So Wobetumi Ayi Mpaapaemu no Afi Hɔ?
ƐNYƐ Okunkɛse no nkutoo na ɛde mpaapaemu aba Yudafo ne Kristofo ntam. Efi mfiase pɛɛ no, gyidi ahorow abien yi adwene nhyia wɔ ɔsɛmpɔw titiriw bi ho: ɛne sɛ, so na Yesu a ofi Nasaret no ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no anaa.
Wɔ afeha a edi kan no mu no Mesia ho ɔsɛmpɔw no ma wɔtaa Kristofo denneennen (Asomafo no Nnwuma 8:1) Nanso akyiri yi tebea no sakrae. Bere bi akyi no, wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo bɛyɛɛ Yudafo ataafo. Nanso wɔ mmɔden a ɛsen biara a Kristoman abɔ sɛ ɛbɛsakra Yudafo wɔ mfehaha no mu nyinaa akyi no, Yudafo sɛ ɔman mũ no nsakraa wɔn gyinabea.
Yudani ɔkyerɛwfo bi kae sɛ ɛwom sɛ Yudafo nni Yesu ho asɛm biara de, nanso “ɛnyɛ ɔno ne amammui mu Mesia a na yɛne yɛn agyanom hwehwɛ denneennen no.” Rabi Samuel Sandmel ka no pen sen saa: “Yennye nnii sɛnea mo [Kristofo] gye di no; ɛno ara nen.” (We Jews and You Christians) Esiane adwene a ɛsonsonoe yi nti, nyamesom mu okũ kɛse da Yudafo ne Kristofo ntam a ɛretrɛw sen sɛnea nnipa pii tumi hu.
Biakoyɛ ho Akwanside Ahorow
Ɔkwan biako so no, Kristofo kyerɛkyerɛ mma nkwagye a ɛnnam Yesu so biara hokwan. Yesu ankasa kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6; fa toto Asomafo no Nnwuma 4:12; 1 Timoteo 2:3-6 ho.
Ɔkwan foforo so no, Yudasom ani nnye ahonisom pii a ɛwɔ Kristoman mu no ho. Saa ara nso na Yudafo bu Baasakoro kyerɛkyerɛ no animtiaa sɛ ɛne “nea Yudasom kyerɛ ankasa” onyame biako pɛ ho ɔkyerɛkyerɛ a ɛwɔ nsɛm, “TIE, O ISRAEL: AWURADE YƐN NYANKOPƆN, AWURADE NO YƐ KORO” no mu no bɔ abira pefee. (Deuteronomium 6:4, The Soncino Chumash) Ɔdenimfo Jakób Jocz kae sɛ: “Ɛha na yehu Asɔre no ne Hyiadan no ntam mpaapaemu no kɛse koraa. . . . Yesu Kristo a wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔyɛ onyame no yɛ bɔne a wɔrentumi mfa mfiri wɔ Yudasom ani so.”—The Jewish People and Jesus Christ.
Kristosom ne Yudasom wɔ adwene a ɛsonsonoe nso wɔ Mose Mmara no ne n’atetesɛm no ho. Rabi Stuart E. Rosenberg kae sɛ: “Sɛ Onyankopɔn apam nni hɔ a anka Yuda man nni hɔ: Ɛtoo wɔn nhyɛase, na wɔanyaw da. . . . Nanso Israel apam no ayɛ asɛnnennen ama Kristofo fi mfiase pɛɛ.” Nokwarem no, ɔsomafo Paulo kaa Mose Mmara no ho asɛm sɛ: “[Onyankopɔn] popaa yɛn so nsa-ano-nkyerɛwee. . . , na asɛndua ho a ɔde kɔbɔe no na ɔde ayi afi ntam.”—Kolosefo 2:14.
Asɔre mu nyamekyerɛfo a wɔbɔ mmɔden sɛ wobegow Kristofo ɔkyerɛkyerɛ mu denam ka a wɔka sɛ Mose Mmara no da so yɛ adwuma anaasɛ ‘akwan horow a ɛkɔ Onyankopɔn hɔ’ no hu sɛ wɔn ho akyere wɔn. Nea ɛbɛyɛ na asɔre mu nyamekyerɛfo no ama wɔn adwene ne “Apam Foforo” no ahyia no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wɔfrɛ no nyamekyerɛ mu ahuruhuruw: Bible kyerɛw nsɛm atitiriw a wokyinkyim anaasɛ wobu ani gu so mpo. Anaasɛ wɔka, sɛnea ebinom ka sɛ, kyerɛwnsɛm a ɛhaw wɔn no nyɛ nokware, sɛ Yesu anka da sɛ ɔyɛ “ɔkwan no ne nokware ne nkwa,” sɛ Petro nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 4:12 sɛ Yesu din nkutoo na ‘wɔde ama wɔ ɔsoro ase a . . . ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wom’ no yɛ nea wɔbɔɔ wɔn tirim kae wɔ Paulo nyamekyerɛ nkɛntɛnso ase, ne nea ɛkeka ho. Nanso sɛ wɔyɛ saa a wɔsɛe wɔn ankasa akyidifo gyidi.
Enti Jakób Jocz kaa asɛm no yiye bere a ɔkae sɛ gyidi ahorow abien no “nni nnyinaso koro a wobetumi agyina so ayɛ ‘nyamekyerɛ mu nkabom’. Nea wobetumi ayɛ ara ne sɛ wobegyaw nsɛm mu asiesie denam wɔn ho mu a wobegyaa so: ɛsɛ sɛ Asɔredan no dan Hyiadan anaasɛ Hyiadan no dan Asɔredan.”
Nea Enti a Biakoyɛ Renyɛ Yiye
Nanso, akwanside akɛse wɔ nsɛm a wobegyaa mu asiesie sɛɛ no mu. Wɔ Yudafo fam no, nyamesom mu nsakrae ho nyansahyɛ no nkutoo yɛ akyide. Dɛn koraa na Kristoman mu nyamesom ahorow no ayɛ a wɔde bɛkamfo wɔn ho akyerɛ Yudafo? Rabi Samuel Sandmel kyerɛ abakɔsɛm mu ahude ahorow a “Kristofo yɛ tiaa Kristofo wɔ Kristosom din mu no” bi na obisa sɛ: “Wɔ nokwasɛm yi mu no, so mohwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebegye atom sɛ mo nyamesom no sen yɛn de no? So ama wɔanya nnipa pa? So adi asomdwoe ne ɔko, yiyedi ne kommyɛ ho ɔsɛmpɔw wɔ Kristofo aman so no ho dwuma?”
Okunkɛse no nso ama Yudafo a wɔbɛkɔ so atra hɔ—sɛ ɔman, sɛ nyamesom, ne sɛ amammerɛ—ho ɔsɛmpɔw asɔre. Enti Yudafo bu wɔn som a wɔbɛsakra no sɛ ɛnyɛ atuatew ɔkyerɛkyerɛ a wogye tom ara kɛkɛ na mmom amammɔesɛm. Journal of Jewish Communal Service no kae sɛ: “Ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛhwere Yudafo mpanyimfo awo ntoatoaso a ɛyɛ foforo koraa no mu bi. . . . Nea Nasifo no antumi anyɛ wɔ Okunkɛse no mu no betumi aba denam [yɛn som a yɛbɛsakra] no so.”
Enti Rabi Henry Siegman ka sɛ: “Ɔhyɛ so a wɔnam ma nkurɔfo dan nyamesom bi mufo no wɔ Yudafo adwenem yiye na ɛno ayɛ akwanside a ɛsen biara wɔ Kristofo ne Yudafo ntam abusuabɔ a ɛsɛ sɛ enya nkɔso no mu.”
Ɔsɛmpɔw no Ankasa a Wobedi ho Dwuma
Enti biakoyɛ ankasa biara remma Kristoman ne Yudasom ntam. Nyamekyerɛ a ɛne wɔn ho wɔn ho ntumi nhyia, amammui mu botae ahorow mu nsonsonoe, ne ahotoso a obiara nni wɔ ne yɔnko mu no kɔ so sɛe biakoyɛ ho mmɔdenbɔ biara. Nyamesom mu nkɔmmɔbɔ ahorow taa kwati ɔsɛmpɔw a nea edi kan koraa no, ɛde mpaapaemu yi bae a ɛne ka a Yesu kae sɛ ɔne Mesia no. Sɛ wodi asɛm yi ho dwuma yiye nkutoo a na akwanside a atra hɔ bere tenten a ɛne osuro ne ahotoso a wonni no bi befi hɔ.
Nokwarem no, Yudafo pii mpɛ sɛ wɔka Yesu ho asɛm. Pɛ a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ saa no yɛ nea afi mfehaha a wɔde asɔre atia Yudafo wɔ Yesu din mu no mu aba a wontumi nkwati. Nanso, Ɛnyɛ Yesu na ɔde Mmeamudua ho akodi ahorow no bae, na ɛnyɛ Yesu nso na ofii Atirimmɔden Asenni no ase na ɛnyɛ ɔno nso na ɔsɔɔ Okunkɛse no gya no. Nnipa a wɔde nkontompo kae sɛ wɔyɛ Kristofo na wɔyɛɛ saa nneɛma bɔne no! Eyi da adi wɔ Yesu ankasa a ɔfaa Mose Mmara no mu asɛm kae de kyerɛ nnyinasosɛm a ɛkyerɛ nokware Kristosom kwan mu biako no, nsɛm yi mu: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39; Leviticus 19:18) Saa nsɛm no bu Kristoman fɔ. Ɛda adi sɛ, ne nyamesom no yɛ nea Yesu kyerɛkyerɛe no a wɔakyinkyim no asɛe no koraa.
Nea Ɛyɛ Nokwasɛm No
Yehowa Adansefo pɛ sɛ Yudafo te ase sɛ Kristoman mu nsɔre—ɛnyɛ Kristosom ankasa—na ama Yudafo ahu amane pii saa. Wɔpɛ sɛ Yudafo nya Yesu ho adwene a ɛteɛ na ɛyɛ nokware na wɔatumi asi ne ho gyinae a egyina nokware nimdeɛ so. Afei nso, wɔpɛ sɛ wɔne Yudafo nyinaa gye di sɛ Mesia nniso bere a adiyifo no kaa ho asɛm too hɔ fi tete no abɛn! Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudani nya ɔpɛ sɛ obetie Yehowa Adansefo mu biako?
Ade biako ne sɛ, wɔmmfa ahoni nni dwuma wɔ wɔn som mu mmfa nhyɛ Yudafo abufuw, na wonnye Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no nso nni—gyidi biako a ɛno nso wokyi wɔ Yudasom mu. Wɔpow saa nkyerɛkyerɛ no sɛ ɛyɛ abosonsom na enni kyerɛwsɛm mu.a Nokwarem no, Adansefo no nka Kristoman ho koraa! Enti, Okunkɛse no ho asodi nna wɔn so, na saara na Yudafo a wɔsɔre tia wɔn ho abakɔsɛm a mogyahwiegu wom no ho asodi nna wɔn so.
Wɔ nyamesom a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa mu no, wɔn nkutoo na wɔadi Yesu ahyɛde a ɛwɔ Yohane 17:16 sɛ ‘wɔnyɛ wiase no fa’ no so. Nea ɛka eyi ho ne sɛ wonnyina afa biara wɔ amammuisɛm mu. Yudafo a wonim de nim sɛ wɔ Wiase Ko II mu no, Germanfo Adansefo bɛboro apem wuwui wɔ Hitler nnadeban no mu, efisɛ na wɔpɛ sɛ wobehu amane wɔ Okunkɛse no mu sen sɛ wɔbɛyɛ komm aboa ne yɛ.b Akokoduru a wɔde kuraa afa biara a wonni mu pintinn de sɔre tiaa Nasi amammui no yɛ sɛnea tumi wɔ nokware Kristosom mu no ho adanse a ɛda nsow. Sɛ Kristoman yɛɛ saa a, anka Okunkɛse no amma.
Enti Yudafo pii gye Yehowa Adansefo wɔ ayamye mu. Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ani gye wɔn nsrahwɛ ho. Nanso, Rabi Samuel Sandmel gye tom sɛ Kristofo te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛm kyerɛ afoforo (Romafo 10:10) Obisa Kristofo sɛ: “So mubetumi adi mo atirimpɔw yi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛnsɛe yɛn nidi so, nanso ɛnkyerɛ sɛ moagyae [asɛnka adwuma] yi a ɛyɛ ade titiriw ma mo yi no mu?”—We Jews and You Christians.
Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ. Wofi obu mu bisa wɔn Yudafo afipamfo no sɛ wonsusuw ɔsɛmpɔw a apaapae Kristofo ne Yudafo mu bere tenten ni no ho: Mesia ho anidaso no. Dɛn na ɛde saa anidaso yi bae? Ɛyɛɛ dɛn na nsonsonoe kɛse saa baa Kristofo anidaso ne Yudafo de no ntam? Sɛnea Yudafo a wɔsɔre tia wɔn resɔre wɔ wiase mmeae bi no ma nsemmisa a ɛfa Yesu ho no yɛ nea ehia sen bere biara. Yɛn asɛm a edi hɔ no bɔ mmɔden sɛ ɛde ho mmuae bɛma.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York. Inc. atintim no mu.
b Hwɛ The Holocaust-Victims or Martyrs?,” a ɛwɔ April 8, 1989, Awake! mu no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Yesu Kristo a wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔyɛ onyame no yɛ bɔne a wɔrentumi mfa mfiri wɔ Yudasom ani so”
[Kratafa 7 mfonini]
Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no nneyɛe mma wonhu Kristosom sɛ ɛyɛ nyamesom a ɔdɔ wom
[Asɛm Fibea]
U.S. Army
[Kratafa 8 mfonini]
Kristoman ahonisom ne Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no ama Yudafo pii atwe wɔn ho