Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 12/1 kr. 3-10
  • Yehowa Ahyehyɛde No Kɔ Anim​—So Wo Ne No Rekɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ahyehyɛde No Kɔ Anim​—So Wo Ne No Rekɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkasa a Wɔde Buee Ano Da Ntrɛwmu Adi
  • Franz Ma Ɔdan Anobue Kasa
  • Ɛda Mũ a Honhom Mu Nhyira Ahorow Wom
  • Boa a Yɛbɛboa Yehowa Ahyehyɛde a Ɛrekɔ Anim No
  • Ntrɛwmu Foforo Wɔ Watchtower Farms
    Nyan!—1987
  • Ahenni Ntrɛwmu Mu Kyɛfa A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Trabea Pii A Wosiesie Ma Abusua Bi A Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 12/1 kr. 3-10

Yehowa Ahyehyɛde No Kɔ Anim​—So Wo Ne No Rekɔ?

WURENTUMI nkenkan Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔboaboaa Kristofo ano maa ɔsom no mma w’ani nnye. Ne titiriw no, wɔboaboaa wɔn ano ma wɔkaa asɛm, ma wɔtrɛw Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mu.

Nnɛyi abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kae wɔ tete Kristosom ho sɛ: “Ná n’ahyehyɛde koro pɛ no yɛ asɛnkafo ahyehyɛde, na na ne dwumadi titiriw ne asɛnka no.” Yiw, sɛnea ɔsomafo Petro kae no: “[Yesu Kristo] hyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse.”​—Asomafo no Nnwuma 10:42; Mateo 28:18, 19.

Na asɛnka adwuma wɔ yɛn bere yi mu, wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” yi mu nso ɛ? (2 Timoteo 3:1-5) Yesu Kristo ka too hɔ sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Enti, ansa na nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wiase nyinaa adansedi adwuma kɛse bi. Ahyehyɛde bɛn na ɛreyɛ?

Nokwarem no, nnipa kuw biako pɛ na wɔwɔ hɔ a wɔaboaboa wɔn ano wiase nyinaa ama atirimpɔw a ɛne sɛ wɔbɛyɛ ahenni ho asɛnka adwuma yi. Wɔne Yehowa Adansefo. Wɔn asɛnka adwuma no retrɛw wɔ wiase nyinaa, wɔ nsase horow 206 so. Wɔ 1981 mu no, na Adansefo 2,361,896 wɔ hɔ a wɔrenya adwuma no mu kyɛfa. Ɛno yɛ nea ɛboro ahenni adawurubɔfo a na wɔwɔ hɔ mfe du pɛ a atwam ni no so bɛyɛ ɔpepem biako nkyem anan mu abiɛsa!

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi asɛnka adwuma a emu retrɛw no ho dwuma no, Yehowa Adansefo, wɔ mfe abien pɛ a atwam no mu no, asisi adan bɛyɛ aduonu foforo a wobetintim Bible nhoma ahorow wɔ mu awie, na ebi nso wɔ hɔ a afei na wɔafi ase. Afei nso, nkɔso reba ntɛmntɛm wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa asafo no ti. Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yerusalem ne beae a wofi de akwankyerɛ maa Kristofo ahyehyɛde no. (Asomafo no Nnwuma 15:1, 2) Nanso nnɛ wɔde saa akwankyerɛ yi ma fi Brooklyn, New York.

March 15 anwummere wɔ afe yi mu no, wobuee ɔdan foforo a wɔasi aka nea ɛwɔ asafo no ti wɔ Brooklyn no ho no ano. Eyi ne 25 Columbia Heights Adwumayɛbea a wuhu wɔ kratafa a edi hɔ no. Ɛyɛ ɔdan bi a wɔasiesie, ne foforo koraa a wɔasi a wɔde abom ayɛ no ɔdan kɛse biako.

Brooklyn asafo ti abusua no mufo bɛboro mpem abien baa ɔdan no anobue dwumadi nhyehyɛe a wɔyɛe wɔ abusua no nhyiambea anwumere 6:45 no ase. Nanso wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no mufo a na wɔahyiam wɔ Ahenni Asa no so ne mmeae ahorow a wodidi no benya dwumadi no mu kyɛfa denam ɔhwɛtie afiri bi so. Afei nso, abusua no mufo bɛboro ahansia a wɔwɔ Watchtower Farms a ɛwɔ New York atifi fam no tumi tiei denam mfiri ahorow so.

Ɔkasa a Wɔde Buee Ano Da Ntrɛwmu Adi

Bere a Carey W. Barber abɔ mpae akyi no, John E. Barr de Ɔwɛn-Aban adesua ma dapɛn no a ɛfa ahosohyira ho no mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu fii dwumadi no ase. Afei Milton G. Henschel a na ɔyɛ anwummere no dwumadi no guamtrani no too nsa frɛɛ Grant Suiter sɛ ɔmmɛka Onyankopɔn ahyehyɛde no “abakɔsɛm mu nkɔso ahorow” fi 1919 besi 1985 ho asɛm.

Onua Suiter fii ase sɛ: “Yɛrenka saa nneɛma yi ho asɛm ahantan so a yensusuw Yehowa ho, nanso nea ɛne no bɔ abira no, yesusuw ne ho na yehu nea asɔ n’ani sɛ ɔde bedi dwuma wɔ mfe dudu yi mu, a ɛne, abusua yi no.” Bere a Yehowa Adansefo dii kan tu baa Brooklyn wɔ 1909 mu no, na asafo ti abusua no mufo dodow bɛyɛ aduasa pɛ.

Suiter kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ October 1919 mu no, ahyehyɛde no fii ase tintim nsɛmma nhoma foforo The Golden Age, a mprempren wɔfrɛ no Nyan! no. Na afe a edi hɔ, wɔ beae ketewaa bi wɔ Myrtle Avenue no, asafo ti abusua no fii ase tintim Bible nhoma ahorow wɔ wɔn ankasa mfiri ahorow so. Enti, Suiter kae sɛ, ebeduu afe 1921 no na abusua no mufo dodow akɔ anim akodu 107. Ɔkae sɛ, wɔ 1923 mu no, na wotintim nhoma mpem anum da biara.

Onyankopɔn ahyehyɛde a na ɛrekɔ anim no behiaa nneɛma akɛse ahorow. Enti, sɛnea Suiter kyerɛe no, wɔ 1927 mu no wosii ofie foforo a ɛsõ maa asafo ti abusua no wɔ Columbia Heights, na wosii abansoro a ɛtoa so awotwe a ɛhɔ na wɔbɛyɛ adwuma, a adan kakraa bi na etwa ntam wɔ 117 Adams Street.

Ɔretoa “abakɔsɛm mu nkɔso ahorow” ho nsɛm no so no, Lyman Swingle a na ɔne nea odi hɔ no kaa anim a Yehowa ahyehyɛde no kɔe fi 1986 besi 1950 mu ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Wɔ 1986 mu no ná ɔtaa rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Ná wɔasisi Hitler adwumayɛ-ban ahorow.” Afei, ɔbɔɔ ne ti nko kyerɛɛ nea na awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim te na ɔkae sɛ: “Wɔkyeree onua Poetzinger ne ne yere saa afe no, na wɔde wɔn koguu saa adwumayɛban ahorow no mu mfirihyia akron.” Wɔ ɔtaa yi nyinaa akyi no, wɔne mpempem afoforo akɔ so ne Onyankopɔn ahyehyɛde no akɔ anim.

Swingle toaa so sɛ: “Ná eyinom yɛ mfe a emu yɛ den. September 1, 1939 no, Hitler piaa n’asraafo kowuraa Poland, na Wiase Ko II fii ase.” Ɔhaw ahorow nso mu yɛɛ den wɔ United States. Ɔkae sɛ: “Nnipadɔm basabasayɛ kɔɔ so wɔ ɔman no mu nyinaa. Wɔhyew yɛn Ahenni Asa ahorow no bi pasaa. Wɔsɛee yɛn lɔre ahorow no pii. . . . Nanso, wɔ ɔhaw ahorow no nyinaa akyi no, yenyaa adawurubɔfo nkɔanim ɔha biara mu 40 wɔ 1940 mu!” Ɔkyerɛe sɛ, wɔ ɔko no mu ankasa no, ahyehyɛde no mufo dodow bu bɔɔ ho abien​—fi ahenni adawurubɔfo 71,500 so beduu nea ɛboro 141,000.

Swingle toaa so sɛ: “1946 mu no, wɔyɛɛ ɔko no akyi nhyiam a edi kan wɔ Cleveland, Ohio​—nnipa mpem aduɔwɔtwe na wɔbae.” Ɛhɔ na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɛsɛ sɛ wosi ɔdan foforo wɔ Columbia Heights, na anuanom betumi aboa ɔdansi ho nhyehyɛe no denam wɔn ntoboa ahorow so. Swingle kae sɛ: “Afei yesii abansoro a ɛtoa so du [de kaa fie a ɛwɔ hɔ no ho], na na ɛsõ araa ma yesusuwii sɛ ɛho renhia sɛ yesi dan bio wɔ Brooklyn. Saa bere no ara mu no, yesii abansoro a ɛtoa so akron de kaa nea ɛwɔ 117 Adams Street a wotintim nhoma wɔ hɔ no ho. Wobuee saa adan yi ano 1950 mfiase mu hɔ.”

Ɔde n’asɛm no reba awiei no, Onua Swingle kae sɛ: “1950​—Yankee Stadium Nhyiam a edi kan​—nnawɔtwe. Anuanom a wofi aman aduosia ason so bae. Nnipa dodow a wɔbae: 123,706.” Ampa na ɛyɛ ntrɛwmu bere! “Efi 1936 besi 1950 no yefi adawurubɔfo a na wɔn dodow bɛyɛ 50,000 so beduu 363,430​—dodow a abu abɔ ho mpɛn ason ne fã wo saa mfirihyia dunum no mu!” Nanso hena na ɛfata sɛ wode ɛho nkamfo ma no? Swingle rewie no, ɔfaa Nehemia asɛm no kae sɛ: “Wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.”​—Nehemia 6:15, 16.

Nea odii ho, Onua Henschel ankasa kaa “abakɔsɛm mu nkɔso ahorow​—1951 besi 1981” ho asɛm. Ɔrefi n’asɛm no ase no, ɔkae sɛ: “Yehowa na ɔma nneɛma kɔ so. Yehowa na ɔma enyin.” Na bere a wafa ɔsomafo Paulo asɛm “Yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo” aka no, obisae sɛ: “So ɛno nyɛ nsusuwii a ɛhyɛ nkuran, sɛ yɛne Onyankopɔn betumi abom ayɛ adwuma wɔ n’adwuma mu na yɛahu nea Yehowa ma efi mu ba no?”​—1 Korintofo 3:6-9.

Henschel toaa so sɛ: “Adanse no wɔ hɔ, abakɔsɛm mu nkɔso ahorow no da no adi sɛ Yehowa na adwuma no hyɛ ne nsa. . . . Ná ɛsɛ sɛ yenya adawurubɔfo, na woama woate asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa. Ɛno ne yɛn adwuma​—‘sɛ yɛnka ahenni no ho asɛmpa yi.’” Afei ɔkyerɛɛ nkɔso kɛse a aba no: “Adawurubɔfo 798,000 wɔ 1958 mu. Afei ebedu 1968 no, adwumayɛfo 1,221,000. Ebedu 1978 no, 2,182,000, na ebedu 1981 no, 2,361,000.”

Henschel kae sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a saa adwumayɛfo a wɔboro 2,000,000 yi betumi ayɛ asɛnka adwuma no, na ɛsɛ sɛ wonya nnwinnade.” Henanom na wɔde bɛma? Asafo ti abusua no mufo! Henschel kae sɛ: “Wɔ 1950 mu no, na abusua no mufo dodow yɛ 355. Nanso, ɔkyerɛe sɛ, bere a Bible nhoma ahorow dodow a wohia no yɛɛ kɛse no, saa na asafo ti abusua no mufo dodow nso yɛɛ kɛse ​—wɔbɛyɛɛ 512 wɔ 1960 mu, ɛrebedu 1965 no na wɔn dodow yɛ 678, na ɛrebedu 1970 no na wɔyɛ 1,228, na nnɛ wɔn dodow bɛyɛ 2,600.

Sɛ yebenya baabi ama adwumayɛfo yi nyinaa atra a, na yehia adan pii. Henschel kaa ntrɛwmu no ho asɛm: Wobuee abansoro foforo a ɛtoa so dumienu a ɛho na wɔbɛtra ano wɔ 107 Columbia Heights, October 1960 mu. Wosii afie foforo bio wɔ 119 Columbia Heights na wobuee ano May 2, 1969. Afei wɔtɔɔ Towers Hotel (ahɔhodan) kɛse no wo 1975 mu, na wosiesie yɛɛ no beae a adwumayɛfo bɛtra maa abusua no mufo bɛyɛ ahankron. Na wɔ Watchtower Farms nso, wowiee adan afoforo a wobɛtra mu wɔ 1968, 1971 ne 1973 mu. Henschel kaa adan ne mmeae ahorow a wɔbɛyɛ adwuma a ɛsɛ sɛ wɔtɔ na wɔatumi adi Bible nhoma ahorow dodow a wohia a ɛrekɔ anim no ho dwuma no ho asɛm. Wɔ 1956 mu no, wosii abansoro a ɛtoa so dumiɛnsa wɔ 77 Sands Street. Afei sɛ wutwa kwan no mu pɛ a, ɛhɔ nso wɔtɔɔ foforo (abansoro a ɛtoa so du) wɔ 1958 mu. Wɔ 1968 mu no, wowiee tintimbea foforo a wode atõa mu a ɛtoa so dubaako no. Eyinom ne adwumayɛbea a ɛwɔ 117 Adams Street no nyinaa yɛ adan akɛse anan a wɔde biribi te sɛ ɛtwene atoto ne nyinaa so a wutumi fi biako so kɔ foforo so. Afei, wɔ November 1969 mu no, wɔtɔɔ Squibb dan kɛse a adan kakraa bi na etwa ɛne eyinom ntam no. Na sɛnea Henschel kae no, yɛn ani gye adan yi ho titiriw wɔ ɔdan anobue dwumadi yi mu, efisɛ 25 Columbia Heights Adwumayɛbea no yɛ ɔdan kɛse yi fã.

Saa bere no mu no na ntrɛwmu adwuma foforo rekɔ so wɔ Watchtower Farms a wɔtɔe wɔ 1963 mu no. Henschel kaa sɛnea wowiee nhoma tintimbea a edi kan wɔ hɔ no ho asɛm. Na afei wɔ 1975 mu no wofii nea ɛto so abien a ɛso sen kan de no ase.

Bere a waka abakɔsɛm mu nkɔso afoforo a aba wɔ mfirihyia aduasa a abetwam no mu ho asɛm, a 1958 Yankee Stadium-Polo Grounds nhyiam a nnipa dodow a wɔbae yɛ 253,922 ka ho akyi no, Onua Henschel too nsa frɛɛ Max H. Larson a na ne dwumadi ne “Adansi no Afã Horow.” Onua Larson de mfonini ahorow aduanan kyerɛe, a ɛkyerɛ kan Squibb ɔdan kɛse no afã horow a wobubu gui ne adwumayɛbea foforo no si. Wɔn a na wɔrehwɛ no huu sɛnea wɔde ɔdan foforo yi tõaa tintimbea a na ɛwɔ hɔ dedaw a wɔadan ayɛ no nnɛyi adwumayɛbea no mu no.

Larson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ 1978 mfinimfini mu hɔ no, wofii 25 Columbia Heights dan a na anka ɛyɛ adekora dan a wɔrebɛyɛ no nnɛyi adwumayɛbea no ho dwumadi ase. Sɛ wobetumi ayɛ adwuma yi a, na ebegye anuanom mmarima ne mmea adwumayɛfo a wɔn dodow yɛ fi 180 kosi 200. Wɔ September 1979 mu no wofii ase bubuu afã horow a yɛadi kan aka ho asɛm no, na afei wɔ December 1979 mu no wofii 25 Columbia Heights apuei fam adansi adwuma foforo no ase.

Franz Ma Ɔdan Anobue Kasa

Bere a ɔde anwummere a ɛyɛ anigye yi dwumadi no reba awiei no, Onua Henschel too nsa frɛɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhoma Asafo no titrani, Fred W. Franz. Onua Franz fii bere nyinaa asɛnka adwuma no ase wɔ 1914 mu, na wasom sɛ asafo ti abusua no muni fi 1920. Enti otumi fi tete osuahu mu kaa nneɛma ahorow pii a ɛyɛ anigye ho asɛm a ɛfa anim a Yehowa ahyehyɛde no kɔ ho.

Ɛwom sɛ nneɛma a wɔawie no foforo wɔ 25 Columbia Heights no ne nea ɛyɛ fɛ sen biara de, nanso Onua Franz sii so dua sɛ ɛnyɛ atirimpɔw a pɛsɛmenkominya wom bi nti na wɔyɛe. ɔtwee adwene sii Bible mu asɛm a ɛwɔ Marko 7:11-13 no so, baabi a ɛka ɔbarima bi a na ɔwɔ ahonyade, nanso sɛ ɔde bedi dwuma de ahyɛ n’awofo anuonyam mmom, sɛnea anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ no, ɔpɛ de dii n’ankasa pɛsɛmenkominya nneɛma ho dwuma ho asɛm no. Enti ɔkae sɛ ɛyɛ “korban, a ɛne sɛ, ayɛyɛde [a wɔahyira so ama Onyankopɔn].”

Nanso, Onua Franz kae sɛ: “Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ adwuma wɔ nnwumayɛbea ahorow a yɛrehyira so ama Yehowa yi mu no nte saa. Mmom no, wɔde nneɛma foforo yi redi dwuma de ayɛ nea wobetumi nyinaa ama Yehowa Nyankopɔn. Wɔreyɛ adwumaden a ɛnyɛ sɛ wobenya pɛsɛmenkominya anigye bi afi mu esiane sɛ wɔwɔ mmeae a ɛhɔ yɛ fɛ yi nti, na mmom sɛ wɔbɛyɛ adwuma pii a eye na ɛyɛ fɛ.”

Wɔ ɔdan yi fɛ a ɛyɛ ne nneɛma afoforo a ɛwom no nyinaa akyi no, Onua Franz kae sɛ yehia Yehowa ahobammɔ, sɛnea Bible no ka wɔ Dwom 127:1 no: “Sɛ [Yehowa] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.” Franz kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, saa na agyapade ahorow a ɛwɔ ha yi te, sɛ Yehowa ammɔ ho ban na wanhyira yɛn dwumadi wɔ mu no so a, yɛrebrɛ kwa. Ɔkae sɛ, nanso Yehowa nkurɔfo ho abakɔsɛm wɔ mfe ahorow no mu da no adi sɛ Yehowa rehyira ne nkurɔfo na ɔrebɔ wɔn ho ban.

Ɔde ne kasa no reba awiei no, Onua Franz faa Ɔhene Dawid asɛm no kae: “Hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.” (1 Beresosɛm 29:14) Enti, esiane sɛ Yehowa ne nneɛma nyinaa Wura na yɛanya saa agyapade ahorow yi afi ne hɔ nti, Franz kae sɛ, nea yɛreyɛ nyinaa ne sɛ yɛresan de ama Yehowa denam hyira a yebehyira so ama no no so. Enti, ɔde da mũ, ne anwummere a ayɛ anigye na ahyɛ yɛn den honhom mu no reba awiei no, ɔkae sɛ: “Afei mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ saa adwumayɛbea foforo yi gyina hɔ pintinn’, a yɛahyira so koraa ama Yehowa Nyankopɔn.”

Ɛda Mũ a Honhom Mu Nhyira Ahorow Wom

Ná anwummere no ɔdan anobue dwumadi nhyehyɛe no ayɛ da titiriw paa a adagyew nnim mu dwumadi ahorow fã a edi awiei ara kwa. Anɔpa no fii ase te sɛ da foforo biara a wɔde yɛ adwuma wɔ Brooklyn asafo ti hɔ, wofii Bible mu asɛm ho nkɔmmɔbɔ ase anɔpa 7, na wowiei no, wodidii. Nanso afei ɛbɔɔ anɔpa 8 no, abusua no mufo pii​—wɔn a wɔyɛ fie hɔ adwuma ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ tintimbea ahorow​—fii 25 Columbia Heights Adwumayɛbea hɔ nsrahwɛ ase. Nanso, wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea ahorow no kɔɔ wɔn nnwuma ahorow a wɔyɛ no daa no so. Ná wɔatintim nhomawa bi a ekura nkratafa aduonu a ɛka da no mu dwumadi nhyehyɛe ne nsrahwɛ no ho asɛm. Dɛn na wɔn a wɔkɔɔ nsrahwɛ no hui?

Bere a wɔrekyerɛ wɔn kwan no, wosii 25 Columbia Heights dan foforo fɛfɛ no abrannaa so na wɔtoaa so duu faako a wofi di ɔsom adwuma ho dwuma no wɔ abansoro a ɛto so abiɛsa yi ara so. Ɛha na wɔn nsa ka amansin so ahwɛfo bɛyɛ 325 no amanneɛbɔ ahorow dapɛn biara wɔ apon ahorow du ho. Wɔ abansoro a ɛto so abien no so no, wɔn a wɔrekɔ nsrahwɛ no huu Asasesin ho Dwumadibea ne Akwampaefo de nso. Ɛhɔ na wofi hui sɛ wɔpaw akwampaefo afoforo 5,578 wɔ 1981 mu.

Wɔde afiri toaa so duu abansoro a ɛto so dumien no so, na wɔkɔhwɛɛ beae a wofi di sikasɛm ho dwuma ma Asafo no. Wɔ abansoro a ɛto so dubiako no so no, wohuu faako a wofi di ka ahorow a Asafo no bɔ wɔ nneɛma ahorow ho, te sɛ nhoma ahorow a wotintim na wɔde mana ho no ho dwuma. Ase, wɔ abansoro a ɛto so du no so no, wɔkɔhwɛɛ mmeae ahorow a Mpanyimfo no yɛ adwuma, ne ɔdan a Sodikuw no yɛ nhyiam wom no nso. Wohuu beae a wofi yɛ mfonini ahorow no, a nneɛma ahorow a wɔde yɛ ne sɛnea wɔyɛ no ma wɔde kɔ Asafo nhoma horow mu no ka ho a wɔde rekyerɛ.

Faako a wogyinae bio ne Nsɛm Kyerɛwbea a ɛwɔ abansoro a ɛto so awotwe no so no, a ɛhɔ na wofi kyerɛw nsɛmma nhoma ne Asafo nhoma ahorow mu nsɛm no. Sɛ́ anka wɔde akyerɛw afiri (typewriter) bɛkyerɛw no, mprempren akyerɛwfo no pii de afiri foforo a wɔfrɛ no computer di dwuma na etumi kyerɛw nsɛmfua 700 simma biako. Ɛrenkyɛ wobenya eyi pii wɔ adwumayɛbea hɔ nyinaa.

Afei wɔn a wɔrekɔ nsrahwɛ no toaa so duu abansoro a ɛto so ason no so, ne baabi a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ Photocomposition Department no. Ɛha na wɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔhyehyɛ nsɛm a efi Nsɛm Kyerɛwbea no dodow biara ne mfonini a ɛbɛkɔ kratafa biara so. Afei, wɔ beae foforo a ɛbɛn ɛno a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ Graphics Department no nso, wohuu sɛnea wɔde nsɛm a wɔakyerɛw ne mfonini ahorow no bom na wɔnam akwan horow so kyere mfonini no gu film so no. Wɔboaboa saa film a wɔanya yi ano ma wotwa gu ade so na wɔde kɔ tintimbea kɔyɛ ho adwuma. Abansoro a ɛto so ason yi ara so na abusua no kɔhwɛɛ faako a wodi Spain nneɛma ho dwuma, ne faako a wɔkenkan nneɛma ahorow a wɔretintim no hwɛ sɛ mfomso biara nni mu no. Afei, ase, wɔ abansoro a ɛto so asia no so na wohuu afiri a wɔfrɛ no computer no akɛse a wɔde di nsɛm a wɔde gu emu nketewa so no ho dwuma.

Ɛwom sɛ na wɔahu nneɛma ahorow pii de, nanso na wɔda so ara wɔ kwan pii twa ansa na wɔakogyina wɔ fie adidi bere a abɔ 11:45. Enti afei wɔtoaa nsrahwɛ no so koduu faako a wodi nkrataa ahorow a wɔkyerɛw ho dwuma ne faako a wobu nhoma ahorow a wɔde mana mmeae ahorow no ho akontaa wɔ abansoro a ɛto so anum no so. Afei wotwaam wɔ biribi a ɛte sɛ ɛtwene (wubetumi ahu wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 4 no mu) a wɔde atõa 25 Columbia Heights Adwumayɛbea no ne adan a ɛwɔ kwan no afã nohoaa mu no so. Wɔ ha yi no, wɔkɔhwɛɛ faako a wɔyɛ adan ho adwuma, Gilead Sukuu, faako a wɔyɛ nnaka a wɔde nhoma gu mu, ne afei nso mmeae a wɔyɛ nnuru a wɔde tintim nhoma, faako a wɔyɛ lɔre mu nkongua ne nea ɛkeka ho, faako a wɔpam nhoma ne faako a wosiesie mfiri ahorow.

Pii ani gyee faako a wɔkyere nsɛm gu hama so no ho kɛse, ɛhɔ na wɔkyere nhyiam drama ahorow, Bible akenkan ahorow ne nnwom gu hama so. Afei nso wɔn ani gyei sɛ wohuu beae a wɔde nneɛma ahorow yi gu cassette so no a na wɔn a wɔwɔ hɔ no reyɛ adwuma. Wotumi di cassette ahorow bɛyɛ mpem dunum ho dwuma da biara​—nea ne dodow boro ɔpepem akron fi bere a wofii ho adwumayɛ ase wɔ 1978 mu no! Nanso na faako a wɔyɛ mfiri a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma ho adwuma, faako a wɔyɛ anifuraefo nhoma, faako a wɔhwɛ adansi ho nsɛm so, faako a wɔyɛ nhyiam ho nhyehyɛe, faako a wɔyɛ mfonini ho adwuma, faako a wodi adwumayɛfo no nneɛma ho dwuma, faako a wɔde lɔre sisi ne faako a wofi de nneɛma mana, da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkɔhwɛ ansa na woakodidi awia.

Nnɔnhwerew abiɛsa ne fã nsrahwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Sɛ́ Yehowa ahyehyɛde no rekɔ anim ampa no yɛ nea wɔn nyinaa tee nka. Bere a wɔadidi awie akyi no, abusua no kɔhwɛɛ faako a wotintim nhoma no. Ebedu awia 12:30 no na adwumayɛfo a wɔwɔ tintimbea hɔ no wɔ mmeae a wɔyɛ adwuma a wɔrebɛkyerɛ abusua no mufo a aka no sɛnea wɔde nneɛma ahorow no di dwuma wɔ Bible nhoma ahorow tintim ne ne pam mu. Nea na ɛyɛ anigye titiriw ne tintim mfiri akɛse foforo no​—bere a wɔkɔhwɛɛ hɔ no na anum wɔ hɔ, wɔde abiɛsa foforo bɛba abɛka ho afe yi. Kɛse paa a ɛwom, Bible tintim afiri, no tenten yɛ anammɔn 109!

Nnɔnhwerew abiɛsa nsrahwɛ wɔ tintimbea hɔ akyi no, abusua no de wɔn anim kyerɛɛ fie a na wɔabrɛ nanso na Yehowa nhyira a ɛda adi wɔ ntrɛwmu no so no ama wɔn ani agye. Ɛbɔɔ anwummere 4:00 no, wɔn nyinaa kohyiaa wɔ mmeae ahorow a wodidi wɔ adan ahorow asia mu dii aduan a wɔahyɛ da asiesie no. Afei bere a wɔahome kakra akyi no, wɔn nyinaa tiee ɔdan anobue dwumadi nhyehyɛe a ɛhyɛ nkuran kɛse no.

Boa a Yɛbɛboa Yehowa Ahyehyɛde a Ɛrekɔ Anim No

Wɔ aman afoforo pii so no, Yehowa nkurɔfo renya anigye koro yi ara bi bere a wohu Yehowa nhyira ho adanse wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtrɛw nneɛma a wɔde bɔ n’ahenni ho asɛmpa no dawuru mu no. Wɔ aman pii so no wɔasisi baa dwumadibea afoforo awie nnansa yi ara na ebinom nso wɔ hɔ a wogu so resi.

Ampa, saa adansi ne ntrɛwmu wɔ wiase nyinaa yi gye sika. Ɛyɛ ampa sɛ Yehowa Adansefo nsrɛɛ sika da, nanso wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa wɔ sika fam wɔ Yehowa ahenni no nneɛma a wɔbɛtrɛw mu mu no betumi ayɛ saa denam ntoboa no a wɔbɛma Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ wɔn man mu nsa aka no so. Wɔ Ghana no, wobetumi de saa ntoboa yi akɔma Ɔwɛn Aban Asafo, Box 760, Accra. Yɛde aseda gye saa ntoboa ahorow yi.

Yehowa nkurɔfo wɔ ahyɛde a emu da hɔ pefee a ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa no wɔ asase nyinaa so ansa na awiei no aba. (Mateo 24:14) Faako a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ adwuma yi kodu de, yennim. Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ, ɛmfa ho sɛ dɛn na ɛbɛba daakye no, Yehowa ahyehyɛde no bɛkɔ n’anim a ɛreyɛ nea Ɔka.

[Kratafa 4 mfoni]

Kan Squibb adan a mprempren ayɛ Yehowa Adansefo de no. 25 Columbia Heights Adwumayɛbea no wɔ nifa fam

[Kratafa 5 mfoni]

124 Columbia Heights fie wɔ 1950 mu

117 Adams Street nhoma tintimbea wɔ 1950 mu

[Kratafa 6 mfoni]

107 Columbia Heights

“Towers” Dan

119 Columbia Heights

[Kratafa 7 mfoni]

Nhoma tintimbea adan akɛse anan wɔ Brooklyn

Watchtower Farms a nhoma tintimbea ne atrae ahorow ka ho

[Kratafa 8 mfoni]

Fred Franz rema ɔdan anobue kasa

[Kratafa 9 mfoni]

25 Columbia Heights Adwumayɛbea, a ɛrekyerɛ nnwuma ahorow a wɔyɛ wɔ hɔ

1. Wɔrewura 25 Columbia Heights Ɔdan no mu

2. Wɔrehwɛ Sodikuw dan no mu

3. Wɔrehwɛ computer dan no mu

4. Wɔrehwɛ Otitrani no Adwumayɛbea

5. Wɔrehwɛ biribi a wɔreyɛ wɔ faako a wɔyɛ Mfonini

6. Wɔrehwɛ Nsɛm Kyerɛwbea computer nketewa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena