Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 12/8 kr. 27-28
  • Biribi a Ɛho Hia Sen Sika

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biribi a Ɛho Hia Sen Sika
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Nyansa Ho Hia
  • Nneama Bɛn Na Ɛho Hia Wo Kan?
  • Di Wo Honhom Mu Ahiade Ho Dwuma
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sɛnea Mobɛhwɛ Mo Sikasɛm Yiye
    W’abusua Betumi Anya Anigye
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 12/8 kr. 27-28

Biribi a Ɛho Hia Sen Sika

“Ɛkame ayɛ sɛ nea akanyan yɛn abesi nnɛ no nyinaa fa sika fam akatua ahorow ho.” Psychology Today.

NANCY ne Howard yɛɛ nhyehyɛe akɛse bere a wɔwaree wɔ 1989 mu no akyi. Na wɔpɛ ofĩ, ɔba, kar afoforo ne akwamma a wɔbɛkɔ wɔ amanɔnne. Na wɔn akatua betumi ama wɔayɛ saa. Nanso mpofirim wɔn baanu nyinaa adwuma fii wɔn nsa. Wɔde sika a wɔde too ofi bi ase no haee dan.

Nea ebesi daakye ho suro ma wotuu wɔn nhyehyɛe nyinaa hyɛɛ bere foforo​—a awo a wɔbɛwo no nso ka ho. Nancy kae sɛ: “Minnye nni sɛ ebedi mfe anum no na yɛasan adu beae a na yɛwɔ no. Ne nyinaa kɔ, na minsusuw sɛ ɛbɛsan aba bio da.”

Hwɛ sɛnea eyi kyerɛ ɔhaw a obi adwuma a efi ne nsa betumi de aba no! Nanso ɛma sɛnea sika yɛ nnaadaa no da adi. Nea wowɔ nnɛ no betumi akɔ ɔkyena. Sɛnea Bible bɔ kɔkɔ yiyeno: “Wo sika betumi akɔ, ɛbɛyɛ sɛ nea afuw ntaban, na atu akɔ sɛ ɔkɔre.”​—Mmebusɛm 23:5, Today’s English Version.

Gye a wogye tom sɛ sika tumi sakra no yɛ nea ne ka yɛ den kyɛn ne yɛ. Psychology Today ka su titiriw a nkurɔfo da no adi wɔ sika ho no ho asɛm sɛ: “Sika na wɔde susuw ade wɔ baabiara. Yebu ho nkontaa, yɛtaa de bu yɛn ho nkontaa mpo.” Ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya sika ama asikafo binom mpo anya dadwen a ennyae da, adwenemhaw ne nyarewa afoforo a wodi ho fɛw sɛ sikatiridii no.

Sɛnea Nyansa Ho Hia

Nanso biribi ho hia sen sika. Bible ka ho asɛm wɔ Ɔsɛnkafo 7:12 sɛ: “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra.” Afei nkyekyem no de nokwasɛm bi ka ho a ɛkyerɛ sɛ nyansa kyɛn sika: “Nyansa gye ne wura nkwa.”

Nyansa ne sɛ obi de atɛmpa di dwuma wɔ tebea a emu yɛ den mu. Sɛ yɛn adwuma fi yɛn nsa a, ɛsɛ sɛ atɛmpa kyerɛ yɛn sɛ bo a asetra som ankasa no nnyina sidi ne mpɛsewa so. Atɛmpa bɛboa yɛn nso na yɛde yɛn adwene asi ade a ehia titiriw a ɛsɛ sɛ yɛyɛ kan no so.

Nneama Bɛn Na Ɛho Hia Wo Kan?

Dɛn na wode di kan wɔ asetram? So w’adwuma som bo ma wo sen w’aware? So wo fie som bo ma wo sen wo mma? So sika som bo ma wo sen w’akwahosan? Yegyina nea ɛkanyan yɛn na ɛho hia yɛn kan no so si gyinae ahorow daa. Sɛ yehyia sikasɛm mu nsɛnnennen a, nea ɛho hia yɛn kan no na ɛkyerɛ nea yɛbɛyɛ. Dɛn na nea ɛho hia wo kan no gyina so?

Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu ahiade ho hia wɔn.” (Mateo 5:3 NW) Hyɛ no nsow sɛ Yesu kyerɛ sɛ honhom mu ahiade na ehia kan, ɛnyɛ su a sɛ biribi foforo biara kɔ yiye wɔ obi asetram wie a, na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ.

Sɛ ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua wɔ honam fam a, ɛyɛ den sɛ ɔde saa honhom mu ahiade no bedi kan. Nanso, wɔn a wɔyɛ saa no, Yesu se wɔwɔ anigye. Ɛwom sɛ nea wɔde bɛhwɛ wɔn ho no ho hia wɔn de, nanso ɛte sɛ nea wɔade wɔn ho wɔ “adwenem yaw a enni kabea’” a wɔn a wɔde sika di wɔn asetra kan nya no ho. (1 Timoteo 6:10. Phillips) Nnipa a ɛte saa no nya awerɛkyekye fi Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 37:25 no mu: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”

Di Wo Honhom Mu Ahiade Ho Dwuma

Onipa wɔ honhom mu ahiade fi awo mu. Ohia nea ɛsen aduan, atade ne dabere. Honhom fam nneɛma kɔ akyiri sen saa, ɛfa nsemmisa te sɛ, ‘Dɛn nti na mewɔ ha?’ ne, ‘Ɛhe na wiase yi​—ne m’asetra​—rekɔ?’ no ho.

“Sikasɛm mu ɔsɛe” ho suro ama nnipa pii adwene aba wɔn honhom mu ahiade so. Newsweek bɔ amanneɛ sɛ: “Nkɔmhyɛ nhoma a wɔtontɔn​—nea ɛkyerɛ sɛ nneɛma a esisi mprempren no yɛ Bible mu nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛfa wiase awiei ho-no akɔ soro aboro afe a etwaa mu de so bɛyɛ ɔha biara mu 50 kosi 70.” Nanso sɛ obi bedi honhom mu ahiade ho dwuma a, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ nokware nimdeɛ na ɛnyɛ onipa nsusuwii ara kwa.

Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no mu. Nyansa a ɛbɛboa wo ma woagyina asetra mu dadwen ahorow ano wom. Nea ɛsen saa no, Bible no betumi ama woanya nea ɛhyɛ nnɛyi “mmere a emu yɛ den” yi akyi no ho nokware nimdeɛ. (2 Timoteo 3:1) Sɛ wokyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi a, wobetumi ne wo ahyehyɛ fie Bible adesua a wonnye wo hwee. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nyansa ma nnɛ​—ne daakye ho nokware nimdeɛ​—fi Onyankopɔn Asɛm Bible no mu sen biara.

[Kratafa 27 mfoni]

Ɛsɛ sɛ wobu honhom mu nneɛma sɛ ɛsom bo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena