“Ɛyɛ Anomaa A Ɔrebɔ Mmɔden Apɛ Asetra Ara Kwa”
ƆYƐ adwumadenyɛfo, ɔbɔ ne kuw mufo ho ban, onya ofie nnwuma mu kyɛfa, obutuw nkesua so, ɔhwɛ ne mma a wɔwɔ pirebuw mu, ɔma wɔn a wɔresua tu no aduan, ɔsom asram pii a onnye n’ahome da koro mpo. Bere a ɔyɛ ade ma ɛne ne din odum aba abobonnua no hyia no, ɔbobɔ ntokuru wɔ nnua mu na ɔde odum aba hyehyɛ mu de sie ne awɔw bere mu aduan korabea. Wobuu ano sɛ na odum aba 50,000 na wɔde ahyehyɛ Buronya dua kɛse bi mu.
Ne nyinaa ye, nanso asɛnnennen ba bere a ɔdan kɔ adum a wɔde di ɔmanfo ɔsom ho dwuma so de yɛ aduannan no. Obobɔ ho nyinaa ntokuru, adum no yɛ mmerɛw, ɛho hia sɛ wɔhyɛ ebi ananmu, na ɛno bɔ ka dɔla 800 kosi 1,300 (U.S.) wɔ odum biara ho. Na ɛno kyerɛ sɛ saa abobonnua abusua yi haw nkurɔfo adwene!
Arizona Wuram Mmoa ne Mpataa Dwumadibea no wuram mmoa ɔhwɛfo bi susuw ho mmɔborohunu mu sɛ, “Ɛyɛ anomaa a ɔrebɔ mmɔden apɛ asetrade ara kwa.” Ɛde besi saa bere yi no, ɔmanfo ɔsom adwumakuw ada mmɔborohunu adi nanso ɛyɛ pintinn. Ɛsɛ sɛ anyinam ahoɔden no kɔ. Wɔasɔ adum a wɔde dade, kɔnkrɛte, ne ahwehwɛbo ayɛ ahwɛ. Ne bo yɛ den dodo. Wɔde dade hama akata adum ho. Asɛm koro no ara. Rɔba nkataho nanee wɔ kesee fam atɔe owia a ano yɛ den no mu. Wɔde rɔba awɔ bobɔɔ adum ho nanso ankyɛ na wobuu ani guu so. Wɔde nnuru a wɔahyɛ da ayɛ sɛ ɛbɛpam abobonnua apete adum ho. Ná nea efii mu bae no ye wɔ Texas nanso enni mũ wɔ Arizona.
Bere a amanneɛbɔ a edi akyiri no bae no, na abobonnua ɔko no gu so, nanso na odum aba abobonnua no da so ara rebɔ mmɔden apɛ asetrade, Na ne ho yɛ fɛ dɛn ara!