Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 3/8 kr. 31
  • Dɛn Nti na Abobonnua Kɔn mu Mmu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Abobonnua Kɔn mu Mmu?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛyɛ Anomaa A Ɔrebɔ Mmɔden Apɛ Asetra Ara Kwa”
    Nyan!—1988
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2012
  • Hena na Obetumi Akyerɛ Yɛn?
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Nyan!—1994
g94 3/8 kr. 31

Dɛn Nti na Abobonnua Kɔn mu Mmu?

SO WOATE sɛ abobonnua rebɔn dua mu pɛn? Esiane sɛ abobonnua abusua ahorow bɛyɛ 200 na ɛwɔ wiase nyinaa nti, ebia woahu kɔ a ɔkɔ so bɔn nnua mu a ne nnyigyei te sɛ otuo a ɛtoto ntɛmntɛm no pɛn. Bere a mihuu bi a na ɔde n’ano rebɔn dua mu no, mekaa no me tirim sɛ, ‘Dɛn nti na ne kɔn mu mmu na n’amemene nsɛe?’ Sɛ yɛn nnipa de yɛn ho hyɛ adeyɛ a emu yɛ den a ɛte saa mu a, yebehia oduruyɛfo a ɔtwetwe kɔn anaa ɔkyere nipadua fã bi a ɛho akã anaasɛ ɛho behia sɛ wɔyɛ yɛn oprehyɛn wɔ yɛn amemene mu! Ɛnde, dɛn na ɛma nnomaa yi tumi yɛ saa?

Fa abobonnua a ne yam yɛ kɔkɔɔ a wohu no wɔ United States apuei fam no sɛ nhwɛso. Book of North American Birds ka sɛ: “Ɔde n’ano duruduru a ɛte sɛ pɛe no sosɔw dua abona akyi nkoekoemmoa, bɔn dua mu ntokuro sosɔw nnyinaboa, na ɔde tutu dua mu tokuro yɛ pirebuo wɔ mu.” Ɔkwan bɛn so na ɔbɔ ne ho ban fi dua mu mporoporowa ho? “Ntakra nketewaa bi a edi dwuma te sɛ sɔnee kata ne hwene ntokuro ano.”

Na ne tiri a ɔde bɔ dua mu no nso ɛ? Sɛnea ɛbɛyɛ na n’amemene nsɛe no . . . , ɛkɔn a emu yɛ den, tikora a emu pi, ne sumii bi a ɛhyɛ n’amemene ho bɔ n’amemene no ho ban.”

Abobonnua foforo nso wɔ hɔ a ne yam te sɛ akokɔsrade a ɔbɔnebɔne ntokuro a ɛsesa so fɛfɛɛfɛ wɔ dua abona mu, na ɔfefe dua no mu nsu. Nea ɛne abobonnua a ne yam yɛ kɔkɔɔ a ɔwɔ tɛkrɛma tenteenten kurukuruwa bi a ano feafeaa a ɔde wowɔ nkoekoemmoa no de bɔ abira no, abobonnua a ɔnom dua mu nsu no wɔ tɛkrɛma tiatia a nhwi nketenkete wɔ so a ɛboa no ma ɔtaforo dua mu nsu.

Nokwarem no, adwin ahorow a ɛyɛ fɛ sɛɛ kyerɛ sɛ Ɔyɛfo bi, a ɔne Yehowa Nyankopɔn, wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu pae mu ka Hiob nsɛm yi: “Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensiw w’atirimbɔ bi kwan.” Na Dawid kyerɛw sɛ: “Wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”—Hiob 42:2; Dwom 139:14.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Leonard Lee Rue, 111/ H. Armstrong Roberts

Benkum so: H. Armstrong Roberts

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena