Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 9/8 kr. 3-4
  • Sika A Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika A Wɔhwehwɛ
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔrekɔ​—Akɔpɛ Sika
  • Aman a Afei na Wɔrenya Nkɔso
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Anigye A Wɔtɔ A Wɔmmfa Sika
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 9/8 kr. 3-4

Sika A Wɔhwehwɛ

Efi Britain Nyan! kyerɛwfo hɔ

JULIAN a ofi Philippines gye tom sɛ: ‘Na me botae ne sɛ ennu bere a medi mfe 45 no, na mayɛ osikani a ɔwɔ mpempem.’ Karel a ofi South Africa no ka sɛ: “Na botae a ɛne sɛ mɛyɛ osikani no ahyɛ me so.”

Nokwarem no, ɛyɛ ampa sɛ ɛnyɛ obiara na ɔpɛ sɛ ɔyɛ osikani na mmom sɛ wobenya ahonyade ne sika a ɛbɛma wɔn ani agye wɔ asetra mu na wɔayɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Na eyi ne Japanni adwumawura Kichisaburo a ɔkaa eyi no su: “Misusuwii sɛ saa nneɛma yi na ɛde anigye ba.”

Liz a ofi Canada no tee nka saa ara. Ose: “Sɛ́ abofra no, migye dii sɛ sika de ɔhaw mu ahofadi ba.” Ná ne kunu Tom wɔ anidaso sɛ sika bɛboa no ma “waguan afi ne nyinaa ho, . . . faako a nsɛmmɔnedi, mframa sɛe, nnipa a wɔwɔ anim abien biara nni hɔ.”

Wɔrekɔ​—Akɔpɛ Sika

Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no, nnipa a wɔhwehwɛ ahonyade atutu akwan. Wɔ atubradi nna no mu no, Britania adwumawuranom dii nneɛma hwehwɛfo akyi pɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nsasepɔn mũ, te sɛ Afrika, so asase mu nneɛma adi so. Afei, bere a ahemman no brɛɛ ase ne esiane nnansa yi sikasɛm mu nsɛnnennen no nti no, akwantu no ani adan bere a Aman a wɔne Britania wɔ ayɔnkofa no mufo tu kwan kɔ Britania a ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛ adefo titiriw nti, na mmom sɛ wobenya sika a eye a wɔde bɛhwɛ wɔn mmusua nti.

Mmarima ne mmea ɔpepem pii fi Philippines kɔhwehwɛ nnwuma wɔ mmeae afoforo, na pii nya adwuma wɔ aman a ɛwɔ Persia Ɛpo Basa no mu no mu ne mmeae afoforo. Mexicofo ne pii a wofi Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam tu kwan kɔ kesee fam a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya sika wɔ United States. Europa aman pii gye nnipa a wofi Mfinimfini Apuei ne Afrika Kusuu Fam no ahɔho.

Sɛnea South Africafo krataa Manpower Review a ɛbae January 1987 mu no kyerɛ no, na akwantufo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ June 30, 1985 mu no dodow yɛ 371,008. Nanso amanneɛbɔ no de ka ho sɛ “wobu ano sɛ wɔn a wɔnnam mmara kwan so a wɔawiawia wɔn ho aba South Africa rekɔhwehwɛ n’ahonyade no bi no yɛ ɔpepem 1.5.”

Wɔ nnɛyi aman a wɔwɔ sika kɛse no mpo mu no, nkurɔfo retutu akwan akɔpɛ sika. Eyi yɛ nokware wɔ Britania. Nnipa pii reyɛ adwuma wɔ kesee fam hɔ na wɔn afie wɔ kusuu fam. Sɛ nea enti a ɛte saa no ho nhwɛso no, ɔdan bi a ɛwɔ London mfinimfini hɔ baabi (wɔ kesee fam) a wɔfrɛ no “prae adaka dan” a ne fam nyinaa kɛse yɛ anammɔn 61 no bo koduu pɔn 36,000 [dɔla 54,000, U.S] nnansa yi. Nanso, saa sika yi tumi tɔ ɔdan a dabere abiɛsa wom wɔ baabi a efi London kɔ hɔ yɛ akwansin 80.

Asiafo bɛyɛ 60,000 na wɔte Bradford a ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Engiresi Aburokyiri kusuu fam no mu. Saa akwantufo yi mu pii baa saa adwumayɛbea yi bɛyɛɛ adwuma wɔ ne oguan nhwi adwumyɛbea no mu. Nanso bere a mfiri ma adwumayɛfo so tew no, wɔn a wonnya adwuma nyɛ no de wɔn ho to aban no ahobammɔ sika a wotua no so na wɔahwɛ wɔn ho. Enti, pii sika a wɔhwehwɛ no kowie abasamtuw mu.

Aman a Afei na Wɔrenya Nkɔso

Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobenya adwuma a wɔyɛ daa no twetwe ɔpepem pii fi wɔn afie wɔ nkuraase mu kɔ nkurow akɛse mu. Ampa, pii nya nnwuma yɛ. Nanso so wɔn akatua no de anigye ba?

Ɛsɛ sɛ adwumayɛfo de akatua kakraa bi a wogye no di kan tua adan a ɛba fam a ebia ɛwɔ adan atantan a aka aboa so a atwa nkurow ho ahyia na ne bo taa yɛ den no ho ka. Ɛsɛ sɛ wɔde nea ɛbɛka no di wɔn abusuafo a wɔwɔ fie wɔ nkuraase no ahiade a ɛyɛ anibere no ho dwuma. Sɛ nhwɛso no wɔ Afrika no, wɔ ɔsram awiei biara no, mmarima kɔhyɛ post office ahorow mu a wɔato santen retɔ sika amanae nkrataa de sika amana wɔn abusuafo a wɔwɔ nkuraase a wɔhwɛ wɔn no.

Sɛ mmusua mufo te faako wɔ nkurow akɛse mu mpo a, sikasɛm mu adesoa no kɔ so bio. Ɛsɛ sɛ wɔtew sika to hɔ ma akwahosan ho dwumadi, akwantu, sukuu ho ka, aduan, ne adan akatua. Ɛte sɛ nea enni awiei. Ɛnyɛ nwonwa biara sɛ wɔn a wɔte nkurow akɛse mu no pii yɛ nnwuma ahorow abien.

So eyi te sɛ nea ɛde anigye ba? Ɛyɛ den. Ɛnde, sɛ́ wutu kwan anaasɛ wotra faako no, asemmisa no da so wɔ hɔ sɛ, Afã bɛn na sika nya wɔ w’asetra mu? Mmuae no ho hia kɛse wɔ anigye a wubenya mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena