Kyakyatow—So Obi Di?
Efi Italy Nyan! kyerɛwfo hɔ
WƆ SIKASƐM mu ahokyere bere kɛse yi mu no, adwuma biako bi wɔ hɔ a asɛnnennen no nka no.’ Ná Italy nsɛmma nhoma Corriere della Illustrato reka kyakyatow ho asɛm. Yiw, kyakyatow yɛ adwuma kɛse wɔ Italy ne nsase afoforo pii so.
Fortune nsɛmma nhoma se “U.S. wɔ kyakyatow a wɔama ho kwan wɔ mmara mu a ɛrepae agu no mfinimfini. Wɔ afe a etwaam [1983] no mu no, kyakyatow a mfaso kɛse wɔ mu no ma wonyaa . . . bɛyɛ dɔla ɔpepepem 2.1.” Kyakyatow twetwe Canadafo pii nso. Sɛnea atesɛm krataa La Presse kyerɛ no, mmusua a wɔtete Quebec sɛe sika pii wɔ kyakyatow ho sen nea wɔsɛe no wɔ nnuruyɛ ne nea wɔde hwɛ wɔn se mu!
Bere a wɔde lotto, ayowa, osikyi, ne nhoma a wɔto no aba di dwuma wɔ kyakyatow mu no, nneɛma a agye din a wɔtow ho kyakya no bi ne nea ebefi bɔɔlbɔ, akuturukubɔ, ne apɔnkɔ mmirikatu mu aba no. Nanso sɛnea The Complete lllustrated Guide to Gambling ka no no: “Kyakyatowfo a wɔasi wɔn bo bɛtow nsu koko abien mu nea ebedi kan adu mfɛnsere mu mparow ase anaasɛ akura ho nhwi dodow ho kyakya.” Enti wɔ Italy no, wɔtow ɔmampanyin abatow, sɛ ebia nniso no bɛhwe ase anaasɛ dabi, ne paapa no abatow mpo ho kyakya! Anadwo a ade bɛkye ma wɔabɔ bɔɔl bi no yɛ ahopere bere saa ara ma wɔn a wɔtow kyakya a wɔsɛe sika akɛse akɛse wɔ bɔɔlbɔ kyakyatow ho no. Atesɛm nkrataa frɛ eyi ‘Memeneda anwummere awɔw.’
Nanso, henanom na wodi kyakya no? So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ dɔla ɔpepem pii—yiw, ɔpepepem pii a wobedi wɔ hɔ no ma kyakyatow fata ɔkwan bi so?
Nea Enti a Wɔtow Kyakya
Ná Sharon ne Steve yɛ awarefo a wɔwɔ anigye. Nanso Sharon hui sɛ ɛka amene wɔn, na ɔsrɛɛ Steve sɛ onyae kyakyatow. Obuu bɔ pii a ɔhyɛe sɛ obegyae no so. Sharon akwahosan fii ase sɛee, na ofii ase tee yaw nka wɔ ne koko. Ɛno ammfa Steve ho biara. Nea na osusuw ara ne sɛ, sɛ owu a, obetumi de nsaa sika no atua ne kyakyatow mu aka horow no.
Saa asɛm a esii ankasa a wɔka kyerɛɛ Medical Aspects of Human Sexuality yi yɛ sɛnea kyakyatow betumi anya nkurɔfo so nkɛntɛnso a emu yɛ den no ho nhwɛso. Wɔ ebinom fam no, adifudepɛ na ɛtwetwe wɔn kɔ kyakyatow mu. Nanso, nhomawa a wɔfrɛ no Compulsive Gambling se: “Wɔn a wɔtow kyakya . . . de nya abotɔyam atitiriw bi: nhyɛso ne ɔhaw mu ahotɔ, sɔ a wɔpɛ sɛ wɔsɔ hwɛ, akwanhwɛ a ɛyɛ anigye sɛ wobedi, ‘ɛboro’ bi a ɛte sɛ nea mmosa ma ɛba, ne afoforo a wɔne wɔn bɔ ne ayɔnkofa. Sɛ ɛba sɛ wodi a, nea ɛba bɛka nneɛma afoforo a efi mu ba no ho ne tumi, kɛseyɛ mpo nka a wɔte no.”
Nanso di a wodi bi ntɛm no bɛyɛ anifere kwan so afiri. Bere a ebia nnipa pii bɛka nea ɛte saa a wodi no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔfoforofo akraye” no, ebinom ka wɔ ɔkwan a nyansa nni mu so sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne bi. Asɛm bi a epuei wɔ Psychology Today mu kae sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ—sɛ kyakyatowfo ɔha biara mu 90 di nkogu—no nka wɔn. Wɔte nka sɛ nokwasɛm ntumi nka wɔn, ne sɛ nokwarem no, wɔyɛ soronko.” Saa pow a wɔpow nokwasɛm yi yɛ nneɛma a edi kan a wɔnam so bɛyɛ kyakyatowfo a wontumi nnyae no mu biako.
Italy atesɛm krataa Stampa Sera kyerɛe sɛ wɔ wɔn a wɔte saa fam no, kyakyatow yɛ “aduru bi a obi rentumi ntwe ne ho mfi ho.” Anaa sɛnea Giovanni Arpino kyerɛwee wɔ Il Giornale nuovo mu no: “Saa su bɔne yi bɛyɛ nea agye ntini wɔ obi were mu a wontumi ntu ase.” Kyakyatow ma wonya ɔkwan bi a wɔbɛfa so aguan asetra kwan a wɔ ɔkwan foforo so no ɛbɛyɛ nea afono no.
Sɛ wɔtow kyakya sɛ nea wɔde gye wɔn ahome kwa mpo a, ahantan ne ahopɛ betumi anya onii a ɔde ne ho hyem no so tumi a ɔpow sɛ obegyae bere a odi nkogu anaasɛ ɔkɔ so tow bere a odi no—na odi nkogu bio.
Nokwasɛm no a Wobedi So
Ebia kyakyatowfo no bɛte nka sɛ ‘ɛsɛ sɛ odi’ de, nanso nokwasɛm no ne sɛ ɛte sɛ nea kyakyatowfo nim sɛ ɔrenni! Nea enti a ɛte saa? Akontaabu ketewaa bi. Tow sika pa kɔ soro mpɛn du, na mpɛn dodow ahe na eti anaa anan kyerɛ soro? Ebia obi bɛka prɛko pɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ anum ne anum. Sɔ hwɛ. Ɛntaa mma saa. Woahu, nea wɔfrɛ no nkyekyem mmara no yɛ adwuma wɔ nɔma akɛse nkutoo mu. Ɔkwan foforo so no, tow sika pa kɔ soro mpɛn dodow bi a wuntumi nkan, na yiw, wubenya eti ne anan a ɛkyere soro dodow a ɛyɛ pɛ. Nanso wɔ ɔkwantia so no, ebetumi afrafra. Enti, wɔrentumi nkyerɛ nea ebefi nea wɔtow pɔtee bi mu aba no.
Kyakyatowfo pow sɛ obegye eyi atom. Sɛ sika ti kyerɛ soro toatoa so mpɛn awotwe a, ebia obegye adi kɛse sɛ ɛsɛ sɛ nea edi hɔ a wɔbɛtow no kyerɛ anan. Na obetumi de agyapade mũ ato gyidi a ɛte saa so. Nokwarem no, sika nni nea wɔayɛ atwam no ho nimdeɛ. Nokwasɛm a efa nea wɔbɛtow biara ho no da so ara yɛ aduonum aduonum!
Ɛnde hwɛ sɛnea eye ɔkwa sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ahyɛ nea ebefi ayowa a wokyim no a wonhu mu yiye no mu aba no ho nkɔm pɛpɛɛpɛ! Nokwasɛm ahorow a etia di a wobedi daa no yɛ kɛse ankasa. Eyi yɛ nokware wɔ agumadi te sɛ apɔnkɔ mmirikatu anaa bɔɔlbɔ a wogyina wɔn a wɔresi akane no mmɔdenbɔ so na ɛto kyakya no mpo mu. “Ɛbere ne akwanhyia” sɛe nkɔm a wɔahyɛ biara pasaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Na saa ara nso na ɛntaa nyɛ yiye sɛ wɔde “nhyehyɛe” bi bedi nokwasɛm no so. Wɔ Italy no wɔn a wɔtow bɔɔlbɔ ho kyakya no mu nea ɛboro fã nam ɛho nkrataa ahorow no pii a wɔtotɔ so na ɛsɔ eyi hwɛ. Nanso, nhyehyɛe a eye wɔ agodi a ɛte saa no mu ne sɛ wɔde nea ebetumi afi agoru no biara mu aba no bɛkɔ. Ampa, ebia wubedi. Nanso sika a wubedi no rentua nea wosɛee no no.
Wɔn a wodi kyakya no yɛ wɔn a wɔhwɛ so no. Adan a wɔtow kyakya wom wuranom yɛ nneɛma ahorow wɔ agoru biara a wodi mu ma enti ɛte sɛ nea wɔn na wodi kan bere biara. Wɔ Italy bɔɔlbɔ kyakyatow mu no, wɔbɔ amanneɛ sɛ sika a wɔde to kyakya no mu ɔha biara mu 35 pɛ na wɔde tua wɔn a wɔadi ka. Wɔn a wɔhwɛ kyakya no so no fa nkae no nyinaa.
Enti, wɔn a wɔka sɛ, ‘Nanso me ti ye’ anaasɛ ‘Me ti nyɛɛ yiye ɛ, nanso migye di sɛ mefi ase adi bi fi nnɛ rekɔ’ no redaadaa wɔn ho kwa. Kyakyatow yɛ adeyɛ a mfaso biara nni so. Na bere a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka nnipa kakraa bi a wodi no ho asɛm kɛse no, ɛyɛ den sɛ wobɛte ɔpepem pii a wonni bi no ho asɛm.
Kyakyatow ne Bible No
“Nkwaseasɛm, adebɔne, akɔnnɔ, adammɔ, nokwasɛm ho a woguan fi, abaninsɛm, dae anwonwaso, bɔneyɛ, ne asiane a ɛba ntɛm sen sɛnea wɔhwɛ kwan—eyinom nyinaa ne nea kyakyatow kyerɛ, a nea ɛkeka ho ne ahonya akyidi, nsusuwii hunu, ne nkate ahorow a enya obi so nkɛntɛnso.” Saa na nsɛmma nhoma La Republicca kae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nniso ahorow ntaa mma kyakyatow ho kwan wɔ mmara mu, ɛwom sɛ ebia wɔde nyaatwomyɛ pene adeyɛ no so wɔ adan a wɔto kyakya wom a wɔma wɔn tumi krataa anaa wɔankasa hwɛ ma wotwa lotto ne nea ɛtete saa de!
Ɛmfa ho sɛnea nnipa susuw wɔ asɛm yi ho no, Bible no kyerɛ sɛ kyakyatow ne Kristosom nhyia. Sɛ nhwɛso no, ebia ebinom bɛte nka sɛ kyakyatow di sikasɛm mu ahiade bi ho dwuma ara kwa. Nanso Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ, “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ.” Ɔkwan bɛn so na obi betumi de adifudepɛ ato kyakya na afei wabɔ saa mpae yi? Anaasɛ ɔkwan bɛnso na obetumi adi afotu yi akyi: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa [honam fam ahiade] bɛka mo ho”?—Mateo 6:11, 33.
Bible no kɔ so tu fo sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ.” (Hebrifo 13:5) Kyakyatowfo ntaa mpene nea ɔwɔ so. Nokwarem no, ɔyɛ odifudepɛfo, na Bible no se adifudepɛfo “rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Korintofo 6:9, 10.
Ampa, ebinom ka sɛ wɔnnto kyakya mpɛ sika na mmom wɔde gyigye wɔn ani. Nanso, Bible no kasa tia wɔn a wobu wɔn ani gu onyamesom pa nnyinasosɛm so na wɔbɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:4, 5) Bio, Yesu kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Ɔkwan bɛn so na obi betumi adɔ ne yɔnko bere a ɔbɔ mmɔden sɛ obegye ne sika no? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ama kyakyatow ne mfitiase nnyinasosɛm a ɛne sɛ “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye” no ahyia?—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ kyakyatowfo frɛ “Siade nyame,” adeyɛ a Bible no kasa tia no.—Yesaia 65:11, NW.
Nea etwa to no, susuw nkɛntɛnso bɔne a kyakyatow wɔ wɔ Kristoni “su a ɛho wɔ mfaso” no so no ho. (1 Korintofo 15:33, NW) Nea ɛka Kristofo asetra kwan no ho ne adwumadenyɛ ne anidahɔ. (Efesofo 4:28) Yesu ankasa kyerɛe sɛ ɔnyɛ ɔdesɛefo bere a wɔ abodoo ne mpataa a ɔnam anwonwa kwan so ma ɛyɛe pii akyi no, ɔhyɛe sɛ wɔnnsɛe mporoporowa no kwa no. (Yohane 6:12, 13) Nanso sɛ anka kyakyatowfo bedi Yesu anammɔn akyi no, ɔte sɛ ohohwini a wɔ Yesu bɛ no mu no, “ɔkɔbɔɔ ahohwi sɛee n’ahode nyinaa” no ara pɛ.—Luka 15:13.
Enti nokware Kristofo twe wɔn ho fi kyakyatow afiri biara ho. Sɛ sika a ɛwom no sõ anaasɛ esua no mfa ho. Sɛnea Yesu kae no: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.”—Luka 16:10.
Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa Adansefo aboa nnipa pii a na wɔwɔ kyakyatow a wontumi nnyae afiri mu no ma wɔade wɔn ho. (Hwɛ kratafa a edi eyi anim no.) Saafo no nhu fifiri a kyakyatow ma efi wɔn no bio, na mmom afei de wɔanya atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu. Na sɛ́ anka wɔde wɔn ho bɛhyɛ adeyɛ a ɛsɛe akwahosan ne abusua mu no, ‘wɔanya wɔn ho nnwuma pa fam.’ Wɔpɛ sɛ “wɔkyɛ ade” mmom sen sɛ wɔbɛhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye obi sika a wɔayɛ adwumaden anya no. Wɔaso “nkwa ankasa no mu dennen” na ɛnyɛ kyakyatow. (1 Timoteo 6:18, 19) Wɔnam saayɛ so abɛyɛ nkonimdifo ankasa.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]
“Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ kyakyatowfo ɔha biara mu 90 di nkogu—no nka wɔn. Wɔte nka sɛ nokwasɛm ntumi nka wɔn, ne sɛ nokwarem no, wɔyɛ soronko.”—Pschology Today.
[Box on page 26]
Ná Meyɛ Kyakyatowfo
Mede me ho hyɛɛ nhoma a wɔde to kyakya mu bere a na madi mfe 12. Bere a mewaree akyi no, metoaa me suban no so a na mifi me kyakyatow no ase anwummere nnɔnkron na miwie anɔpa nnɔnum anaa nnɔnsia. Wɔ eyi akyi bere a ɔbrɛ ama mintumi nyɛ hwee no, mebɔ mmɔden se mɛkɔ adwuma. Mpɛn pii no na mintumi nkɔ.
Kyakyatow fii ase sɛee m’abusua asetra ne me nipasu. Nhoma a wɔde to kyakya no hwehwɛ sɛ wohoahoa wo ho pii. Nanso nea mihu ne sɛ mehoahoa me ho na mekeka nsɛm a ɛnyɛ nokware ankasa wɔ m’asetra mu. Afei ná sika ho asɛnnennen no wɔ hɔ. Sɛ midi a, mete nka sɛ mensɛe ne nyinaa wɔ hɔ ara, enti na ɛntra me kotoku mu nkyɛ. Ankyɛ na m’aware sɛee.
Wɔ 1972 mu no, Yehowa Adansefo baanu bɛbɔɔ me pon mu. Bere a wɔrekasa akyerɛ me no, misusuwii sɛ, ‘Obiara nyɛ biribi kwa. Wɔwɔ adwene bi wɔ akyi.’ (Obiara a ɔde nhoma to kyakya no tete ne ho sɛnea obesusuw biribiara ho bɔne.) Nanso bere rekɔ so no, mihui sɛ eyi nyɛ nokware. Mekɔɔ wɔn nhyiam biako ase, na ɛwom sɛ mante biribiara ase de, nanso wɔn nhyehyɛe pa, biakoyɛ, ne ayamye no kaa me koma.
Mifii ase suaa Bible no. Na kyakyatow nso ɛ? Na ɛsɛ sɛ metwe me ho fi ho koraa. Nanso sɛ Bible mu nokware no hyɛn w’asetra mu a, kyakyatow ho nkate no fi wo so. Enti mebɔɔ mmɔden kɛse de gyaee. Wɔbɔɔ me asu wɔ 1975 mu.
Mfaso horow no ayɛ nea ɛdɔɔso. M’akwahosan ayɛ yiye—na saa ara na me nipasu ayɛ. Kyakyatow nhyɛ m’asetra so bio na mmom nea ɛhyɛ so ne honhom fam nneɛma. Ansa na mereyɛ eyi no, na mfɛfo kyakyatowfo nkutoo na wobu me. Afei de asafo a mesom wom sɛ ɔpanyin no mufo dɔ me. Mprempren mihu sɛ kyakyatowfo no na odi nkogu. Na Bible mu nokware no aboa me ma mahu eyi.—Wɔkyɛrɛw mae.
[Kratafa 27 mfoni]
So ɛne ne ho hyia sɛ Kristoni bɛtow kyakya na wɔasan abɔ mpae sɛ “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ”?