KRISTOFO ABRABƆ
“Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”
Bere a Yesu baa asase so no, osii ahyɛde yi so dua. Ɛka sɛ: “Di wo papa ne wo maame ni.” (Ex 20:12; Mt 15:4) Nea enti a Yesu tumi de ahotoso kaa saa asɛm yi ne sɛ, bere a ɔyɛ ɔbabun no, ɔkɔɔ so tiee n’awofo asɛm. (Lu 2:51) Onyinii nso, ɔyɛɛ nhyehyɛe, sɛnea owu a obi bɛhwɛ ne maame ama no.—Yoh 19:26, 27.
Ɛnnɛ nso, mmabun a wɔyɛ Kristofo tie wɔn awofo na wɔne wɔn kasa wɔ obu mu de kyerɛ sɛ wodi wɔn ni. Nokwasɛm ne sɛ, ahyɛde a ɛne sɛ yenni yɛn awofo ni no, ɛmfa mfe a obi adi ho. Sɛ yɛn awofo mfe akɔ anim mpo a, wɔwɔ nyansa a ɛso betumi aba yɛn mfaso, enti sɛ yɛkɔ so de wɔn afotu yɛ adwuma a ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛredi wɔn ni. (Mme 23:22) Afei yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim no, sɛ yɛma wɔn ani gye, na yɛboa wɔn sikasɛm mu sɛnea ɛfata a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi wɔn ni. (1Ti 5:8) Sɛ yɛyɛ mmofra oo, sɛ yɛyɛ mpanyimfo oo, ade titiriw a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi yɛn awofo ni ne sɛ yɛne wɔn benya nkitahodi pa.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MƐYƐ DƐN ATUMI NE M’AWOFO ABƆ NKƆMMƆ? NA YI NSƐMMISA A EDIDI SO YI ANO:
Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wo ne w’awofo bɛbɔ nkɔmmɔ?
Sɛ wo ne w’awofo rekasa a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wudi wɔn ni?
Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wo ne w’awofo bɛbɔ nkɔmmɔ a, mfaso bɛn na wubetumi anya afi so? (Mme 15:22)
Sɛ wo ne w’awofo bɔ nkɔmmɔ a, ebetumi asi wo yiye wɔ asetena mu