Bible Nhoma Ahorow a Wotintim de Yi Onyankopɔn Ayɛ
Wonim Yehowa Adansefo yiye esiane Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a wɔnam nhoma a wɔatintim so ka no nti. Efi 1920 no, Ɔwɛn Aban Asafo no de Adansefo a wɔde wɔn ho ama ayɛ adwuma de atintim nsɛmma nhoma ne nhoma ahorow pii a wɔkyekyɛ no. Wɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atintim nhoma no wɔ bo a ɛba fam sɛnea ebetumi so.
Bɛyɛ mfe 60 bi mu no, Asafo no atrɛw ne Bible nhoma ahorow a etintim no mu, nea edi kan no wɔ Brooklyn ne afei aman afoforo so. Adwuma yi nyinaa yɛ nea adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama na wɔyɛ.
Wɔ 1970 mfe no awiei mu hɔ no, wofii ase de computer kwan a wɔfa so tintim nhoma no sii ɔkwan dedaw a wɔfa so no ananmu. Asɛm a na ɛyɛ den wɔ ha ne sɛ, eyi bi a na ɛwɔ hɔ a ɛho abenfo ayɛ a wɔtɔn no ntumi nni kasa ahorow pii ho dwuma. Nanso na Asafo no tintim nhoma wɔ kasa horow bɛyɛ 160 mu dedaw, na na afoforo pii nso ho hia.
Enti wɔtoo nsa frɛɛ adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama sɛ wɔmmɛhwɛ sɛ wobetumi ayɛ bi a edi kasa ahorow pii ho dwuma. Nea afi mu aba no yɛ anigye kɛse. Wɔatumi ayɛ bi mprempren a wɔfrɛ no MEPS a etumi di kasa horow bɛyɛ 200 ho dwuma. Wobetumi de pii aka ho.
Ɛnnɛ wɔde MEPS mfiri a Yehowa Adansefo ayɛ yi di dwuma wɔ aman ahorow 25 so, na wɔreyɛ foforo pii ho nhyehyɛe. Wɔatete adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama a wofi aman ahorow yi so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de mfiri yi adi dwuma na wɔasiesie nso. Mprempren Asafo no tintim nsɛmma nhoma no wɔ kasa horow bɛboro 100 mu wɔ aman 36 so, na aman yi mu 5 tintim nhoma akɛse ne Bible ahorow nso.
Nnipa pii ho hia wɔ adwuma yi yɛ mu—nhoma akyerɛwfo, nhoma asekyerɛfo, nhoma tintimfo, wɔn a wɔde bɛmana, ne nea ɛkeka ho. Ɛsɛ sɛ afoforo nso di nkitaho a wɔne asafo ahorow no di ho dwuma. Ebinom noa nnuan, wosiesie hɔ, wosi nneɛma, ne nea ɛkeka ho. Adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama na wɔyɛ eyi nyinaa wɔ aman ahorow so. Wɔ wiase nyinaa wɔ 1985 mu no, na adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama a wɔn dodow yɛ 8,438 resom wɔ tintimbea ne mmeae ahorow a ɛtete sɛɛ.
Henanom ne saa nnipa yi? Wɔyɛ mmarima ne mmea, ahokwafo ne awarefo, mpanyimfo ne mmofra a wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so. Ebinom de mfirihyia 40, 50, ne 60 mpo ayɛ saa adwuma yi. Anyɛ yiye koraa no sɛ wɔkyekyem a, wɔde nnɔnhwerew bɛyɛ 44 yɛ adwuma dapɛn biara, na sɛ ɛho hia a, wɔyɛ nea ɛboro saa. Wɔde anwummere ne dapɛn awiei di asɛmpa no ka wɔ afie afie ne asafo mu nneɛma afoforo ho dwuma.
Wɔ wiase nyinaa no, wɔma adwumayɛfo yi dabere ne aduan wɔ Asafo no afie a wɔfrɛ no Betel no mu. Afei nso wɔma wɔn sika kakra a wɔde tua wɔn ɔsom adwuma no mu akwantu ne nneɛma a ehia wɔn ho ka.
Efi 1920 no, adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama yi atintim Bible, nhoma, nsɛmma nhoma, ne nkratawa bɛboro ɔpepepem akron wɔ kasa horow 200 mu ma wɔakyekyɛ wɔ wiase nyinaa. Wɔreyɛ wɔn fam de sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ aman, mmusua, ne kasa, ne nkurɔfo nyinaa.—Adiyisɛm 14:6, 7.
• Nhoma tintim adwuma bɛn na Ɔwɛn Aban Asafo no yɛ, na dɛn ntia?
• Henanom na wɔyɛ adwuma yi nyinaa, na wɔyɛ dɛn hwɛ wɔn ho?
[Kratafa 24 mfonini ahorow]
Adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama a wɔreyɛ nnwuma ahorow ahorow a ɛfa Bible nhoma ahorow a wotintim ho wɔ Brooklyn ne Wallkill, New York, U.S.A.
[Kratafa 25 mfonini ahorow]
Nnipa a wɔde wɔn ho ama a wɔreyɛ nnwuma ahorow a ɛfa Bible ne Bible nhoma ahorow a wotintim ho
Spain
Germany
Finland
Canada
Denmark
Sweden
South Africa
Brazil
Netherlands
Australia