Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 8/8 kr. 26-30
  • ”Na Yɛn Adwuma Ne Sɛ Yebedi Yɛn Ho Dɔm”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ”Na Yɛn Adwuma Ne Sɛ Yebedi Yɛn Ho Dɔm”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛkɔyɛ Adwuma a Ɛne Yɛn Ho Dɔm a Yebedi No
  • Po So Asraadi Ho Ntetee
  • Yɛn Ho Dɔm a Yebedi Ntua No
  • Wimhyɛn Ntua!
  • Onyankopɔn Nokwafo no Hu
  • Migyae Owu Adwuma Bedi Asomdwoe Akyi
    Nyan!—2003
  • Mihuu Sɛnea Ɔko Mmfa Hwee Mma No
    Nyan!—1988
  • “Na Masi Me Bo Sɛ Mewu Ama Ɔhempɔn No”
    Nyan!—1992
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrehaw Mmofra
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 8/8 kr. 26-30

”Na Yɛn Adwuma Ne Sɛ Yebedi Yɛn Ho Dɔm”

NA ƐYƐ August 15, 1945, saa da no na yɛwɔ Pasifik Po no kesee fam. Na meyɛ Kaiten Special (Suicide) Attack Corps no muni wɔ po ase akohyɛn A-367 mu a yɛrekɔyɛ adwuma bi. Bere a wɔde Ɔhempɔn no amanneɛbɔ a ɛne sɛ wama ne nsa so no mae wɔ radio so no, obiara de ahodwiriw gyinaa nea ɔwɔ no. Na Pasifik ko no aba awiei.

Nnafua du mu no yɛsan kɔɔ Japan. Na yɛn a yɛde Po so asraadi ayɛ yɛn adwuma no nte nea enti a hyɛnmufo afoforo ani agye sɛ wɔayi wɔn afi sraadi mu, bere nso a na yɛadi nkogu no ase! Hwɛ sɛnea na ɛyɛ abufuw sɛ nkurɔfo ani agye sɛ wɔagyae ɔko no, bere a mmerante pii awuwu ama wɔn man!

Yɛkɔyɛ Adwuma a Ɛne Yɛn Ho Dɔm a Yebedi No

Mekaee bere a na mawie Naval Antisubmarine ne Submarine sukuu no akyi bɛyɛ asram awotwe no. December 25, 1944 no, na afei na wɔahyɛ sɛ menkɔyɛ adwuma wɔ po ase akohyɛn A-367 no mu. Bere a yeduu Yokosuka wɔ 1945 Afe Foforo Da no, wɔkae sɛ yɛn adwuma no yɛ ntua atitiriw bi. Na asɛmfua “ntua titiriw” no kyerɛ sɛ yebetumi adi yɛn ho dɔm wɔ ntua no mu te sɛ kamikaze no wɔ wim. Wɔtoo yɛn din sɛ Kaiten Special Attack Corps Shimbu Kuw.

Yɛde po so hyɛn kɔɔ Kure, po so akohyɛn gyinabea titiriw a ɛbɛn Hiroshima de siesiee yɛn ho maa mpasuatwa no, de siesiee po ase hyɛn no mu na yɛatumi de kaiten no atom. Na kaiten yɛ ɔtopae a wɔasan ayɛ no wɔ ɔkwan foforo bi so na ɛwɔ ɔdan ketewaa bi a onipa biako tra mu wɔ hyɛn no mu. Sɛ wɔtow fi po ase hyɛn no so a, nea ɔka no kyerɛ no kwan ma ɛkɔtɔ beae a wɔhwehwɛ no, enti na wɔfrɛ no ɔdesani topae no. Sɛ wɔtow a, ɛnsan n’akyi bio. Sɛ ɛtɔ beae a wɔpɛ a na ɛkyerɛ sɛ ɔkatakyie bi awu, nanso sɛ ɛfom a, wɔka sɛ ɔkraman awu sɛnea Japanfo frɛ obi a mfaso biara mma ne wu so no.

Na yesusuw sɛ sɛ obi bewu ama ne man no yɛ hokwan a ɛyɛ anuonyam. Bere a yɛn panyin no too nsa frɛɛ wɔn a wobetu wɔn ho ama sɛ wɔmmɛyɛ wɔn a wobedi wɔn ho dɔm kuw yi mufo no, yɛn nyinaa bɔɔ mu kɔe sɛ onipa biako. Ɛwom sɛ na menyɛ kaiten kafo de, nanso na wobu wɔn a wɔwɔ hyɛn no mu no nyinaa sɛ wɔn a wobedi wɔn ho dɔm. Nidi bɛn ara ni!

Bere a yesuaa sɛnea wɔtow kaiten wiei no, yesii mu sɛ yɛrekɔyɛ adwuma no a yɛahyehyɛ kaiten anum wɔ hyɛn no so. Bere a yɛnam Inland Po no so rekɔ Pasifik no, migyinaa hyɛn no abranaa so hwɛɛ ahohuru bere mfiase a ɛyɛ fɛ no. Na misusuw nneɛma a owu ɔtopae anum no benya asɛe no no ho, na mekaee me po so asraafo sukuu mu anigye ne awerɛhow mmere.

Po So Asraadi Ho Ntetee

Esiane sɛ mifi me mmofraase pɛe sɛ mede Po so sraadi yɛ m’adwuma nti, bere a midii mfe 18 wɔ 1944 mu no, mekɔɔ Naval Mine Sukuu. Asram abien a edi kan no, na ntetee no fa fãm akodi ne Po So asraafo akodi ho nyansa ho. Ɛno akyi no, wɔmaa sukuu no din foforo na wɔfrɛɛ no Naval Antisubmarine Sukuu. Wofii ase maa yɛn ntetee wɔ sɛnea wɔde nsu ase telefon ne afiri a wɔde hu beae a po ase hyɛn wɔ di dwuma ho, na wɔatumi de yɛn akɔ akono ntɛm a wɔatete yɛn yiye.

Nnafua abien a edi kan wɔ sukuu mu no, wɔyɛɛ yɛn sɛ ahɔho. Akyerɛkyerɛfo no de ayamye kyerɛkyerɛɛ yɛn biribiara a yɛnte ase no mu. Afei, da a ɛto so abiɛsa no wɔyɛɛ “nsakrae” a edi kan. Nea ɔhwɛ yɛn no kyinkyin yɛn so bere a yɛkɔdae wiei pɛ, na yɛtee sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi teɛm sɛ, “Obiara nsɔre! Obiara nto santen wɔ abrannaa no so!” Na yennim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nti yetutuu mmirika te sɛ anifuraefo. “Mommɛsen! Monka mo ho! Monto santen!” Ɔteɛteɛɛm de yeyaw yɛn. Bere a awiei koraa no yɛato santen awie no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Mo nyinaa hia obu.” Na “nsakraeyɛ” no fii ase. Wɔ Po so asraadi mu no, na “nsakrae” no kyerɛ ɔhwe. Nea edi kan no, ɔkae sɛ yɛmmae yɛn anan mu nnyina hɔ na yɛnka yɛn se nsi anim na yɛanhwe ase anaa yɛankeka yɛn anom. Ɛno akyi no wɔbobɔɔ yɛn ani so.

Wogyina nea ebesi wɔ kuw bi mu no so na ɛhwe yɛn. Sɛ kuw bi muni di mfomso a, wɔhwe kuw no mufo nyinaa. Wɔtaa de dua bi a ɛte sɛ nea wɔde bɔ baseball na etwa yɛn to. Na wɔfrɛ no “abaa a wɔde ma obi nya ɔsraani honhom.” Na wose ɔhwe no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma yɛanya biakoyɛ honhom a ɛho hia yiye wɔ po so no. Bere biara a wɔbɛhwe me no, mibisa me ho sɛ so ɛso betumi aba mfaso wɔ ɔko ankasa mu anaa.

Bere a miwiee Antisubmarine Sukuu no, mekɔɔ Submarine Sukuu. Afei na yesua sɛnea wɔko tia kɛse, na wɔma yɛn sɛnea yɛbɛte po so ne po ase ahyɛn nnyigyei na yɛatua no ho ɔkasa ne ntetee. Na ɛha ntetee no mpo yɛ den, na ɛyɛ nea Japan Po so asraafo frɛ no “Dwow-Dwow-Brã-Wuku-Yaw-Fi-Fi” adeyɛ no. Kyerɛ sɛ​—wonnya dapɛn awiei ahomegye.

Yɛn Ho Dɔm a Yebedi Ntua No

Akasam no gyigyei sɛ “yɛatwa Bungo Nsuka no” ma ɛma mebɔɔ piriw. “Yɛbɛfa po no so akosi ɔkyena anɔpa. Yɛhwɛ kwan sɛ mo a moyɛ Kaiten Special Attack Corps Shimbu kuw mufo no bɛyɛ adwuma yi. Monyere mo ho yiye wɔ afã a wɔde ama mo hɔ.” Na yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛsɛe ahyɛn a ɛnam ɔkwan a ɛda Okinawa ne Guam ntam a wɔde nneɛma fa so no. Wɔ nnafua anan mu no, na yewura nsu no ase ahemadakye na yepue annwumere.

Nnɔnhwerew 1400, anaasɛ da a ɛto anum no awia 2:00 no yɛtee nnyigyei bi. Na yɛkɔɔ nsu no ase mita 14 na yɛhwɛɛ adehwɛ afiri no mu bɛn ne ade ko no nkakrankakra. Mpofirim, yɛtee ahyɛde ahorow.

“Obiara nnyina n’afã!”

“Wɔnyɛ Kaitenfo ahorow no krado!”

“Akafo no nkɔtratra mu!”

Bere a ɔtopae akafo no de mmirika nam abrannaa hihiaa no so a wɔrebobɔ wɔn Owia a Ɛrepae mmotiri no, mfɛfo hyɛnmufo no kaa wɔn ho taree afasu no maa wɔn nanteyiye.

Wɔde mmirika foroo antweri no kɔɔ beae a wofi hɔ di nkitaho (ɔkwan a efi hyɛn no mu kɔ ɔtopae no ho) no, wɔdan wɔn ho wɔ atifi hɔ kyiae na wɔteɛɛm kae sɛ: “Yɛda mo nyinaa ase sɛ mohwɛɛ yɛn yiye. Yɛbɛma mfaso aba so!” Na wɔn a wogyinagyina ase no ayɛ dinn a wɔn anim ayɛ siamoo.

Hyɛn mu panyin no de ahyɛde mae sɛ “Wɔbɛtow ɔtopae no!”

Ɔkae sɛ “Botae ahorow no ne: hyɛn kɛse bi a nneɛma wom ne nea ɛsɛe ade no. Ɔtopae No. 1 asɛe. Enti No. 2 ne No. 3 no bɛkɔ. Nea aka no ntwɛn.”

“Ɔtopae No. 2, tu!”

“Ɔtopae No. 3, tu!”

“Tetɛ! Tetɛ!” Hama a ɛkyekye kaiten no tetew guu hyɛn no mu. Ɔtopae No. 2 gyaa ne ho mu, na bere a ɛregyigye no, ɔtopae No. 3 dii akyi. Wɔn a wɔtete mu no mmofra anim no gyinagyinaa m’ani so. Na mede m’adwene sii kaiten no a mede nsu ase telefon tie wɔn no nkutoo so.

Obi kae sɛ “bere aso sɛ wɔkɔ bɔ botae ahorow no ho.” Na wɔatow kaiten no bɛyɛ simma 15 pɛ de, nanso na ɛte sɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa. Ɛtow toatoaa so sɛ “Boo​—oom!”

“Ɔsraani Kumaa Chiba abɔ botae no mu!”

“Ɔsraani Kumaa Ono abɔ botae no mu!”

Yɛn nyinaa yɛɛ dinn. Obiara anyɛ dede biara, yɛampo waw mpo. Ebinom mmoaa wɔn nsa so de kyerɛɛ beae a ɔtopae no towee no bɔɔ mpae. Mfɛfo hyɛn mufo a wogyinagyina hɔ dinn no sui. Kommyɛ a ɛyɛ nwonwa wɔ nkonim a ɛte saa ho.

Yehuu nkradi anwensɛm a Ɔsraani Kumaa Ono akyerɛw sɛnea sɛ Japani nim sɛ obewu a ɔkyerɛw anwensɛm to hɔ no wɔ ne nneɛma mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ Tete Japan nnua gu nhwiren na ɛporow a, ɛporow gu po mu tɔnn.” Na wadi mfe 19.

Wimhyɛn Ntua!

Yɛkɔɔ so hwehwɛɛ atamfo no, yɛdɔ asukɔ ansa na owia apue na yepue bere a owia akɔtɔ. Bere a yɛahwehwɛ adapɛn abien a yɛanhu hwee no, ɔpanyin no kae sɛ yɛbɛsan akɔ Kure ntɛm ara. Hyɛn mufo no nyinaa ani gyei. Bere a po ase hyɛn no kogyinae wɔ Kure a wɔresiesie nneɛma bi wɔ ho na wɔde nnuan rehyɛ mu no, emufo no kyinkyin mpɔtam hɔ asanombea ahorow.

Na ɛyɛ June 15, 1945. Na yɛwɔ hyɛn gyinabea a ɛbɛn Po so asraafo Akode Korabea hɔ resiesie yɛn ho akɔ yɛn adwuma a edi hɔ no so. Wimhyɛn ntua ho kɔkɔbɔ abɛn no bɔe. Na yenni bere a yɛde bɛsisie yɛn ho. Na wimhyɛn a wɔde di ako akɛse B-29 toatoa so reba akode korabea no ho. Mihuruw fii hyɛn no so sɛ merekɔsan hama bi a ekura mu wɔ anim no. Meteɛɛm ka kyerɛɛ Ɔsraani Kumaa Mohri, a na wasan aba bere tiaa bi pɛ ni no sɛ ɔnsan hama a ɛwɔ akyi no. Hyɛn no wuraa nsu no ase gyaa yɛn.

Yeguan kɔhyɛɛ beae bi a ɛbɛn hyɛn gyinabea hɔ, nanso na akode korabea hɔ adwumayɛfo pii hyɛ hɔ. Bere a na yegyinagyina ɔkwan no ano no, ɔtopae bɛtɔɔ hɔ na ɛbɔɔ yɛn guu adiwo. Yehui sɛ enye sɛ yɛbɛtra hɔ nti yeguan kɔhyɛɛ ɔbodan bi a wɔayɛ wɔ adekoradan no akyi. Yehui sɛ ntua no mu biara bɛba wɔ simma abiɛsa akyi. Bere biara a ntuafo wimhyɛn kuw biako betwam no, yetu mmirika kɔ bepɔw no ho. Bere a miduu ɔbodan no ho no, ɔtopae bi tow wɔ m’akyi na ɛbɔɔ me kɔhyɛɛ ɔbodan no mu. Mampira. Na minhu Ɔsraani Kumaa Mohri a na odi m’akyi no. Bere a ntua no twaam no ara pɛ, mehwehwɛɛ no wɔ ɔkwan a na menam so resan akɔ hyɛn gyinabea hɔ no so. Na ɔtopae no atutu abon akɛse pii wɔ ɔkwan no mu. Mehwehwɛɛ me yɔnko no nanso ɔkwa.

Na minhuu nnipa a wɔawuwu ne wɔn a wɔapirapira pii saa da. Awerɛhow ne mfaso biara a enni ɔko mu no kaa me sen bere biara. Mekae sɛ Onyankopɔn anaa Budha biara nni hɔ. Sɛ wɔwɔ hɔ a, anka wɔmma atirimmɔden a ɛte saa ho kwan.

Onyankopɔn Nokwafo no Hu

Wɔn ntua no akyi asram abien ansa na migye too mu sɛ wɔadi Japanfo Ahemman no so nkonim wɔ saa ahohuru bere da no anɔpa wɔ Pasifik Kesee Fam. Bere a mayɛ famfam nnwuma awie no, mesan kɔɔ me kurom wɔ November 20, 1945 mu. Ɛno akyi nnafua abien no minyaa adwuma wɔ Japan Keteke Adwumayɛbea. Meyɛɛ adwuma wɔ hɔ mfe 30 a edi hɔ no sɛ tiketi gyigyefo ne keteke gyinabea panyin wɔ nkurow pii mu wɔ nsupɔw Shikoku so. Esiane nea na mahu wɔ ɔko no mu nti, na migye di sɛ Onyankopɔn nni hɔ.

Wɔ 1970 mu no, wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Sako Keteke gyinabea a efi hɔ kɔ ɔmansin a ɛbɛn hɔ no bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa kwan. Sɛ mete keteke mu a, mekenkan atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma. Anɔpa biara a mebue me bag mu no na Ɔwɛn Aban ne Nyan! hyɛ mu. Na afei na me yere ayɛ Yehowa Ɔdansefo na ɔno na ɔde hyem. Mfiase no sɛ mihu a, na me bo afuw na mayi atow agu beae a wɔde nnesoa gu no. Na mikyi nyamesom na mesɔre tiaa me yere Kristosom no denneennen. Sɛ mesan fie a, mede abufuw ka kyerɛ no sɛ “mfa saa nsɛmma nhoma no nhyɛ me bag no mu bio.” Nanso ade bɛkye no na nsɛmma nhoma no gu mu.

Da koro bi mihui sɛ obi ayi nsɛmma nhoma no afi beae a wɔde nnesoa gu no na ofii ase kenkanee. Na mibisa sɛ ‘dɛn koraa na ɛyɛ anigye wɔ nsɛmma nhoma yi mu?’ Bere a mihuu eyi mpɛn dodow bi no, da koro bi bere a mawie m’atesɛm krataa no kenkan no, me hwɛɛ Ɔwɛn Aban no mu kakra. Na mente nea wɔakyerɛw wom no ase, nanso na Nyan! no mu yɛ anigye. Mekenkan no pɛn koro pɛ na mihui sɛ ekura biribi a ɛyɛ soronko, na makenkan n’abien nyinaa fi saa bere no. Nanso, na menkan wɔ fie esiane me gyinabea sɛ ɔsɔretiafo no nti, nanso nkakrankakra no, metee nea enti a na me yere kɔ asɛnka daa no ase.

Meyaree fi 1975 mfiase, na migyaee adwuma wɔ April mu saa afe no. Nnuruyɛfo hui sɛ akisikuru wɔ me menewam. Bere a me da ayaresabea no, Ɔdansefo barima bi bɛsraa me na ɔkyɛɛ me The New World Translation of the Christian Greek Scriptures ne So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ nhoma no? Na m’ani ahaw, na esiane sɛ wɔakyɛ me Bible nti, na afei manya nea enti a ɛsɛ sɛ mekenkan wɔ baguam.

Bere a mifii ayaresabea hɔ pɛ, ɔbarima no bɛsraa me ntɛm ara. Na nsrahwɛ abien a edi kan no yɛ adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ ara kwa. Yɛbɔɔ ɔko mu osuahu ahorow ho nkɔmmɔ. Nanso nsrahwɛ a ɛto so abiɛsa no so no, ɔkae sɛ ɔne me besua Bible no na mepenee so. Bere a madi Onyankopɔn a wɔka sɛ onni hɔ ho adwene a na ɛyɛ ɔko mu osuahu nkɛntɛnso so nkonim akyi no, awiei koraa no wɔbɔɔ me asu wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ 1980 mu. Efi saa bere no, manya hokwan sɛ mɛsom afoforo, na nnansa yi ara wɔapaw me sɛ ɔpanyin wɔ yɛn asafo no mu.

Sɛ mehwɛ m’akyi a, mihu nea enti a amammuifo ne asraafo mpanyimfo tumi maa mmofra fii wɔn pɛ mu de wɔn nkwa bɔɔ afɔre maa wɔn man no. Onyankopɔn Asɛm Bible a misuae no ma mihui sɛ Satan Ɔbonsam tumi na epiapiaa wɔn. Mprempren mitumi hu Satan atirimɔden adwene no wɔ yɛn adwuma a na ɛma yedi yɛn ho dɔm no mu nkate a emu yɛ den no nyinaa akyi. Adiyisɛm 12:7-9, 12 ka siei sɛ: “Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”

Na wɔafura m’adwene ani bere tenten ma magye adi sɛ yɛn ho dɔm a yedii dwumadi ahorow no yɛ nidi, nanso mprempren de mitumi hu nokware no a ada adi no. Mprempren mahu nea na ɔhyɛ saa anifurae no akyi no. Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 4:3-6 no ma emu da hɔ: “Na sɛ yɛn asɛmpa no so kata a, ɛso kata wɔn a wɔyera no mu; wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn. Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.”

Metumi de nokware no ne nokware teasefo Nyankopɔn no a mabehu no no atoto mframa pa a sɛ yepue fi po no ase ba na yebue po ase hyɛn no so a yenya no ho. Na obiara ani nsɔ saa mframa no te sɛ nea na yɛn ani sɔ no. Meda Yehowa ase yiye wɔ saa honhom mu ahotɔ yi ho. Na meda me yere nso ase wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔne me bɛkyɛ Bible mu nokware a wampa abaw mfe du ansa na awiei koraa no mihyiraa me so maa Onyankopɔn no ho. Ɛno na ama me de me ho ahyɛ Kristofo som adwuma, ɔteasefo Nyankopɔn no nkwagye adwuma no mu no.​—Sɛnea Yoshimi Aono ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena