Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 3/8 kr. 3-4
  • Bere Foforo Ma Yudafo Ne Kristofo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Foforo Ma Yudafo Ne Kristofo?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristoman ne Okunkɛse no
  • “Bere Foforo” Bi Refi Ase?
  • So Wobetumi Ayi Mpaapaemu no Afi Hɔ?
    Nyan!—1992
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Katolek Asɔre ne Okunkɛse No
    Nyan!—1998
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Maa Kwan Maa Nasi Aban No Kunkum Nnipa Pii? Adɛn Nti Na Wansiw Ano?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 3/8 kr. 3-4

Bere Foforo Ma Yudafo Ne Kristofo?

“Sɛ Paapa no hyɛn hyiadan no mu a ɔtaa no begyae.”—Yudafo bɛ bi.

WƆ APRIL 13, 1986 no, Paapa John Paul II bɛyɛɛ Roma paapa a odi kan a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ sɛ wahyɛn Yudafo asɔrefi. Bere a nsambɔ kɛse rekɔ so no, paapa no sii so dua sɛ Katolek asɔre no “kyi nitan, ɔtaa ahorow ne nneɛma a wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔmpɛ Yudafo asɛm no a obi ayɛ wɔ bere biara mu no.” Ɔkae sɛ ne ‘nsrahwɛ no atirimpɔw ne sɛ ebeyi adwene a ɛntɛe a atra hɔ bere tenten biara afi hɔ na honhom mu agyapade koro a Yudafo ne Kristofo nyinaa wɔ no ada adi yiye.’

Nnansa yi mfe nɔ mu no, Kristoman mu nyamesom afoforo nso ahwehwɛ sɛ wobeyi wɔne Yudafo ntam mpaapaemu a akyɛ no afi hɔ. Wɔ June 1987 mu no U.S. Presbyterian nsɔre no kyerɛw krataa bi a ɛkyerɛ sɛnea asɔre no anu ne ho wɔ ne ho a ɛde hyɛɛ “su ne nneyɛe a etia Yudafo” mu no ho. Wɔ saa adeyɛ no akyi pɛɛ no, United Church of Christ yɛɛ n’ankasa mpaemuka. Ɛkae sɛ “Kristosom nsii Yudasom ananmu ɛ” ne sɛ “wontwaa Onyankopɔn ne Yudafo ntam apam no mu ɛ.”

Kristoman ne Okunkɛse no

Dɛn na ɛhyɛ mmɔdenbɔ a ɛda nsow yi akyi. Ɛnyɛ hwee sɛ mmɔden a Kristoman rebɔ sɛ ɛbɛtwe ne ho afi Nasi Okunkɛse no ho. Wɔ mfe a edii Wiase Ko II akyi pɛɛ no mu no, nsɔre akannifo mu dodow no ara bɔɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn ani agu so sɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo na wɔyɛɛ Okunkɛse no mu ahude no. Nanso, Yudafo no huu nea nokwasɛm a ɛhaw adwene yi kyerɛ no.

Mfe bi akyi no, wɔn a wofii Okunkɛse no mu kae no fii ase kasae. Nhoma, nsɛmma nhoma ne sini ahorow maa wiase no huu ahude a ɛkɔɔ so wɔ nnadeban no mu no. Ɔko a Israel Man no koe na atumi akɔ so atra ase no nso twee wiase no adwene sii Yudafo so. Nea afi mu aba ne sɛ, wɔakasa atia Kristoman mpɛn pii. Sɛnea G. Peter Fleck kyerɛw wɔ The Christian Century no mu no: “Mfomso kɛse bi wɔ . . . nyamesom ne anibuei a etumi de akyide [te sɛ Okunkɛse] no bae na ɛpenee so no ho. Na mfomso bi wɔ asɔre a ɛyɛɛ komm hwɛe bere a ahude no rekɔ so na anyɛ hwee no ho.”

Yudafo akannifo ne no yɛ adwene. Rabi Stuart E. Rosenberg bisa nea enti a wɔ Wiase Ko II akyi no, ‘nsɔre anaasɛ wɔn akannifo kakraa bi pɛ na wotumi hui sɛ na abusuabɔ bi wɔ sɛnea Kristofo sɔre tia Yudasom ho abakɔsɛm a akɔ so bere tenten no ne nea afi Nasi nniso no mu aba—Yudafo mu nkyem abiɛsa a wɔahyɛ da akunkum wɔn—ntam’ no. Ɔkae sɛ asɔrefo pii “de wɔn anim siei anaasɛ nea enye koraa mpo no, wɔpenee so sɛ nnipa ɔpepem asia a wokunkum wɔn wɔ Hitler Europa no yɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde baa ‘Yudafo so esiane sɛ wɔpow Yesu no nti.’”—The Christian Problem.

Na Elie Wiesel ka wɔ ne nhoma A Jew Today mu sɛ: “Obi bɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ mu sɛ asɔre no ampam Hitler anaa Himmler da? Ne sɛ Pius XII ansusuw ho da sɛ ɛho hia, anaa mpo ɛnsɛ sɛ obu n’ani gu so, sɛ ɔbɛkasa atia Auschwitz ne Treblinka? Sɛ na S.S. no mufo pii yɛ gyidifo a wɔkɔɔ so kuraa wɔn Kristofo gyinabea mu kosii awiei? Sɛ na awudifo wɔ hɔ a wɔ nnipa pii kum akyi no wɔkɔ bɔneka na wɔsan bɛtoa nnipakum no so? Ne sɛ na wɔn nyinaa fi Kristofo mmusua mu na na woateteɛ wɔn sɛ Kristofo?”

Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔahyɛ asɔre akannifo sɛ wɔnsan nhwehwɛ wɔn gyinabea wɔ Yudasom ho no mu. Enti nyamekyerɛ foforo bi reba wɔ Kristoman mu a emu no, wɔmfrɛ Yudafo sɛ ‘Kristo-akumfo’ anaasɛ ‘nnipa a wɔadome wɔn’ bio na mmom wɔpene wɔn so na wodi wɔn ni. Wɔka mpo sɛ Kristosom ne Yudasom betumi ayɛ ‘akwan horow a ɛkɔ Onyankopɔn hɔ.’

“Bere Foforo” Bi Refi Ase?

Ebinom akamfo nea ɛrekɔ so yi sɛ ɛyɛ Yudafo ne Kristofo ntam “abusuabɔ bere foforo koraa” mfiase. Rabi Leon Klenicki kae mpo sɛ mprempren ɛsɛ sɛ Yudafo “susuw ho sɛ Yesu ne Kristosom dwumadi no yɛ ɔkwan a wɔnam so de adesamma nyinaa brɛ Onyankopɔn.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ebia nea Onyankopɔn hwehwɛ ne sɛ yɛbɛbom ayɛ ade.”—The New York Times, July 24, 1988.

Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ anidaso pa saa. Kristoman mu Evangelical anyamekyerɛfo bu Yudasom a wɔpene so no sɛ ɛyɛ mfitiase Kristosom kyerɛkyerɛ a wɔawae afi ho. Yudafo akannifo pii nso adwenem yɛ wɔn naa wɔ asomdwoe nhyehyɛe foforo no ho, wobu no sɛ ɛyɛ nnaadaa a abirabɔ wom anaasɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsakra Yudafo no a wɔasakra mu.

Yudafo akannifo gye di sɛ, sɛ biakoyɛ ankasa bɛba a, ɛsɛ sɛ Kristoman pow sɛnea ɛsɔretia Yudafo wɔ mmere a atwam no mu no koraa a nea ɛka ho ne afa a enyae wɔ Okunkɛse no mu no. Wɔka sɛ asɔre akannifo nyi adwene a ɛne sɛ Yudafo so na Yesu wu ho asodi da no mfi hɔ koraa. Wɔpɛ sɛ wɔpene Yudasom so sɛ nokware kwan a ɛkɔ nkwagye mu, ɛnyɛ nea edii Kristosom anim bae ara kwa. Wɔpɛ sɛ Kristoman gyae mmɔden ahorow a ɛbɔ sɛ ɛbɛma Yudafo asakra wɔn gyidi no nyinaa. Na awiei koraa no, pii hwehwɛ sɛ Kristoman pene Israel Man no so na wogyina akyi.

Nanso sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no, sɛ wɔyɛ nneɛma a ɛda nsow a ɛtete saa no mpo a, okũ kɛse bɛkɔ so atra hɔ.

[Kratafa 4 mfonini]

Kristoman rentumi mpow afa a enyae wɔ Okunkɛse no mu no

[Asɛm Fibea]

Bundesarchiv Koblenz

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena