na ɛbɛba awiei no, na aman ahorow bɛyɛ 29 na wɔde wɔn ho ahyem wɔ asraafo kwan so, na nea ɛboro 40 de asraafo nneɛma mae. Wɔ July 27, 1953 mu no, wɔde akode guu fam nea etwa to bere a na nnipa mpem ɔhaha pii awuwu no. Dɛn nti? Ɛnnɛ, wɔ mfe 30 akyi no, wonnyaa Korea asɛnnennen no ano aduru a edi mũ biara. Wɔfrɛ saa ntetewmu yi Mpampuro Mmɔhɔɔ.
Odiyifo Daniel hu siei sɛ ntawntawdi a ɛte saa bɛba nsusuwso kwan so ahene abien bi ntam. Ɔko Nwininwini no ama tumi akɛse abien a wɔte sɛ ahene no anya hokwan ne wɔn ho ahyiam, na wɔakɔ so ayɛ wɔn ade a akyɛ no sɛ wɔka “atosɛm, didipon biako ho.” Wɔ saa kwan no so no wɔhwehwɛ wɔn man ahiade, bere a wɔ bere koro no ara mu no wɔne wɔn ho wɔn ho “de si anim” de hwehwɛ wɔn ankasa yiyedi no.—Daniel 11:27-45.
‘Wɔawo Mmofra a Wɔyɛ Basabasa no Kama’
Bere a wotumi too atomik ɔtopae nea edi kan guu New Mexico so no, U.S. ɔmanpanyin Truman nsa kaa kokoam nkra bi a ese: “Wɔawo mmofra no kama.” Nanso basabasayɛ ne akadan bɛn ara na saa “mmofra” yi de bae sɛɛ! Wɔama aman, akɛse ne nketewa, abɛyɛ wiase nyinaa akode anoboaboa adwuma a ebi mmae da, na wɔahyɛ wɔn ma wɔasɛe sika a anka wobetumi de adi dwuma pa de ama wɔn mu ahiafo aduan ne nhomasua. Wɔama adeyɛ a asiane wom a ɛne sɛ wɔde afoforo a woyi wɔn hu hwehwɛ asomdwoe akɔ so. Wɔama Aman Nkabom ahyehyɛde no anya pii a ɛde bebu ɔman anaasɛ amanaman ntam abennedi biara, sɛ esua dɛn ara no, sɛ nea ebetumi de nuklea ɔsɛe aba. Wɔama ɛho abehia sɛ wɔde asomdwoe ho ahyehyɛde afoforo te sɛ NATO (North Atlantic Ahyehyɛde) wɔ 1949 mu ne Warsaw Apam no wɔ 1955 mu no sisi hɔ.
Sɛnea atomik “mmofra” no ne wɔn awofo a wɔyɛ aman ahorow no adɔɔso no, saa ara nso na asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wiase nyinaa nuklea ɔko, sɛ́ ɛyɛ nea efi asiane mu anaasɛ nea wɔboapa no, ayɛ kɛse. Wɔama wiase no ho apopow esiane “ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no” nti.—Luka 21:26.
Enti sɛ tuo a ɛtowee a efii U.S. Ahofadi Ɔko no ase wɔ 1775 mu no yɛ “tuo a wɔtee nka wɔ wiase nyinaa” sɛnea anwensɛm kyerɛwfo Ralph Waldo frɛɛ no no a, ɛnde ɛda yiye sɛ ná atomik ɔtopae a ɛde Wiase Ko II baa awiei no yɛ ‘ɔpae a wɔtee nka wɔ wiase nyinaa.’
The World Book Encyclopedia ka “mmofra” basabasayɛfo afoforo a ‘wɔwoo wɔn kama’ wɔ ɔko akyi mfe no mu ho asɛm kyerɛ yɛn. Bere a ɛreka “Aman Afoforo Sɔre” ho asɛm no, ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Europa ahemman akɛse nyinaa hwehwee ase mmiako mmiako wɔ Wiase Ko II no akyi. Na ɔko no mu adehwere ama Engiresi Aburokyiri, Franse, Belgium, Netherlands, ne atubrafo tumi akɛse afoforo no ayeyɛ mmerɛw. Na wontumi mfa nhyɛso nni aman a wɔatu akɔtra mu no so bio. Wɔn a wɔka atubrafo aman a wodii kan nyaa ahofadi no ho ne Indonesia, Phillipines, Pakistan, India, Ceylon (mprempren wɔfrɛ no Sri Lanka) , Israel, Libya, Tunisia, ne Ghana.
Amammui mu ahofadi mu adeyɛ no akɔ so abesi nnɛ na nea afi mu aba ne anyɛ yiye koraa no aman afoforo bɛyɛ ɔha a wɔawo wɔn fi 1945.
Atubradi wɔ ne sintɔ ahorow, nanso nea abesi n’ananmu no nyɛ papa biara. Sɛnkyerɛwfo Georgie Anne Geyer ka sɛ: “Bere a atubra ahemman ahorow no regu no, aman afoforo no mu pii fii nea na ɛbɛyɛ asehwe a ɛba nkakrankakra bere tenten a nea ɛtaa ka ho ne ɔman no mu akodi no ase.” Saa na ayɛ ma adanse no ada adi sɛ onipa rentumi nni ne ho so mma ɛnyɛ yiye.—Ɔsɛnkafo 8:9; Yeremia 10:23.
Yiyedi—Nanso ne Bo yɛ Dɛn na Ɛdaadaa
Wɔ 1945 mu no na nnipa a wɔtete Europa ne Asia a ɔko asɛe hɔ no rehyia nsɛnnennen. Wɔ nnipa ho mmɔborohunu mu, nanso bere a ahopɛ nso aka Nnamfo no, wɔhyehyɛɛ Europa Ogye Nhyehyɛe no. Ná ɛyɛ kuw bi a ɛde sika fam mmoa ma sɛ wɔnsan nhyehyɛ Europa mfiridwuma a wɔde atopae asɛe no no. Saa w’ankasa-yɛ-w’ade nhyehyɛe a na pii frɛ no Marshall Nhyehyɛe esiane sɛ wɔde too U.S. ɔman kyerɛwfo a ɔno na ɔde adwene no bae no nti no tuu mpɔn, ɛwom sɛ na ɛbɔ ka de.
Ná sɛnea sikasɛm ne mfiridwuma resan agyina n’anan so no fata nkamfo. Nnɛyi adwumayɛbea ahorow a wɔde mfiri a aba so ahyehyɛ mu maa aman a wodii nkogu no nso sɔree, na wɔ nsɛm no bi mu no wobesian wɔn mfɛfo a wodii nkonim a wɔhyɛɛ wɔn ma wɔde adwumayɛbea ne nneɛma dedaw yɛɛ adwuma no ho. Wɔ 1950 mfe no mu no na nea wɔfrɛɛ no Germany sikasɛm mu anwonwade no gyina so denneennen, na ekoduu mfe du no awiei no, na Japan asiesie nhyehyɛe bi a na ɛbɛboa no na wadi wiase no fã kɛse so wɔ aguadi mu.
Wɔ bere no mu no, na nkonimdifo no nso resiesie wɔn afisɛm ne sikasɛm ma asan ayɛ yiye. Bere a wɔde biribiara boaa ɔko no, ɛma wɔtew adansi ne ofie nneɛma a wɔyɛ so kɛse. Afei de na aguadi kɛse asɔre wɔ nneɛma a nkurɔfo annya bere tenten no ho. Na eyi kyerɛ sɛ obiara benya adwuma ayɛ; anyɛ yiye koraa no na adwuma a wonnya nyɛ renyɛ asɛnnennen biara wɔ bere tiaa bi mu. Afei de na wiase no de n’ani akyerɛ yiyedi bere bi a na wonhuu bi da fi bere a ansa na Ahokyere Kɛse no reba no mu.
Nanso na yiyedi wɔ bo a ɛsɛ sɛ wotua. Ɛnanom pii yɛɛ nnwuma a wotua wɔn ka, a na ɛtɔ mmere bi a wobu ani gu wɔn mma so na wɔayɛ saa. Asetra gyinapɛn a ɛrekɔ soro no hwehwɛe sɛ wonya ahomegye pii, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na na eye. TV hwɛ fii ase hyɛɛ abusua nkɔmmɔbɔ ananmu. Abusua asetra a ɛsɛe maa awaregu nyaa nkɔanim. Akyiri yi asigyafo pii a wosusuwii sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛtra a wɔnnware no de saa adeyɛ yi too nkyɛn kakra. Adeyɛ abien no nyinaa kyerɛɛ obi ankasa yiyedi a onya bere a epira afoforo no so duasi a ɛrekɔ anim. Wɔpopaa honhom fam ne abrabɔ fam su pa a na ɔko no ahwanyan no dedaw kɛse no bi kaa ho.
Nokware Asomdwoe ne Yiyedi
Sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, wiase nyamesom ahyehyɛde ahorow no anhu bɔne biara a ɛwom sɛ wɔsomaa wɔn mufo ma wokokunkum wɔn mfɛfo nnipa wɔ Wiase Ko II no mu. Enti saa bere yi wɔanhu bɔne biara a ɛwom sɛ wɔde abrabɔ ne ɔhonam fam mmoa bɛma Ɔko Nwininwini no ne amammuisɛm mu ɔsɔretia ne nea wɔfrɛ no ahofadi ho ɔko no ho. Nanso na nsonsonoe biako bi a wotumi hu wɔ hɔ.
Yehowa Adansefo kuraa Kristofo ho a wɔmmfa nhyehyɛ wiase nsɛm mu no mu wɔ Wiase Ko II mu ne akyi. Bere wɔasɔre afi Hitler mmɔden ahorow a ɔbɔe sɛ ɔbɛsɛe wɔn no mu akyi no, Adansefo a wɔyɛ nsi a wɔwɔ Germany no dodow kɔɔ soro fi nea na esua sen 9,000 no mu koduu nea ɛboro 52,000 wɔ mfe nnum mu. Wɔ 1945 ne 1959 mfinimfini mu hɔ no, wɔn dodow wɔ wiase nyinaa no kɔɔ anim fi 141,606 wɔ aman ahorow 68 mu koduu 871,737 wɔ aman ahorow 175 mu. Bere a na ɔsom afoforo mufo ne wɔn ho wɔn ho reko pii wɔ amammui ne asetra mu nsɛm ho, na afei nso wɔn dodow a ɛso tew rehaw wɔn no, na Yehowa Adansefo renya asomdwoe ne yiyedi ankasa mu anigye, wɔ honhom mu.
Eyi daa adi wɔ wɔn 1958 Ɔsoro Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ New York Kurom a dodow a ɛsen biara wɔ dwumadi no fã biako mu no yɛ 250,000 no mu. Dwumadi no mu ɔkasafo bi kae sɛ: “Ɛyɛ honhom mu paradise a asi frɔmm no na ɛkyerɛkyerɛ Yehowa Adansefo anigye a abu so no mu . . . Saa honhom mu paradise yi da Onyankopɔn anuonyam adi na edi n’ahenni a wɔde asi hɔ no ho adanse.”
Asomdwoe a edii Wiase Ko II akyi, nokwarem asomdwoe bi a na enni hɔ no, ne ɔhonam fam yiyedi a ɛma enyaa nkɔanim no, daa saa nokwasɛm a wontumi nnye ho akyinnye yi adi: Nokware asomdwoe ne yiyedi nam Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no nkutoo so na ɛbɛba. Ná wobehu eyi yiye wɔ “1960 Mfe no—Ɔkasatia a Ano yɛ Den Mmere” no mu. Kenkan ɛho asɛm wɔ yɛn nsɛmma nhoma a ɛbɛba no mu.
[Box on page 12]
Nsɛntitiriw Afoforo a Esisii
1946—Ho Chi Minh fii ahofadi ho ɔko wɔ Vietnam ase
1947—Wohuu Po a Awu Nhoma Mmobɔe a Bible a wɔde nsa kyerɛwee a akyɛ sen biara a ɛda so wɔ hɔ ka ho no
1948—Wokum Mohandas Gandhi
1949—People’s Liberation Army wiee China asase ankasa so nkonimdi; Nationalists nniso a wɔnyɛ komunistfo no twee wɔn ho kɔɔ Taiwan supɔw no so
1950—Wɔde basabasayɛ sɔre tiaa nnipa mu nyiyim amammui wɔ South Africa
1952—United States too haidrogen ɔtopae a edi kan
1954—U.S. Asennibea Kɛse no kae sɛ abusua mu mpaapaemu wɔ sukuu mu no nni mmara mu
1957—Sovietfo de asase so asraman a edi kan a wɔfrɛ no Sputnik I no kɔɔ ahunmu
1958—European Economic Community (Common Market) fii ne dwumadi ase
1959—Sovietfo bɛmma twaa ɔsram so mfonini de baa asase so
[Kratafa 13 mfoni]
Ɔko akyi yiyedi maa mmusua pii nyinyaa afie ne kar afoforo a ɛyɛ fɛ
[Asɛm Fibea]
H. Armstrong Roberts