Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 53
  • Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mihu Fa Agodi Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mihu Fa Agodi Ho?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfaso a ɛwɔ so ne sɛn?
  • Emu asiane no bi ne sɛn?
  • Onyamesom Pa Ne Apɔwmuteɛteɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata
    Nyan!—1991
  • So Menkɔka Sukuu Agumadi No Ho?
    Nyan!—1992
  • Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 53
Mmabun bi rebɔ volley

MMABUN BISA SƐ

Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mihu Fa Agodi Ho?

Agodi so wɔ mfaso pii nanso ebetumi ahaw wo. Ne nyinaa gyina agodi kõ, ɔkwan a wofa so di agorɔ no, ne bere dodow a wode di agorɔ no so.

  • Mfaso a ɛwɔ so ne sɛn?

  • Emu asiane no bi ne sɛn?

  • Nea w’atipɛnfo ka

Mfaso a ɛwɔ so ne sɛn?

Sɛ woteɛteɛ w’apɔw mu a, ebetumi ama woanya ahoɔden. Bible ka sɛ “apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso.” (1 Timoteo 4:8) Aberante bi a ɔde Ryan kaa sɛ, “agodi betumi ama obi anya ahoɔden. Eye sen sɛ ɔbɛhyɛ dan mu abɔ video game.”

Agodi ma wo ne afoforo bom yɛ ade na ɛma wunya ahosodi nso. Bible no de agodi yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ biribi a mfaso wɔ so. Ɛka sɛ: “Ammirikatufo a wosi akan nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako pɛ na onya nkonimbo no.” Ɛsan ka sɛ: “Obiara a ɔde ne ho hyɛ akansi mu no hyɛ ne ho so nneɛma nyinaa mu.” (1 Korintofo 9:​24, 25) Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, sɛ obi betumi de mmara a ɛwɔ agodi mu ayɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ osua ahosodi na osua sɛnea yɛne afoforo bom yɛ ade. Abigail a wadi mfe 17 no gye asɛm yi tom na ɔka sɛ, “agodi boa ma mitumi ne nkurɔfo bom yɛ ade, na mitumi ne wɔn di nkitaho yiye.”

Agodi betumi ama nnamfo ntam ayɛ den. Agodi tumi ka nnipa bom. Aberante bi ne din de Jordan ka sɛ, “Ɛkame ayɛ sɛ agodi biara, ɛyɛ a akansi kakra wom nanso sɛ yehu no sɛ ɛyɛ ade a yɛde regyigye yɛn ani kɛkɛ a, ɛma adamfofa kɔ yiye.”

Emu asiane no bi ne sɛn?

Egyina agodi kõ no so. Dwom 11:5 ka sɛ: “Yehowa na ɔpɛɛpɛɛ ɔtreneeni ne ɔdebɔneyɛfo mu, na obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, ne kra kyi no koraa.”

Agodi bi wɔ hɔ a awudisɛm nko ara. Sɛ nhwɛso no, ababaa bi a ne din de Lauren ka sɛ: “Wohwɛ akuturuku sei a, nea ɛwom ara ne sɛ baako bɛboro ne yɔnko. Kristofo de, yɛnko ntɔkwaw, enti adɛn nti na ɛsɛ sɛ mehwɛ agodi a obi rebobɔ ne yɔnko sɛ mede gyigye m’ani?

Susuw wei ho hwɛ: Ɛyɛ a wode wo ho hyɛ agodi a awudisɛm wom mu anaa ɛyɛ a wohwɛ bi? Ɛyɛ a wunya adwene sɛ, wei de sɛ́ ɛrentumi mma minni awu? Sɛ saa na wote nka a, kae asɛm a ɛwɔ Dwom 11:5 no. Ɛma yehu sɛ ɛnyɛ obi a odi awu nko ara na Yehowa ani nnye ne ho, na mmom “obiara a n’ani gye awudisɛm” ho nso, okyi no.

Ɔkwan a wofa so di agorɔ no. Bible ka wɔ Filipifo 2:3 sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”

Ɛwom, agorɔ biara a afanu na edi no, ɛyɛ a akansi kakra wom. Nanso sɛ obi de si n’ani so sɛ ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ odi nkonim a, ɔrennya agodi no mu anigye. Abarimaa bi a ne din de Brian ka sɛ, “Sɛ woanhwɛ yiye a, w’ani betumi abegye akansi ho. Enti sɛ wobɔ mmɔden wɔ agodi bi mu a, ɛsɛ sɛ woyere wo ho sɛ wubenya ahobrɛase.”

Susuw wei ho hwɛ: Aberante bi a ne din de Chris ka sɛ, “Yɛbɔ bɔɔl nnawɔtwe biara a, nkurɔfo pirapira.” Enti bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ɛma wopirapira? Dɛn na metumi ayɛ na obi ampira bio?’

Bere dodow a wode di agorɔ anaa wode hwɛ no, susuw ho. Bible ka sɛ: ‘Hu nneɛma a ehia pa ara no.’​—Filipifo 1:​10.

Ɛsɛ sɛ wototo wo nneɛma yiye na wode nea ehia di kan; Nyankopɔn som mu nneɛma na ɛsɛ sɛ wode di kan. Woredi agorɔ anaa worehwɛ agorɔ bi a, ebetumi agye wo bere pii. Daria adi mfe 22, na ɔka sɛ, “Na TV hwɛ agye m’adwene, na na minnya bere mfa nyɛ nneɛma a ehia pa ara no, enti na metaa ne me maame nya akasakasa.”

Obi rehwie nkyene pii agu aduan mu

Sɛ woma agodi ho hia wo pii a, ɛte sɛ nea woahwie nkyene pii agu w’aduan mu

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ w’awofo tu wo fo wɔ nneɛma a agye wo bere ho a, ɛyɛ a wutie? Trina adi mfe 19 na nea ɔwɔ ka ni: “Na me ne me nuanom taa hwɛ agodi, na na yennya bere mfa nyɛ yɛn asɛde. Ɛba saa a, na me maame ka kyerɛ yɛn sɛ, nnipa a wɔresi akan a mote ho rehwɛ wɔn no, sɛ mohwɛ wɔn oo, sɛ moanhwɛ wɔn oo, wobetua wɔn ka. ‘Na mo de, hena na obetua mo ka?’ Nea na ɔrepɛ akyerɛ ni: Saa nkurɔfo no anya adwuma dedaw. Nanso sɛ yɛanyere yɛn ho anyɛ yɛn sukuu dwumadi ne nneɛma foforo a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya adwuma ayɛ a, ebewie yɛn sɛn daakye? Nea na maame reka akyerɛ yɛn ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma agorɔ a yebedi anaa agorɔ a yɛbɛhwɛ ho hia yɛn sen biribiara wɔn yɛn asetena mu.”

NEA W’ATIPƐNFO KA

Abigail

Ababaa bi a ne din de Abigail ka sɛ: “Sɛ obi di agorɔ a, ɛma otumi teɛteɛ n’apɔw mu na ɛma n’ani gye nso. Ɛma osua ahobrɛase bere a woadi nkonim anaa woadi nkogu.”

Deven

Deven nso ka sɛ: “M’ani gye agodi ho, nanso ɛnyɛ ɛno pa ara ne ade titiriw. Nneɛma foforo a ɛho hia sen ɛno wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ. Me de, mibu agodi sɛ abasobɔde; miwie m’asɛde a na mede ɛno ayɛ ntoso. Ɛno ma mihu nea ɛsɛ sɛ mede di kan.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena