Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 6/8 kr. 12-18
  • Nkekaho Afoforo ma Tintimbea Ntrɛwmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkekaho Afoforo ma Tintimbea Ntrɛwmu
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ, Gyidi, ne Osetie Ho Adanse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yehowa Ahyehyɛde No Kɔ Anim​—So Wo Ne No Rekɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • So Wubegye Adwuma Mu Akwamma?
    Nyan!—1986
  • Afã Ahorow No Nyinaa Mu Retrɛw Wɔ France
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 6/8 kr. 12-18

Nkekaho Afoforo ma Tintimbea Ntrɛwmu

YEHOWA Adansefo wiase nyinaa ahyehyɛde no tintimbea kɛse no wɔ ɔkwan a ɛde kɔ Brooklyn ne Manhattan twene no so no mfinimfini. Wubetumi ahu saa adan asia a wɔaka abom yi wɔ mfonini ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no ne nea ɛwɔ nifa so no mu. Twene bia ne tenten yɛ anammɔn 161 ka nkekaho afoforo abien a ɛwɔ 175 Pearl Street ne 160 Jay Street (Nɔma 1) no bom, a adan akɛse anan a edi kan no wɔ mmorɔn no agya hɔ (Nɔma 2) .

Wowiee twene a ne ntrewmu yɛ anammɔn 14 na ne ntwemu yɛ anammɔn 16 na ne sorokɔ wɔ mmorɔn no so no yɛ anammɔn 51 no wɔ 1986 ahohuru bere mu. Ɛma wotumi fi tintimbea mfiri dan no mu kɔ 175 Pearl Street ɔdan no abansoro a ɛto so asia no so.

Yehowa Adansefo tɔɔ Pearl Street ɔdan a wosii no 1917 mu na wɔde bi kaa ho wɔ 1947 mu no January 7, 1983 mu. Ebeduu July 1985 mu no, na ɔdan no mu ahɔho a wotwa to no atu kɔ. Nanso ansa na wɔretu akɔ mpo no, na Adansefo a wɔyɛ adansifo kuw bi afi ase resiesie ɔdan no.

Nea edi kan no, wɔbɔɔ ɔdan no so foforo, na wɔde asubura bi a etumi fa nsu galɔn 30,000 sii mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi de nneɛma akɔ ɔdan no mu no, wɔde afiri bi a wɔde ma nneɛma so a emu duru yɛ nkaribo 12,000 foforo kaa ho, na wɔde afiri a ɛde nnipa kɔ abansoro so sii nea ɛwɔ hɔ dedaw no ananmu. Wɔde dɔte ne amaa a wɔde afra na emu yɛ den san guu fam hɔ fã kɛse no ara. Wɔsan de ntayaa a wɔatõ afasu hyehyɛɛ afasu no afã bi a ɛne kurom hɔ Adansi Mmara ahwehwɛde nhyia no nyinaa. Wɔde dade sisii mfɛnsere no mu na wɔde nhwehwɛ a ɔhyew ntumi mfa mu hyehyɛɛ mu. Na wɔde nnuru kaa ɔdan no ho nyinaa foforo wɔ emu ne akyi.

Bere no mu wɔ December 11, 1986 mu no, wɔtɔɔ 160 Jay Street ɔdan a ɛtoa 175 Pearl Street so no nso. Ahɔho da so ara tete ɔdan no a wosii no 1928 mu no mu nkyem bɛyɛ abiɛsa mu. Sɛ eyinom tu a, ɔdan yi ho siesie nso befi ase. Nkakrankakra wɔ baabi a ɛbɛyɛ yiye no, wobeyi kwan ato adan abien no ntam, na kyerɛ sɛ, wɔaka 160 Jay Street ne adwumayɛbea adan anum no abom.

Adwumayɛbea adan abien a wɔde kaa ho nnansa yi ara no (Nɔma 1) a ne nyinaa reyɛ ayɛ pɛ no de fam a ne kɛse nyinaa yɛ anammɔn 360,000 anaa nea ɛte saa aka ho. Adan anan afoforo no nyinaa fam no ka bom a ɛyɛ anammɔn 662,000. Enti nkekaho afoforo no de fam kɛse bɛyɛ ɔha biara mu 55​—ne nyinaa nkabom yɛ anammɔn 1,022,000​—na abɛka ho! Eyi boro susuhama 23!

Na sɛ afoforo a wɔde aka ho no antumi anni Bible ho nhoma ahorow a wɔhwehwɛ a ne dodow kɔ soro bere nyinaa no ho dwuma nso ɛ? Wiɛ, wubehu wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 12 no mu sɛ wɔahyɛ beae bi agyirae nɔma 3. Yehowa Adansefo atɔ saa asase a ne kɛse boro anammɔn 60,000 no. Sɛ ɛho hia a, wobetumi de eyi adi dwuma de anya tintimbea ntrɛwmu foforo.

Bere a tintimbea adan no wɔ New York po so ahyɛn gyinabea fam hɔ no, ɛwɔ beae pa a wotumi fi hɔ de Bible ho nhoma mana kɔ wiase nyinaa. Sɛnea wutumi hu no, ɛbɛn Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti a wuhu wɔ mfonini a ɛka ho no mu no. (Nɔma 4) Nea ɛka ho no. adan a wiase nyinaa dwumadibea ti adwumayɛfo bɛboro 2,500 a wɔatu wɔn ho ama no tete mu no nyinaa bemmɛn dwumadibea, adwumayɛbea ne amanae adan no a enti ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛnantew akɔ hɔ.​—Hwɛ Nyan (Borɔfo de) a ɛbae August 22, 1987 mu no mu na wubehu amanae nneɛma no ho mfonini ne nkyerɛkyerɛmu ahorow.

Wɔ asram kakraa a atwam no mu no, woyii adwumayɛbea no dwumadi pii kɔɔ 175 Pearl Street ɔdan no mu. Eyi ama ɔkwan abɛda tintimbea hɔ ma wɔde nkrataa agu baabi a ɛbɛn tintim mfiri no wɔ faako a wohia no no. Ma yɛnhwɛ adwumayɛbea dwumadi ahorow a wɔayi akɔ 175 Pearl Street no bi.

[Box/Pictures on page 18]

Dwumadi Ahorow A Ɛwɔ Pearl Street Ɔdan No Mu

Wɔde saa nkrataa a ɛyɛ den yi dura nhoma ho. Wɔde afiri soronko bi na etwitwa ne kɛse a wɔhwehwɛ no. Sɛ wɔkyekyem a, kɛse a wɔhwehwɛ a ɛsonsonoe ahorow anum tɔn 7.2 na wɔde ma nhomapambea no da biara.

Mfiri a wɔde yeyɛ nnwuma ahorow ahorow pii wɔ Mfiridan no mu. Mfiri ho adwumayɛ ho hia na ama tintim ne nhomapam mfiri no atumi ayɛ adwuma. Wɔ ka a ɛso tew kɛse bere a wɔde toto adwuma no a anka adwumayɛbea a wɔpɛ mfaso bɛyɛ ho no akyi no, yɛn adwumayɛbea no yɛ ade ntɛmntɛm ma tintimbea, dwumadibea, ne adansi adwumayɛ no.

Twene a ne ntwemu yɛ anammɔn 161 na emu duru yɛ tɔn 175 no ma wonya ɔkwan a lɔre abien tumi di mpaho wɔ so Pearl street ɔdan no mu, ne nea amanneɛbɔ ne nkitahodi nhama a ɛkɔ 175 Pearl Street ne 160 Jay Street adan no nyinaa mu nam nu no nso fa twene no so.

Efi bere a wɔhyɛɛ Nnaka-yɛ Dwumadibea no ase wɔ June 1982 mu no, nnaka bɛboro ɔpepem a ɛwɔ kɛse mu nsonsonoe bɛboro ɔha na wɔyɛ afe biara. Yɛn ankasa nnaka a yɛyɛ no ma yenya nnaka a ɛte apɔw, yɛnsɛe sika, na edi nnaka ahiade ho dwuma wɔ ɔkwan a eye kɛse so.

Twitwa/bobɔ dwumadi no fii ase wɔ 1980 mu. Efi saa bere no, wosie dɔla ɔpepem pii afe biara denam yɛn ankasa nneɛma a yɛde dura nhoma ho a yetwitwa de di nhomapam ho dwuma no so.

[Diagram/Picture on page 16]

[Diagram/Picture on page 17]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena