Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 1/8 kr. 15-17
  • “Dɛn Nti Na Mintumi Nwie Nea Mifi Ase?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Dɛn Nti Na Mintumi Nwie Nea Mifi Ase?”
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛma Ɛba Saa no mu a Wɔhwehwɛ Yiye
  • Di Kan Yɛ Nhyehyɛe!
  • Kɔ So Hwehwɛ Afoforo Mfaso
  • Di Nkitaho!
  • Efie Nnwuma Ho Hia
    Nyan!—2017
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bere Ayɛ Sukuu Dwumadi Wɔ Fie?
    Nyan!—2004
  • Dɛn na Metumi Ayɛ wɔ Sukuu Nnwuma Pii a Wɔyɛ wɔ Fie no Ho?
    Nyan!—1993
  • Mmɔtohɔ—Bere Sɛefo
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 1/8 kr. 15-17

Mmofra Bisa Sɛ . . .

“Dɛn Nti Na Mintumi Nwie Nea Mifi Ase?”

“Sɛ adwuma no yɛ nyɛ anigye na ɛma m’ani haw a, me bo fuw.”

“Nneɛma afoforo a ɛtwetwe adwene. Ɛno na m’asɛnnennen. TV, nnamfo.”

“Ɛtɔ mmere bi a, nneɛma pii a ɛsɛ sɛ mayɛ no ma mepa abaw!”

“Ɛte sɛ nea mayɛ mmɔtohɔ wo adeyɛ ho kosi sɛ ebedu bere a atwa to. Afei, na aka akyi dodo.”

“Miwie nea mifi ase. Nanso ɛte sɛ nea bere nyinaa m’awofo ani nsɔ!”

MMOFRA a wonnii mfe aduonu yi rekyerɛkyerɛ mmofraase asɛnnennen bi mu: nea wofi ase a wontumi nwie. Ɛnyɛ sɛ mmofra nyinaa yɛ anihafo anaasɛ wonni asɛyɛde ahorow ho suban pa. Nokwarem no bere a wobisabisaa mmofra kuw bi sɛ: “Nnwuma bɛn na mususuw sɛ ɛsɛ sɛ mmofra yɛ wɔ fie?” no, wɔn mu pii kaa nnwuma ahorow te sɛ wɔn adan mu a ɛsɛ sɛ wosiesie, wɔn mpa a wɔbɛto ne wura a wɔbɛkɔ akɔtow agu ho asɛm.

Wɔ adwempa a wɔwɔ nyinaa akyi no, wɔntaa nyɛ nnwuma bi a ɛho hia nwie na ɛma awofo, akyerɛkyerɛfo ne afoforo taa kasa ho. Enti bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na ɛmma minnwie nea mifi ase no yɛ?’ Nea ɛma ɛba saa no a wobɛhwehwɛ mu yiye no bɛma woatumi asiesie asɛnnennen no.

Nea Ɛma Ɛba Saa no mu a Wɔhwehwɛ Yiye

Nhoma I Hate School—How to Hang ln and When to Drop Out no ma yehu nea enti a mmofra ntumi nyɛ wɔn sukuu adwuma a wɔma wɔbɛyɛ wɔ fie no nwie no. “Sɛ yɛtra ase sɛ yɛrebɛkyerɛw ade a, yehu sɛ yɛtaa sɔre kɔhwehwɛ biribi di anaasɛ yekosen pɛnsere ano. Afei yɛkɔfrɛ obi wɔ telefon so anaasɛ yɛkɔhwɛ TV so dwumadi bi a yɛretwɛn. Ɛnkyɛ koraa na adu bere a ɛsɛ sɛ yɛma agyinamoa no aduan, nso na yɛnyɛɛ hwee ɛ.”

Nhwehwɛmufo Claudine G. Wirths ne Mary Bowman-Kruhm kae sɛ “TV a wɔde nnɔnhwerew pii hwɛ no ma ɛyɛ den ma nnipa binom sɛ wɔbɛkenkan anaa wobesua ade wɔ ɛno akyi. Tumi bi a edwudwo nnipa wɔ TV mu a ɛma woyɛ bosaa na ɛma w’ani kum. W’ankasa wunim sɛ ɛtɔ mmere bi a woka TV no ho nnɔnhwerew pii bere a anka wopɛ sɛ wohwɛ dwumadi biako pɛ no.” Wirths ne Bowman-Kruhm hui nso sɛ adesuafo no bi nnya su a ɛfata wɔ adesua ho bere a wofi sukuu ase no, ɛwom sɛ wotumi bɔ mmɔden bere tiaa bi de. Nanso, “sɛ wodu ntoaso sukuu fã a edi kan ne nea ɛto so abien a, wontumi nhu sɛnea wɔbɛtra ase, ayɛ adwuma na wɔasua ade a ɛyɛ den.”

Nea ɛmma wunwie nea wufi ase no te dɛn ara a, asɛnnennen no ankasa remfi hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuwie nea wufi ase ampa a, ɛnde, di w’asetra so yiye na yɛ nsakrae horow a ehia.

Di Kan Yɛ Nhyehyɛe!

Sɛ woyɛ Kristoni abofra a, akyinnye biara nni ho sɛ wunni adagyew. (1 Korintofo 15:58) Ɛtɔ da bi a wobɛte nka sɛ Kristofo asɛyɛde, sukuu dwumadi a wɔyɛ wɔ fie, fie nnwuma ne w’ankasa nnwuma adɔɔso wɔ wo so. Nokwarem no, obiara adwuma nnɔɔso nsen yɛn Bɔfo no de. Nanso, ɔde nnwuma ba awiei bere nyinaa. Ɛnyɛ sɛ esiane sɛ ɔsen yɛn wɔ tumi ne nyansa mu no nkutoo nti na otumi yɛ saa, na mmom esiane sɛ ɔnyɛ ‘“sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn” nso nti. Wo nso sɛ woyɛ “ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano” a, wubetumi de wo nnwuma aba awiei.—1 Korintofo 14:33, 40.

Bere bi Yesu kae sɛ: “Hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? Ebia wafi ase no, wantumi anwie a, na wɔn a wohu nyinaa fi ase goru ne ho sɛ: Onipa yi fii ase toe, na wantumi anwie.”—Luka 14:28-30.

Asuade a ɛwɔ eyi mu ne sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe. Ɔbenfo Janet G. Woititz kyerɛwee sɛ: “Nnipa a wɔyɛ nnwuma wie no nyɛ no te sɛ nea wodi agoru. Wɔwɔ nea yɛfrɛ no ‘agoru nhyehyɛe.’” Enti nya wo nnwuma hɔ adwempa na hu nea ebegye pɔtee na woawie. So ehia sɛ woyɛ nhyehyɛe a wubedi akyi nnidiso nnidiso? So adwuma no mu a wobɛkyekyɛ no nketenkete no bɛboa? Ebedi bere tenten bɛn na woawie?

Ebinom wɔ “nneɛma a ɛsɛ sɛ meyɛ” ho kyerɛwtohɔ a wɔahyehyɛ nnwuma no sɛnea emu biara hɔ hia no wɔ so. Afei bere a wɔyɛ nnwuma no wie no na wotwitwam fi krataa no so. Sua sɛnea wodi bere so na woanyɛ mmɔtohɔ. Sɛ woyɛ nnwuma bi a bere pɔtee bi da ho a, hwɛ sɛ wode ɛno bedi kan wɔ wo kyerɛwtohɔ no so.

Bere a wɔde di dwuma nyansam no ho hia. Ɛsɛ sɛ woto bere ano hye wɔ nneɛma a ɛho nhia pii yɛ te sɛ TV hwɛ mu. Nanso, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na woantew nea ɛho hia te sɛ nna pa a wubenya no bere so. Nhoma I Hate School ka sɛ nnipa “sonsonoe wɔ nna a wohia no mu, nanso nnɔnhwerew anan anaa anum a wɔde da anadwo biara no nso nnipa pii. . . . Ɛyɛ den sɛ wode w’adwene besi nsusuwii a asete yɛ den so bere tenten bere a w’ani kum na woabrɛ.” Wo bere a wubesua sɛ wode bedi dwuma nyansam no bɛyɛ mfaso ama wo daakye.

Kɔ So Hwehwɛ Afoforo Mfaso

Nanso, ebia mmofra binom bɛka sɛ sɛ adwuma ko no yɛ anihaw na ne yɛ nyɛ anigye a, bere ho nhyehyɛe pa ne ahoboa so nni mfaso. Bible afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 10:24 a wode bedi dwuma no bɛboa wo ma woanya nkanyan a ehia no. Ɛka sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” Ebia fie nnwuma no mu kakraa bi pɛ na ɛyɛ den anaasɛ anigye. Nanso sɛ yɛyɛ de boa anaa yɛyɛ ma obi a yɛdɔ no a, ɛbɛma yɛanya anigye ne ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ no yiye. Enti bere foforo a wobɛte nka sɛ wopɛ sɛ wugyae adwuma bi yɛ no, susuw wɔn a wobenya mu mfaso no ho, na nya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ no yiye.

Mpɛn pii no wo nso wunya nea ɛte sɛ adwuma a ɛnyɛ anigye mu mfaso. Sɛ nhwɛso no, susuw adwuma a wontaa nwie no ho. So ɛyɛ nneɛma mu hohoro? Anaa wo dan mu apra? Afei bisa wo ho sɛ, ‘Ɛyɛ hena nneɛma?’ So ɛnyɛ wo nneɛma nso bi? So ɛnyɛ wo dan mu ne wo fie? Wo pɛ mu a wubefi agye asɛyɛde ahorow yi atom na woayɛ no yiye no nso bɛyɛ mfaso ama wo daakye. Nhoma Simply Organized! ka kyerɛ awofo sɛ: “Sɛ yɛankyerɛ yɛn mma ma wɔanyɛ fie ahwɛfo na sɛ wofi fie a, wɔde dɛmdi kɛse na ɛbɛyɛ adwuma.”

Di Nkitaho!

Nanso, sɛ woyere wo ho wie adwuma bi na w’awofo da so ka sɛ wunwiei nso ɛ? Ɛtaa ba sɛ nkitahodi ne asɛnnennen no. Sɛ nhwɛso no, yɛmfa no sɛ wɔasoma wo sɛ kɔtow wura gu. Ɛte sɛ nea ne yɛ nyɛ den. Nanso, nyansa wom sɛ wunya ɛho ahyɛde pɔtee. Hwɛ sɛ wunim sɛnea wobɛyɛ no, bere, ne beae ko. So wura no a wobɛkyekyɛ mu ka adwuma no ho? So ɛsɛ sɛ wohohoro ade a wɔde wura gu mu no mu?

Nkitahodi pa nso bɛboa na w’awofo anya sɛnea wote nka no ho ntease. So wususuw sɛ wɔankyɛ nnwuma no yiye? So sɛnea w’awofo hwehwɛ sɛ woyɛ adwuma no boro wo so? Ɛnde hwehwɛ bere a ɛfata na ka sɛnea wote nka no kyerɛ wɔn!

Awofo binom to nsa frɛ wɔn mma ma wonya ne adwuma kyekyɛ ho gyinaesi no mu kyɛfa. Ɔbenfo Jeffrey Rubin ne Ɔbenfo Carol Rubin a wɔkyerɛw nhoma When Families Fight no tu awofo fo sɛ wɔmmɔ abusua no mu nnwuma ho nkɔmmɔ bere ne bere mu, wɔnkyekyɛ asɛyɛde ahorow no na wɔmma mmofra no ankasa mpaw nnwuma a wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ wopɛ eyi a, dɛn nti na wonka nkyerɛ w’awofo?

Nhoma bi ka sɛ wo ne w’awofo ntra ase na “monyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woayɛ fie nnwuma bere a wubetumi ayɛ no yiye. Obiara wɔ bere awia anaa anadwo a otumi de n’adwene si nneɛma so yiye. . . . Ma nnipa nhu sɛ ɛno ne wo bere na ɛnsɛ sɛ wɔhaw wo. Sɛ woamfa saa bere no anhwɛ TV anaasɛ woamfa ankasa wɔ telefon so a, wobehu sɛ nea wo ka no yɛ nokware.” Sɛ wo ne w’awofo bɔ nsɛm yi ho nkɔmmɔ asomdwoe mu a wommɔ obiara sobo a, ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe a eye ma obiara.

Nanso kae sɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsɔ Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn ani no titiriw na ɛbɛma woanya anigye ne din pa. Bible se: “Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa] na monyɛ mma nnipa, efisɛ munim sɛ [Yehowa] nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua.” (Kolosefo 3:23, 24) Di afotu yi akyi na yɛ obi a esiane sɛ owie nea ofi ase no nti wonim no sɛ odwumayeni pa nsiyɛfo!

[Kratafa 16 mfonini]

Sɛ wubefi adwuma bi ase no yɛ ade biako, sɛ wubewie no yɛ ade foforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena