Nea Ɛwɔ He na Ɛso Wɔ Mfaso Kɛse Ma Abofra No?
SƐ́ WOBEGYAE aware anaasɛ wonnyae? Eyi yɛ asɛmmisa a emu yɛ den a ɛwɔ awarefo pii a wonni anigye adwene mu. Mfe pii a atwam no, esiane ɔbra pa ne nyamesom nti na wɔmpene awaregyae so, na na wɔkasa tia koraa. Esiane mmofra nti, na awofo a wɔyɛ awarefo a wonni anigye tra aware ase. Nanso, wiase yi gyinapɛn asesa koraa nnansa yi. Ɛnnɛ wɔpene awaregyae so wɔ mmeae pii.
Nanso, ɛmfa ho sɛ wɔpene awaregyae so no, awofo, atemmufo, asetram nsɛm ho nimdefo ne afoforo pii reka nkɛntɛnso bɔne a awaregyae nya wɔ mmofra so ho asɛm. Yɛte ɛho kɔkɔbɔ pii nnɛ. Adanse pii a ɛreda adi kyerɛ sɛ awaregyae tumi nya abofra so nkɛntɛnso bɔne. Wɔrehyɛ awofo nkuran sɛ wonsusuw nea awaregyae de ba wɔn ankasa ne wɔn mma so no ho. Nnipa fekubɔ ho nimdefo Sara McLanahan, a ɔwɔ Princeton Sukuupɔn mu ka sɛ, “ɛsɛ sɛ awarefo a wogyae aware abiɛsa biara mu abien kosi anan biara mu abiɛsa gye bere susuw ho anibere so sɛ ebia nea wɔreyɛ no yɛ ade pa anaa.”
Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ nnansa yi da no adi sɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wɔn a wɔagyae aware mma betumi anyinsɛn ansa na wɔadi mfe aduonu, wobegyae sukuu, wobenya adwenemhaw, wɔn ankasa begyae aware, na wɔbɛyɛ wɔn a aban hwɛ wɔn no yɛ kɛse. Wɔ Atɔe fam aman mu no, mmofra 6 biara mu 1 yɛ nea n’awofo agyae aware. Abakɔsɛm kyerɛwfo Mary Ann Mason, kyerɛw wɔ ne nhoma a ɛfa abofra sohwɛ wɔ United States ho mu sɛ: “Hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ asɛnnibea na ɛbɛkyerɛ baabi a abofra a wɔwoo no wɔ 1990 mu bɛtra ne onipa ko a ɔne no bɛtra no yɛ ɔha biara mu nkyekyem 50.”
Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na awaregyae de ntawntawdi ba awiei, bere a ebia awofo no bɛkɔ so adi apere wɔ asɛnnibea ahorow wɔ nea mmofra no bɛtra ne nkyɛn ne wɔn nsrahwɛ ho de ɔhaw foforo ba mmofra no so no. Saa abufuw a wɔde di apere wɔ asɛnnibea nitan so yi sɔ mmofra no nokwaredi ma wɔn awofo no hwɛ, na mpɛn pii no, wɔn abam bu, na ehu ka wɔn.
Abusua ho fotufo bi kae sɛ: “Awaregyae nnye mmofra. Ɛtɔ mmere bi a egye mpanyimfo.” Nokwasɛm ne sɛ, ebia awofo nam awaregyae so betumi adi wɔn haw ho dwuma, nanso bere koro no ara mu no, wobetumi apira wɔn mma, na ebia wɔde wɔn nkwa nna a aka nyinaa bɛbɔ mmɔden sɛ wobedi adesɛe no so.
Abofra Sohwɛ Ho Akwan Foforo
Wɔ awaregyae ho ntawntawdi ne adwennwene mu no, ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛyɛ baabi a mmofra no bɛtra wɔ awaregyae no akyi ho nhyehyɛe wɔ abodwoe ne ntease mu. Nea ɛbɛyɛ na awofo akwati akameakame ne mansotwe a mfaso nni so no, aman bi wɔ ɔkwan foforo a wɔfa so siesie akasakasa, te sɛ asɛm no a woyi kɔ fie ma obi siesie.
Sɛ odi asɛm no yiye a, ɛma awofo no tumi yɛ nhyehyɛe bi sen sɛ wɔbɛma ɔtemmufo mmom asisi nsɛm ho gyinae. Sɛ wɔannya obi amma wansiesie asɛm no a, ebia awofo no betumi ayɛ mmofra no sohwɛ ne wɔn nsrahwɛ ho nhyehyɛe denam wɔn mmaranimfo so. Sɛ awofo no yɛ nhyehyɛe bi na wɔyɛ ho kyerɛwtohɔ a, ɔtemmufo no betumi de ne nsa ahyɛ nea awofo no akyerɛ sɛ wɔpɛ no ase ma ayɛ mmara.
Sɛ awofo no adwene anhyia wɔ mmofra sohwɛ ho nhyehyɛe bi ho a, mmara ahorow a ɛwɔ aman dodow no ara mu bɛkyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ mmofra no yiyedi ho ban. Mmofra no yiyedi na ɛho behia ɔtemmufo no kɛse, na ɛnyɛ awofo no. Ɔtemmufo no besusuw nsɛm pii a ɛho hia te sɛ awofo no apɛde, abofra no ne awofo no mu biara ntam abusuabɔ, nea abofra no pɛ, ne ɔhwɛ a awofo no mu biara betumi de ama abofra no da biara da ho. Afei, ɔtemmufo no bɛkyerɛ beae ne onii a abofra no bɛtra ne nkyɛn, ne sɛnea awofo no besisi gyinae a ɛfa abofra no daakye ho.
Wɔ nhyehyɛe a ɔwofo biako pɛ na ɔhwɛ abofra so mu no, ɔwofo biako betumi anya tumi asisi gyinae. Wɔ nhyehyɛe a awofo baanu na wɔhwɛ mmofra so mu no, ɛsɛ sɛ wɔn baanu adwene hyia wɔ gyinae atitiriw a wobesisi, te sɛ nea ɛfa abofra no akwahosan ne ne nhomasua ho, no ho.
Nsɛmmisa a Wubetumi Ahyia
Sɛ awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo hyia abofra sohwɛ ho mansotwe a, ɛsɛ sɛ wosusuw nea ɛfa mmofra no honhom fam yiyedi a ɛfata ho nso. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo no sɔre tia ntetee biara a egyina Bible so a wɔde ma mmofra no ɛ? Anaasɛ sɛ wɔatu ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo no afi Kristofo asafo no mu nso ɛ?
Tebea horow a ɛte saa betumi ama gyinaesi ayɛ den ama awofo a wɔyɛ Kristofo no. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ nyansa ne ntease mu, na wɔpɛ sɛ wɔkɔ so nya ahonim pa nso wɔ Yehowa anim bere a wɔnam mpaebɔ so susuw mmofra no yiyedi ho no.
Wɔ nsɛm a edidi so yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa te sɛ eyinom ho: Dɛn na mmara no ka fa nyamesom ho wɔ mmofra sohwɛ a wɔde hyɛ ɔwofo bi nsa ho? Mɛyɛ dɛn atumi adi mmofra sohwɛ ho asɛnnennen yi ho dwuma yiye? Sɛ me mmofra fi me nkyɛn a, mɛyɛ dɛn atumi agyina ano? Mibu ɔwofo a wɔatu no a me ne no bɛbom ahwɛ mmofra no nhyehyɛe no dɛn?