Hena Na Wɔde Abofra No Bɛma No?
ere a Paul retwɛn sɛ ebedu ne so New Hampshire, U.S.A., asennibea dan a emu yɛ hyew no mu no, ne yafunu mu boboom. Wɔ adapɛn bi a atwam mu no, ne yere faa wɔn mma baanu a wɔresu no fii fie. Na Paul nyɛɛ n’adwene sɛ ɔde ne mma a wɔadi mfe 7 ne 13 no bɛma a ɔrennyɛ ho hwee.
Awiei koraa no, na n’asennibea ɔko no reba awiei. Bere a ɔtemmufo no bua nsɛm nnidiso nnidiso no, Paul susuwii sɛ: “Ɛmfata. Saa ɔtemmufo a ɔyɛ ɔhɔho koraa yi na ɔrebesi faako a ɛsɛ sɛ me mma kɔtra ho gyinae.”
Na Paul ne ne yere yɛ awarefo 1,187,000 a wogyaee aware wɔ 1985 mu no mu biako. Na eyi yɛ 1960 dodow mpɛn abiɛsa. Ɛnyɛ United States nkutoo na awaregyae akɔ soro na mmom ɛwɔ wiase nyinaa. Bɛyɛ awaregu ɔha biara mu 15 kosi 20 na abofra sohwɛ ho akodi wɔ asennibea bam. Wɔ Paul asɛm no mu no, wɔkɔɔ asennibea hɔ mpɛn pii. Nkate mu yɛɛ den. Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Da koro bi wɔ asennibea hɔ bere a saa nsɛm yi nyinaa nenam me tirim no, metee nka te sɛ nea mereyɛ abɔ dam, na mafi ase resuso nkurɔfo mu. Me ho yeraw me kɛse.”
Nea eye no, Paul dii ne nkate so. Nanso atesɛm nkrataa mu amanneɛbɔ ahoro a wɔde ba anim ka awudi ne basabasayɛ a efi abofra sohwɛ ho akasakasa mu ba ho nsɛm pii. Dɛn nti na saa nsɛm yi taa bɛyɛ ntawntawdi a ɛyɛ hu saa no?
Awofo Akodi!
Mmara ahorow a wogyina so de mmofra sohwɛ ma no sonsonoe wiase nyinaa. Wɔ Atɔefo aman pii mu no agya ne ɛna no nyinaa wɔ hokwan a ɛyɛ pɛ wɔ asennibea no anim. Wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔde abofra no ma no no ho gyinaesi mu no, asennibea ahorow no asi “nea eye kyɛn so ma abofra no” so dua wɔ nnansa yi mfe no mu. Eyi ma awofo no mu biara ka sɛ ɔno na ɔfata kɛse sɛ ɔhwɛ abofra no so.
Ɛwom sɛ awofo binom ko wɔ nea eye ma abofra no ho de, nanso afoforo nso wɔn kan ɔhokafo no ho abufuw ne nitan na ɛkanyan wɔn. Abofra no ba bɛyɛ “ɛyaw adwinnade a etwa to” a ɔwofo bi nam so de da n’abufuw anaa ahoyeraw adi. Sɛnea ɔtemmufo bi kae no, mmofra no ba bɛyɛ “bɔɔl a wɔde di ‘mɛkyerɛ wo biribi’ su ahorow a abu so wɔ awarefo a wɔnnɔ wɔn ho bio mu no ho dwuma.”
Awofo binom bu ani gu mmara no so. Mmofra a awofo wiawia wɔn abɛyɛ amanaman ntam asɛnnenen. SɛneaAkontaabu kyerɛ no, ɔpepem ɔha na esisi United States afe biara. Kuw bi ahu sɛ nsɛm no dodow bɔɔ ho mfe anum a edii 1983 anim no mu. Nkate mu ɔhaw a ɛde ba mmofra so no taa yɛ kɛse. Sally Abrahams ka wɔ ne nhoma Children in the Crossfire no mu sɛ: “Mmofra a wowiawia wɔn ne 1980 mfe no mu akomatew.”
Atɛntrenee wɔ Asennibea?
Efi tete ne awofo de asɛm akɔdan nniso sɛ wonni mmofra sohwɛ ho akasakasa ho nsɛm. Wɔkae Ɔhene nyansafo Salomo wɔ ne gyinaesi a egyee din bere a odii abofra sohwɛ asɛm bi a na ɛwɔ ɛnanom baanu bi ntam no. (1 Ahene 3:16-28) Nanso “Salomo nkrante” no a ayɛ akasabebu no a wɔde bedi dwuma no nyɛ mmerɛw mma atemmufo nnɛ.
Sɛ awaregu paapae abusua bi mu na awofo hwehwɛ abofra sohwɛ a, asennibea no na ɛsɛ sɛ eyi ho gyina. Atemmufo susuw nneɛma te sɛ ɔwofo no adwene mu a ɛda hɔ, abofra no apɛde ahorow, sɛnea awofo no mu biara ne abofra no ntam abusuafo yɛ papa fa, ne tumi ahorow a wɔwɔ sɛ wobetumi ama no nneɛma a atwa ne ho ahyia a ahobammɔ wom ho.
Nanso wɔ nsɛm no pii mu no, abofra no hia awofo baanu no nyinaa abusuafo a ɔhyew wom. Enti asennibea ahorow pii botae ne sɛ “mmofra nkumaa benya awofo baanu no nyinaa nkitahodi pii ne nea ɛtoatoa so.” Wɔ asɛm a yɛkaa ho asɛm mfiase no mu no, ɔtemmufo no susuwii sɛ Paul “asetra nyinaa fa ne mma no ho” bere a ne yere no pɛ sɛ “obedi ne bere a ɔmfa nyɛ hwee no wɔ mpɔtam hɔ adidibea bi mu na ɔne ne maame anaa ne nnamfo bɛkasa.” Wɔde mmofra no maa Paul sɛ ɔnhwɛ wɔn na no efisɛ wɔmaa no “nsrahwɛ hokwan pii.”
Nanso, nnansa yi no, nneɛma bi aba a enye. Sɛnea ɛbɛyɛ a mmaranimfo binom bedi nkonim wɔ nsɛm ahorow mu nti, wɔadan abofra sohwɛ ho akasakasa ma abɛyɛ ɔsom mu ntawtawdi. Saa adeyɛ ɔsom mu ntawtawdi. Saa adeyɛ a ennyina abrabɔ mmara so yi ama asennibea binom adan afi wɔn dwumadi ankasa a ɛne nea eye kyɛn so ma abofra no a wɔde ani besi so no so. Mmom no, atemmufo de ɔsom mu nneɛma a ɛtra nea mmara mu asennibea wɔ so tumi no akyekyere wɔn ho. Nanso dɛn na ɛde aba?
Wɔn a wɔpɛ ɔmanfo ahofadi ahorow no binom gye di sɛ ɔsom mu nneɛma a wɔde aba abofra sohwɛ ho akasakasa mu no sɛe abofra ne ɔwofo biara hokwan ahorow. Esiane sɛ awaregu anaa ntetewmu bɛma mmusua pii mu apaapae wɔ mfe a ɛbɛba no mu nti, ebetumi aka w’asetra.
[Kratafa 4 adaka]
Wɔ United States no, mmusua a wɔwɔ hɔ nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu 40 na awaregu anaa ntetewmu betumi aka wɔn wɔ mfe du a ɛbɛba no mu