Asɛmpa No A Wɔka Wɔ Kasa Horow Pii Mu
BERE a Yesu de sɛnkyerɛnne a ɛbɛkyerɛ nna a edi akyiri no mae no, na ne fa biako ne Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka no wiase nyinaa no. (Mateo 24:14) Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea enti a asɛm a wɔbɛka no wiase wɔ aman nyinaa mu wɔ kasa horow pii mu no anni awo ntoatoaso yi anim, ne nea enti a ɛrekɔ so mprempren no ase no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ abakɔsɛm mu. Sɛnea Webster nsɛm asekyerɛ nhoma no kyerɛ no, afeha a ɛto so 15, bɛboro mfe 500 a atwam yi ara na Gutenberg yɛɛ afiri a wɔde tintim nhoma. Efi saa mfiase yi so no, onipa ahu sɛnea wotintim nsɛm na wɔde amema nnipa pii.
Ɛyɛ papa sɛ yebehu sɛ bere a wɔnyɛɛ afiri a wɔde tintim nhoma no, na Bible no ho yɛ nã, efisɛ na wɔde nsa na ɛkyerɛw. Na nsa a wɔde kyerɛw no yɛ ɔbrɛ na na ne bo yɛ den. Afiri a wɔde tintim nhoma a wɔyɛe no yɛ ade titiriw wɔ Bible ne Bible nhoma ahorow a wobetintim wɔ kasa nyinaa mu no mu.
Efi 1914 no, nkɔanim kɛse aba nhoma tintim mu, ma awiei koraa no, wɔde offset press na ɛyɛ adwuma a kan no wɔde letterpress mfiri yɛ no mu fã kɛse.
Wɔ nnansa yi ara mfe mu no, kɔmputa nso ama nkɔanim kɛse aba adeyɛ yi mu. Na wobetumi ayeyɛ nkyerɛwde ne emu agyiraehyɛde ahorow na wɔde ahyɛ kɔmputa na wɔde adi dwuma ntɛmntɛm. Eyi ama ayɛ mmerɛw pii sɛ wobetintim nhoma ama nnipa a wɔka kasa horow wɔ wiase nyinaa.
Wɔ 1979 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no fii nea ɛfrɛɛ no MEPS no ho adwumayɛ ase. MEPS yɛ asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “Multilanguage Electronic Phototypesetting System.” Na nnwuma binom yɛ kɔmputa ma kasa horow bi a ɛbɛyɛ mfaso ama wɔn aguadi no nkutoo. Asafo no adwuma yɛ soronko. Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ “aman mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo.”—Adiyisɛm 14:6.
Ɛdenam Asafo no bãã dwumadibea 93 a ɛwɔ wiase afanan nyinaa so no, wɔyɛɛ kasa mu su ahorow mu nhwehwɛmu. Wɔkyerɛw nkyerɛwde a ehia nyinaa na wɔde atintim nhoma wɔ kasa a ɛwɔ bãã dwumadibea biara ase no mu. Nea na ɛho bio nso ne sɛnea wɔkyekyɛ nsɛmfua mu wɔ kasa biara mu no. Na ɛsɛ sɛ wɔde nkyerɛwde no mu nsɛnkyerɛnne no biara hyɛ kɔmputa mu, na wɔhyehyɛ. Na eyi gye adwuma a wɔbɛyɛ no mfe pii. Nea afi mu aba ne sɛ mprempren wotumi tintim Ahenni no ho nkrasɛm no wɔ kasa pii mu sen bere biara a atwam, na kasa no dodow no reyɛ pii.
Mfiase no Asafo no yɛɛ n’ankasa kɔmputa. Yehowa Adansefo fi wiase nyinaa bɛboaa adwuma yi. Wɔn nyinaa nyaa osuahu ne afei nkuranhyɛ (Romafo 1:12) Na ɛte sɛ adeyɛ bi a ɛbɔ nea esii Babel abantenten no ase no bɔ abira. Wɔ ntetee titiriw bi akyi no, wɔde mfiri no ne adwumayɛfo a wɔaben no kɔɔ bãã ahorow no wɔ wiase nyinaa. Nea afi mu aba ne nhoma tintim mu nsakrae a wɔde di dwuma wɔ aman ne po mu nsupɔw bɛboro ɔha so, a besi saa bere yi ebetumi atintim Asafo no nhoma no wɔ kasa horow bɛyɛ 200 mu no.
Wɔ nna a edi akyiri a wɔka siei yi mu no, wɔreka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ aman ne kasa nyinaa mu.