Adwene no Hyɛn Apuei Fam Nyamesom Mu
“Na misusuw bere nyinaa sɛ wu a ɔkra nwu da no yɛ nokwasɛm a wonim wɔ baabiara a obiara gye tom. Enti me ho dwiriw me yiye bere a mibehui sɛ Apuei ne Atɔe fam nhomanimfo akɛse kasa tia gyidi no denneennen no. Seesei midwen nea ɛyɛe a Hindufo nyaa adwene a ɛne sɛ enwu da no ho.”—OBI A ƆKƆ SUKUUPƆN A WƆTETEE NO SƐ HINDUNI.
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw nea ɛyɛe a onipa a onwu da nkyerɛkyerɛ a atrɛw wɔ ɔsom ahorow mu bae no ho nimdeɛ ho?
ƐYƐƐ dɛn na adwene a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da no hyɛn Hindusom ne Apuei fam ɔsom afoforo mu? Atɔe famfo mpo a ebia wonnim ɔsom ahorow yi susuw asɛm yi ho, efisɛ gyidi no ka adwene a obiara kura wɔ daakye ho. Esiane sɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ mu dodow no ara gyina nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da no so titiriw nti, nea ɛyɛe a nkyerɛkyerɛ no bae a yebehu no betumi ama yɛate ase yiye na nkitahodi pa akɔ so.
2. Dɛn nti na India ayɛ beae titiriw a nyamesom nkɛntɛnso wɔ wɔ Asia?
2 Ninian Smart, nyamesom adesua ho nimdefo a ɔwɔ Lancaster Sukuupɔn a ɛwɔ Britain no ka sɛ: “Beae titiriw paa a nyamesom nkɛntɛnso wɔ wɔ Asia ne India. Ɛnyɛ sɛ ɔsom dodow bi—Hindusom, Buddhasom, Jainsom, Sikhsom, ne nea ɛkeka ho no fii ase wɔ India ankasa kɛkɛ nti na ɛte saa—na mmom esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ emu biako, Buddhasom, anya Asia Apuei fam nyinaa amammerɛ so nkɛntɛnso kɛse nti.” Hinduni nhomanimfo Nikhilananda ka sɛ aman pii a enyaa so nkɛntɛnso saa no “da so ara bu India sɛ wɔn honhom fam man.” Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da yi tumi kɔɔ India ne Asia mmeae foforo?
Hindusom Nkyerɛkyerɛ a Ɛne sɛ Obi wu a Wɔsan Wo No
3. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛ no, henanom na ebetumi aba sɛ wɔde adwene a ɛne sɛ akra dan nneɛma foforo wɔ owu akyi no kɔɔ India?
3 Wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu, bere a na Pythagoras ne n’akyidifo a wɔwɔ Hela no rekamfo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ akra dan nneɛma foforo wɔ owu akyi akyerɛ no, na Hindufo anyansafo a wɔtete nsubɔnten Indus ne Ganges ho no afi ase rekyerɛkyerɛ ade koro no ara. Abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee ka sɛ saa gyidi a ɛbaa bere koro mu “wɔ Hela man mu ne India no amma kɛkɛ.” Toynbee kyerɛ sɛ beae biako a ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na [nkɛntɛnso] no fi ne “Europa ne Asia mmusua afrafrafo a wodii atutra wɔ afeha a ɛto so 8 ne 7 Y.B. mu, a na wɔakɔtra India, Asia Kesee fam Atɔe asase tamaa a ɛda Black Sea, Balkan ne Anatolia nsupɔw no atifi fam so no.” Adanse kyerɛ sɛ Europa ne Asia mmusua afrafrafo no na wɔde adwene a ɛne sɛ ɔkra no dan ade foforo wɔ owu akyi no kɔɔ India.
4. Dɛn nti na Hindufo anyansafo ani gyee gyidi a ɛne sɛ akra dan nneɛma foforo wɔ owu akyi no ho?
4 Ná Hindusom afi ase wɔ India dedaw bere a Aryanfo baa hɔ bɛyɛ 1500 A.Y.B. no. Efi mfiase pɛɛ no, na Hindufo gye di sɛ ɛsono ɔkra no wɔ nipadua no ho na ɔkra no ntumi nwu. Ne saa nti na Hindufo som wɔn nananom a wɔawuwu na wɔma wɔn awufo akra aduan. Bere a adwene a ɛne sɛ akra dan nneɛma foforo wɔ owu akyi duu India wɔ mfehaha pii akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Hindufo anyansafo a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi amansan haw a ɛne bɔne ne amanehunu a ɛrekɔ so wɔ nnipa mu ho dwuma no ani gyee ho. Bere a Hindufo anyansafo de eyi kaa nea wɔfrɛ no Karma mmara, mmara a ɛkyerɛ sɛ biribi na ɛkɔfa biribi ba ho no, wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no, a sɛ obu bra pa anaa bra bɔne wɔ n’asetra mu a, onya so akatua anaa asotwe wɔ asetra foforo mu sii hɔ.
5. Sɛnea Hindusom kyerɛ no, dɛn ne ɔkra no botae a ɛsen biara?
5 Nanso na nkyerɛkyerɛ foforo bi wɔ hɔ a enyaa Hindusom nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra ho no so nkɛntɛnso. Encyclopædia of Religion and Ethics ka sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛyɛ nokware sɛ wɔ bere a wɔde ɔkra a ɛdan ade foforo ne karma ho nkyerɛkyerɛ no sii hɔ no ara mu, anaa ansa na saa bere no reba no, na nkyerɛkyerɛ foforo bi afi ase reda adi nkakrankakra wɔ nhomanimfo kakraa bi mu wɔ India Kusuu fam—nyansapɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Brahman-Ātman [opumpuni Brahman a ɔte hɔ daa, ɔteasefo pumpuni] no ho.” Wɔde adwene yi fraa nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no no mu de kyerɛkyerɛɛ Hindufo botae a ɛsen biara—dan a ɔkra dan ade foforo wɔ owu akyi a egyae na ama ɔne ɔteasefo pumpuni no ayɛ biako. Hindufo gye di sɛ wɔnam mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛda suban pa adi wɔ asetra mu na wɔanya Hindusom mu nimdeɛ soronko bi no so na edu eyi ho.
6, 7. Gyidi bɛn na nnɛyi Hindusom kura wɔ Owu Akyi asetra ho?
6 Enti Hindufo anyansafo nam Karma mmara ne Brahman nkyerɛkyerɛ a wɔde frafrae no so maa adwene a ɛne sɛ akra dan yɛ nneɛma foforo wɔ owu akyi no bɛyɛɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no. Anwensɛm kyerɛwfo Octavio Paz, a anka ɔyɛ Mexico aban nanmusini wɔ India a onyaa Nobel Akyɛde no kyerɛwee sɛ: “Bere a Hindusom trɛwee no, adwene . . . a ɛyɛ Brahmansom, Buddhasom, ne Asia ɔsom afoforo nnyinaso nso trɛw saa ara: adwene a ɛne sɛ akra dan nneɛma foforo wɔ owu akyi wɔ asetra a ɛtoatoa so mu.”
7 Nnɛyi Hindusom gyina obi a owu ma wɔsan wo no so titiriw. Hinduni nyansapɛfo Nikhilananda ka sɛ: “Hinduni biara a ɔntoto ne som ase gye di sɛ ɛnyɛ nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn nkutoo na wonwu da, na mmom ɛyɛ hokwan a wɔde wo obiara.”
Buddhasom Mu Gyidi a Ɛne sɛ sɛ Obi Wu a, Wɔsan Wo No
8-10. (a) Ɔkwan bɛn so na Buddhasom kyerɛkyerɛ asetra mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Buddhani nhomanimfo bi kyerɛkyerɛ gyidi a ɛne sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no no mu?
8 Wɔtew Buddhasom wɔ India bɛyɛ 500 A.Y.B. mu. Sɛnea Buddhafo atetesɛm kyerɛ no, India hene ba bi a ne din de Siddhārtha Gautama, a wɔbɛfrɛɛ no Buddha bere a oduu pɛyɛ ho no na ɔde Buddhasom bae. Esiane sɛ efi Hindusom mu nti, ne nkyerɛkyerɛ te sɛ Hindusom mu de wɔ akwan bi so. Sɛnea Buddhasom kyerɛ no, sɛ obi wu a, ɔsan ba ma wɔwo no bere nyinaa, na sɛnea ɛte wɔ Hindusom mu no, obi nneyɛe wɔ n’asetra a atwam mu na ɛkyerɛ sɛnea ne mprempren asetra bɛyɛ.
9 Nanso Buddhasom nkyerɛ sɛ asetra gyina obi kra a enwu da no so. Arnold Toynbee kae sɛ: “[Buddha] hui sɛ onipa nsusuwii yɛ adwenem tebea a ɛsakra ntɛmntɛm a akɔnnɔ nkutoo so na egyina.” Nanso, Buddha gye dii sɛ wɔde biribi—tebea anaa tumi bi—ma wɔ asetra a ɛba toatoa so mu. Ɔbenfo Walpola Rahula, Buddhasom ho nimdefo kyerɛkyerɛ mu sɛ:
10 “Ɔteasefo biara yɛ ɔhonam ne adwene mu tumi anaa ahoɔden a aka abom kɛkɛ. Nea yɛfrɛ no owu no yɛ adwuma a ɔhonam nipadua no gyae yɛ koraa. So tumi ne ahoɔden yi nyinaa gyae adwumayɛ bere a nipadua no gyae adwumayɛ no? Buddhasom se ‘Dabi.’ Obi apɛde, ne pɛ mu a ofi yɛ ade, n’akɔnnɔde, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛtra ase, ɔbɛkɔ so, ɔbɛyɛ bebree no yɛ tumi kɛse a ɛkanyan asetra biara ne wiase nyinaa mpo. Eyi ne tumi a ɛsen biara, ahoɔden a ɛsen biara wɔ wiase. Sɛnea Buddhasom kyerɛ no, tumi yi nnyae adwumayɛ bere a nipadua no gyae adwumayɛ, kyerɛ sɛ ewu no; mmom ɛkɔ so da ne ho adi sɛ biribi foforo, ɛba nkwa mu mpɛn pii, nea wɔfrɛ no owu akyi awo no.”
11. Adwene bɛn na Buddhafo kura wɔ Owu Akyi asetra ho?
11 Adwene a Buddhafo kura wɔ Owu Akyi asetra ho ni: Asetra nni awiei gye sɛ obi du botae a etwa to a ɛne Nirvana ho, ɔde ne ho fi awo mu kyinhyia ho. Nirvana nyɛ daa anigye a edi mũ anaasɛ yɛ a obi ne ɔteasefo pumpuni no yɛ biako. Ɛyɛ tebea a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi nni nkwa mu—“beae a owu nni” wɔ obi asetra akyi. Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ “Nirvana” ase sɛ “beae anaa tebea a dadwen, ɛyaw, ne honam mu nkate nni mu.” Sɛ anka Buddhafo bɛhwehwɛ nkwa a owu nni mu no, wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnhwehwɛ nea ɛsen ɛno denam Nirvana a wobedu ho no so.
12-14. Ɔkwan bɛn so na Buddhasom ahorow da adwene a ɛne sɛ onipa nwu da no adi?
12 Bere a Buddhasom trɛw kɔɔ mmeae ahorow wɔ Asia no, ɛsakraa ne nkyerɛkyerɛ na egyee hɔnom gyidi ahorow toom. Sɛ nhwɛso no, Mahayana Buddhasom, a China ne Japan na ɛwɔ titiriw no, gye ɔsoro bodhisattva anaa Buddhanom a wɔbɛba daakye di. Bodhisattva ahorow tu wɔn Nirvana hyɛ da na ama wɔatra ase mpɛn pii asom afoforo aboa wɔn ma wɔadu Nirvana. Enti obi betumi apaw sɛ ɔbɛkɔ so atra ase mpɛn pii wɔ bere a wadu Nirvana mpo.
13 Nsakrae foforo a anya nkɛntɛnso titiriw wɔ China ne Japan ne Apuei Fam Asase Kronkron nkyerɛkyerɛ a Buddha Amitabha anaa Amida de bae no. Wɔsan wo wɔn a wɔde gyidi bɔ Buddha din no ba Asase Kronkron no so anaa paradise a ɛhɔ tebea ma wotumi du pɛyɛ a etwa to no ho ntɛm no. Dɛn na ɛde nkyerɛkyerɛ yi aba? Ɔbenfo Smart a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea yebetumi ahwɛ kwan no, paradise afɛfɛde a wɔka ho asɛm pefee wɔ Mahayana kyerɛw nsɛm mu no besii nirvana ananmu na egyee din sɛ botae a ɛsen biara.”
14 Tibetfo Buddhasom afa hɔnom gyidi ahorow. Sɛ nhwɛso no, Tibetfo nhoma a ɛfa awufo ho no ka nea ɛto obi wɔ mfinimfinibea ansa na wɔasan awo no ho asɛm. Wɔkyerɛ sɛ wɔma ɔteasefo a ɔsen biara no hann hyerɛn awufo so, na wɔn a wontumi nnyina hann no ano no nnya ahofadi na mmom wɔsan wo wɔn. Ɛda adi pefee sɛ Buddhasom ahorow no da adwene a ɛne sɛ ɔkra nwu da adi.
Nananom a Wɔawuwu a Wɔsom Wɔn Wɔ Japan Shintosom Mu
15-17. (a) Ɛyɛɛ dɛn na som a wɔsom nananom a wɔawuwu ahonhom no baa Shintosom mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Shintosom gyina gyidi a ɛne sɛ ɔkra nwu da no so titiriw?
15 Ná nyamesom wɔ Japan ansa na Buddhasom reba hɔ wɔ afeha a ɛto so asia Y.B. Na ɛyɛ ɔsom a enni din, na na ekura gyidi horow a ɛfa nnipa no abrabɔ ne wɔn amanne ahorow ho. Nanso, bere a Buddhasom bae no, ebehiae sɛ wɔma nsonsonoe da Japanfo nyamesom no ne nea efi ɔman foforo so no ntam. Ne saa nti wonyaa edin “Shinto” a ɛkyerɛ “anyame no kwan.”
16 Gyidi bɛn na na Shintosom a edi kan no kura wɔ Owu Akyi asetra ho? Kodansha Encyclopedia of Japan kyerɛkyerɛ mu sɛ, bere a wofii ase yɛɛ ɛmofuw wɔ mmeae fɔkyee no, “nsase fɔkyee so kuayɛ maa ɛho behiae sɛ wɔkyekye nkurow a ɛbɛtra hɔ daa yiye, na wofii kuayɛ ho amanne ahorow—a akyiri yi edii dwuma titiriw wɔ Shintōsom mu—ase.” Esiane sɛ na tetefo no suro wɔn a wɔawuwu akra nti, wɔhyehyɛɛ amanne ahorow a wɔde bɛpata wɔn. Eyi bɛdan ɔsom a wɔde ma wɔn nananom a wɔawuwu ahonhom.
17 Sɛnea Shintofo gyidi kyerɛ no, “owufo” kra no da so ara wɔ ne nipasu nanso owu ma ne ho gu fĩ. Sɛ owufo no abusuafo yɛ amanne a wɔde kae no no a, ɔkra no ho tew na oyi adwemmɔne biara fi ne tirim, na ɔbɛyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe ne ayamye. Bere bi akyi no, wɔn nana a wawu no honhom dan onyame anaa ɔhwɛfo a ɔbɔ wɔn ho ban. Bere a Shintosom ne Buddhasom boom traa hɔ no, ɛfaa Buddhafo nkyerɛkyerɛ bi a paradise nkyerɛkyerɛ no ka ho de kaa ne de ho. Enti, yehu sɛ Shintosom gyina gyidi a ɛne sɛ onipa nwu da no so titiriw.
Nkwa a Owu Nni Mu Wɔ Taosom Mu, Nananom a Wɔawuwu a Wɔsom Wɔn Wɔ Konfusiosom Mu
18. Adwene bɛn na Taofo kura wɔ wu a onipa nwu da no ho?
18 Lao-tzu a wose ɔtraa China wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu na ɔde Taosom bae. Sɛnea Taosom kyerɛ no, asetra mu botae ne sɛ wɔbɛma nnipa dwumadi ne Tao—abɔde no akwan—ahyia. Yebetumi aka adwene a Taofo kura a ɛne sɛ ɔkra nwu da ho asɛm tiawa wɔ saa kwan yi so: Tao ne nnyinasosɛm a edi biribiara so wɔ amansan yi mu. Tao nni mfiase ne awiei. Sɛ obi bɔ ne bra ma ɛne Tao hyia a, ɔne no yɛ biako na ɔtra hɔ daa.
19-21. Adwene a Taofo nyae no ma wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ dɛn?
19 Bere a Taofo bɔɔ mmɔden sɛ wɔrenhaw abɔde no, ankyɛ na wɔmaa sɛnea ɛtra hɔ daa na etumi gyina amanehunu ano no gyee wɔn adwene yiye. Wosusuwii sɛ, sɛ obi bɔ ne bra ma ɛne Tao, anaasɛ abɔde kwan hyia a, obetumi ahu abɔde mu ahintasɛm wɔ ɔkwan bi so, na wabɛyɛ obi a ompira, ɔnyare na onwu mpo.
20 Taofo fii ase sɛ wɔbɛsɔ sɛnea wodwennwen nneɛma ho, sɛnea wogu ahome, wohu nnuan a wobedi a wose entumi mma nipadua no ngurow ntɛm na enwu ntɛm nso ahwɛ. Ankyɛ wofii ase kaa nnipa bi a wonwu, wotumi tu wɔ amununkum mu, na wotumi yi wɔn ho kyerɛ na wɔyera bere biara a wɔpɛ, a wɔtraa mmepɔw kronkron anaa nsupɔw a ɛwɔ akyirikyiri so mfe pii, a obosu anaasɛ nnuaba nwonwaso na wodi ho atetesɛm. Chinafo abakɔsɛm ka sɛ wɔ 219 A.Y.B. mu no, ɔhempɔn Ch’in Shih Huang Ti de ahyɛn pii somaa mmarimaa ne mmeawa 3,000 sɛ wɔnkɔhwehwɛ atetesɛm mu supɔw P’eng-lai, faako a nnipa a wonwu no te, na wɔnkɔfa nkwa a owu nni mu ahabannuru mmra. Wɔantumi amfa nkwa aduru no amma.
21 Daa nkwa a na Taofo hwehwɛ no ma wɔsɔɔ nkwa a owu nni mu aduru a wɔnam aduyɛ a ɛma nkwa tenten so yɛe hwɛe. Na Taofo susuw sɛ sɛ yin ne yang (ɔbea ne ɔbarima) tumi a ɛbɔ abira no ka bom a, nkwa fi mu ba. Enti, bere a wɔn a wose wɔma nkwa tenten nan sumpii (esum anaasɛ yin) de fraa mercury (hann anaasɛ yang) no, na wosuasua adebɔ, na wosusuwii sɛ nea wobenya afi mu bɛyɛ nkwa aduru.
22. Dɛn na efii nkɛntɛnso a Buddhasom nyae wɔ Chinafo nyamesom so no mu bae?
22 Ebeduu afeha a ɛto so ason Y.B. mu no, na Buddhasom rehyɛn Chinafo nyamesom mu. Nea efii mu bae ne Buddhasom mu nneɛma, ahonhonsɛmdi ne nananom a wɔawuwu som a wɔde afra. Ɔbenfo Smart ka sɛ: “Buddhasom ne Taosom nyinaa ma wonyaa owu akyi asetra ho gyidi horow a na emu nna hɔ wɔ tete Chinafo nananom a wɔawuwu som mu.”
23. Adwene bɛn na na Konfusio kura wɔ nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no ho?
23 Konfusio, Chinani nyansafo foforo a ogyee din wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu, a ne nyansapɛ na Konfusiosom gyina so no anka Owu Akyi asetra ho nsɛm pii. Mmom no, osii sɛnea abrabɔ pa ne suban a wogye tom wɔ asetra mu ho hia so dua. Nanso na n’ani gye nananom a wɔawuwu som ho yiye na osii amanne ne guasodeyɛ a ɛfa nananom a wɔawuwu ahonhom ho mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ no so dua kɛse.
Apuei Fam Ɔsom Afoforo
24. Dɛn na Jainsom kyerɛkyerɛ fa ɔkra ho?
24 Wɔtew Jainsom wɔ India wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu. Mahāvīra a ɔde bae no kyerɛkyerɛe sɛ nneɛma a ɛte ase nyinaa wɔ akra a enwu da, na sɛ wobetumi agye ɔkra no afi Karma nkoasom mu a, ɛsɛ sɛ wɔpa wɔn ho akyi nya ahosodi kɛse na wɔne abɔde nyinaa tra asomdwoe mu. Jainfo gye eyinom di de besi nnɛ.
25, 26. Hindufo gyidi horow bɛn na yehu wɔ Sikhsom nso mu?
25 Sikhsom, ɔsom a emufo yɛ ɔpepem 19 no nso fi India. Saa ɔsom yi fii ase wɔ afeha a ɛto so 16 mu bere a Guru Nānak sii gyinae sɛ ɔde Hindusom ne Nkramosom a eye paa no bɛfra de ahyehyɛ ɔsom biako no. Sikhsom faa Hindufo gyidi ahorow a ɛfa ɔkra a enwu da, obi a owu ma wɔsan wo no, ne Karma ho no.
26 Ɛda adi pefee sɛ gyidi a ɛne sɛ asetra kɔ so bere a nipadua no awu no yɛ Apuei fam ɔsom dodow no nkyerɛkyerɛ titiriw. Na Kristoman, Yudasom, ne Nkramosom nso ɛ?
[Asase mfonini wɔ kratafa 10]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
ASIA MFINIMFINI
KASHMIR
TIBET
CHINA
KOREA
JAPAN
Banaras
INDIA
Buddh Gaya
MYANMAR
THAILAND
CAMBODIA
SRI LANKA
JAVA
AFEHA A ƐTO SO 3 A.Y.B.
AFEHA A EDI KAN A.Y.B.
AFEHA A EDI KAN Y.B.
AFEHA A ƐTO SO 4 Y.B.
AFEHA A ƐTO SO 6 Y.B.
AFEHA A ƐTO SO 7 Y.B.
Buddhasom nyaa Asia Apuei fam nyinaa so nkɛntɛnso
[Kratafa 9 mfonini]
Hindusom nkyerɛkyerɛ titiriw ne sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no
[Kratafa 11 mfonini]
Bere a Taoni tra ase a ɔnhaw abɔde no, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtra ase daa
[Kratafa 12 mfonini]
Konfusio ani gyee nananom a wɔawuwu som ho