Nea Ɛkɔfaa Nnɛyi Buronya Bae
WƆ NNIPA ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa fam no, Buronya bere yɛ anigye bere kɛse wɔ afe no mu. Ɛyɛ bere a nnuan huahuam, amammerɛ a wonni ho agoru fi tete, ne abusua ntam biakoyɛ kɔ so. Buronya dapɔnna san yɛ bere a nnamfo ne abusuafo kyerɛw wɔn ho wɔn ho nkrataa mema wɔn ho wɔn ho akyɛde.
Nanso, wɔ mfirihyia 150 pɛ a atwam ni no, na ɛsono sɛnea Buronya dapɔnna te koraa. Abakɔsɛm ho ɔbenfo Stephen Nissenbaum kyerɛw wɔ ne nhoma The Battle for Christmas mu sɛ: “Ná Buronya . . . yɛ bere a wɔnom nsa tra so na wɔde mmara a ɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo nyɛ wɔn ade wɔ baguam no to nkyɛn kakra de wɔn ho hyɛ ‘anigye mmoroso’ mu, December Afahyɛ Kɛse bi.”
Saa nkyerɛkyerɛmu yi betumi ahaw wɔn a wɔwɔ obu soronko ma Buronya no. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ obi gu dapɔnna a wɔkyerɛ sɛ wɔde di Onyankopɔn Ba no awoda ho fĩ? Ebia mmuae no bɛyɛ wo nwonwa.
Enni Fapem Pa
Efi bere a Buronya fii ase wɔ afeha a ɛto so anan mu no, wɔagye ho akyinnye pii. Sɛ nhwɛso no, na da a wɔwoo Yesu ho ɔsɛmpɔw no wɔ hɔ. Esiane sɛ Bible nkyerɛ da anaa ɔsram pɔtee a wɔwoo Kristo nti, wɔapaw nna ahorow bi ama no. Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no mu no, Egyptfo nyamekyerɛfo kuw bi de hyɛɛ May 20, na afoforo nso twee da no baa anim, de hyɛɛ March 28, April 2, anaa April 19. Ebeduu afeha a ɛto so 18 no, na wɔde Yesu awo ahyɛ ɔsram biara mu wɔ afe no mu! Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na ewiee ase koraa no, wɔpaw December 25?
Nhomanimfo dodow no ara gye tom sɛ Katolek Asɔre no na ɛfaa December 25 sɛ Yesu awoda. Adɛn ntia? The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Gyama nea ɛma wɔyɛɛ saa ne sɛ na tete Kristofo no pɛ sɛ da no ne Romafo abosonsom afahyɛ a na wɔde di ‘owia a wonni so tumi no awoda’ hyia.” Nanso ɛyɛɛ dɛn na Kristofo a na abosonsomfo atan wɔn ani denneennen bɛboro mfeha abien ne fã no gyaee mu ne wɔn atamfo no siesiei mpofirim saa?
Ɔporɔw Fi Ase
Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ “nnipa bɔne asisifo” bewia wɔn ho aba Kristofo asafo no mu abɛdaadaa nnipa pii. (2 Timoteo 3:13) Saa ɔwae kɛse yi fii ase wɔ asomafo no wu akyi. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Bere a wose Constantine sakrae wɔ afeha a ɛto so anan mu akyi no, abosonsomfo bebree baa Kristosom a na edi akoten saa bere no mu. Dɛn na efii mu bae? Early Christianity and Paganism [Tete Kristosom ne Abosonsom] nhoma no ka sɛ: “Nnipadɔm a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo no bunkam nnipa kakraa bi a na wɔyɛ gyidifo amapa no so.”
Hwɛ sɛnea Paulo nsɛm no baa mu! Ná ɛte sɛ nea abosonsom mu ɔporɔw remene nokware Kristosom. Na na saa ɔporɔw yi nna adi kɛse wɔ biribiara mu sɛ nnapɔnna di mu.
Nokwarem no, afahyɛ koro pɛ a wɔhyɛ Kristofo sɛ wonni ne Awurade Anwummeduan no. (1 Korintofo 11:23-26) Esiane sɛ na abosonsom batabata Romafo afahyɛ ahorow ho nti, tete Kristofo annya mu kyɛfa. Eyi maa afeha a ɛto so abiɛsa mu abosonsomfo sopaa Kristofo sɛ: “Monnkɔhwɛ adekyerɛ; guasodeyɛ ahorow mfa mo ho; mommpɛ baguam apontow ahorow, na mukyi akansi kronkron no.” Nanso abosonsomfo no hoahoaa wɔn ho sɛ: “Yɛde ahosɛpɛw, afahyɛ ahorow, nnwom, ne agodie ahorow som anyame no.”
Ebeduu afeha a ɛto so anan no mfinimfini no, wɔn anwiinwii no brɛɛ ase. Ɔkwan bɛn so? Bere a atoro Kristofo pii bɛhyɛnee mu no, ɔwae nkyerɛkyerɛ bɛdɔɔso. Eyi maa wɔne Roma wiase no bɛyɛɛ koro. Bere a The Paganism in Our Christianity [Abosonsom a Ɛwɔ Yɛn Kristosom Mu] nhoma no reka eyi ho asɛm no, ese: “Ná Kristofo no ahyɛ da abɔ wɔn tirim sɛ wobegye abosonsom afahyɛ ahorow a na amammerɛ nti ɔmamfo ani gye ho kɛse no akɛntɛn so, na wɔayɛ no Kristosom adeyɛ.” Yiw, na ɔwae kɛse no resɛe ade paa. Ɔpɛ a wɔn a wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo no nyae sɛ wobegye abosonsom afahyɛ ahorow atom no maa ɔmamfo ani begyee wɔn ho kakra. Anni nna ahe biara, na Kristofo benyaa afe afe afahyɛ ahorow pii te sɛ abosonsomfo no ankasa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Buronya dii mu akoten.
Amanaman Dapɔnna
Bere a saa Kristosom a agye ntini no trɛw kɔɔ Europa no, Buronya nso trɛwee saa ara. Katolek Asɔre no de adwene bae sɛ ɛbɛfata sɛ wɔma afahyɛ a ɛyɛ anigye a wɔde di Yesu awoda no tra hɔ daa. Ne saa nti, wɔ 567 Y.B. mu no, Tours Bagua no “bɔɔ dawuru sɛ nnafua 12 fi Buronya so kosi Ahoyi Da no yɛ afahyɛ bere kronkron.”—The Catholic Encyclopedia for School and Home.
Ankyɛ na nneɛma pii a na ɛkɔ so wɔ Europa atifi fam afɔrebɔ afahyɛ ahorow a na ɛho agu fĩ mu no bɛhyehyɛɛ Buronya mu. Anigyede kɔɔ so yɛɛ ade titiriw sen ɔsom, bere a ahosɛpɛfo de wɔn ho hyɛɛ adidi mmoroso ne asanom ntraso mu no. Sɛ́ anka asɔre no bɛkasa atia ahohwibra no, ɛfoaa so. (Fa toto Romafo 13:13; 1 Petro 4:3 ho.) Wɔ 601 Y.B. mu no, Pope Gregory I kyerɛw krataa kɔmaa Mellitus, a na ɔyɛ ne sɛmpatrɛwfo a ɔwɔ England, no ka kyerɛɛ no sɛ “wonnnyae saa tete abosonsom afahyɛ ahorow no, na mmom wɔmfa nka Asɔre no amanne ahorow ho, na wɔnsesa n’atirimpɔw kɛkɛ mfi abosonsom mu mmɛyɛ no Kristofo de.” Saa na Arthur Weigall a bere bi na ɔyɛ Egypt aban no soafo panyin a ɔhwehwɛ tete nsɛm mu no bɔ amanneɛ.
Wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, ankorankoro a na wɔpɛ nsakrae no tee nka sɛ ehia sɛ wɔkasa tia ahohwibɔ a ɛte saa. Wɔde ahyɛde pii a na etia “basabasayɛ a na ɛkɔ so wɔ Buronya bere mu anigye no mu” no too gua. Ɔbenfo Penne Restad ka wɔ ne nhoma Christmas in America—A History mu sɛ: “Asɔfo binom sii so dua sɛ na nnipa mma a wɔnyɛ pɛ hia bere a wɔde bedi ɔhonam akɔnnɔ akyi abɔ ahohwi, bere tenten a wɔyɛ no Kristosom akwankyerɛ ase no.” Eyi maa nneɛma yɛɛ hwanyann kɛse. Nanso, ansesa hwee, efisɛ na Buronya ne abosonsom amammerɛ adi afra araa ma na nnipa dodow no ara mpɛ sɛ wogyae. Nhoma kyerɛwfo Tristram Coffin kaa ho asɛm saa kwan yi so: “[Ná] nnipa dodow no ara reyɛ nea wɔyɛ dedaw a wɔmfa wɔn adwene nkɔ nsɛm a nnipa a abrabɔ ho nsɛm hia wɔn no ka no so pii.”
Ebeduu bere a Europafo no fii ase kɔtraa Atɔe fam no, na Buronya yɛ dapɔnna a agye din yiye. Nanso, atubraman no mufo ani annye Buronya ho. Akronkronfo mu asesɛwfo buu afahyɛ no sɛ ɛyɛ abosonsom adeyɛ, na wɔbarae wɔ Massachusetts fii 1659 kosii 1681.
Bere a woyii anohyeto no fii hɔ no, Buronyadi nyaa nkɔanim wɔ atubraman no nyinaa mu, titiriw New England anafo fam. Nanso, esiane dapɔnna no ho abakɔsɛm nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na anigye a wobenya no hia ebinom sen Onyankopɔn Ba no a wobedi no ni. Buronya amammerɛ biako a na basabasayɛ wom kɛse ne bere a wɔnom nsa pii no. Ná mmerante a wɔn ani so ayɛ krakra kɔ wɔn afipamfo a wɔyɛ adefo no afie, na wohunahuna wɔn gye aduan ne nsa kwa. Sɛ ofiewura no amma wɔn a, wɔtaa dome no, na ɛtɔ da bi a, wɔsɛe nneɛma wɔ ne fie hɔ.
Ɔbenfo Nissenbaum ka sɛ tebea no sɛee wɔ 1820 mfe no mu araa ma “Buronya bere mu basabasayɛ” bɛyɛɛ “asetram haw a na emu yɛ den.” Wɔ nkuropɔn te sɛ New York ne Philadelphia no, asasewuranom a na wɔyɛ adefo fii ase faa awɛmfo ma wɔwɛn wɔn agyapade. Wɔka mpo sɛ basabasayɛ a ano yɛ den a ɛkɔɔ so wɔ 1827/28 Buronya bere no mu na ɛmaa New York Kuropɔn no hyehyɛɛ polisifo kuw a wɔahyɛ da atete wɔn a wodi kan!
Buronya mu Nsakrae
Afeha a ɛto so 19 no de nsakrae a ebi mmae da brɛɛ nnipa mma. Bere a wɔyeyɛɛ kar akwan ne keteke akwan toãtoãam no, ɛmaa akwantu, aguadi, ne amanneɛbɔ kɔɔ so ntɛmntɛm. Mfiridwuma mu nsakrae no maa wobuebuee nnwuma mpempem pii, na wɔyeyɛɛ aguade pii wɔ nnwinnan mu. Mfiridwuma mu nkɔso de asetra mu haw foforo a emu yɛ den nso bae, na awiei koraa no, enyaa sɛnea wodi Buronya no so nkɛntɛnso.
Efi bere tenten na nkurɔfo de nnapɔnna ahyɛ wɔn abusua mu ayɔnkofa mu den, na saa na ɛte wɔ Buronya nso ho. Wɔn a wɔhyɛ Buronya ho nkuran no nam ɛho amammerɛ a akyɛ no bi a wɔayɛ mu nsakrae so atumi adan Buronya a na ɛyɛ afahyɛ a basabasayɛ ne anigye ntraso wom no ayɛ no abusua dapɔnna.
Nokwarem no, eduu bere a afeha a ɛto so 19 no rekɔ awiei no, na wobu Buronya sɛ Amerika nnɛɛmmafo asetra mu haw ahorow no ano aduru. Ɔbenfo Restad ka sɛ: “Wɔ nnapɔnna nyinaa mu no, Buronya ne ɔkwan a edi mũ a wɔnam so ma wɔte nyamesom nka wɔ fie, na wɔde siesiee wiase ahohwi ne nneɛma a atõtõ.” Ɔde ka ho sɛ: “Adekyɛ, adɔeyɛ, adamfofa kwan so dapɔnna nkyia mpo ne dua a n’ahaban mpo a wɔde siesie baabi a wogye ahɔho, ne akyiri yi, Mmofra asɔredan mu, de gye wɔn ani, no maa abusua kɔntɔnkrɔn no mufo ne wɔn ho wɔn ho, asɔre no, ne ɔmamfo ntam abusuabɔ mu yɛɛ den.”
Ɔkwan a ɛte saa ara so no, nnipa bebree di Buronya nnɛ de kyerɛ sɛnea wɔdɔ wɔn ho, na wɔde boa ma biakoyɛ tra abusua no mu. Nanso, yentumi mmu yɛn ani ngu ɔsom ho asɛm a ɛwom no so. Nnipa ɔpepem pii di Buronya de kae Yesu awoda. Wotumi kɔ asɔre soronko a wɔyɛ, wɔyeyɛ Awoda no ho ɔyɛkyerɛ ahorow wɔ fie, anaa wɔbɔ Yesu ankasa mpae da no ase. Nanso dɛn ne Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho? So ɔpene saa nneɛma yi so? Susuw nea Bible no wɔ ka ho.
‘Monnɔ Nokware ne Asomdwoe’
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Yesu de saa nsɛm no yɛɛ adwuma. Ɔkaa nokware bere nyinaa. Osuasuaa ne Papa, ‘Yehowa, nokware Nyankopɔn no’ pɛpɛɛpɛ.—Dwom 31:5; Yohane 14:9.
Yehowa ada no adi pefee wɔ Bible mu sɛ okyi nnaadaa nyinaa. (Dwom 5:6) Esiane eyi nti, so ɛnyɛ abirabɔ sɛ nneɛma a ɛbata Buronya ho no pii gyina atosɛm so? Sɛ nhwɛso no, susuw Santa Claus ho anansesɛm no ho hwɛ. Woabɔ mmɔden pɛn sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nea enti a Santa pɛ owusikwan mu fa mmom sen sɛ ɔbɛfa ɔpon ano, sɛnea nnipa pii susuw wɔ nsase pii so no? Na ɔkwan bɛn so na Santa tumi srasra afie ɔpepem pii anadwo biako pɛ? Na ɔforote a otu no nso ɛ? Sɛ abofra behu sɛ wɔadaadaa no ama wagye adi sɛ Santa yɛ obi ankasa a, so ɛntoto ahotoso a ɔwɔ wɔ n’awofo mu no ase?
The Catholic Encyclopedia no ka no pen sɛ: “Abosonsom amammerɛ . . . didi baa Buronya mu.” Ɛnde dɛn nti na Katolek Asɔre no ne Kristoman asɔre afoforo kɔ so ma dapɔnna a ɛho amammerɛ mfi Kristosom mu tra hɔ? So ɛno nkyerɛ sɛ wɔrefoa abosonsom nkyerɛkyerɛ so?
Bere a Yesu wɔ asase so no, wanhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsom no. Yesu ankasa kae sɛ: “Kotow sɔre [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” (Mateo 4:10) Bio nso, wɔ Yesu anuonyamhyɛ wɔ soro no akyi no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ “kotow Nyankopɔn,” a na ɛkyerɛ sɛ biribiara nsesae wɔ asɛm no ho. (Adiyisɛm 19:10) Eyi ma asɛmmisa no sɔre sɛ, So Yesu ani begye ɔsom mu ahofama a wɔmfa mma ne Papa na mmom wɔde ma no wɔ Buronya bere mu no ho?
Ɛda adi pefee sɛ, nokwasɛm ahorow a ɛfa nnɛyi Buronya ho no nhyɛ nkuran. Ne titiriw no, ɛyɛ dapɔnna a nnipa na akɔfa aba, a adanse pii kyerɛ sɛ na ɛho agu fĩ wɔ tete mmere no mu. Enti, Kristofo ɔpepem pii fi ahonim pa mu asi gyinae sɛ wɔrenni Buronya. Sɛ nhwɛso no, abofra bi a wɔfrɛ no Ryan ka Buronya ho asɛm sɛ: “Nkurɔfo ani gye esiane afe no mu nna kakraa bi a abusua no ka bom ma obiara ani agye nti. Nanso dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? M’awofo kyɛ me nneɛma bere biara wɔ afe no mu!” Abofra foforo a wadi mfe 12 ka sɛ: “Mente nka sɛ mehwere biribi. Minya akyɛde bere biara wɔ afe no mu, na ɛnyɛ da titiriw bi a nkurɔfo te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtɔ biribi kyɛ obi nkutoo.”
Odiyifo Sakaria hyɛɛ ne mfɛfo Israelfo nkuran sɛ ‘wɔnnɔ nokware ne asomdwoe.’ (Sakaria 8:19) Te sɛ Sakaria ne tete anokwafo foforo no, sɛ ‘yɛdɔ nokware’ a, so ɛnsɛ sɛ yɛkwati atoro som afahyɛ biara a egu “Onyankopɔn teasefo nokwafo,” Yehowa, din ho fĩ no?—1 Tesalonikafo 1:9.
[Kratafa 7 mfonini]
“Mente nka sɛ mehwere biribi. Minya akyɛde bere biara wɔ afe no mu”