Buronya Adema —Anigye Anaa Adwenemhaw Bere?
KRATAA a edi so yi yɛ pii a mmofra kyerɛw de ma awofo anaasɛ akyerɛkyerɛfo sɛ wɔmfa nkɔma Santa Claus a wɔhyɛ bɔ sɛ wɔde bɛmana akɔ Kusuu Fam Asasetifi ampa no ho nhwɛso:
“Santa Claus Pa:
“Wo ho te dɛn? Me ho ye. Migye di sɛ w’ani begye Buronya yi mu. Migye di sɛ wowɔ agode ahorow pii efisɛ afɛfɛde pii wɔ hɔ a mihia. Nea edi kan no, mepɛ sɛ minya nuabarima ketewaa. Me papa se munnni mmofra wɔ Kusuu Fam Asasetifi hɔ, enti wubetumi abrɛ me ɔkraman ba ahyɛ ananmu. Mihia agumadi tuo, tuo a wɔde afiri tow, baesekre a ne ho hare ne afiri a wɔde bɔ nnwom. Oo, nanso Santa, eyi bɛyɛ krataa a edi akyiri a merekyerɛw mabrɛ wo efisɛ mirennye Santa Claus nni afe a ɛbɛba no. Nanso migye Santa Claus midi afe yi.”
So wuhu saa krataa yi? So ɛte sɛ nea woahu pɛn? Gyama ɛte sɛ nea wokyerɛwee bere a na woyɛ abofra no? Nsa ka nkrataa a ɛtete sɛɛ ɔpepem pii wɔ post office wɔ aman ahorow pii mu afe biara a efi mmofra a wɔwɔ anidaso nkyɛn a wɔde rekɔma saa anansesɛm mu onipa a ɔma akyɛde pii a wɔfrɛ no anigye so sɛ “Santa Claus” no.
Kakraa bi na wɔkyerɛw nsɛmfua “mepa wo kyɛw” na wɔn a wɔkyerɛw “meda wo ase” nompo na wosua. Ebinom ka nea wɔn ani gye ho kɛse, afoforo da adifudepɛ adi. Bere a abofra no nnyinii no. obisa nneɛma kakraa bi. Bere a abofra no anyin no, egye nneɛma pii na ama ne koma atɔ ne yam, na enti ɛma n’akwanhwɛ sɛ obenya akyɛde akɛse ne nea ɛdɔɔso wɔ afe a ɛbɛba no mu no mu yɛ den.
Wɔasiesie agode ahorow ama abofra no asetra mu bere biara. Agode ahorow bi wɔ hɔ a ɛde ɔkyerɛkyerɛ ma, ebi sɔ nnamyɛ hwɛ, ebi dan adwene kɔ basabasayɛ so. Agode ahorow bi wɔ hɔ a etumi gyina agodi dennen ano na ebi nso sɛe wɔ bere a wɔde adi dwuma nna kakraa bi no akyi. Agode ahorow bi wɔ hɔ a ɛrentumi mpira na nea asiane wom araa ma ɔman mpanyimfo ka sɛ wonnyi mfi gua so nso wɔ hɔ. Agode ahorow a ɛte sɛ nea ahonhommɔne hyɛ sɛnea wɔyɛ no no akyi nso wɔ hɔ—bɔɔl ahorow a wɔayeyɛ ho huhuuhu a ebetumi ama obi aso ɔdae a ɛyɛ hu, nanso ɛno ne nea wɔtɔe kɛse wɔ afe a etwaam no mu a awofo ɔkasatia mfa ho. Wɔ bɛboro asram abien ansa na ɛda no adu hɔ no, wokyim mmofra adwene kɔ Buronya so. Sɛnea wosusuw no, ɔma ne ogye mu anigye no nenam wim.
Adwenemhaw mu a Wɔtɔ
Nanso, wɔ nna kakraa bi akyi no anigye no kɔ. Abofra no ayi anigye ne anika no nyinaa afi n’akyɛde ahorow no nyinaa mu, sɛ ɛdɔɔso anaasɛ esua no. Wannya paara no sɛnea ɔhwɛɛ kwan no. Anihaw bam. Buronya mu ɔhyerɛn a ɛdaadaa ne akyɛde a nsa kae no nyɛ nea etumi sa yare nyinaa sɛnea wɔhwɛɛ kwan no. Bere a mmofra adwene ho ɔbenfo Nancy Hayes reka eyi ho asɛm no, ɔkae sɛ Buronya bere “yɛ adwenemhaw ne mmofra a wokum wɔn ho a ɛkɔ soro kɛse bere.” Ɔka sɛ mmofra pii nya adwenemhaw bere a Buronya mma wonnya “nkonyaayi kwan so ano aduru wɔ nsɛnnennen ho” no. Afei nso susuw sɛnea wɔhaw kɛse bere a wohu sɛ Santa Claus yɛ anansesɛm mu onipa ara kwa, sɛ wɔn awofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora atoro so no ho.
Enti efi mmofraase na wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔsrɛ, wɔkyerɛw bisa, na wɔhwɛ akyɛde kwan wɔ Buronya bere mu—na ɛnyɛ mmofra nkutoo. Ɛtɔ bere bi a wɔnam bo a akyɛde a nnamfo de moma wɔn ho wɔn ho no som so na ebu wɔn nnamfofa no ho akontaa. Mpɛn pii no adamfofa no sɛe kodu baabi a egu efisɛ obiako de akyɛde a ɛboro nea ne nsa ka no so koraa na ɛmae nti. ɛda adi sɛ afe no mu bere biara nni hɔ a asɛm a wɔka sɛ “Adwene a ɛwɔ akyi no na ɛho hia” no nkyerɛ hwee saa.
Nkrataa a wɔde firi nneɛma tumi kodu baabi a entumi ntɔ ade bio. Nkrataa a wɔde yi sika wɔ sikakorabea a wɔkyerɛw ma woyi sika a wɔde asie ma ɛboro so. Nneɛma a wɔfom tɔ wɔ aguadidan a adetɔfo ahyɛ mu ma mu de ahoyeraw ba. Adetɔfo a wɔredi apere na wɔko ankasa wɔ nneɛma a ɛresa ho no betumi ama obi a ne koma yɛ den mpo atwe asan. Anammɔn a etutu wɔn ne adwenem basaayɛ wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔtɔ ho ma saa awɔw bere mu amanne yi bɛyɛ ahohia ade a ɔbrɛ wom. Enya Buronya bere mu adetɔfo so nkɛntɛnso.
Ɔdetɔnfo biako bi kae sɛ: “Wuhu sɛ nkurɔfo tu mmirika, wɔhwehwɛ akyɛde ama obi a wɔahaw ankasa. Ɛnyɛ anigye na nkurɔfo de kyɛ ade.” Ɛnde, so ɛyɛ nwonwa sɛ ɔsɔfo bi frɛɛ Buronya sɛ “afe afe adwenemhaw ne basaayɛ bere”?
Nea ɛde ahoyeraw ba kɛse koraa ne sɛ akyɛde pii wɔ hɔ a wɔtɔ na wɔde ma sɛ ahyɛde a mpɛn pii no efi pɛsɛmenkominya mu. Asetra mu nsɛm ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ɛnyɛ mmɔden a ɔmafo no bɔ sɛ obehu nea onii a ɔde rema no no bɛpɛ nkutoo na egyaw no adwennwen, na mmom ne ho adi a ɔbɛda wɔ ɔkwan pa so nso ho adwennwen bɛka ho.”
Ɛbere no mu da bɛn na wonni adagyew koraa? Mpɛn pii no ɛyɛ da a edi Buronya akyi no. Saa bere no nnipa pii a wonyinyaa akyɛde a wɔresan de wɔn akyɛde ahorow no aba a wɔn mu pii bɛsan agye ɛho sika sɛnea wɔtɔn no no hyɛ aguadidan ahorow ma. Nanso sɛ sika na wɔde kyɛɛ wɔn a, anka wɔbɛka sɛ ɛyɛ akyɛde a ɛho nni mfaso. Enti, ahoyeraw kɛse,nkate ne nnompe mu brɛ, nnipadɔm a wɔahaw, nneɛma ɔhaha pii a wɔhwehwɛ, nneɛma hyehyɛ, nneɛma kyekyere no nyinaa ayeyɛ ɔkwa. Akyɛde ahorow pii a wɔagye a wɔankyerɛ ho anisɔ biara!
Wɔ nnipa pii fam no, Buronya nyɛ ‘ɛda a ɛsɛ sɛ wodi dɛw.‘
Adema Nhia Ɛbere Pɔtee Biara
Nanso sɛ mmusua ahorow hyiam na wonya wɔn ho wɔn ho ayɔnkofa mu anigye a, ɛyɛ anigye dɛn ara! Akyɛde a wɔde ma nso betumi akyerɛ ɔdɔ a efi komam a woyi adi. Yesu ankasa hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔmma.’ Na Kristoni anaa obi a ɔnyɛ Kristoni bɛn na ɔntaa mfa Yesu nsɛm “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye” no nka asɛm. (Luka 6:38; Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛda adi sɛ adema nhia bere pɔtee biara. Nanso ntease foforo wɔ hɔ a enti asɛm wɔ Buronya adema no ho no.
Asɛnnennen ankasa a ɛwɔ Buronya ho ne sɛ egyina atoro so. Wɔka sɛ bere no yɛ Yesu awoda. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ yiye bere a Bible no nka ɛda a wɔwoo no no? Nokwarem no, wɔhyɛɛ Buronya bere no ma ɛne owia “awo” ahyia —owia som mu amanne bi.
Wɔ Michael Harrison nhoma The Story of Christmas no mu no. ɔkyerɛw sɛ: “Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ wɔ mmɔden a abenfo pii abɔ akyi no. wontumi nkyerɛɛ ɛda a . . . wɔwoo Kristo.” Ne wuda nkutoo na Bible no kyerɛ fann, na ɛyɛ saa da yi nkutoo na Yesu hyɛɛ n’akyidifo, nokware Kristofo sɛ wonni. Ɛnde so ɛyɛ nwonwa sɛ The New Schaff-Herzog Encyclopedia of Religious Knowledge ka eyi: “Abakɔsɛm mu adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wodii yɛn Awurade no awoda wɔ asomafo no bere so anaasɛ wɔ bere a edii asomafo no akyi no mfiase hɔ” no?
Afei fa adwempa susuw saa nsemmisa yi ho: So na anka Yesu bɛpene afahyɛ bi a wɔkyerɛ sɛ ɛhyɛ no anuonyam nanso abosonsom amanne ne nneyɛe ahorow ahyɛ no ma no so? So anka ɔbɛboa saa ahomegye bere a wodi awu sen bere foforo biara wɔ afe no mu ne bere a asabow a ɛnyɛ Kristofo ade ne ahohwibra yɛ asetra kwan a wogye tom no? So anka ɔbɛpene bere bi a wonim sɛ ɛde adwenemhaw, basaayɛ, ne ahokum ba no so? Ɛsɛ sɛ mmuae no mu da hɔ ma nokware Kristofo.
Sɛ́ anka wobeyi afe no mu bere bi asi hɔ na wɔde anigye akyɛ afoforo ade mmom no, ɔyamyefo behu sɛ adema a ɛde anigye brɛ ɔmafo no ne ogyefo no tumi ba bere biara. Yɛn bere, yɛn ahoɔden, yɛn mmɔborohunu a yɛde kyɛ; yɛn ayamye ne yɛn nsɛm a ɛkyerɛ afoforo ho a wosusuw a yɛde kyɛ; ne nokwarem no honam fam nneɛma akyɛde wɔ bere a wohia mu—adema a ɛtete sɛɛ no nyinaa de anigye brɛ ɔmafo no ne ogyefo no nyinaa.