Nyamesom Daakye Esiane Nea Ayɛ Dedaw Nti
Ɔfa Ɛto So 9—551 A.Y.B Mu Rekɔ—Apuei Famfo Hwehwɛ Nokware Kwan No
“Nokware kwan no te sɛ ɔkwan kɛse.” Meng-tzu, Chinani onyansafo bi a ɔtraa ase afeha a ɛto so 4 A.Y.B mu.
NYAMESOM ahyehyɛde biara ka sɛ ɛno ne nokware kwan a ɛkɔ nkwagye mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔfrɛ Konfusiosom, Taosom ne Budhasom sɛ Chinafo “kwan abiɛsa.” Japanfo ne Koreafo nyamesom nso de nsɛm a ɛte saa ara di dwuma. Sɛ nsonsonoe wɔ saa “akwan” horow yi mu a, ɛnde ɔkwan bɛn so na ɛsono mu biara?
Konfusiosom—Onipa Kwan No
Ɛwom sɛ Konfusio ho asɛm kakraa bi na wonim de nanso nhoma bi a agye din ka sɛ “ebia wɔbɛkan no afra wiase abakɔsɛm mu nnipa atitiriw mu.” Ná ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo, nyansapɛfo ne amammui nsɛm ho nimdefo, ɔtraa ase wɔ 551 ne 479 A.Y.B. ntam. Na n’abusua din ne K’ung, enti akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no K’ung-Fu-tzu, a asekyerɛ ne sɛ “Owura K’ung.” Konfusio yɛ sɛnea wɔbɔ edin no wɔ Latin mu.
Konfusius anhyehyɛ ɔsom foforo. The Viking Portable Library World Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɔboaboaa nea ɛwɔ beae a wɔwoo no wɔ hɔ a na akyɛ yiye no ano, osiesiee ɛho nhoma ahorow, ɔmaa emu amane ahorow no nyaa nidi na osii emu abrabɔ ho akwankyerɛ ahorow no so dua.” Nea n’ani kuu ho titiriw ne onipa suban, ɛnyɛ nyamekyerɛ. Na ne nkyerɛkyerɛ no fa abrabɔ mu nnyinasosɛm ho titiriw. Ɔpɛ pii a na ɔwɔ sɛ ɔbɛbrɛ ne nkurɔfo amanehunu ahorow ase no na ɛkanyan ne mmɔden a ɔbɔe sɛ anka ɔbɛyɛ sodifo no. Enti wɔ ɔkwan a ɛfata so no, wɔafrɛ saa ɔbarima—a odii huammɔ wɔ amammui mu sen sɛ anka ɔbɛyɛ nyamesom kwankyerɛfo yi—nyansapɛ no sɛ “Konfusio onipa kwan no.”
Konfusio ammu ne bere so nyamesom sɛ ade titiriw denam ka a ɔkae sɛ emu pii yɛ gyidi hunu no so. Bere a wobisaa no sɛ ogye Onyankopɔn di anaa no, ɔmaa mmuae sɛ: “Mempɛ sɛ mekasa.” Nanso ebinom akyerɛ ne nsɛm a ɛfa Tien a ɛkyerɛ “Ɔsoro” ho no mu pii ase ma ayɛ te sɛ na ogye biribi a ɛkyɛn tumi a enni nipasu biara bi di.
Konfusio sii nneɛma atitiriw a ɛho hia ma abusua asetra, obu ma tumidi ne biakoyɛ so dua. Ɔdan nkurɔfo adwene sii sɛnea ntetee ho hia na ama obi atumi anya nkɔanim wɔ nea otumi yɛ mu na n’ankasa ahyɛ su ahorow a ɛho hia ma watumi asom afoforo no mu den no so. Osii jen, asɛmfua a asekyerɛ ne adesamma nyinaa a wɔbɛyɛ wɔn adɔe, nanso titiriw no sɛ mma bɛsom wɔn awofo na nkurɔfo bɛkyerɛ onuadɔ no so dua. Ɔhyɛɛ nananom a wɔawuwu a wɔbɛsom wɔn no ho nkuran.
Saa Konfusiosom mu nneɛma yi da so ara wɔ Asiafo a wɔde Konfusiofo amanne tetee wɔn no nneyɛe mu. Asetra mu nsɛm ho ɔdenimfo William Liu, a ɔwɔ Illinois Sukuupɔn mu wɔ Chicago no ka sɛ, “Konfusiosom mu abrabɔ mu nnyinasosɛm pa no ka nnipa ma wɔyɛ adwuma, na wotua ɛka a wɔde wɔn awofo no ma ɛboro so.” Enti wɔahyɛ no nsow sɛ atubrafo a wofi aman a Konfusiofo nkɛntɛnso wɔ hɔ mu no bɔ nhomasua ho mmɔden kɛse wɔ United States.
Konfusiofo nneyɛe no nnyinaso ne nhoma mmoano bi a wɔfrɛ Wu Ching (“Five Classics”) no. Wobu “Nhoma Ahorow Anan” anaasɛ Ssu shu, a wɔde kaa ho wɔ afeha a ɛto so 12 mu no sɛ ɛho hia yiye wɔ Konfusiofo nsusuwii mu. Sɛnea wɔakyerɛw mu nsɛm no ntiantia na nkyerɛwde no bobom no ma asete yɛ den.
Eduu afeha a ɛto so anan Y.B. mu no ná wɔkyerɛkyerɛ Konfusiofo abrabɔ pa ho nnyinasosɛm no wɔ Kokuryo Ahemman a ɛwɔ Korea kusuu fam no mu. Ebia Konfusiosom trɛw duu Japan wɔ afeha a ɛto so anum Y.B. mfiase mu hɔ. Nanso na “ɔkwan” foforo reba wɔ China wɔ saa bere no mu.
Taosom—Abɔde Kwan No
Tao, a ayɛ Chinafo nkyerɛkyerɛ nnyinaso mfe mpempem no asekyerɛ ne “ɔkwan” anaasɛ “ɔtempɔn.” Ebegyinaa hɔ maa ɔkwan pa a wɔbɛfa so ayɛ ade ma ɛne adebɔ kwan a amansan no nam so yɛ n’ade ahyia no. Atetesɛm ka sɛ nea ɔde bae no traa ase wɔ Konfusio bere so a na n’abodin ne Lao Tze, a asekyerɛ ne “Tete Abarimaa” anaasɛ “Tete Nyansapɛfo (a Nidi sɛ no) .” Ebinom ka sɛ wɔfrɛɛ Lao Tze saa esiane anwonwa kwan so a wonyinsɛn no ne ne nyinsɛn a edii mfe du du pii a akyiri no wɔwoo no a wafuw dwen dedaw nti. Afoforo nso ka sɛ wofi obu a na wɔwɔ ma ne nkyerɛkyerɛ a nyansa wom no mu na wɔde saa abodin no maa no.
Taosom kyerɛkyerɛ sɛ wɔma abofra biara nya “mfitiase ahome” anaasɛ nkwa-tumi bi. Ɛdenam akwan horow pii, te sɛ nneɛma ho a wobesusuw, aduan ho mmara ahorow, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhome ne ɔbarima ne ɔbea nna mu ahosodi so no, wɔkwati “mfitiase ahome” no a wɔbɛsɛe no kwa no. Enti, onyinkyɛ kyerɛ ɔhotefo a obi yɛ.
Wobu ɔdesani nipadua no sɛ amansan nsusuwso bi a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma ɛne adebɔsu hyia yiye. Eyi fa nea Chinafo frɛ no yin ne yang a ɛkyerɛ bepɔw ho beae a onwini wɔ ne ne fã a owia bɔ no. Yin ne yang a ɛyɛ Chinafo nyansapɛ ahorow nyinaa nnyinaso no yɛ nneɛma abien a ɛne wɔn ho wɔn ho di asi, nanso ɛnantew bom a ɛso na wogyina yɛɛ biribiara wɔ adebɔ mu. The Encyclopedia of Religion kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yin no na edi esum, onwini, nwininwini, fɔkyee, mmerɛwyɛ, ahobrɛase, fam ade, ɔbea so na yang no di hann, ɔhyew, kesee, pikãã, mpĩ ne atutupɛ, soro ade ne ɔbarima so.” Wohu saa nnyinasosɛm yi a wɔde adi dwuma no wɔ feng-shui a ɛyɛ ɔkwan bi a Chinafo fa so bisa ade a wɔfrɛ no geomancy (nsensanee so a wɔnam bisa ade) wɔ borɔfo kasa mu no mu. Wɔyɛe na wɔnam so ahwehwɛ mmeae a eye sɛ wɔkyekye kurow anaasɛ wosisi adan, nanso titiriw no sɛ wɔde bɛhwehwɛ mmeae a eye sɛ wɔde hɔ yɛ amusiei. Wɔka sɛ yin-yang tumi ahorow a ɛwɔ beae a wɔbɛpaw no a wɔbɛma ɛne nea kurow no mufo bɛkyerɛ ahyia no kyerɛ sɛ ebesi wɔn a wɔreba no yiye. Helen Hardacre a ɔwɔ Princeton Sukuupɔn mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ wogye di sɛ ɔkwan pa so a “tumi ahorow a efi soro no di afra no tumi boa awufo na ɛma wonya nkɔso wɔ wiase biako no mu.”
Nanso bere a ɛsɛ sɛ wɔma yin-yang tumi ahorow no kari pɛ no ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛsakra wɔn su no wɔ ɔhyɛ so. Eyi a wɔka sɛ sɛ wɔsakra no a ɛmma wonnya hwee no yɛ gyidi bi a ɛhyɛ anibiannaso ho nkuran. Wɔ 1986 mu no ɔpanyin ɔkokorani bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Taosom nkyerɛkyerɛ no ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm a wɔnnyɛ biribiara. Ade biara a wɔbɛyɛ no ne sɛ mma wɔnnyɛ biribiara.” Enti wɔde Taosom mu tumi no toto nsu a wɔ mmerɛw a ɛyɛ nyinaa akyi no abɔde nyinaa nya mu mfaso no ho.
Tete no, na wɔma nsonsonoe da Tao nyansapɛ (afeha a ɛto so 4/3 A.Y.B) ne Tao nyamesom (afeha a ɛto so 2/3 Y.B.) no ntam. Saa nsonsonoe yi nni hɔ bio ankasa efisɛ ɛda adi sɛ Tao nyamesom no fi Tao nyansapɛ a edii anim bae no mu. Nyamesom ho ɔdenimfo Hans-Joachim Schoeps ka sɛ, sɛ nyamesom no, Taosom “yɛ tete Chinafo nyamesom no ntoaso. Ɔsom no ankasa yɛ ɔkwan tiaa bi a wɔfa so ne ahonhom di nkitaho . . . [wɔne ahonhom a] wɔtra baabiara, a wɔde ɔdesani nkwa ne akwahosan to asiane mu daa. . . . Wɔ nnɛyi China no, Taosom ayɛ gyidi hunu nyamesom ahorow ama nkurɔfo no.”
Shinto—Kami Kwan No
Japan nso wɔ tetefo nyamesom bi, a sɛnea ɔkyerɛwfo bi kaa ho asɛm no ɛyɛ “abosompem ne nananom a wɔawuwu som” a wɔde afra. Tete no na saa abusua yi nyamesom no nni din. Nanso bere a wɔ afeha a ɛto so asia Y.B. mu no wɔde Budhasom baa Japan no, edin biako a wɔde maa Budhasom ne Butsudõ, “Budha kwan no.” Enti nea ɛbɛyɛ na wɔama nsonoe ada eyi ne amannifo no nyamesom ntam no, ankyɛ na wɔtoo Japanfo de no din sɛ Shinto, “Kami kwan no.”
Nokwarem no, Kami (anyame anaasɛ abosom ahorow no) ne ade titiriw wɔ Shinto mu. Wɔkyerɛɛ Kami ase sɛ ɛfa tumi a ɛboro onipa de so anaasɛ onyame biara a abɔde anyame, nnipa atitiriw, nananom a wɔayɛ wɔn anyame anaasɛ mpo “abosom a wogyina hɔ sɛ tumi ho sɛnkyerɛnne.” (The Encyclopedia of Religion) Bere a asɛm Yaoyorozu-no-kami nkyerɛase ankasa ne abosom ɔpepem awotwe no, wɔka saa de kyerɛ “anyame pii,” esiane sɛ Shinto nyamesom mu abosom dodow kɔ so yɛ pii bere nyinaa nti. Esiane sɛ adesamma yɛ Kami mma nti, wɔwɔ mfitiase nyamesu bi. Enti, adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ, ma w’asetra ne kami nhyia, na wubenya wɔn ahobammɔ na wɔagye wo atom.
Ɛwom sɛ Shinto nni ɔkyerɛkyerɛ bi anaasɛ nyamekyerɛ bi de, nanso ama Japanfo no anya nnyinasosɛm ahorow, akyerɛ wɔn nneyɛe kwan na akyerɛ wɔn sɛnea wobesusuw nneɛma ho. Ɛma wonya abosonnan ahorow a wotumi kɔsom wom sɛnea wɔte nka sɛ wohia.
Shinto mu atitiriw no ne wɔn ho wɔn ho bɔ abusua. Nsonsonoe ketewaa bi pɛ na ɛda Shrine Shinto ne Folk Shinto no ntam. Nea ɛne eyi bɔ abira no Sect Shinto de ɛyɛ akuw ahorow 13 a wɔhyehyɛɛ wɔ afeha a ɛto so 19 no mu a ɛsono nkɛntɛnso a Konfusiosom, Budhasom ne Taosom wɔ wɔ emu biara so.
Nkɛntɛnso a Budhasom wɔ wɔ Shinto so no mu yɛ den kɛse. Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a Japanfo pii yɛ Budhafo ne Shintofo bere koro mu no mu. Afɔremuka ahorow abien na ɛwɔ Japanfo fie biara mu. Shinto afɔremuka a wɔde som kami ne Budha afɔremuka a wɔde som nananom a wɔawuwu. Japanni abeawa bi a wɔfrɛ no Keiko kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ minya obu ma me nananom na menam Budhasom so da eyi adi . . . Meyɛ Japanni enti meyɛ amanne ketewa biara a ɛwɔ Shinto mu no nyinaa.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Na misusuwii sɛ Kristofo kwan so aware bɛyɛ fɛ ankasa. Ɛne wɔn ho bɔ abira, enti dɛn?”
Ch’ŏndogyo—Korea Nyamesom a ɛyɛ Ɔsoro Kwan no
Budhasom a wɔde hyɛ Taosom ne Konfusiosom mu den no ka Korea nyamesom atitiriw a ɛnyɛ Kristofo som no ho. Bere a wɔde fi China bae pɛ na Koreafo shamansom no nyaa so nkɛntɛnso, na sɛnea The Encyclopedia of Religion ka no, “woyiyii mu, wɔsakraa no na wɔnam akwan horow so yɛ ma ɛne asetra ne nhomasua tebea ahorow a ɛwɔ Korea supɔw no so no hyiae.”a
Nyamesom foforo a ɛwɔ Korea ne nea efi 1905 no wɔato din sɛ Ch’ŏndogyo, “Ɔsom a ɛyɛ Ɔsoro Kwan no.” Ch’oe Suun (Che-u) na ofii ase wɔ 1860 mu, na mfiase no wɔfrɛɛ no Tonghak, “Apuei Adesua” a na ɛbɔ Sohak, “Atɔe Adesua,” kasa a wɔde gyinaa hɔ maa Kristosom a ɛno titiriw nti na wɔhyehyɛɛ Ch’ondogyo sɛ wɔde bɛsɔre atia. Sɛnea Germanni ɔkyerɛwfo Gerhard Bellinger kyerɛ no, Ch’ŏndogyo bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma “adwene ahorow a Konfusiosom kura a ɛne ayamye ne atɛntrenee Taosom mu anibiannaso ne Budhasom mu ayamhyehye no afra,” na ɛno ne nea ofii ase no atirimpɔw Shamansom ne Roman Katoleksom mu nneɛma bi nso wɔ Ch’ondogyo mu. Wɔ ka a ɛkae sɛ ɛbɛma ɔsom mu biakoyɛ anya nkɔso nyinaa akyi no, eduu 1935 no na anya akuw ahorow 17 wɔ mu.
Yong-choon Kim a ɔwɔ Rhode Island sukuupɔn mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Ɔsom a ɛyɛ Ɔsoro Kwan” no nkyerɛkyerɛ titiriw ne gyidi a ɛne sɛ onipa yɛ onyame, Onyankopɔn fã. Enti sain yõch’õn (“Fa obu ma onipa te sɛ Onyankopɔn) ne wɔn abrabɔ mu nnyinasosɛm titiriw a ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa na wɔafi adwempa, obu, nokwaredi, nnidi, adwene a ɛne sɛ obiara nsen ne yɔnko ne atɛntrenee mu ne mfɛfo adesamma adi wɔ nsɛm mu.
Mmɔden a na ɔbɔ sɛ ɔbɛsakra asetra nhyehyɛe na ama saa nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn yi anya nkɔso no maa Suun a ɔyɛ ne hyehyɛfo ne aban no nyaa ntawntawdi. Amansɛm mu a wɔde wɔn ho hyehyɛe no kowiee ɔno ne nea odii n’ade baanu nyinaa a wokunkum wɔn no mu. Ɛboae nso ma ɛkanyan Sino—Japanfo 1894 mu Ɔko no. Nokwarem no, amansɛmdi mu nneyɛe yɛ nea Korea nyamesom afoforo a Tonghak ahyehyɛde no yɛ mu nea edi kan ara kwa no de wɔn ho hyem. Ɔman ho dɔ na wɔtaa si so dua titiriw, na wɔka sɛ daakye Korea benya gyinabea bi a ɛkorɔn wɔ wiase no mu.
“Ɔkwan” Bɛn na Ɛkɔ Nkwa Mu?
Akyinnye biara nni ho sɛ, Asiafo pii te nka sɛ nyamesom “kwan” biara a obi di akyi no mfa ho. Nanso Yesu Kristo a wɔfrɛɛ ne som no nso sɛ “Ɔkwan No” wɔ afeha a edi kan mu no pow adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn pene nyamesom “kwan” ahorow nyinaa so no. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔkwan a ɛkɔ daa afobu mu no trɛw na hokwan pii wɔ so, . . . nanso ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no yɛ ketekete ne hihiaa, na wɔn a wohu no sua.”—Asomafo no Nnwuma 9:2; 19:9; Mateo 7:13, 14. The New English Bible, asehɔ asɛm; fa toto Mmebusɛm 16:25 ho.
Nokwarem no, Yudafo pii buu ani guu ne nsɛm no so. Wɔansusuw sɛ ná wɔahu wɔn nokware Mesia a ɔne Yesu anaasɛ nokware “kwan” no wɔ ne nyamesom no mu. Ɛnnɛ, wɔ ɛno akyi mfeha 19 no, wɔn asefo da so ara twɛn wɔn Mesia. Yɛbɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu wɔ Nyan! a ebedi eyi akyi aba no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Shamansom gyina shaman, nyamesom mu onipa bi a wɔka sɛ ɔnam nkonyaa so sa nyarewa na ɔne ahonhom wiase no di nkitaho no so.
[Kratafa 21 mfoni]
Ɔsahene Guan Yu, Chinafo nyamesom mu ɔko nyame ne asraafo ne aguadifo okyigyinafo
Efi benkum so, Han Xiangzi, LuDongbin ne Li Tieguai—Tagfo awotwe a wonnwu da no ma abiɛsa—ne Shoulao, Nsoromma Nyame a ɔma Onyinkyɛ
[Asɛm Fibea]
Courtesy of the British Museum
[Kratafa 23 mfoni]
Wohu ahoni ahorow pii wɔ Shinto abosonnan bi ban ahorow no mu, na wosusuw sɛ ɔkraman a ɔwɛn wɔ benkum so hɔ no pam adaemone
Sukuufo, ne awofo, wɔ Yushima Tenjin Shinto abosonnan mu wɔ Tokyo, wɔbɔ mpae na wɔadi nkonim wɔ sɔhwɛ ahorow mu