Mmofra Bisa Sɛ . . .
Ɔkwan Bɛn So na Metumi ‘Adi M’agya ne Me Na Ni’?
‘BƆ ADE biako a woyɛ a ɛsɛe wone w’awofo ntam abusuabɔ din.’ Wobisaa mmofra 160 saa asɛm yi. Mmarimaa no mu bɛyɛ ɔha biara mu 43 kyerɛe sɛ ɛyɛ “[ɔwofo no] a wɔne no nni wɔ obu mu.” Mmeawa no mu ɔha biara mu 42 kae sɛ ‘wobu ani gu agya no so’ na ɔha biara mu 63 kae sɛ ‘woyiyi wɔn na asɛm ano.’ Nanso mmofra yi mu pii gye toom sɛ wɔte nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔma wɔn awofo nya ‘nkate pa’ na wɔne wɔn yɛ biako. Nanso adwempa a wɔwɔ nyinaa akyi no, wɔtaa fom.
Ɛwom sɛ ebia wopɛ ampa sɛ wudi Bible no ahyɛde sɛ di w’awofo ni no akyi de, nanso wunim sɛ mmere bi wɔ hɔ a wonyɛ saa. Ɔkwan bɛn so na wubetumi akwati asehwe ahorow no?—Efesofo 6:2.
Su a Eye
Akwan horow abien so na wubetumi asusuw w’awofo ho. Mmebusɛm 30:17 ka “aniwa a eyi n’agya ahi, na ebu ɛna tie animtiaa” ho asɛm. Wɔ ɔkwan foforo so no, Mmebusɛm 17:6 ka sɛ, “Mma anuonyam ne wɔn agyanom.” Enti wubetumi asusuw wo ɔwofo ho sɛ obi a ɔsɛ sɛ wobu no animtiaa na wodi ne ho fɛw anaasɛ obi a ɛsɛ sɛ wode no hoahoa wo ho, w’anuonyam, sɛnea ɛte no. Nsusuwii a wubenya no na ɛbɛkyerɛ sɛ wode obu ma no anaasɛ dabi.
Abofra bi a ne din de Louis kyerɛwee sɛ: “Nanso ɔkwan bɛn so na obi betumi ate obu nka bere a n’awofo nyɛ wɔn a wobu wɔn ho no?” Mmuae no ne sɛ hwehwɛ wɔn su horow a eye no, kyerɛ ho anisɔ na fa w’adwene si ɛnonom so. Nhwehwɛmufo Nick Stinnet ne John DeFrain hui sɛ anisɔ a wɔkyerɛ wɔ abusua mufo ho yɛ su atitiriw a ɛwɔ mmusua a ɛyɛ den mu no mu biako. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ wɔn nhoma Secrets of Strong Families no mu sɛ: “Ade biako a ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛ anisɔ ne sɛ yennsuae sɛ yɛbɛyɛ abɔrefo pa ɛ. South Africa dɛnkyɛmmo tufo de wɔn adwumayɛ mmere yiyi dɛnkyɛmmo nketenkete kakraa bi wɔ abotan ne efĩ a emu duru bɛyɛ tɔn ɔpepem pii mu. Ɛtaa ba mpɛn pii sɛ yɛyɛ nea ɛne eyi bɔ abira koraa. Yedwiridwiriw dɛnkyɛmmo no mu de ahopere hwehwɛ efĩ. Yɛn mmusua a ɛyɛ den no yɛ dɛnkyɛmmo ho abenfo.”
Onipa biara wɔ su pa ahorow bi ne nea otumi yɛ. Sɛ wohwehwɛ papa no a wubehu. Ɛdenam ‘dɛnkyɛmmo no a wobɛhwehwɛ’ so no, wubetumi anya ntease horow a enti ɛsɛ sɛ wubu w’awofo no.
Nanso, w’awofo ho nsusuwii a eye no fi ase wɔ ɔkwan pa a wofa so susuw wo ho no so. Sɛ wonnte nka pa wɔ wo ho a, ɛyɛ den sɛ wobɛte nka pa ama obi foforo. Ɔsomafo Paulo tuu afeha a edi kan Kristofo no fo sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen ne ho ntra sɛnea ɔsom bo ankasa no, na mmom ɔmfa anidahɔ nkari ne ho.”—Romafo 12:3, Charles B. Williams.
Bere a ɛnsɛ sɛ woyɛ ahantan no, kwati sɛnea wosom bo ankasa no a wubebu w’ani agu so dodo no. Sɛ w’abrabɔ gyina Bible no so pintinn a, wubetumi anya awerɛhyem wɔ w’atemmu mu efisɛ “[Yehowa] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa.” (Dwom 19:7) Saa awerɛhyem no besiw afoforo kwan afi ma a wɔbɛma woayɛ nneɛma a ɛnkyerɛ obu no ho.
Obu Kasa
Wokyerɛ nidi ma w’awofo denam nea woka kyerɛ wɔn ne ɔkwan a wofa so ka no no so. Sɛ biribiara rekɔ so yiye a, eyi ntaa nyɛ nsɛnnennen. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, w’awofo bɛka anaasɛ wɔbɛyɛ nneɛma bi a epira wo nkate ahorow. Afei nso, wɔ mmofra a wonnii mfe 20 bere no mu no, ebia nkate ahorow a ɛma woyɛ basaa bɛma wo bo afuw wo ho. Abasamtu, huammɔdi anaasɛ oyima nkate ne ehu betumi ayɛ nkate mu adesoa a ɛsõ. Esiane awerɛhow duruduru a ɛte saa nti, ebia wobɛyɛ w’ade te sɛ ɔbarima Hiob a ɔkaa eyi no: “Enti na me nsɛm ayɛ hyerebahyereba.”—Hiob 6:1-3.
Nanso, kasa “hyerebahyereba” betumi ayɛ nea obu nnim. Roger a wadi mfe 22 no gye tom sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a bere a mene me Maame rebɔ asɛnnennen bi ho nkɔmmɔ no, sɛ ɔnte mede no ase a, me bo fuw na meka biribi wɔ animtiaabu mu de pira no kɛkɛ. Ɛno ne ɔkwan a mefa so yɛ bi tua no ka. Nanso sɛ mifi hɔ kɔ a, mete nka bɔne na mihu sɛ ɔno nso ani nnye.”
Roger hui sɛ nsɛm a nyansa nnim no ‘wowɔe’ na ɛyɛ ‘yaw’ nanso anni asɛnnenen biara ho dwuma. Na onim sɛ Bible no aka sɛ: “Onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18; 15:1) Roger kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛwom sɛ na ɛyɛ den de, nanso mesan kɔpa kyɛw. Ná minim sɛ eyi ne ade a eye kyɛn so wɔ Yehowa ani so. Afei mitumi ma yesusuw asɛnnennen no ho wɔ odwo pii mu, na yetumi di ho dwuma.” Yiw, kyɛwpa a ɛfata kyerɛ sɛ wohwehwɛ ampa sɛ wudi w’awofo ni.
Esiane sɛ abufuw na ɛde ɔyaw ba nti, ɛho hia sɛ wusua sɛnea wubedi saa nkate a ebetumi asɛe ade yi ho dwuma wɔ ɔkwan pa so. Mmebusɛm 29:11 ka sɛ: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.” Enti, sɛ wo bo fuw a, twɛn kosi sɛ wubedi wo nkate so na afei woabɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo nsɛm mu wɔ odwo kwan so. Nanso kasa a wobɛkasa wɔ obu mu no kyerɛ pii sen sɛ ‘wobɛkan ade akosi du’ ara kwa.
Hia a Nhumu ho Hia
Mmebusɛm 19:11 ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” Hebri asɛmfua ma ‘nhumu’ no twe adwene si biribi mu “ntease ho nimdeɛ” so. Enti nhumu a wowɔ bɛma woahwehwɛ nea esi w’anim no mu akɔ akyiri.
Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔwofo ka kyerɛ wo sɛ nkɔ beae bi a, bisa wo ho sɛ, ‘So me ɔwofo no susuw me yiyedi ho? Sɛ mankɔ a ɛbɛyɛ dɛn? So nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wabrɛ me ase?’ Bere a ebia tebea no bɛyɛ abasamtu no, so ɛyɛ wiase no awiei? Bere a woasusuw ho awie akyi no, ebia wubehu ntease pa ahorow a enti ɛsɛ sɛ wohwɛ wo kasa yiye na woansɛe tebea bɔne no kɛse koraa denam nyiyiano a wobɛyɛ so no.—Mmebusɛm 10:19; 16:23.
Nhumu ma wunya ntease, efisɛ ɛma wutumi nya obi foforo nsɛm tebea anaa nea enti a ɔyɛ nneɛma bi no ho nimdeɛ. (Mmebusɛm 21:11) Sɛ nhwɛso no, abeawa bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná mempɛ sɛ mene m’abusua bɛtaa atra ase. Nanso bere a me papa maame yaree denneennen no, na ɛsɛ sɛ yɛkɔtra ne ho bere tenten. Ɔkasa kyerɛɛ me papa te sɛ nea ɔyɛ abarimaa bi, na mammu no da sɛ ɔyɛ me tipɛn. Enti mifii ase dwenee sɛ ɛbɛyɛ sɛ asetra mu yɛɛ den maa no, na mannyɛ pɛsɛmenkominya bio. Mprempren sɛ ɔka sɛ menyɛ biribi a me bo mfuw no saa bio.”
Afei, nhumu boa wo ma wuhu fɛ a ‘mfomso ho twa’ yɛ no. Yiw, sɛ wote nka sɛ ɛfata sɛ wo bo fuw mpo a, nya ɔpɛ sɛ wode befiri afoforo. (Kolosefo 3:13) Sɛ obi pira wo a, ɛyɛ adebɔsu sɛ wubesusuw aweredi ho. Nanso ɛdenam firi a wode befiri ankasa so no, wubesiw ɔtan a nea ɛtaa kowie ne kasa anaasɛ nneyɛe a ɛnkyerɛ obu mu no ano.
Titiriw no ɛyɛ bere a w’awofo ma wo nteɛso no na wuhia nhumu. Saa su yi bɛboa wo na woagye ateɛteɛ atom na woahu sɛ ɛho wɔ mfaso ma wo. (Fa toto Dwom 2:10 ho.) Nokwarem no, ogyimfo nkutoo na ɔtew “n’agya nteɛso ahi.” (Mmebusɛm 15:5) Enti sɛ anka wobɛtew atua anaasɛ abufuw nti worenkasa bere a wɔteɛteɛ wo mmom no, kyerɛ sɛ wudi w’awofo ni denam dwuma a wobɛbɔ mmɔden sɛ wode bedi no so.
Nhumu bɛboa wo nso na woanya atenka ama w’awofo wɔ wɔn tebea horow mu na woabɔ mmɔden sɛ wobɛboa wɔn. Abofra bi a ne din de Josh kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɔne ne nuabarima dwen wɔn maame tebea ho no mu. Josh kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere bi me maame fi adwuma bae no na wahaw na na wabrɛ pii. Ná yɛtaa hu eyi enti ansa na ɔbɛba no na me ne me nuababrima no asiesie fie hɔ. N’ani gyei.” So wokyerɛ nidi a ɛte saa ara ma w’awofo?
Nidi a wobɛkyerɛ no nso kyerɛ obu a wode bɛma w’awofo kokoam nsɛm. Bere bi wɔ hɔ a w’awofo hia sɛ wɔtew wɔn ho. Ebia na wɔwɔ nneɛma bi a ɛho hia sɛ wosusuw ho a wɔrempɛ sɛ wote. Fa hokwan no ma wɔn. Sɛ wuhu sɛ w’awofo reka asɛm bi anibere so a, dɛn nti na wonkɔ wo dan mu anaasɛ wonkɔsra w’adamfo? Eyi bɛkyerɛ sɛ wowɔ nhumu.
Enti hwehwɛ akwan a wubetumi afa so adi w’awofo ni. Nidi a ɛte saa no bɛma wone wɔn ntam abusuabɔ anya nkɔso. Sɛ amma saa mpo a, wubenya akomatɔyam sɛ wubehu sɛ wosɔ Onyankopɔn ani. Sɛ wokyerɛ nidi a ɛte saa a, ‘ebewie wo yiye, na wo nna aware asase so,’—Efesofo 6:3.
[Kratafa 29 mfoni]
Sɛ wo ɔwofo ka biribi a epira wo nkate a, bɔ mmɔden sɛ wubekwati kasa a obu nnim