Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 4/8 kr. 20
  • Tete Mmere Mu Buronya Ne Afe Foforo Afahyɛ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Mmere Mu Buronya Ne Afe Foforo Afahyɛ Ahorow
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Eye Sɛ Kristofo Bedi Afe Foforo?
    Nyan!—1987
  • Afahyɛ Ahorow a Onyankopɔn Kyi
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Ɔsom a Egu Ahorow Ho Asɛnnennen
    Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Afahyɛ Ahorow Nyinaa Na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani Anaa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 4/8 kr. 20

Tete Mmere Mu Buronya Ne Afe Foforo Afahyɛ Ahorow

Aleksander Krawczuk, abakɔsɛm kyerɛwfo a na anka ɔyɛ amammerɛ ho ɔsoafo panyin wɔ Poland, kyerɛw asɛm bi wɔ Polityka, a ɛyɛ ɔman no mu nsɛmma nhoma bi a ɛba dapɛn biara no mu. Bere a waka Afe Foforo di ho abakɔsɛm awie no, ɔkae sɛ:

“So na tete Romafo nim Afe Foforo nna di? Akyinnye biara nni ho, titiriw no sɛ obi hwɛ Roma a na ɛyɛ ahemman no mu a. . . . Na mmere a ɛte saa no yɛ anigye ne ahosan kɛse. Eyi nyaa su a na tete Kristofo wɔ wɔ Afe Foforo di ho no so nkɛntɛnso. Wobuu amanne no sɛ aniwude ne abosonsom a ɛmfata nokware som mufo wɔ sɛnea wodi no no ne honhom mu. Na wɔbɔ afɔre ahorow ma abosom mpo. Enti asɔre no baraa n’asomfo no ketee sɛ wonnni Afe Foforo afahyɛ no bi koraa, titiriw wɔ anigyede ahorow no mu.”

Afei ɔbenfo no kɔ so kyerɛkyerɛ bere a wɔhyɛ maa Buronya di no mu sɛ:

“December 25 afahyɛ a ɛyɛ Romafo amanne no baa so wɔ afeha a ɛto so anan no mu nkutoo. Enti wotumi yɛɛ Owia a Wontumi Nni no so dapɔnna a agye din no Kristofo de.

“Wɔ Roma ahemman no asehwe nyinaa akyi no, ɛde nkakrankakra hyɛɛ Atɔe famfo ne awiei koraa no wiase mũ no nyinaa ma wo gyee n’atetesɛm ne ne pɛ a ɛfa kalenda ne nna ahorow ho no too mu. Nanso na January 1 a wɔde ayɛ afe foforo mfiase no kyerɛ sɛ apontow, adidi, ayeforohyia, adekyɛ, nhyira ne atetesɛm adi nkonim, a na kyi a na tete Kristofo kyi koraa no mfa ho.”

Bere a Ɔbenfo Krawczuk ka sɛ Afe Foforo afahyɛ ahorow no fi abosonsom mu no, ɔte nka dɛn wɔ di a Kristofo di bi no ho? N’ankasa asɛm a ɔka kyerɛ Kristofo ne sɛ:

“Ɛsɛ sɛ [Kristofo] tumi de wɔn abrabɔ tĩ wɔn tete mmere mu mfɛfo gyidifo no nsɛm mu. Bere a abosonsomfo dii tete Kristofo no ho fɛw sɛ: Ɔsom bɛn ni na enni asɔre adan a ɛyɛ fɛ a ahoni wom, enni ntade a ne bo yɛ den anaasɛ ɔsom nwinne ahorow? no, wobuae sɛ: Ɛyɛ nokware sɛ yɛyɛ ahiafo. Nanso yɛn asɔre adan yɛ koma a ɔdɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnkonom ayɛ no mã; yɛn ɔsom ntade yɛ ahobrɛase, nsiyɛ, osetie ne odwo; na nwinne no ne yɛn nnwuma pa.”

Bible no ka no pen wɔ 2 Korintofo 6:14-18 sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo “de wɔn ho fra wɔn a wonnye nni; ɔkwan bɛn so na trenee ne amummɔyɛ betumi afa ayɔnko, anaasɛ dɛn na hann ne sum wɔ yɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne Belial ayɛ biako na kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ? Onyankopɔn asɔrefi ntumi ne abosom nyɛ biako​—yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefi. . . . ’Mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea Awurade se ne no. Monnka biribiara a ɛyɛ fi.”​—The New Jerusalem Bible, Katolekfo nkyerɛase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena