Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata
SƐ NNIPA de wɔn ho hyɛ agodi a wɔpɛ mu a, ahokokwaw a wɔn nipadua de di dwuma no ma wɔn ani gye. Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yennya honam mu dwumadi mu anigye. Ebia nnipa pii mpo nya anigye fi afoforo agorudi a wɔhwɛ no mu. Enti agodi te sɛ nneɛma pii a sɛ wɔde to beae a ɛfata a, eye no.
Sɛ nhwɛso no: Sɛ nkurɔfo kɔ mpoano kɔto awia na wɔkyɛ dodo wɔ awia no mu a, dɛn na ɛba? Wɔn ho bɔ mpumpunnya na ɛsɛe wɔn anigye no na etumi yɛ asiane a ɛyɛ aniberesɛm mpo. Saa ara na ɛte wɔ agodi ho. Obi ho a wɔde bɛhyem kakra no ye, pii no betumi asɛe ade.
Agodi betumi ayɛ ahomegye ne anigye a eye, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno nkutoo yɛ botae. Ɛmfa nokware akomatɔyam anaa anigye a ɛtra hɔ daa mma. Awerɛhosɛm ne sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɔhaw bi ba ansa na obi ahu eyi. Mary Wazeter a ɔyɛ ɔbea ɔgumadifo a ohuruw fii ɛtwene so ma obubui no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me nkonim bo ahorow no nyinaa ho nhia koraa.”
Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Masua asetra ho nokware ahorow pii. Biako ne sɛ nokware akomatɔyam nni ɔkwan a nnipa pii fa so hwehwɛ mudi ne yiyedi no mu. Mannya akomatɔyam amfi osuani a ɔbɔ mmɔden yiye, ɔmantam no mu mmirikatu mu nkonimdifo a mayɛ anaa me ho a na ɛyɛ fɛ no mu.”
Asetra ho nsɛm mu ɔbenfo John Whitworth kaa no pen sɛ: “Wɔ agoru no awiei no, nea wuhu nyinaa ne akontaabu ahorow. Ɛte sɛ nea ne nyinaa nni nnyinaso. Nanso, misusuw sɛ ɛno na ɛsɛ yɛn.” Agodi a wɔde adwene si so dodo no mma wɔnnyɛ biribiara wɔ ne kwan so.
Wɔ Henry Carr Olimpiks 1964 mu mita200 mmirikatu mu nkonimdi no akyi no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a meresan akɔ Olimpik Nkuraa no ase no, mehwɛɛ nkonim bo no yiye bere a edi kan. . . . Mibisaa me ho ankasa sɛ: ‘Eyi ara! Mfe pii a mabrɛ nyinaa, eyi nti?’ Me bo fuwii bere a anka ɛsɛ sɛ m‘ani gye mmom no. Na ɛyɛ huammɔdi ankasa.” Marlon Starling tee nka saa ara bere a odii World Boxing Association welterweight mu nkonim wɔ 1987 mu no. Ɔkae sɛ: “Abodin no nnu ka a me ba bɛka sɛ, ‘Dada me dɔ wo’ no.”
Enti wobetumi asua biribi a ɛho hia: Ɛsɛ sɛ adwuma a mfaso wɔ so, abusua, ne Onyankopɔn som di kan yiye. Nea Bible ka no yɛ nokware sɛ: “Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso [a wonya wɔ agodi mu] no sua.” (1 Timoteo 4:8) Ɛno kyerɛ beae a ɛfata ma agodi wɔ yɛn asetram. Ɛsɛ sɛ ɛto so abien. Esiane sɛ agodi tumi yɛ anigye nti, ɛsɛ sɛ obi yɛ ahwɛyiye na wammu ani angu nneɛma a ɛho hia no so.
Enti, sɛ abusua no mufo ka sɛ wosɛe bere a ɛdɔɔso dodo de ka agodi ho asɛm, de hwɛ, anaa wosɛe bere pii de di agoru a, fi nyansa mu susuw ho. Ɔbea bi a ne kunu yɛɛ nsakrae wɔ n’agodi ho no de anisɔ kae sɛ: “Mprempren onya bere pii ma me ne mmofra no. Ɛtɔ mmere bi a, yɛn abusua no hwɛ agoru wɔ TV so, nanso mpɛn pii no yetu mpase na yɛbɔ nneɛma a asi da no ho nkɔmmɔ. Eyi yɛ ahomeka pii na ɛboa ma yenya anigye.”
Esiane sɛ ebetumi de nsɛnnennen aba nti, dɛn nti na wumfi nokwaredi mu mmisa wo ho sɛ: So ebia mesɛe bere pii wɔ agodi ho sen sɛnea anka ɛsɛ sɛ meyɛ? Nanso, agodi a yɛde bɛto beae a ɛfata no ho nsɛm afoforo wɔ hɔ.
Na Akansi Nso ɛ?
Sɛ agoru bɛyɛ nea mfaso wɔ so sen sɛ ebepira a, ɛho hia sɛ yenya su pa wɔ akansi ho. Hɔki bɔɔlbɔ kuw oduruyɛfo bi kae sɛ: “Agodi ho akwankyerɛfo, apɔwmuteɛteɛ akyerɛfo, awofo ne mmofra no ankasa de wɔn adwene si nkonim a ɛsɛ sɛ wodi no so araa ma wɔn werɛ fi nea [mmofra] agodi fa ho no ankasa.
Ɔkae sɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ agodi atirimpɔw ne sɛ “ɛbɛma wɔayɛ biako na wɔanya ntetee, wɔde bɛteɛteɛ apɔw mu, ne nea ehia sen biara no wɔde begye wɔn ani.”
Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nkonim a wobedi a wosi so dua no asɛe emu anigye ama nnipa pii. Agodi ho nneyɛe ne adwene mu hwehwɛfo Bruce Ogilvie kae sɛ: “Bere bi mibisabisaa rookifo [wɔn a afei na wɔafi bɔɔlbɔ ase] no nsɛm wɔ mmeae 10 a wɔtete baseball akansifo no, na wɔn mu ɔha biara mu nkyem 87 kae sɛ wonim a anka wɔamfa wɔn ho anhyɛ baseball ho Little League no mu efisɛ amma agoru a ɛyɛ dɛ no anyɛ anigye.” Na ɛho asɛnnennen bi nso ne sɛ akansi a emu yɛ den maa opira baa mu pii.
Bible no de akwankyerɛ ma sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu, nnsi kane nntentan yɛn ho yɛn ho.” (Galatifo 5:26, New World Translation) Sɛnea Greek-English lexicons no ka no, Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “nnsi kane” no kyerɛ “sɛ wɔbɛfrɛ,” “wobegye akyinnye aka sɛ wɔne obi bɛko anaa wɔne no bedi asi.’” Enti An American Translation nkyerɛase ne sɛ: “Mommma yɛnnyɛ huuhuu ne yɛn ho yɛn ho nnye akyinnye.” New World Translation no ase hɔ asɛm ka no ɔkwan foforo so sɛ: “Momma yɛne yɛn ho yɛn ho nnni asi.”
Ɛnde, ɛda adi sɛ nyansa nnim sɛ yebesi kane. Ɛmfa abusuabɔ pa mma. Sɛ wɔfrɛ wo akansi na wodi wo so nkonim na nkonimdifo no de nea efii mu bae no hoahoa ne ho a, ebetumi ama w’ani awu. Akansi su a emu yɛ den nkyerɛ ɔdɔ. (Mateo 22:39) Bere koro no ara mu no sɛ akansi no yɛ adamfofa kwan so, a wɔyɛ no wɔ ɔkwan pa so a, ɛboa ma agoru yɛ dɛ.
Ebia ebinom bɛhwehwɛ sɛ wodi agoru wɔ ɔkwan a ɛnyɛ akansi so. Engiresini bɔɔlbɔ ho kwankyerɛfo bi kae sɛ: “Na m’ani gye agodi ho sɛ ɛyɛ agodi ara kwa no nti kosii sɛ midii mfe 13 anaa l4.” Ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛwtohɔ anaasɛ wɔkyerɛ akuw nogyinabea—“wɔnkyerɛ dibea biara, wɔnkyerɛ na wɔde bewie.” Yiw, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ nkonim a wobedi a wosi so dua pii no ano ase yiye anaasɛ woyi fi hɔ koraa.
Su a Ɛsɛ Sɛ Wonya Wɔ Agumadifo Ho
Agodi a yɛde bɛto beae a ɛfata no nso fa yɛn su wɔ agumadifo a wɔn ho akokwaw yiye a wɔagye din no ho. Ntease wom sɛ yɛn ani begye wɔn agodi ne nea wɔyɛ a ɛyɛ ahodwiriw no ho. Nanso so ɛsɛ sɛ yɛde wɔn yɛ anyame? Mmofra taa de agumadifo a ɛte saa mfonini tetare wɔn adan mu. So nea saa nnipa no yɛ nti wɔfata nidi ampa? Ebia na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛne saayɛ bɔ abira.
National Football League bɔɔlbɔkuw bi muni a ɔyɛ foforo no ani gyee ne kuw no mufo pii ho. Nanso ɔkae sɛ wɔn nneyɛe ne wɔn su “sɛee obu biara a na mewɔ ma wɔn.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ nhwɛso no, wobɛte no na wɔka sɛ: ‘Hwɛ, sɛ me yere nka ho a, me ne mmea baanum na ɛdae dapɛn a etwaa mu no.’ Na mehwɛ onipa no na meka sɛ: ‘Enti oyi na mede no yɛɛ onyame no.”‘
Nokwarem no, enye sɛ wɔde onipa biara bɛyɛ onyame, na eyi te saa titiriw wɔ wɔn a wɔyɛ nneyɛe a Bible ka sɛ mfaso a ɛwɔ mu no sua anaa ɛwɔ anohyeto no ho. Wɔka kyerɛ Onyankopɔn asomfo sɛ “munguan abosonsom.”—1 Korintofo 10:14.
Sɛnea Agodi So Wɔ Mfaso
Sɛnea yɛahu no, Bible no ka sɛ ɔhonam mu mmɔdenbɔ te sɛ nea ɛwɔ agodi mu no “so mfaso sua.” (1 Timoteo 4:8) Akwan bɛn so na eyi te saa? Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya agodi mu mfaso?
Afeha a ɛto so abien mu Helani oduruyɛfo Galen a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn Marcus Aurelius ankasa duruyɛfo no kaa sɛnea apɔwmuteɛteɛ ye ma akwahosan no ho asɛm. Na ɔkyerɛe sɛ bɔɔlbɔ ye efisɛ ɛteɛteɛ nipadua mũ no nyinaa apɔw mu. Bɔɔlbɔ nso yɛ anigye enti ebia obi ani begye ho sɛ ɔde ne ho behyem asen biribi foforo biara a ɔde bɛteɛteɛ n’apɔw mu.
Nnipa pii hu sɛ apɔwmuteɛteɛ a wonya agodi mu no ma wɔte nka sɛ wɔwɔ ahoɔden. Wɔ apɔwmuteɛteɛ anaa agoru bi akyi no, wɔte nka sɛ wɔanya apɔwmuden ne ahotɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ nwonwa efisɛ sɛnea Oduruyɛfo Dorothy Harris ka no, “apɔwmuteɛteɛ yɛ abɔde mu ade a enya adwene so nkɛntɛnso sen biara.”
Nnɛ, wobu honam mu apɔwmuteɛteɛ a wonya fi apɔwmuteɛteɛ a ɛma obi yɛ kɛse, mmirikatu ne agoru mu no sɛ ɛho hia na obi anya akwahosan pa. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nnipa a wɔn ho yɛ den no yɛ wɔn da biara da nnwuma a wɔmmrɛ na wɔn ahoɔden no bi ka ma wɔde yɛ nneɛma afoforo. Ebia wobetumi agyina onyin nkɛntɛnso ano asen wɔn a wɔn ho nyɛ den.”
Nanso, apɔwmuden a agodi betumi ama obi anya nyinaa akyi no, mfaso no sua. Ɔdesani mmɔdenbɔ ahorow rentumi mma ɔnkwati onyin ne owu. Nanso, bere a Bible no kae sɛ “ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua” akyi no, ɛka sɛ: “Na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”—1 Timoteo 4:8.
Yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi ama yɛn nkwa. Enti, biribiara nni hɔ a ɛho hia sen “onyamesom pa,” kyerɛ sɛ osuro, ɔsom ne Onyankopɔn adwuma a yɛbɛyɛ. Enti wɔn a wɔda onyamesom pa adi no de Onyankopɔn apɛde bedi kan. Wɔde wɔn ho bɛhyɛ Onyankopon adwuma mu na te sɛ nea Yesu yɛe no, wɔde wɔn mmofra bere mu ahoɔden bɛka nneɛma pa a ɛfa Onyankopɔn ne n’Ahenni ho no akyerɛ afoforo.
Yiw, sɛ adesamma de Onyankopɔn nneɛma di kan a wobenya ne dom na wɔanya nkwa daa wɔ ne trenee wiase foforo no mu. Ɛhɔ no, anigye Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔn nokware anigye ne akomatɔyam a ɛtra hɔ daa.