Bible No Adwene
So Ɛsɛ Sɛ Wusuro Anibɔne
WƆ AMAZONIA akuraase bi ase no, ɔbea bi de ne ba to ahamankaa mu bɔkɔɔ. Afei bere a ɔde hama kɔkɔɔ abɔ ne nsakɔn ketekete no awie no, ɔde hama no foforo bɔ ne mu. Amanne no aba awiei, opini n’akyi kakra na ogu ahome wɔ akomatɔyam mu ka sɛ: “Afei, wɔabɔ abofra no ho ban afi anibɔne ho.”
Ɛnyɛ Amerika kesee famfo mu nkutoo na wosuro anibɔne. Mmaranimfo a wɔwɔ Italy, akuafo a wɔwɔ India ne afei adwumawuranom a wɔwɔ Amerika kusuu fam no nso suro anibɔne.
Dɛn ne anibɔne no? Ɛyɛ gyidi a ɛne sɛ nnipa bi wɔ tumi a wɔde pira afoforo na mpo wɔn aniwa kɛkɛ a wɔde bɛhwɛ wo no betumi akum wo. Ebia wɔde saa ɔhwɛbɔne yi bepira wo bere a wo yiyedi nti wɔn ani bere wo no. Afei nso, wogye di sɛ nnipa pii a wɔwɔ adwempa no mpo wɔ anibɔne no bi na ebia wɔn adehwɛ betumi apira afoforo wɔ bere a wɔnhyɛ da sɛ wɔbɛyɛ saa.
So wo nso wowɔ saa osuro yi bi? Na sɛ ɛte saa a, ɛnde so saa osuro yi boa wo anaasɛ epira wo?
Nokwasɛm Anaasɛ Atosɛm?
Nsɛm pii a wɔakyerɛw afa asɛm yi ho no ka anibɔne a wosuro no ho asɛm sɛ ɛyɛ gyidi hunu. Esiane sɛ wɔkyerɛ gyidi hunu ase sɛ gyidi a “ennyina ntease anaasɛ nokware so” nti, nnipa pii gye di sɛ anibɔne a wosuro no fi adwenemhare ara kwa.
Nokwarem no, nsɛm pii a wɔaka afa anibɔne ho no yɛ atosɛm. Sɛ nhwɛso no, osuro a nkurɔfo wɔ sɛ ebia nnipa a wɔyɛ anikyew, ɛtɛ si wɔn ani so, anaasɛ wɔn ti nhwi atwa mpɛsɛ wɔ anibɔne no yɛ ade a wɔde adwene bu ara kwa. Anaasɛ sɛ wubegye adi sɛ wo ba yare, wo nantwi wu anaasɛ w’akokɔ a ontumi ntow no fi anibɔne no kyerɛ sɛ etumi yɛ nneɛma tra nea etumi yɛ ankasa.
Nanso, sɛnea kube abon a ɛyɛ den no hyɛ hohono mu no, saa ara nso na nokwasɛm ahorow bi a emu yɛ den wɔ anibɔne ho nsɛm a wɔka no mu. Enti ma yɛnhwehwɛ atosɛm no mu na ama yɛahu nokwasɛm ahorow bi.
Anibɔne no Fibea
Encyclopaedia of Religion and Ethics no bua sɛ na tete Babilonfo no suro anibɔne. Henanom na wɔmaa saa ehu no kaa wɔn? Babilon ntafowayifo anaasɛ abayifo. Na wonim wɔn yiye sɛ wɔnam hwɛ a wɔhwɛ ade no so tumi dwemfa obi ma amanehunu a ɛyɛ hu ba ne so. Nanso, na saa ntafowayifo no mfi wɔn ankasa ahoɔden mu na ɛyɛ saa. Hena na ɔma wonyaa tumi no? Honhom abɔde a wɔfrɛ wɔn sɛ adaemone The Religion of Babilonia and Assyria nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abayifo tumi frɛ adaemone sɛnea wɔpɛ na wɔde nnipa a wɔhwehwɛ wɔn no too adaemone tumi mu.”
Bible no nso ka abɔfo bi a wɔayɛ wɔn ho adaemone ho asɛm sɛ wɔne “tumi a ɛnyɛ nnipa de” no fibea. (1 Samuel 15:23; 1 Timoteo 4:1; Yuda 6) Afei nso, Onyankopɔn asɛm no si so dua sɛ adaemone no ma ahonhonsɛmdifo ne nnipa a ahonhommɔne wɔ wɔn so no nya wɔn tumi a wɔde sɛe ade no bi. (Asomafo no Nnwuma 16:16-18; Adiyisɛm 22:15) Nea afi mu aba ne sɛ, saa nkurɔfo no tumi ‘dwemfa afoforo,’ ɛtɔ da bi a wɔde wɔn aniwa na edi dwuma. (Deutoronomium 18:10-12) Enti, nokwarem no, anibɔne no gyina nokwasɛm ahorow bi so.
Enti sɛ wote beae bi a asumanfo taa dwemfa afoforo a, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛbɛma woakɔ so asuro anibɔne. Nanso, sɛ ɛyɛ hu sɛ dɛn ara a, nnya w’afipamfo suro a wosuro no mu kyɛfa. Dɛn ntia? Nea edi kan koraa no, anibɔne a wubesuro no betumi de wo akɔ adaemone nkoasom mu—ade a Bible no bara. (Hwɛ 1 Korintofo 10:20, 21.) Nea ɛto so abien no, wubetumi anya ahobammɔ bi a esiw anibɔne nkɛntɛnso ahorow no ano na eyi ɛho suro biara fi hɔ. Ahobammɔ bɛn? Ɛsɛ sɛ wohyɛ sɛbɛ anaa?
Ahobammɔ a Etumi Boa
Sɛ́ mmuae no, susuw saa nhwɛso yi ho: Sɛ wosuro sɛ dua kɛse bi bebu abɔ wo dan so a, dɛn na wobɛyɛ? So wode nneɛma pii bɛka nea wode akuru so no ho, a wowɔ gyidi sɛ ɛno bɛbɔ ho ban na dua no antumi ammu no anaa? Anaasɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi wɔn a wɔde mfiri bu nnua anaasɛ nnuabufo a wonim nnuabu yiye no hɔ? Dua no a wobebu no beyi asiane no fibea afi hɔ na ɛno beyi wo suro no afi hɔ.
Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, sɛ ahonhonsɛmdifo bi de n’anibɔne hunahuna wo a dɛn na ɛbɛma wo suro no agyae? So wode sɛbɛ a wode bɛto wo kɔn mu no na ɛbɛbɔ wo ho ban? Anaasɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi obi a otumi brɛ ahonhommɔne ase no hɔ? Ɛda adi fann sɛ nea edi akyiri no ne nyansa kwan a ɛsɛ sɛ wofa so efisɛ onii ko no tu asiane no fibea ase fi hɔ ma enti suro a wusuro no befi hɔ.
Nanso te sɛ odwontofo no, ebia wubebisa sɛ: “Ɛhe na me boa fi bɛba?” Ɔnam Onyankopɔn honhom akwankyerɛ so bua sɛ: “Me boa fi [Yehowa] ɔsoro ne asase yɛfo no.” So ahobammɔ a wobenya afi anibɔne ho no ka Ɔbɔadeɛ no mmoa a ɔde ma no ho? Yiw, efisɛ odwontofo no kɔ so ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa] bɛhwɛ wo so, bɔne nyinaa ho.” (Dwom 121) Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhyɛ w’ahotoso wɔ ahobammɔ a Yehowa betumi de ama no mu den no, susuw ne ho kyerɛwtohɔ a ɛma yenya ahotoso a ɛfa sɛnea ɔne adaemone di yi ho.
‘Adaemonne no ho Popo’—Dɛn Ntia?
Wɔ Noa nna no mu no, Yehowa pam abɔfo asoɔdenfo fii ɔdom dibea a na wɔwɔ no so denam kwan a osiw wɔn wɔ ‘afiase’ a ɛyɛ honhom mu sum bi mu no so. (1 Petro 3:19; Genesis 6:1-4) Afei, wɔ afeha a edi kan no mu no, Yesu a na ɔyɛ Onyankopɔn nanmusifo no tumi tuu adaemone a wɔn ho yɛ den fii nkurɔfo mu. (Mateo 8:31, 32; Marko 1:39) Bio nso, wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no, Yesu de Onyankopɔn tumi a ɔde ama no no atu Satan ne n’adaemone afi soro. (Adiyisɛm 12:7-9) Enti, adaemone no nam ɔkwan a ɛyɛ yaw so ahu sɛ, sɛ wɔde wɔn tumi no toto Onyankopɔn tumi ho a, na wɔn de no nsɛ hwee. Nanso, Yehowa de ade foforo bi rebɛka ne kyerɛwtohɔ no ho. Ɛrenkyɛ, wɔbɛtow Satan ne saa atuatewfo a wɔatu wɔn yi agu ebun bi mu mfirihyia apem.—Adiyisɛm 20:1-3.
Dɛn nkɛntɛnso na saa nimdeɛ yi nya wɔ wɔn so? Bible no da no adi: ‘Adaemone no gye di na wɔn ho popo.’ (Yakobo 2:19) Ɛnde dɛn nkɛntɛnso na saa nimdeɛ yi nya wɔ wo so? So wobɛkɔ so asuro saa adaemone a ‘wɔn ho popo’ ne nnipa a wɔboa wɔn no.? Anaasɛ so wubesuro “Yehowa nkutoo” denam ahotoso a wubenya wɔ n’ahobammɔ a ani ntumi nhu a etia anibɔne mu no so?—1 Samuel 12:24.
Nokwarem no, sɛ gyidi ka wo ma wotetew wo sɛbɛ ahorow no fi wo ho gu na wohyɛ wo ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no abusuabɔ mu den a, ɛrenkyɛ na wo ne wɔn abom aka asɛm a tete Kora mma no kae no bi. Wɔkae sɛ: “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui. Ɛno nti yɛrensuro.”—Dwom 46:1, 2 (NW) ; fa toto Romafo 8:31 ho.